Check out the new design

Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: Ibrāhīm   Ayah:
قَالَتۡ لَهُمۡ رُسُلُهُمۡ إِن نَّحۡنُ إِلَّا بَشَرٞ مِّثۡلُكُمۡ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يَمُنُّ عَلَىٰ مَن يَشَآءُ مِنۡ عِبَادِهِۦۖ وَمَا كَانَ لَنَآ أَن نَّأۡتِيَكُم بِسُلۡطَٰنٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُؤۡمِنُونَ
Wͻn asomafoͻ no kaa sε: “Yε yε nnipa tesε mo ara deε, nanso Nyankopͻn de (N’adom no) dom Nenkoa mu nea Ɔpε. Yenni ho kwan nso sε yεbεtumi de tumi anaa nsεnkyerεnee bi aba gyesε Onyankopͻn ma kwan. Onyankopͻn so na εsεsε agyidiefoͻ no de wͻn ho toͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
وَمَا لَنَآ أَلَّا نَتَوَكَّلَ عَلَى ٱللَّهِ وَقَدۡ هَدَىٰنَا سُبُلَنَاۚ وَلَنَصۡبِرَنَّ عَلَىٰ مَآ ءَاذَيۡتُمُونَاۚ وَعَلَى ٱللَّهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُتَوَكِّلُونَ
Ɛdeεn ho nti na εnsεsε yεde yεn ho to Onyankopͻn soͻ aberε a εyε nokorε sε Wakyerε yεn kwan akͻ y’akwan no soͻ? Enti nokorε sε, yεbesi aboterε wͻ ͻhaw biara a mode bεha yεn no ho; enti Onyankopͻn na wͻn a wͻn wͻ awerεhyεmu no mfa wͻn werε nhyε ne mu.
Tafsir berbahasa Arab:
وَقَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِرُسُلِهِمۡ لَنُخۡرِجَنَّكُم مِّنۡ أَرۡضِنَآ أَوۡ لَتَعُودُنَّ فِي مِلَّتِنَاۖ فَأَوۡحَىٰٓ إِلَيۡهِمۡ رَبُّهُمۡ لَنُهۡلِكَنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ
Wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerεε wͻn asomafoͻ no sε: “Nokorε sε, yεbetu mo afri yεn asaase yi so, gyessε mosan ba yε’som no mu”. Enti wͻn Wura Nyankopͻn yi kyerεε wͻn sε: “Ampa sε Yε’bεsεe abͻnefoͻ no”.
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَنُسۡكِنَنَّكُمُ ٱلۡأَرۡضَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡۚ ذَٰلِكَ لِمَنۡ خَافَ مَقَامِي وَخَافَ وَعِيدِ
Nokorε sε, Yεbεma mo atena asaase no so wͻ wͻn akyi. Woi wͻ obia osuro sε obegyina M’anim, na osuro M’asotwee no.
Tafsir berbahasa Arab:
وَٱسۡتَفۡتَحُواْ وَخَابَ كُلُّ جَبَّارٍ عَنِيدٖ
(Asomafoͻ no) hwehwεε (Nyankopͻn hͻ) mmoa ne nkonimdie; na ahomasoͻfoͻ ne asoͻdenfoͻ ne wͻn a wͻko tia no nyinaa dii nkoguo.
Tafsir berbahasa Arab:
مِّن وَرَآئِهِۦ جَهَنَّمُ وَيُسۡقَىٰ مِن مَّآءٖ صَدِيدٖ
(Saa nipa no), Amanehunu gya no da n’anim, na nsuo hyeε a εbͻn na yεbεma no anom.
Tafsir berbahasa Arab:
يَتَجَرَّعُهُۥ وَلَا يَكَادُ يُسِيغُهُۥ وَيَأۡتِيهِ ٱلۡمَوۡتُ مِن كُلِّ مَكَانٖ وَمَا هُوَ بِمَيِّتٖۖ وَمِن وَرَآئِهِۦ عَذَابٌ غَلِيظٞ
Ɔbεnom (nsuo) no nkakrankakra, na εyε den sε etumi kͻ nemene mu; na owuo befri bea biara aba ne so, nanso onnwu, na asotwee a emu yε duro nso da n’anim.
Tafsir berbahasa Arab:
مَّثَلُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِرَبِّهِمۡۖ أَعۡمَٰلُهُمۡ كَرَمَادٍ ٱشۡتَدَّتۡ بِهِ ٱلرِّيحُ فِي يَوۡمٍ عَاصِفٖۖ لَّا يَقۡدِرُونَ مِمَّا كَسَبُواْ عَلَىٰ شَيۡءٖۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلضَّلَٰلُ ٱلۡبَعِيدُ
Wͻn a wͻapo wͻn Wura Nyankopͻn no, wͻn mfatoho nesε: Wͻn nyuma bεyε tesε nsoo a mframa kεseε bi rebͻ no wͻ da bi a mframa nini bi rebͻ. Dwuma a wͻdiiε no, wͻn nsa nka mu hwee. Woi ne ͻyera a εkͻ akyiri paa no.
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: Ibrāhīm
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail - Daftar isi terjemahan

Terjemahannya oleh Syekh Harun Ismail.

Tutup