Check out the new design

Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: An-Nisā`   Ayah:
مَّن يُطِعِ ٱلرَّسُولَ فَقَدۡ أَطَاعَ ٱللَّهَۖ وَمَن تَوَلَّىٰ فَمَآ أَرۡسَلۡنَٰكَ عَلَيۡهِمۡ حَفِيظٗا
Obi a ͻbεyε sotie ama Ɔsomafoͻ no, ampa sε w’ayε sotie ama Nyankopͻn, na obi a ͻbεdane n’akyi ama no no, Y’ansoma wo (Muhammad) sε bεhwε wͻn so.
Tafsir berbahasa Arab:
وَيَقُولُونَ طَاعَةٞ فَإِذَا بَرَزُواْ مِنۡ عِندِكَ بَيَّتَ طَآئِفَةٞ مِّنۡهُمۡ غَيۡرَ ٱلَّذِي تَقُولُۖ وَٱللَّهُ يَكۡتُبُ مَا يُبَيِّتُونَۖ فَأَعۡرِضۡ عَنۡهُمۡ وَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ وَكِيلًا
(Nkͻnkͻnsafoͻ no) kasε: “(Y’ayε) sotie (ama wo)”. Nanso sε wͻ’firi wohͻ kͻ a, wͻn mu fekuo bi fa adwen anadwo dane deε wͻ’kaaeε no ani. Nyankopͻn retwerε adwen a wͻ’faa no anadwoͻ no. Enti twe woho firi wͻn ho na fa woho to Nyankopͻn so. Na Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo.
Tafsir berbahasa Arab:
أَفَلَا يَتَدَبَّرُونَ ٱلۡقُرۡءَانَۚ وَلَوۡ كَانَ مِنۡ عِندِ غَيۡرِ ٱللَّهِ لَوَجَدُواْ فِيهِ ٱخۡتِلَٰفٗا كَثِيرٗا
Anaasε wͻ’nnwenee anaa wͻnfaa Qur’aan yi ho asεm nkͻͻ adwendwen mu yie anaa? Sε anka efiri obi foforͻ hͻ a εnyε Nyankopͻn hͻ a, anka wͻ’benya abirabͻ pii wͻ mu.
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِذَا جَآءَهُمۡ أَمۡرٞ مِّنَ ٱلۡأَمۡنِ أَوِ ٱلۡخَوۡفِ أَذَاعُواْ بِهِۦۖ وَلَوۡ رَدُّوهُ إِلَى ٱلرَّسُولِ وَإِلَىٰٓ أُوْلِي ٱلۡأَمۡرِ مِنۡهُمۡ لَعَلِمَهُ ٱلَّذِينَ يَسۡتَنۢبِطُونَهُۥ مِنۡهُمۡۗ وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ وَرَحۡمَتُهُۥ لَٱتَّبَعۡتُمُ ٱلشَّيۡطَٰنَ إِلَّا قَلِيلٗا
Sε asomdweε asεm bi anaa ehu asεm bi ba wͻn hͻ a wͻ’de tene (anaasε wͻ’de bͻ dawuro). Sε anka wͻ’dane maa Ɔsomafoͻ no ne wͻn mu wͻn a tumi hyε wͻ’nsa no a, anka wͻn mu wͻn a wͻ’repε ho nimdeε no behunu (nokorε a εwͻ mu). Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻbͻrͻ na εwͻ mosoͻ a, anka (momu dodoͻ no ara) bedi ͻbonsam akyi, gyesε kakraa bi.
Tafsir berbahasa Arab:
فَقَٰتِلۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ لَا تُكَلَّفُ إِلَّا نَفۡسَكَۚ وَحَرِّضِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَۖ عَسَى ٱللَّهُ أَن يَكُفَّ بَأۡسَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۚ وَٱللَّهُ أَشَدُّ بَأۡسٗا وَأَشَدُّ تَنكِيلٗا
Enti (Nkͻmhyεni), ko wͻ Nyankopͻn kwan no so; na yεnnfa adesoa bi nsoa wo, na mmom gyesε deε εfa wo ara woho. Na hyε agyidiefoͻ no nkuran. Ebia Nyankopͻn besi boniayεfoͻ no koo ho kwan. Onyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, N’asotwee mu yε den paa.
Tafsir berbahasa Arab:
مَّن يَشۡفَعۡ شَفَٰعَةً حَسَنَةٗ يَكُن لَّهُۥ نَصِيبٞ مِّنۡهَاۖ وَمَن يَشۡفَعۡ شَفَٰعَةٗ سَيِّئَةٗ يَكُن لَّهُۥ كِفۡلٞ مِّنۡهَاۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ مُّقِيتٗا
Obi a obedi agyinamuu pa no benya emu kyεfa, na obi nso a obedi agyinamuu bͻne no nso benya emu kyεfa. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Tafsir berbahasa Arab:
وَإِذَا حُيِّيتُم بِتَحِيَّةٖ فَحَيُّواْ بِأَحۡسَنَ مِنۡهَآ أَوۡ رُدُّوهَآۗ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٍ حَسِيبًا
Sε obi de nkyea kyea mo a, monkyea no ma εnyε dε nkyεn nkyea a ͻkyeaa mo no, sε nyesoͻ nso a monye so ma εnyε dε nkyεn nenyesoͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn deε obu biribiara ho akonta..
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: An-Nisā`
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail - Daftar isi terjemahan

Terjemahannya oleh Syekh Harun Ismail.

Tutup