Check out the new design

Traduzione dei Significati del Sacro Corano - Traduzione akan - ashanti - Haarun Isma'il * - Indice Traduzioni

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduzione dei significati Sura: An-Naml   Versetto:

An-Naml

طسٓۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡقُرۡءَانِ وَكِتَابٖ مُّبِينٍ
Toaa – Siin . Woi yε Qur’aan mu nsɛm, ԑyԑ Nwoma a ɛda (biribiara) adi pefee.
Esegesi in lingua araba:
هُدٗى وَبُشۡرَىٰ لِلۡمُؤۡمِنِينَ
(Ɛyε) kwankyerε ne anigyesεm ma agyidiefoͻ no.
Esegesi in lingua araba:
ٱلَّذِينَ يُقِيمُونَ ٱلصَّلَوٰةَ وَيُؤۡتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ هُمۡ يُوقِنُونَ
Wͻn a wͻfrε Nyame wͻ ne brε mu na wͻyi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no.
Esegesi in lingua araba:
إِنَّ ٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ بِٱلۡأٓخِرَةِ زَيَّنَّا لَهُمۡ أَعۡمَٰلَهُمۡ فَهُمۡ يَعۡمَهُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no Yɛama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn (aniso) fε, enti wͻredi akͻneaba sε anifirafoͻ.
Esegesi in lingua araba:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ لَهُمۡ سُوٓءُ ٱلۡعَذَابِ وَهُمۡ فِي ٱلۡأٓخِرَةِ هُمُ ٱلۡأَخۡسَرُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee bͻne no. Wͻn na Daakye no mu no wͻn ne berεguofoͻ no.
Esegesi in lingua araba:
وَإِنَّكَ لَتُلَقَّى ٱلۡقُرۡءَانَ مِن لَّدُنۡ حَكِيمٍ عَلِيمٍ
(Nkͻmhyεni), nokorε sε wo nsa ka Qur’aan yi fri Onyansafoͻ, Nimdefoͻ no hͻ.
Esegesi in lingua araba:
إِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِأَهۡلِهِۦٓ إِنِّيٓ ءَانَسۡتُ نَارٗا سَـَٔاتِيكُم مِّنۡهَا بِخَبَرٍ أَوۡ ءَاتِيكُم بِشِهَابٖ قَبَسٖ لَّعَلَّكُمۡ تَصۡطَلُونَ
Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abusuafoͻ sε: “Nokorε sε mahunu egya; mede ho amaneε bεba abεbͻ mo anaasε mede nsramma bi bεba ama moaka mo ho hye “.
Esegesi in lingua araba:
فَلَمَّا جَآءَهَا نُودِيَ أَنۢ بُورِكَ مَن فِي ٱلنَّارِ وَمَنۡ حَوۡلَهَا وَسُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Ɛberε a ͻbaa hoo no, yεfrεε no sε: ”Nhyira ne nea ͻwͻ egya no mu no, ne obiara a ͻwͻ ho. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no“
Esegesi in lingua araba:
يَٰمُوسَىٰٓ إِنَّهُۥٓ أَنَا ٱللَّهُ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Mose, nokorε sε εyε Me, Onyankopͻn Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.
Esegesi in lingua araba:
وَأَلۡقِ عَصَاكَۚ فَلَمَّا رَءَاهَا تَهۡتَزُّ كَأَنَّهَا جَآنّٞ وَلَّىٰ مُدۡبِرٗا وَلَمۡ يُعَقِّبۡۚ يَٰمُوسَىٰ لَا تَخَفۡ إِنِّي لَا يَخَافُ لَدَيَّ ٱلۡمُرۡسَلُونَ
To wopoma no to fͻm. Ԑberε a ohunuu sε εrekeka ne ho tesε ͻwͻ no, ͻdanee ne ho dwanee a wanhwε n’akyi. (Yεkaa sε): “Mose, ensuro nokorε sε asomafoͻ no nsuro wͻ M’anim.
Esegesi in lingua araba:
إِلَّا مَن ظَلَمَ ثُمَّ بَدَّلَ حُسۡنَۢا بَعۡدَ سُوٓءٖ فَإِنِّي غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Na mmom obi a wayε bͻne na εno akyiri no ͻde papa ahyε bͻne no anan mu no, nokorε sε, Mene Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Esegesi in lingua araba:
وَأَدۡخِلۡ يَدَكَ فِي جَيۡبِكَ تَخۡرُجۡ بَيۡضَآءَ مِنۡ غَيۡرِ سُوٓءٖۖ فِي تِسۡعِ ءَايَٰتٍ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ وَقَوۡمِهِۦٓۚ إِنَّهُمۡ كَانُواْ قَوۡمٗا فَٰسِقِينَ
Enti fa wonsa hyε wo koko mu, εbεba fitaa a εni nkekaawa biara. (Woi nom ka) nsεnkyerεnee nkron a wode rekͻ Farao ne ne nkorͻfoͻ hͻ no ho. Nokorε sε wͻyε amanfoͻ a wͻyε abͻneεfoͻ paa.
Esegesi in lingua araba:
فَلَمَّا جَآءَتۡهُمۡ ءَايَٰتُنَا مُبۡصِرَةٗ قَالُواْ هَٰذَا سِحۡرٞ مُّبِينٞ
Ɛberε a Yεn nsεnkyerεnee pefee a wͻtumi hunu baa wͻn hͻ no, deε wͻkaeε ne sε: ”Woi deε εyε nkoyaa pefee”.
Esegesi in lingua araba:
 
Traduzione dei significati Sura: An-Naml
Indice delle Sure Numero di pagina
 
Traduzione dei Significati del Sacro Corano - Traduzione akan - ashanti - Haarun Isma'il - Indice Traduzioni

La sua traduzione di Shaikh Haarun Isma'il.

Chiudi