Check out the new design

Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: An-Naḥl   Ayah:
۞ يَوۡمَ تَأۡتِي كُلُّ نَفۡسٖ تُجَٰدِلُ عَن نَّفۡسِهَا وَتُوَفَّىٰ كُلُّ نَفۡسٖ مَّا عَمِلَتۡ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Ɛda no a akra nyinaa bεba, na obiara repere ne ti no, yεde ͻkra biara dwuma a ɔdiiε ho akatua pεpεεpε bεma no a yɛnni wͻn amim.
Tafsir berbahasa Arab:
وَضَرَبَ ٱللَّهُ مَثَلٗا قَرۡيَةٗ كَانَتۡ ءَامِنَةٗ مُّطۡمَئِنَّةٗ يَأۡتِيهَا رِزۡقُهَا رَغَدٗا مِّن كُلِّ مَكَانٖ فَكَفَرَتۡ بِأَنۡعُمِ ٱللَّهِ فَأَذَٰقَهَا ٱللَّهُ لِبَاسَ ٱلۡجُوعِ وَٱلۡخَوۡفِ بِمَا كَانُواْ يَصۡنَعُونَ
Onyankopͻn reyε mfatoho bi: “Na kuro bi wͻ hͻ a asomdwoeε ne ahotᴐ wͻ mu a emu akͻnhoma firi mmea mmea ahodoͻ nyinaa ba ma no bu soͻ. Nanso wͻpoo Nyankopͻn adom no. Enti Nyankopͻn maa wͻkaa ͻkͻm paa ne ehu hwεe, εnam deε wͻyͻeε no ho nti“.
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَقَدۡ جَآءَهُمۡ رَسُولٞ مِّنۡهُمۡ فَكَذَّبُوهُ فَأَخَذَهُمُ ٱلۡعَذَابُ وَهُمۡ ظَٰلِمُونَ
Ampa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso wannye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻyε abͻneεfoͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
فَكُلُواْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ حَلَٰلٗا طَيِّبٗا وَٱشۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ إِن كُنتُمۡ إِيَّاهُ تَعۡبُدُونَ
Enti monni deε Nyankopͻn de abͻ mo akͻnhoma no a εkwan wͻ ho na εyε, na monyi Nyankopͻn adom no ho ayε, sε Ɔno na moresom no ampa a.
Tafsir berbahasa Arab:
إِنَّمَا حَرَّمَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡمَيۡتَةَ وَٱلدَّمَ وَلَحۡمَ ٱلۡخِنزِيرِ وَمَآ أُهِلَّ لِغَيۡرِ ٱللَّهِ بِهِۦۖ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ غَيۡرَ بَاغٖ وَلَا عَادٖ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Deε Wabra mo ne aboafunu (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε yabͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boapayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene
Tafsir berbahasa Arab:
وَلَا تَقُولُواْ لِمَا تَصِفُ أَلۡسِنَتُكُمُ ٱلۡكَذِبَ هَٰذَا حَلَٰلٞ وَهَٰذَا حَرَامٞ لِّتَفۡتَرُواْ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ يَفۡتَرُونَ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ لَا يُفۡلِحُونَ
Monhwε na moamfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Wei deε (Halaal) εkwan wͻ ho, na wei deε (Haraam) yɛabra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim.
Tafsir berbahasa Arab:
مَتَٰعٞ قَلِيلٞ وَلَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
(Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.
Tafsir berbahasa Arab:
وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا مَا قَصَصۡنَا عَلَيۡكَ مِن قَبۡلُۖ وَمَا ظَلَمۡنَٰهُمۡ وَلَٰكِن كَانُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ يَظۡلِمُونَ
Wͻn a wͻyε Yudafoͻ no nso, Yεbraa wͻn deε Yɛadikan aka ho asεm akyerε woͻ no. Yɛanni wͻn amim na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: An-Naḥl
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail - Daftar isi terjemahan

Terjemahannya oleh Syekh Harun Ismail.

Tutup