ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
20 : 31

أَلَمۡ تَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ سَخَّرَ لَكُم مَّا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَأَسۡبَغَ عَلَيۡكُمۡ نِعَمَهُۥ ظَٰهِرَةٗ وَبَاطِنَةٗۗ وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يُجَٰدِلُ فِي ٱللَّهِ بِغَيۡرِ عِلۡمٖ وَلَا هُدٗى وَلَا كِتَٰبٖ مُّنِيرٖ

Enti monhunuu sε Nyankopͻn ama deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase soͻ (nyinaa) berε wͻn ho ase ma mo, εna Wama N’adom a εda adie ne deε asuma abu mo soͻ? Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻgye Nyankopͻn ho akyinnye a nimdeε anaa kwankyerε anaa Nwoma pefee biara nni mu. info
التفاسير: |

external-link copy
21 : 31

وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ ٱتَّبِعُواْ مَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ قَالُواْ بَلۡ نَتَّبِعُ مَا وَجَدۡنَا عَلَيۡهِ ءَابَآءَنَآۚ أَوَلَوۡ كَانَ ٱلشَّيۡطَٰنُ يَدۡعُوهُمۡ إِلَىٰ عَذَابِ ٱلسَّعِيرِ

Sε woka kyerε wͻn sε, moni deε Nyankopͻn asiane aba no akyi a, deε wͻka ne sε: “Daabi, yɛdi deε yεbεtoo y’agyanom wͻ soͻ no akyi.” Enti sε na ͻbonsam refrε wͻn (agyanom) akͻ Ogya frama asotwee no mu mpo a. info
التفاسير: |

external-link copy
22 : 31

۞ وَمَن يُسۡلِمۡ وَجۡهَهُۥٓ إِلَى ٱللَّهِ وَهُوَ مُحۡسِنٞ فَقَدِ ٱسۡتَمۡسَكَ بِٱلۡعُرۡوَةِ ٱلۡوُثۡقَىٰۗ وَإِلَى ٱللَّهِ عَٰقِبَةُ ٱلۡأُمُورِ

Obiara a ͻbεbrε ne ho (nyinaa) ase ama Nyankopͻn na ͻyε papa no, ampa sε (saa nipa no) asͻ gyidie homa no mu. Nyankopͻn hͻ na asεm no nyinaa kͻ wie. info
التفاسير: |

external-link copy
23 : 31

وَمَن كَفَرَ فَلَا يَحۡزُنكَ كُفۡرُهُۥٓۚ إِلَيۡنَا مَرۡجِعُهُمۡ فَنُنَبِّئُهُم بِمَا عَمِلُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلِيمُۢ بِذَاتِ ٱلصُّدُورِ

Obia ͻbɛyi boniayε no, εmma ne boniayε no nnyε wo awerεho. Yεn hͻ ne wͻn nnkyi, na Yεbεbͻ wͻn dwuma a wͻdiiε no ho amaneε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nnimdefoͻ no. info
التفاسير: |

external-link copy
24 : 31

نُمَتِّعُهُمۡ قَلِيلٗا ثُمَّ نَضۡطَرُّهُمۡ إِلَىٰ عَذَابٍ غَلِيظٖ

Yεbεma wͻn agye wͻn ani kakra, na afei Yɛaka wͻn so de wͻn akͻ asotwee a emu yԑ duro no mu. info
التفاسير: |

external-link copy
25 : 31

وَلَئِن سَأَلۡتَهُم مَّنۡ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ لَيَقُولُنَّ ٱللَّهُۚ قُلِ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِۚ بَلۡ أَكۡثَرُهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ

Sε wobisa wͻn sε: ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase a, wͻbεka sε: “Nyankopͻn”. Kasε: “Aseda wͻ Nyankopͻn”. Daabi, wɔn mu dodoͻ no ara nnim. info
التفاسير: |

external-link copy
26 : 31

لِلَّهِ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ

Deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn deԑ Ͻne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Wura no. info
التفاسير: |

external-link copy
27 : 31

وَلَوۡ أَنَّمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ مِن شَجَرَةٍ أَقۡلَٰمٞ وَٱلۡبَحۡرُ يَمُدُّهُۥ مِنۢ بَعۡدِهِۦ سَبۡعَةُ أَبۡحُرٖ مَّا نَفِدَتۡ كَلِمَٰتُ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَزِيزٌ حَكِيمٞ

Sε nnua a εwͻ asaase so nyinaa yε twerεdua, εna ͻpo akyiri nso yεde ͻpo foforͻ nson aka ho (ayε no twerε nsuo sε yεretwerε Nyankopͻn asεm) a, anka (nnua no ne ͻpo no bεsa) na Nyankopͻn asεm no nsae. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
28 : 31

مَّا خَلۡقُكُمۡ وَلَا بَعۡثُكُمۡ إِلَّا كَنَفۡسٖ وَٰحِدَةٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرٌ

Mo mmͻeε (a edikan yi) anaasε mo sͻreε (wͻ mowuo akyiri no) tesε honam korͻ pεpεεpε. Nokorε sε, Nyankopͻn Ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ohunu (biribiara). info
التفاسير: |