Check out the new design

Traduzione dei Significati del Sacro Corano - Traduzione akan - ashanti - Haarun Isma'il * - Indice Traduzioni

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Traduzione dei significati Sura: At-Tawbah   Versetto:
فَلَا تُعۡجِبۡكَ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَلَآ أَوۡلَٰدُهُمۡۚ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ لِيُعَذِّبَهُم بِهَا فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَتَزۡهَقَ أَنفُسُهُمۡ وَهُمۡ كَٰفِرُونَ
Enti εmma wͻn sika ne wͻn mma (a wͻwͻ) no nyε wo fԑ, deε Nyankopͻn hwehwε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase asetena yi mu na wͻn kraa bɛfiri (wͻn mu, anaa wͻbɛwu) aberε a wͻyε boniayεfoͻ.
Esegesi in lingua araba:
وَيَحۡلِفُونَ بِٱللَّهِ إِنَّهُمۡ لَمِنكُمۡ وَمَا هُم مِّنكُمۡ وَلَٰكِنَّهُمۡ قَوۡمٞ يَفۡرَقُونَ
Na wͻde Nyankopͻn di nse sε, nokorε wͻka mo ho, nanso wͻnka mo ho, na mmom wͻyε amanfoͻ a wͻsuro (mo).
Esegesi in lingua araba:
لَوۡ يَجِدُونَ مَلۡجَـًٔا أَوۡ مَغَٰرَٰتٍ أَوۡ مُدَّخَلٗا لَّوَلَّوۡاْ إِلَيۡهِ وَهُمۡ يَجۡمَحُونَ
Sε wͻnya dwanekͻbea anaasε ͻbodan bi mu, anaasε bea bi a wͻbɛwura akͻsie a, anka wͻbεyε ntεntεm adane wͻn ho akͻ wura hͻ.
Esegesi in lingua araba:
وَمِنۡهُم مَّن يَلۡمِزُكَ فِي ٱلصَّدَقَٰتِ فَإِنۡ أُعۡطُواْ مِنۡهَا رَضُواْ وَإِن لَّمۡ يُعۡطَوۡاْ مِنۡهَآ إِذَا هُمۡ يَسۡخَطُونَ
Wͻn mu bi wͻ hͻ a, wͻkasa tia wo wͻ (Soadaqa) akyεdeε no (nkyemuu) no ho. Sε yεma wͻn bi a na wͻn ani agye, na sε yɛamma wͻn bi nso a na wͻn bo afu.
Esegesi in lingua araba:
وَلَوۡ أَنَّهُمۡ رَضُواْ مَآ ءَاتَىٰهُمُ ٱللَّهُ وَرَسُولُهُۥ وَقَالُواْ حَسۡبُنَا ٱللَّهُ سَيُؤۡتِينَا ٱللَّهُ مِن فَضۡلِهِۦ وَرَسُولُهُۥٓ إِنَّآ إِلَى ٱللَّهِ رَٰغِبُونَ
Sε anka wͻn ani gyee deε Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no de maa wͻn no ho, εna wͻkaa sε: “Nyankopͻn som bo ma yεn; Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ bεma yεn wͻ n’adom mu, nokorε Nyankopͻn so na yɛn ani da (a, anka εno na εyε paa ma wͻn)”
Esegesi in lingua araba:
۞ إِنَّمَا ٱلصَّدَقَٰتُ لِلۡفُقَرَآءِ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱلۡعَٰمِلِينَ عَلَيۡهَا وَٱلۡمُؤَلَّفَةِ قُلُوبُهُمۡ وَفِي ٱلرِّقَابِ وَٱلۡغَٰرِمِينَ وَفِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِۖ فَرِيضَةٗ مِّنَ ٱللَّهِۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمٞ
(Zakat) no deε εwͻ ahiafoͻ no ne mmͻborͻwafoͻ no, ne wͻn a wͻyε ho adwuma, ne wͻn a wͻn akoma adane aba (Islam-som no soͻ), ne ᴐkoo mu nneduafoͻ, ne wͻn a wͻde ka, ne Nyankopͻn kwan so (adwuma), ne ͻkwantuni; (wei yε) ahyεdeε a ɛfiri Nyankopͻn hͻ. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
Esegesi in lingua araba:
وَمِنۡهُمُ ٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ ٱلنَّبِيَّ وَيَقُولُونَ هُوَ أُذُنٞۚ قُلۡ أُذُنُ خَيۡرٖ لَّكُمۡ يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَيُؤۡمِنُ لِلۡمُؤۡمِنِينَ وَرَحۡمَةٞ لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ مِنكُمۡۚ وَٱلَّذِينَ يُؤۡذُونَ رَسُولَ ٱللَّهِ لَهُمۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Wͻn mu bi wͻhͻ a wͻha Nkͻmhyεni no, na wͻka (fa neho) sε: “Ɔyε aso (tie biribiara). (Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɔyε aso tie papa ma mo; ͻgye Nyankopͻn di, gye agyidiefoͻ no nso di, na εyε ahummͻborͻ ma mo mu agyidiefoͻ no’’. Wͻn a wͻha Nyankopͻn Somafoͻ no, wͻwͻ asotwee a εyε ya paa (da hͻ retwεn wͻn).
Esegesi in lingua araba:
 
Traduzione dei significati Sura: At-Tawbah
Indice delle Sure Numero di pagina
 
Traduzione dei Significati del Sacro Corano - Traduzione akan - ashanti - Haarun Isma'il - Indice Traduzioni

La sua traduzione di Shaikh Haarun Isma'il.

Chiudi