Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'shuraa   Aya:
ذَٰلِكَ ٱلَّذِي يُبَشِّرُ ٱللَّهُ عِبَادَهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِۗ قُل لَّآ أَسۡـَٔلُكُمۡ عَلَيۡهِ أَجۡرًا إِلَّا ٱلۡمَوَدَّةَ فِي ٱلۡقُرۡبَىٰۗ وَمَن يَقۡتَرِفۡ حَسَنَةٗ نَّزِدۡ لَهُۥ فِيهَا حُسۡنًاۚ إِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ شَكُورٌ
Wei ne bͻhyԑ a Nyankopͻn dehyԑ nenkoa a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Memmisaa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) so akatua, na mmom (deε merehwehwε ne) abusua dͻ. Obi a ɔbɛnya papa no, Yεde papa no bi bεka ho ama no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ayɛyie Wura “.
Tafsiran larabci:
أَمۡ يَقُولُونَ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗاۖ فَإِن يَشَإِ ٱللَّهُ يَخۡتِمۡ عَلَىٰ قَلۡبِكَۗ وَيَمۡحُ ٱللَّهُ ٱلۡبَٰطِلَ وَيُحِقُّ ٱلۡحَقَّ بِكَلِمَٰتِهِۦٓۚ إِنَّهُۥ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ
Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻn (a wͻnnye nnie no) ka sε, wabͻ wotirim atwa nkontompo ato Onyankopͻn so? Sε Ɔpε a nka Ͻbɛsi w’akoma ano (ama wo werε afri deε wonim no wͻ Qur’aan yi ho). Onyankopͻn pepa nkontompo na Ɔde Nekasaa ama nokorε agyina. Nokorε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.
Tafsiran larabci:
وَهُوَ ٱلَّذِي يَقۡبَلُ ٱلتَّوۡبَةَ عَنۡ عِبَادِهِۦ وَيَعۡفُواْ عَنِ ٱلسَّيِّـَٔاتِ وَيَعۡلَمُ مَا تَفۡعَلُونَ
Ɔno na Ɔgye N’akoa adwen sakra soͻ, εna Ɔde bͻne firie, Ɔnim dwuma a modie nyinaa.
Tafsiran larabci:
وَيَسۡتَجِيبُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ وَيَزِيدُهُم مِّن فَضۡلِهِۦۚ وَٱلۡكَٰفِرُونَ لَهُمۡ عَذَابٞ شَدِيدٞ
Ɔtie wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no sufrε, na Ɔde N’adom no bi ka wͻn ho. Boniayεfoͻ no deε wͻbɛnya asotwee a ano yε den paa.
Tafsiran larabci:
۞ وَلَوۡ بَسَطَ ٱللَّهُ ٱلرِّزۡقَ لِعِبَادِهِۦ لَبَغَوۡاْ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَٰكِن يُنَزِّلُ بِقَدَرٖ مَّا يَشَآءُۚ إِنَّهُۥ بِعِبَادِهِۦ خَبِيرُۢ بَصِيرٞ
Sε Nyankopͻn rebae N’akͻnhoma mu paa ama Nenkoa a, anka wͻbεte atua wͻ asaase so, na mmom Ɔsane no nkakra nkakra (dema wͻn) sεdeε Ɔpε. Nokorε sε Onim Nenkoa yie, na Ɔhu wͻn nso.
Tafsiran larabci:
وَهُوَ ٱلَّذِي يُنَزِّلُ ٱلۡغَيۡثَ مِنۢ بَعۡدِ مَا قَنَطُواْ وَيَنشُرُ رَحۡمَتَهُۥۚ وَهُوَ ٱلۡوَلِيُّ ٱلۡحَمِيدُ
Ɔno na Ɔsane nsuo wͻ akyire yi a wͻn aba mu abuo, na Wahwete N’ahummͻborͻ (ama Nenkoa). Ɔne Okyitaafoͻ, Ɔne Ayɛyie Wura no.
Tafsiran larabci:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦ خَلۡقُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَثَّ فِيهِمَا مِن دَآبَّةٖۚ وَهُوَ عَلَىٰ جَمۡعِهِمۡ إِذَا يَشَآءُ قَدِيرٞ
Nensεnkyerεnee no bi ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, εna (ͻsoro ne asaase no) mmienu no so Ɔde abͻdeε ahwete wͻ soͻ. Ɔwͻ ho tumi sε, Ɔpε a Ɔbεboa wͻn ano (wͻ wͻn wuo akyi).
Tafsiran larabci:
وَمَآ أَصَٰبَكُم مِّن مُّصِيبَةٖ فَبِمَا كَسَبَتۡ أَيۡدِيكُمۡ وَيَعۡفُواْ عَن كَثِيرٖ
Mmusuo a εbεto mo biara no gyina dwuma a monsa adie so, na pii mpo Ɔde kyε.
Tafsiran larabci:
وَمَآ أَنتُم بِمُعۡجِزِينَ فِي ٱلۡأَرۡضِۖ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٖ
Montumi nsi (Nyankopͻn nhyehyεε) ho kwan wͻ asaase so, na Onyankopͻn akyiri no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'shuraa
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa