ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
98 : 11

يَقۡدُمُ قَوۡمَهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فَأَوۡرَدَهُمُ ٱلنَّارَۖ وَبِئۡسَ ٱلۡوِرۡدُ ٱلۡمَوۡرُودُ

Wusɔreε da no ͻbedi ne nkorͻfoͻ no anim de wɔn akͻ Ogya no mu. Na bea bɔne ne faako a yεde wɔn bεkͻ no. info
التفاسير: |

external-link copy
99 : 11

وَأُتۡبِعُواْ فِي هَٰذِهِۦ لَعۡنَةٗ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ بِئۡسَ ٱلرِّفۡدُ ٱلۡمَرۡفُودُ

Nnomee di wɔn akyi wͻ (wiase) woi mu, εna Wusɔreε da no (nso saa ara). Na akyεdeε bɔne paa ne akyεdeε a yεde bεkyε (wɔn saa Da no.) info
التفاسير: |

external-link copy
100 : 11

ذَٰلِكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ ٱلۡقُرَىٰ نَقُصُّهُۥ عَلَيۡكَۖ مِنۡهَا قَآئِمٞ وَحَصِيدٞ

(Ɔkכmhyεni), woi yε nkuro no ho abakͻsεm na Yεrebͻ wo amaneε. (Nkuro no) bi daso wͻ hͻ, ebi nso yɛatwa (wͻn) agu (anaasε yɛabͻ no korakora). info
التفاسير: |

external-link copy
101 : 11

وَمَا ظَلَمۡنَٰهُمۡ وَلَٰكِن ظَلَمُوٓاْ أَنفُسَهُمۡۖ فَمَآ أَغۡنَتۡ عَنۡهُمۡ ءَالِهَتُهُمُ ٱلَّتِي يَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مِن شَيۡءٖ لَّمَّا جَآءَ أَمۡرُ رَبِّكَۖ وَمَا زَادُوهُمۡ غَيۡرَ تَتۡبِيبٖ

Ɛnyε Yεn na Yɛdii wɔn amim, na mmom wɔn ara na wɔdii wɔn ho amim. Ɛberε a wo Wura Nyankopɔn ahyεdeε no baeε no, wɔn anyame no a na wɔfri Nyankopɔn akyi sufrε wɔn no ho amma wͻn mfasoͻ biara, na amfa nkͻsoͻ biara nso amma wͻn, na mmom ͻsεeε (na εde brεε wɔn). info
التفاسير: |

external-link copy
102 : 11

وَكَذَٰلِكَ أَخۡذُ رَبِّكَ إِذَآ أَخَذَ ٱلۡقُرَىٰ وَهِيَ ظَٰلِمَةٌۚ إِنَّ أَخۡذَهُۥٓ أَلِيمٞ شَدِيدٌ

Saa ara na wo Wura Nyankopɔn asotwee no teε, sε Ɔretwe nkuro bi a wɔdi bɔne no aso a, nokorε sε N’asotwee a Ɔde twe wɔn no yεya, na ano nso yε den papaapa. info
التفاسير: |

external-link copy
103 : 11

إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَةٗ لِّمَنۡ خَافَ عَذَابَ ٱلۡأٓخِرَةِۚ ذَٰلِكَ يَوۡمٞ مَّجۡمُوعٞ لَّهُ ٱلنَّاسُ وَذَٰلِكَ يَوۡمٞ مَّشۡهُودٞ

Nokorε sε, adesua anaa nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obi a osuro Daakye asotwee no. Saa Da no na yεbεboa nnipa nyinaa ano no, na saa Da no ne Ɛda a (ͻsoro asafo ne asaase so deε nyinaa) bεwͻ hͻ bie. info
التفاسير: |

external-link copy
104 : 11

وَمَا نُؤَخِّرُهُۥٓ إِلَّا لِأَجَلٖ مَّعۡدُودٖ

Deε nti Yεretwetwεn (Atemmuda no) soͻ no ne sε, εwͻ εberε a yεde ahyԑ. info
التفاسير: |

external-link copy
105 : 11

يَوۡمَ يَأۡتِ لَا تَكَلَّمُ نَفۡسٌ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦۚ فَمِنۡهُمۡ شَقِيّٞ وَسَعِيدٞ

Ɛda a εbεba no, onipa biara nnkasa, gyesε Nyankopͻn ma kwan. Wɔn mu bi bεyε tibͻnefoͻ εna (ebinom nso) bεyε tipafoᴐ. info
التفاسير: |

external-link copy
106 : 11

فَأَمَّا ٱلَّذِينَ شَقُواْ فَفِي ٱلنَّارِ لَهُمۡ فِيهَا زَفِيرٞ وَشَهِيقٌ

Wͻn a wͻbεyε tibͻnefoͻ no deε wͻn wͻ Ogya no mu, na emu na wͻbɛgu ahome kokoͻ adi apenesie. info
التفاسير: |

external-link copy
107 : 11

خَٰلِدِينَ فِيهَا مَا دَامَتِ ٱلسَّمَٰوَٰتُ وَٱلۡأَرۡضُ إِلَّا مَا شَآءَ رَبُّكَۚ إِنَّ رَبَّكَ فَعَّالٞ لِّمَا يُرِيدُ

Wɔbεtena (Ogya no) mu wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Nyankopͻn pε. Nokorε sε, wo Wura Nyankopɔn ne (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpԑ. info
التفاسير: |

external-link copy
108 : 11

۞ وَأَمَّا ٱلَّذِينَ سُعِدُواْ فَفِي ٱلۡجَنَّةِ خَٰلِدِينَ فِيهَا مَا دَامَتِ ٱلسَّمَٰوَٰتُ وَٱلۡأَرۡضُ إِلَّا مَا شَآءَ رَبُّكَۖ عَطَآءً غَيۡرَ مَجۡذُوذٖ

Wͻn a wͻn ti ayε yie no nso wͻ Soro aheman no mu, emu na wᴐbεtena wͻ mmerε tenten sεdeε ͻsoro ne asaase wͻ hͻ, gyesε wo Wura Onyankopɔn pε; (εyε) akyεdeε a enni awieε. info
التفاسير: |