Check out the new design

Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Daftar isi terjemahan

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Terjemahan makna Surah: At-Taubah   Ayah:
ٱلتَّٰٓئِبُونَ ٱلۡعَٰبِدُونَ ٱلۡحَٰمِدُونَ ٱلسَّٰٓئِحُونَ ٱلرَّٰكِعُونَ ٱلسَّٰجِدُونَ ٱلۡأٓمِرُونَ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَٱلنَّاهُونَ عَنِ ٱلۡمُنكَرِ وَٱلۡحَٰفِظُونَ لِحُدُودِ ٱللَّهِۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ
Wͻn a wͻsakra wͻn adwen, wͻn a wͻsom (Nyame), wͻn a wͻyi (Nyame) ayε, wͻn a wͻkyiri akyiriwia, wͻn a wͻbͻ wͻn mu ase (ma Nyame), wͻn a wͻde wͻn anim butu fͻm (ma Nyame), wͻn a wͻhyε (amanfoͻ) ma wͻdi dwuma pa, na wͻbra (amanfoͻ) amumuyε, ne wͻn a wͻhwε Nyankopͻn mmra no so yie. (Nkͻmhyεni), fa (Ɔsoro aheman no mu) anigyesεm no hyԑ agyidiefoͻ no bᴐ.
Tafsir berbahasa Arab:
مَا كَانَ لِلنَّبِيِّ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَن يَسۡتَغۡفِرُواْ لِلۡمُشۡرِكِينَ وَلَوۡ كَانُوٓاْ أُوْلِي قُرۡبَىٰ مِنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُمۡ أَنَّهُمۡ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَحِيمِ
Ɛkwan nni hͻ ma Nkͻmhyεni ne wͻn a wͻagye adie no sε wͻbεsrε bͻnefakyε ama abosomsomfoͻ no a (wͻn awuo), sε wͻyε abusuafoͻ a wͻbεn mpo a, aberε a ada adi sε nokorε wͻyε Amanehunu gya no mu foͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
وَمَا كَانَ ٱسۡتِغۡفَارُ إِبۡرَٰهِيمَ لِأَبِيهِ إِلَّا عَن مَّوۡعِدَةٖ وَعَدَهَآ إِيَّاهُ فَلَمَّا تَبَيَّنَ لَهُۥٓ أَنَّهُۥ عَدُوّٞ لِّلَّهِ تَبَرَّأَ مِنۡهُۚ إِنَّ إِبۡرَٰهِيمَ لَأَوَّٰهٌ حَلِيمٞ
Deε εmaa Abraham srεε bͻnefakyε maa n’agya no yε bͻhyε a na wahyε (n’agya) no ho nti; nanso εberε a εdaa adi maa no sε ͻyε Nyakopͻn tamfoͻ no (Abraham) twee ne ho firii ne ho. Nokorε sε, na Abraham yε onipa a ͻwͻ ntimmͻborͻ ne ntoboaseε.
Tafsir berbahasa Arab:
وَمَا كَانَ ٱللَّهُ لِيُضِلَّ قَوۡمَۢا بَعۡدَ إِذۡ هَدَىٰهُمۡ حَتَّىٰ يُبَيِّنَ لَهُم مَّا يَتَّقُونَۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٌ
Ԑmma sε Nyankopͻn bεyera amanfoͻ bi wͻ akyire yi a Wakyerε wͻn kwan, efirisε Ɔkyerεkyerε deε wͻde bεyε ahwεyie (anaa deε εsεsε wͻtwe wͻn ho firi ho) mu kyerε wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
إِنَّ ٱللَّهَ لَهُۥ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ يُحۡيِۦ وَيُمِيتُۚ وَمَا لَكُم مِّن دُونِ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا نَصِيرٖ
Nokorε sε, Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie no wͻ no. Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔkum, na monni Okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ biara wͻ Nyankopͻn akyi.
Tafsir berbahasa Arab:
لَّقَد تَّابَ ٱللَّهُ عَلَى ٱلنَّبِيِّ وَٱلۡمُهَٰجِرِينَ وَٱلۡأَنصَارِ ٱلَّذِينَ ٱتَّبَعُوهُ فِي سَاعَةِ ٱلۡعُسۡرَةِ مِنۢ بَعۡدِ مَا كَادَ يَزِيغُ قُلُوبُ فَرِيقٖ مِّنۡهُمۡ ثُمَّ تَابَ عَلَيۡهِمۡۚ إِنَّهُۥ بِهِمۡ رَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Nokorε sε Nyankopͻn ahu Nkͻmhyεni no ne amantufoͻ no ne (Madina) Ansoaarfoͻ no, wͻn a wͻdii Nkͻmhyεni akyi wͻ ahokyerε berε no mu a εkaa kakraabi maa wͻn mu fekua bi akoma mane firii (kwan tenenee no soͻ no) mmͻbͻ, na Ɔde wͻn mfomsoͻ nso afiri wͻn. Nokorε sε, Ne yam yε ma (adasamma), na Ɔne Mͻborͻhunufoͻ.
Tafsir berbahasa Arab:
 
Terjemahan makna Surah: At-Taubah
Daftar surah Nomor Halaman
 
Terjemahan makna Alquran Alkarim - Terjemahan Berbahasa Akan - Ashanti - Harun Ismail - Daftar isi terjemahan

Terjemahannya oleh Syekh Harun Ismail.

Tutup