Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida   Aya:
قَالُواْ يَٰمُوسَىٰٓ إِنَّا لَن نَّدۡخُلَهَآ أَبَدٗا مَّا دَامُواْ فِيهَا فَٱذۡهَبۡ أَنتَ وَرَبُّكَ فَقَٰتِلَآ إِنَّا هَٰهُنَا قَٰعِدُونَ
Wͻ’kaa sε: “Mose, nokorε paa sε aberε a wͻn wͻ (asaase no) so nko ara deε yεnnkͻ da, enti kͻ na wo ne wo Wura no ne wͻn nkͻko na yεn deε yεte ha ara retwεn.
Tafsiran larabci:
قَالَ رَبِّ إِنِّي لَآ أَمۡلِكُ إِلَّا نَفۡسِي وَأَخِيۖ فَٱفۡرُقۡ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡفَٰسِقِينَ
Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, deε metumii kͻduro ara ne mene me nua (Aaron) so, enti (mesrε Wo sε), paepae yεn ne nnipa bͻnefoͻ no ntεm “.
Tafsiran larabci:
قَالَ فَإِنَّهَا مُحَرَّمَةٌ عَلَيۡهِمۡۛ أَرۡبَعِينَ سَنَةٗۛ يَتِيهُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ فَلَا تَأۡسَ عَلَى ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡفَٰسِقِينَ
(Nyankopͻn) kaa sε: “Nokorɛ sɛ yεbesi wͻn (asaase no) ho kwan mfie aduanan na wͻn adi akͻneaba wͻ asaase no so. Enti hwε na w’anni awerεhoͻ amma nnipa bͻnefoͻ no.
Tafsiran larabci:
۞ وَٱتۡلُ عَلَيۡهِمۡ نَبَأَ ٱبۡنَيۡ ءَادَمَ بِٱلۡحَقِّ إِذۡ قَرَّبَا قُرۡبَانٗا فَتُقُبِّلَ مِنۡ أَحَدِهِمَا وَلَمۡ يُتَقَبَّلۡ مِنَ ٱلۡأٓخَرِ قَالَ لَأَقۡتُلَنَّكَۖ قَالَ إِنَّمَا يَتَقَبَّلُ ٱللَّهُ مِنَ ٱلۡمُتَّقِينَ
(Nkͻmhyεni), ka Adam mma mmienu no ho (asεm no mu) nokorε kyerε (Yudafoͻ) no; εberε a wͻ’bͻͻ ͻhyeε afͻdeε na yε’gyee baako deε, na baako deε no deε yannyeε. (Nea yannye nedeε no) ka kyerεε (nea yεgyee ne deε no) sε: “Sε εteε biara no meku wo. (Deε yεgyee n’afͻrebͻ no) ka kyerεε (ne nua no) sε: “Wͻn a wͻ’suro Nyame no deε na Nyankopͻn gyeε”
Tafsiran larabci:
لَئِنۢ بَسَطتَ إِلَيَّ يَدَكَ لِتَقۡتُلَنِي مَآ أَنَا۠ بِبَاسِطٖ يَدِيَ إِلَيۡكَ لِأَقۡتُلَكَۖ إِنِّيٓ أَخَافُ ٱللَّهَ رَبَّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
“Nasε wotene wonsa tia me sε wobeku me a, medeε mentene mensa ntia wo sε meku wo da, efrisε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no”.
Tafsiran larabci:
إِنِّيٓ أُرِيدُ أَن تَبُوٓأَ بِإِثۡمِي وَإِثۡمِكَ فَتَكُونَ مِنۡ أَصۡحَٰبِ ٱلنَّارِۚ وَذَٰلِكَ جَزَٰٓؤُاْ ٱلظَّٰلِمِينَ
“ Mepε sε wobεsoa me bͻne ne wo ara nso wo bͻne na w’akͻka Amanehunu gya no mu foͻ no ho. Na εno ne abͻneεfoͻ no akatua “.
Tafsiran larabci:
فَطَوَّعَتۡ لَهُۥ نَفۡسُهُۥ قَتۡلَ أَخِيهِ فَقَتَلَهُۥ فَأَصۡبَحَ مِنَ ٱلۡخَٰسِرِينَ
Enti nekraa apεdeε hyεε no nkuran maa no kum nenua no maa no bεkaa berεgufoͻ no ho.
Tafsiran larabci:
فَبَعَثَ ٱللَّهُ غُرَابٗا يَبۡحَثُ فِي ٱلۡأَرۡضِ لِيُرِيَهُۥ كَيۡفَ يُوَٰرِي سَوۡءَةَ أَخِيهِۚ قَالَ يَٰوَيۡلَتَىٰٓ أَعَجَزۡتُ أَنۡ أَكُونَ مِثۡلَ هَٰذَا ٱلۡغُرَابِ فَأُوَٰرِيَ سَوۡءَةَ أَخِيۖ فَأَصۡبَحَ مِنَ ٱلنَّٰدِمِينَ
Enti Nyankopͻn somaa kwaakwaadabi maa no bεhwetee fͻm, sεdeε ͻbεkyerε no sεdeε ͻbεfa so asie ne nua no funu no. Ɔkaa sε: ”Menue, enti mantumi anyε sε saa kwaakwaadabi yi ansie menua funu?” Na onuu neho (sε ͻyε onipa na wantumi annya adwen na anomaa mmom na abεkyerε no deε εsεsε ͻyε).
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'ma'ida
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa