Check out the new design

ترجمهٔ معانی قرآن کریم - ترجمه‌ى اکانی ـ اشانتیایی ـ هارون اسماعیل * - لیست ترجمه ها

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

ترجمهٔ معانی سوره: انعام   آیه:
۞ إِنَّ ٱللَّهَ فَالِقُ ٱلۡحَبِّ وَٱلنَّوَىٰۖ يُخۡرِجُ ٱلۡحَيَّ مِنَ ٱلۡمَيِّتِ وَمُخۡرِجُ ٱلۡمَيِّتِ مِنَ ٱلۡحَيِّۚ ذَٰلِكُمُ ٱللَّهُۖ فَأَنَّىٰ تُؤۡفَكُونَ
Nokorε sε, Nyankopͻn na Ɔma aduaba ne akyiresua aba fifre, εna Ɔma ͻteasefoͻ fri awufoͻ mu, εna Oyi awufoͻ nso fri ateasefoͻ mu. Nyankopͻn no ne no, afei adεn na modane moho (fri nokorε no ho)?
تفسیرهای عربی:
فَالِقُ ٱلۡإِصۡبَاحِ وَجَعَلَ ٱلَّيۡلَ سَكَنٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ حُسۡبَانٗاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ
(Ɔno na) Ɔma adeε kye, εna W’ayε adesae ahomegye (berε ama adasamma, εna W’ayε) awia ne bosome (nso εberε ho) akontabuo. Woi yε Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Onimdefoͻ no nhyehyεε.
تفسیرهای عربی:
وَهُوَ ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُمُ ٱلنُّجُومَ لِتَهۡتَدُواْ بِهَا فِي ظُلُمَٰتِ ٱلۡبَرِّ وَٱلۡبَحۡرِۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَعۡلَمُونَ
Ɔno na W’ayε nsoromma ama mo, sεdeε εbεkyerε mo kwan wͻ asaase so sum mu ne ͻpo soͻ. Ampa sε, Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’nim.
تفسیرهای عربی:
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنشَأَكُم مِّن نَّفۡسٖ وَٰحِدَةٖ فَمُسۡتَقَرّٞ وَمُسۡتَوۡدَعٞۗ قَدۡ فَصَّلۡنَا ٱلۡأٓيَٰتِ لِقَوۡمٖ يَفۡقَهُونَ
Ɔno na Ɔbͻͻ mo fri honam baako mu, (εna W’ama mo) atenaeε (wͻ asaase so, anaasε momaame awodeε mu) asan (ama mo tenaberε) wͻ sie da mu (wͻ adakamena mu). Ampa sε Y’akyerεkyerε nsεm no mu ama amanfoͻ a wͻ’te (asεm) aseε.
تفسیرهای عربی:
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَأَخۡرَجۡنَا بِهِۦ نَبَاتَ كُلِّ شَيۡءٖ فَأَخۡرَجۡنَا مِنۡهُ خَضِرٗا نُّخۡرِجُ مِنۡهُ حَبّٗا مُّتَرَاكِبٗا وَمِنَ ٱلنَّخۡلِ مِن طَلۡعِهَا قِنۡوَانٞ دَانِيَةٞ وَجَنَّٰتٖ مِّنۡ أَعۡنَابٖ وَٱلزَّيۡتُونَ وَٱلرُّمَّانَ مُشۡتَبِهٗا وَغَيۡرَ مُتَشَٰبِهٍۗ ٱنظُرُوٓاْ إِلَىٰ ثَمَرِهِۦٓ إِذَآ أَثۡمَرَ وَيَنۡعِهِۦٓۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكُمۡ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Ɔno na Osiane nsuo fri soro dema nnuaba ahodoͻ fifire, na Y’ama nͻbaeε mono apue mu, na Y’ama nuaba a εbͻ esa-sa (ne mmεtem ne aduro-aduro tesε borͻdeε, aburoo, abε ne deε εkeka ho nyinaa) apue mu, na akyiresua dua no nkͻn mu na (aduaba a εbͻ) esa-sa a moduru soͻ no wͻ, εne bobe turo ne nngo dua ne Rumaan, deε εsesε ne deε εnsesε. Ɛberε a εbεso aba, na εbεbereε no monhwε n’aduaba no. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu dema amanfoͻ a wͻ’gye die.
تفسیرهای عربی:
وَجَعَلُواْ لِلَّهِ شُرَكَآءَ ٱلۡجِنَّ وَخَلَقَهُمۡۖ وَخَرَقُواْ لَهُۥ بَنِينَ وَبَنَٰتِۭ بِغَيۡرِ عِلۡمٖۚ سُبۡحَٰنَهُۥ وَتَعَٰلَىٰ عَمَّا يَصِفُونَ
Wͻ’de Jinni bata Nyankopͻn ho (som wͻn) aberε a Ɔno na Ɔbͻͻ wͻn; na wͻ’ka to no so (sε Nyankopͻn wͻ) mma mmarima ne mma mmaa aberε a wͻ’nni (ho) nimdeε. Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻ’de susu no no.
تفسیرهای عربی:
بَدِيعُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ أَنَّىٰ يَكُونُ لَهُۥ وَلَدٞ وَلَمۡ تَكُن لَّهُۥ صَٰحِبَةٞۖ وَخَلَقَ كُلَّ شَيۡءٖۖ وَهُوَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٞ
(Otumfoͻ a) Ɔhyεε Ɔsoro ne asaase mmͻeε aseε; εbεyε dεn na W’awo ba aberε a Onni yerε? Ɔno na Ɔbͻͻ biribiara, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
تفسیرهای عربی:
 
ترجمهٔ معانی سوره: انعام
فهرست سوره ها شماره صفحه
 
ترجمهٔ معانی قرآن کریم - ترجمه‌ى اکانی ـ اشانتیایی ـ هارون اسماعیل - لیست ترجمه ها

مترجم: شیخ هارون اسماعیل.

بستن