ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
33 : 45

وَبَدَا لَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا عَمِلُواْ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ

Bͻne a wͻyͻeε no bɛyi ne ho adi akyerε wͻn, na deε wͻde dii fεw no bɛtwa wͻn ho ahyia. info
التفاسير: |

external-link copy
34 : 45

وَقِيلَ ٱلۡيَوۡمَ نَنسَىٰكُمۡ كَمَا نَسِيتُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَا وَمَأۡوَىٰكُمُ ٱلنَّارُ وَمَا لَكُم مِّن نَّٰصِرِينَ

Yεbεka akyerε wͻn sε: “Ɛnnε da yi Yεwerε bɛfri mo sεdeε mo werε firii sε mobɛhyia mu wͻ moda woi mu no. Mo fie ne Amanehunu gya no mu, na monni ͻboafoͻ, info
التفاسير: |

external-link copy
35 : 45

ذَٰلِكُم بِأَنَّكُمُ ٱتَّخَذۡتُمۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ هُزُوٗا وَغَرَّتۡكُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَاۚ فَٱلۡيَوۡمَ لَا يُخۡرَجُونَ مِنۡهَا وَلَا هُمۡ يُسۡتَعۡتَبُونَ

Efirisε mofaa Nyankopͻn asεm no fεw die, na wiase asetena no daadaa mo. Enti saa Da no wͻnnya kwan mfiri wͻ (Amanehunu gya no) mu, na wͻnnya kwan nso sε yεbεma wͻn kwan aba wiase bio (abεsakra wͻn adwen anya kwan asrε bͻnefakyε). info
التفاسير: |

external-link copy
36 : 45

فَلِلَّهِ ٱلۡحَمۡدُ رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَرَبِّ ٱلۡأَرۡضِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ

Enti aseda no wͻ Nyankopͻn, ͻsoro Wura ne asaase Wura, Abͻdeε nyinaa Wura no. info
التفاسير: |

external-link copy
37 : 45

وَلَهُ ٱلۡكِبۡرِيَآءُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ

Ɔno na ͻsoro ne asaase so Kεseyε wͻ no, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no. info
التفاسير: |