Check out the new design

Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il * - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Fassarar Ma'anoni Sura: Al'hashr   Aya:
وَٱلَّذِينَ جَآءُو مِنۢ بَعۡدِهِمۡ يَقُولُونَ رَبَّنَا ٱغۡفِرۡ لَنَا وَلِإِخۡوَٰنِنَا ٱلَّذِينَ سَبَقُونَا بِٱلۡإِيمَٰنِ وَلَا تَجۡعَلۡ فِي قُلُوبِنَا غِلّٗا لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ رَبَّنَآ إِنَّكَ رَءُوفٞ رَّحِيمٌ
Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ) wͻn a wͻbaa wͻn akyi na wͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn, ne yɛ nuanom a wͻde gyidie dii y’anim kan no; na εmma yɛnya wͻn a wͻagye adie no ho tan biara wͻ y’akoma mu. Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε sε Wo ne Ayεmyε Wura, na Wo ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene“.
Tafsiran larabci:
۞ أَلَمۡ تَرَ إِلَى ٱلَّذِينَ نَافَقُواْ يَقُولُونَ لِإِخۡوَٰنِهِمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ لَئِنۡ أُخۡرِجۡتُمۡ لَنَخۡرُجَنَّ مَعَكُمۡ وَلَا نُطِيعُ فِيكُمۡ أَحَدًا أَبَدٗا وَإِن قُوتِلۡتُمۡ لَنَنصُرَنَّكُمۡ وَٱللَّهُ يَشۡهَدُ إِنَّهُمۡ لَكَٰذِبُونَ
Wonhunuu wͻn a wͻdii nkͻnkͻnsa no? Wͻka kyerεε wͻn nuanom boniayεfoͻ no a wͻn wͻ wͻn a yɛama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no sε: ”Sε εba sε yεretu mo a, nokorε sε yεn nso yεbɛtu ne mo akͻ, na yɛntie obiara da ka mo ho; na sε wͻko tia mo nso a, yεbεboa mo”. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, wͻyε atorofoͻ.
Tafsiran larabci:
لَئِنۡ أُخۡرِجُواْ لَا يَخۡرُجُونَ مَعَهُمۡ وَلَئِن قُوتِلُواْ لَا يَنصُرُونَهُمۡ وَلَئِن نَّصَرُوهُمۡ لَيُوَلُّنَّ ٱلۡأَدۡبَٰرَ ثُمَّ لَا يُنصَرُونَ
Sε yɛtu wͻn a wͻnka wͻn ho ne wͻn nntu, na sε yεko tia wͻn nso a wͻmmoa wͻn; sε wͻbεboa wͻn mpo a wͻbεdane wͻn akyi (adwane); afei wͻnya nkonim die.
Tafsiran larabci:
لَأَنتُمۡ أَشَدُّ رَهۡبَةٗ فِي صُدُورِهِم مِّنَ ٱللَّهِۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَفۡقَهُونَ
Mo ho suro a εwͻ wͻn akoma mu no so kyεn Nyankopͻn (ho suro). Efrisε wͻyε nnipa a wͻnni nteaseε.
Tafsiran larabci:
لَا يُقَٰتِلُونَكُمۡ جَمِيعًا إِلَّا فِي قُرٗى مُّحَصَّنَةٍ أَوۡ مِن وَرَآءِ جُدُرِۭۚ بَأۡسُهُم بَيۡنَهُمۡ شَدِيدٞۚ تَحۡسَبُهُمۡ جَمِيعٗا وَقُلُوبُهُمۡ شَتَّىٰۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ قَوۡمٞ لَّا يَعۡقِلُونَ
Wͻntumi mmͻ mu ne mo nko, na mmom gyesε nkuro a aban denden wͻ mu so, anaasε fasuo bi akyi. Ɔkoo a εda wͻn ara wͻn ntεm no ano yε den yie. W’adwen yε wo sε wͻn wͻ koroyε, nanso mpaepaemu wͻ wͻn akoma mu. Efrisε wͻyε nnipa a wͻnnwen.
Tafsiran larabci:
كَمَثَلِ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ قَرِيبٗاۖ ذَاقُواْ وَبَالَ أَمۡرِهِمۡ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Wͻn mfatoho te sε wͻn a wͻdii wͻn anim kan (Banuu Qainuuqa) a wͻnni akyiri no. Wͻkaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwe a εyε ya paa.
Tafsiran larabci:
كَمَثَلِ ٱلشَّيۡطَٰنِ إِذۡ قَالَ لِلۡإِنسَٰنِ ٱكۡفُرۡ فَلَمَّا كَفَرَ قَالَ إِنِّي بَرِيٓءٞ مِّنكَ إِنِّيٓ أَخَافُ ٱللَّهَ رَبَّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
(Wͻn aboafoͻ no) mfatoho te sε ͻbonsam, εberε a ͻbεka akyerε onipa sε, po (Nyame); εberε a (onipa no) bεpo (Nyame) no, (deε bonsam) ka ne sε: ”Medeε matwe me ho afri wo ho; nokorε sε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no “.
Tafsiran larabci:
 
Fassarar Ma'anoni Sura: Al'hashr
Teburin Jerin Sunayen Surori Lambar shafi
 
Fassarar Ma'anonin Alqura'ni - Fassarar Akananci - Ashantiyanci - Haruna Isma'il - Teburin Bayani kan wasu Fassarori

wanda Sheikh Harun Isma'il ya fassarasu.

Rufewa