Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'israa   Aya:
وَمَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَهُوَ ٱلۡمُهۡتَدِۖ وَمَن يُضۡلِلۡ فَلَن تَجِدَ لَهُمۡ أَوۡلِيَآءَ مِن دُونِهِۦۖ وَنَحۡشُرُهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عَلَىٰ وُجُوهِهِمۡ عُمۡيٗا وَبُكۡمٗا وَصُمّٗاۖ مَّأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ كُلَّمَا خَبَتۡ زِدۡنَٰهُمۡ سَعِيرٗا
Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno ne obi a wͻn anya kwan tenenee no, na obi a Wayera no no deε, wonnya okyitaafoͻ biara mma wͻn wͻ Nyankopͻn akyi; na Yεbεboa wͻn (nyinaa) ano wͻ Wusͻreε Da no (ama wͻn anante) wͻ wͻn anim, (na wͻbεsͻre) anifira, emum (ne) asosieε mu. Wͻn fie ne Amanehunu gyem; εberε biara a (ogya no) ano bεdwoͻ no na Yεde ogya no bi aka ho ama wͻn.
Tafsiran larabci:
ذَٰلِكَ جَزَآؤُهُم بِأَنَّهُمۡ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَقَالُوٓاْ أَءِذَا كُنَّا عِظَٰمٗا وَرُفَٰتًا أَءِنَّا لَمَبۡعُوثُونَ خَلۡقٗا جَدِيدًا
Woi ne wͻn akatua, efrisε wͻpoo Yε nsεnkyerεnee no, na wͻkaa sε: “Sε (yewu) na yεdane nnompe na yεmu tete gͻsͻgͻsͻ a, nokorε sε yε’bεsan asͻre ayε abͻdeε foforͻ?”
Tafsiran larabci:
۞ أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ قَادِرٌ عَلَىٰٓ أَن يَخۡلُقَ مِثۡلَهُمۡ وَجَعَلَ لَهُمۡ أَجَلٗا لَّا رَيۡبَ فِيهِ فَأَبَى ٱلظَّٰلِمُونَ إِلَّا كُفُورٗا
Enti wͻ nhunuu sε, Nyankopͻn no a Ɔbͻͻ ͻsoro ne asaase no wͻ tumi sε Obetumi abͻ nesεso? Wahyehyε εberε ama wͻn a akyinnyeε (biara) nni ho; nanso abͻneεfoͻ no nnye nntum, gyesε boniayε (na wͻyi Nyankopͻn).
Tafsiran larabci:
قُل لَّوۡ أَنتُمۡ تَمۡلِكُونَ خَزَآئِنَ رَحۡمَةِ رَبِّيٓ إِذٗا لَّأَمۡسَكۡتُمۡ خَشۡيَةَ ٱلۡإِنفَاقِۚ وَكَانَ ٱلۡإِنسَٰنُ قَتُورٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mo na mowͻ me Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ akoradeε no ho tumi a, anka ehuu bεbͻ mo sε mobeyi (bi) ama; na (ampa sε) onipa yεm yε nyono.
Tafsiran larabci:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَىٰ تِسۡعَ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتٖۖ فَسۡـَٔلۡ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ إِذۡ جَآءَهُمۡ فَقَالَ لَهُۥ فِرۡعَوۡنُ إِنِّي لَأَظُنُّكَ يَٰمُوسَىٰ مَسۡحُورٗا
Ampa sε, Yεde nsεnkyerεnee pefee (ahodoͻ) nkron na maa Mose. Wo deε bisa Israel mma no, εberε a (Mose) baa wͻn hͻ, Farao ka kyerεε no sε:” Mose m’adwen yε me sε konya anaasε aduro bi akye wo”.
Tafsiran larabci:
قَالَ لَقَدۡ عَلِمۡتَ مَآ أَنزَلَ هَٰٓؤُلَآءِ إِلَّا رَبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ بَصَآئِرَ وَإِنِّي لَأَظُنُّكَ يَٰفِرۡعَوۡنُ مَثۡبُورٗا
(Mose) kaa sε ”(Farao) wonim yie sε, obiara ntumi nsiane saa nsεnkyerεnee woinom, gyesε ͻsoro ne asaase Wura Nyankopͻn no, sεdeε εbεyε nyinasoɔ pefee; na Farao, menso medwen sε wasopa “.
Tafsiran larabci:
فَأَرَادَ أَن يَسۡتَفِزَّهُم مِّنَ ٱلۡأَرۡضِ فَأَغۡرَقۡنَٰهُ وَمَن مَّعَهُۥ جَمِيعٗا
(Farao) pεε sε anka oyi wͻn fri asaase no soͻ, enti Yεmaa nsuo faa no ne wͻn a wͻka ne ho no nyinaa.
Tafsiran larabci:
وَقُلۡنَا مِنۢ بَعۡدِهِۦ لِبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱسۡكُنُواْ ٱلۡأَرۡضَ فَإِذَا جَآءَ وَعۡدُ ٱلۡأٓخِرَةِ جِئۡنَا بِكُمۡ لَفِيفٗا
N'akyiri no Yεka kyerεε Israel mma no sε: “Montena asaase no so, na sε Daakye bͻhyε no ba a Yεde mo nyinaa bεbom afra nnipa dͻm no.”
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'israa
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa