Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Yunus   Aya:
۞ وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ نُوحٍ إِذۡ قَالَ لِقَوۡمِهِۦ يَٰقَوۡمِ إِن كَانَ كَبُرَ عَلَيۡكُم مَّقَامِي وَتَذۡكِيرِي بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ فَعَلَى ٱللَّهِ تَوَكَّلۡتُ فَأَجۡمِعُوٓاْ أَمۡرَكُمۡ وَشُرَكَآءَكُمۡ ثُمَّ لَا يَكُنۡ أَمۡرُكُمۡ عَلَيۡكُمۡ غُمَّةٗ ثُمَّ ٱقۡضُوٓاْ إِلَيَّ وَلَا تُنظِرُونِ
Ka Noa ho asεm no kyerε wͻn, εberε a ͻka kyerεԑ ne nkrorͻfoͻ sε: ”Menkorͻfoͻ, sε εha a mewͻ yi, ne m’afutuo a mede Nyankopͻn asεm no retu mo foͻ no ayε mo adesoa a, εneε Nyankopͻn na mede me ho twere no. Enti mone mo anyame no mommͻ pͻ a mobεbͻ. Na monhwε na moamma moadwen anhinhim wͻ mo dwumadie no ho, na monyε deε mobεyε (biara ntia) me, na monhwε na moamma me ahomegye berε.
Tafsiran larabci:
فَإِن تَوَلَّيۡتُمۡ فَمَا سَأَلۡتُكُم مِّنۡ أَجۡرٍۖ إِنۡ أَجۡرِيَ إِلَّا عَلَى ٱللَّهِۖ وَأُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Na sε modane moakyi dema a, εneε memmisaa mo akatua bi; m’akatua deε Onyankopͻn hͻ na εwͻ. Yɛahyε me sε menka Muslimifoͻ no ho.
Tafsiran larabci:
فَكَذَّبُوهُ فَنَجَّيۡنَٰهُ وَمَن مَّعَهُۥ فِي ٱلۡفُلۡكِ وَجَعَلۡنَٰهُمۡ خَلَٰٓئِفَ وَأَغۡرَقۡنَا ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَاۖ فَٱنظُرۡ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُنذَرِينَ
Nanso wͻbuu Noa torofo, enti Yεgyee no ne wͻn a εka ne ho no nkwa wͻ nhyεmma no mu; na Yεyεε wͻn anaamusifoͻ, na Yεmaa nsuo faa wͻn a wͻbuu Yε nsεm no atorͻsεm no. Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no awieeε si wieeε.
Tafsiran larabci:
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِۦ رُسُلًا إِلَىٰ قَوۡمِهِمۡ فَجَآءُوهُم بِٱلۡبَيِّنَٰتِ فَمَا كَانُواْ لِيُؤۡمِنُواْ بِمَا كَذَّبُواْ بِهِۦ مِن قَبۡلُۚ كَذَٰلِكَ نَطۡبَعُ عَلَىٰ قُلُوبِ ٱلۡمُعۡتَدِينَ
Afei n’akyi no, Yεsomaa asomafoͻ (pii) maa wͻkͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ. Wͻde nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso wɔannye deε wͻbuu no nkontomposεm kane no anni. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no a wͻto mmra no akoma ano.
Tafsiran larabci:
ثُمَّ بَعَثۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِم مُّوسَىٰ وَهَٰرُونَ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَمَلَإِيْهِۦ بِـَٔايَٰتِنَا فَٱسۡتَكۡبَرُواْ وَكَانُواْ قَوۡمٗا مُّجۡرِمِينَ
Afei wͻn akyi no Yεde Yεn nsεnkyerεnee somaaa Mose ne Aaron maa wͻkͻͻ Farao ne ne nhemfo no hͻ, nanso wͻyεε ahomasoͻ. Na wͻyε nnipa nsεmͻnedifoͻ paa.
Tafsiran larabci:
فَلَمَّا جَآءَهُمُ ٱلۡحَقُّ مِنۡ عِندِنَا قَالُوٓاْ إِنَّ هَٰذَا لَسِحۡرٞ مُّبِينٞ
Ɛberε a Nokorε no firi Yεn hͻ baa wͻn hͻ no, wͻkaa sε: “Nokorε sε, wei deε εyε nkonyaa pefee“.
Tafsiran larabci:
قَالَ مُوسَىٰٓ أَتَقُولُونَ لِلۡحَقِّ لَمَّا جَآءَكُمۡۖ أَسِحۡرٌ هَٰذَا وَلَا يُفۡلِحُ ٱلسَّٰحِرُونَ
Mose kaa sε: “Deε moreka fa Nokorε no a aba mo hͻ no ho nie? Wei yε nkonyaa?” Nkonyaayifoͻ deε wͻnni nkonim da.
Tafsiran larabci:
قَالُوٓاْ أَجِئۡتَنَا لِتَلۡفِتَنَا عَمَّا وَجَدۡنَا عَلَيۡهِ ءَابَآءَنَا وَتَكُونَ لَكُمَا ٱلۡكِبۡرِيَآءُ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا نَحۡنُ لَكُمَا بِمُؤۡمِنِينَ
Wͻkaa sε: “(Mose), waba yεn hɔ rebεdane y’ani afiri deε yεbεtoo y’agyanom sε wͻresom no so, sεdeε mo mmienu mobεma mo ho so wͻ asaase yi soͻ? Yεn deε yεnnye mo mmienu nni.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Yunus
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa