Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'nisaa   Aya:
وَإِنۡ أَرَدتُّمُ ٱسۡتِبۡدَالَ زَوۡجٖ مَّكَانَ زَوۡجٖ وَءَاتَيۡتُمۡ إِحۡدَىٰهُنَّ قِنطَارٗا فَلَا تَأۡخُذُواْ مِنۡهُ شَيۡـًٔاۚ أَتَأۡخُذُونَهُۥ بُهۡتَٰنٗا وَإِثۡمٗا مُّبِينٗا
Nasε mopεsε mode ͻyere (foforͻ) bεhyε ͻyere (dadaa) anan mu, nasε moama wͻn mu baako bi dwetire bi a, monhwε na moanye emu biribiara. Mobεfa animguaseε ne kwan bͻne pefee so na agyeε?
Tafsiran larabci:
وَكَيۡفَ تَأۡخُذُونَهُۥ وَقَدۡ أَفۡضَىٰ بَعۡضُكُمۡ إِلَىٰ بَعۡضٖ وَأَخَذۡنَ مِنكُم مِّيثَٰقًا غَلِيظٗا
Deεn nti na εsεsε mogyeε wͻ aberε a mode moho aka moho na wͻn agye bͻhyε a emu yε den afri mo hͻ?
Tafsiran larabci:
وَلَا تَنكِحُواْ مَا نَكَحَ ءَابَآؤُكُم مِّنَ ٱلنِّسَآءِ إِلَّا مَا قَدۡ سَلَفَۚ إِنَّهُۥ كَانَ فَٰحِشَةٗ وَمَقۡتٗا وَسَآءَ سَبِيلًا
Monhwε na moanware mmaa a moagyanom aware wͻn, gyesε deε atwa mu, efrisε, εyε ahohwisεm ne akyiwadeε ne ͻkwan bͻne.
Tafsiran larabci:
حُرِّمَتۡ عَلَيۡكُمۡ أُمَّهَٰتُكُمۡ وَبَنَاتُكُمۡ وَأَخَوَٰتُكُمۡ وَعَمَّٰتُكُمۡ وَخَٰلَٰتُكُمۡ وَبَنَاتُ ٱلۡأَخِ وَبَنَاتُ ٱلۡأُخۡتِ وَأُمَّهَٰتُكُمُ ٱلَّٰتِيٓ أَرۡضَعۡنَكُمۡ وَأَخَوَٰتُكُم مِّنَ ٱلرَّضَٰعَةِ وَأُمَّهَٰتُ نِسَآئِكُمۡ وَرَبَٰٓئِبُكُمُ ٱلَّٰتِي فِي حُجُورِكُم مِّن نِّسَآئِكُمُ ٱلَّٰتِي دَخَلۡتُم بِهِنَّ فَإِن لَّمۡ تَكُونُواْ دَخَلۡتُم بِهِنَّ فَلَا جُنَاحَ عَلَيۡكُمۡ وَحَلَٰٓئِلُ أَبۡنَآئِكُمُ ٱلَّذِينَ مِنۡ أَصۡلَٰبِكُمۡ وَأَن تَجۡمَعُواْ بَيۡنَ ٱلۡأُخۡتَيۡنِ إِلَّا مَا قَدۡ سَلَفَۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Y’abra mo (sε mobεware) mo maamenom, ne mo mma mmaa, ne monua mmaa, ne mosewaanom, ne mo maame nua mmaa, ne monua mmarima mma mmaa, ne mo nua mmaa mma mmaa, ne mo maamenom a wͻn ama mo nufoͻ anom, ne monua mmaa a (monfri eni anaasε sekorͻ na mmom) mone wͻn anom nufu korͻ, ne moyere nom maamenom, ne momma nnoma mmaa a mona mohwε wͻn soͻ a wͻ’yε moyere nom a moakͻ wͻn ho mma mmaa; nasε monkͻͻ wͻn (maame) ho deε a, εneε bͻne biara nni moso; εna mo mma mmarima a wͻ’firi moara mosisi mu yere nom. (Y’abra mo nso) sε mobεka nnua mmaa mmienu abom (aware wͻn), gyesε deε atwa mu. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunu Hene.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'nisaa
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa