Check out the new design

Kilniojo Korano reikšmių vertimas - Vertimas į akanų k. - ašančių k. - Harūn Ismail * - Vertimų turinys

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Reikšmių vertimas Sūra: Al-’Imran   Aja (Korano eilutė):
وَكَيۡفَ تَكۡفُرُونَ وَأَنتُمۡ تُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتُ ٱللَّهِ وَفِيكُمۡ رَسُولُهُۥۗ وَمَن يَعۡتَصِم بِٱللَّهِ فَقَدۡ هُدِيَ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Na εbεyε dεn na moakͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ wͻ aberε a mo na yεkenkan Nyankopͻn Nsεm no kyerε mo, na momu nso na Nyankopͻn Somafoͻ (Muhammad) wͻ? Obi a ͻbεsͻ Nyankopͻn mu yie no, ampa sε w’anya kwan kyerε a εkͻ (Nyankopͻn) kwan tenenee no soͻ.
Tafsyrai arabų kalba:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱتَّقُواْ ٱللَّهَ حَقَّ تُقَاتِهِۦ وَلَا تَمُوتُنَّ إِلَّا وَأَنتُم مُّسۡلِمُونَ
Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn sεdeε Ɔfata sε yesuro no kͻpem biara; na monhwε yie na moanwu gyesε moyε Muslimifoͻ.
Tafsyrai arabų kalba:
وَٱعۡتَصِمُواْ بِحَبۡلِ ٱللَّهِ جَمِيعٗا وَلَا تَفَرَّقُواْۚ وَٱذۡكُرُواْ نِعۡمَتَ ٱللَّهِ عَلَيۡكُمۡ إِذۡ كُنتُمۡ أَعۡدَآءٗ فَأَلَّفَ بَيۡنَ قُلُوبِكُمۡ فَأَصۡبَحۡتُم بِنِعۡمَتِهِۦٓ إِخۡوَٰنٗا وَكُنتُمۡ عَلَىٰ شَفَا حُفۡرَةٖ مِّنَ ٱلنَّارِ فَأَنقَذَكُم مِّنۡهَاۗ كَذَٰلِكَ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمۡ ءَايَٰتِهِۦ لَعَلَّكُمۡ تَهۡتَدُونَ
Monkuta Nyankopͻn ahoma (anaasε nesom no ne emu mmra ne ahyεdeε) no nyinaa mu yie, na monhwε na momu ampaepae; na monkae Nyankopͻn adom a Ɔde adom mo wͻ εberε a na anka moyε atamfoͻ εna Ɔkaa mo akoma bͻͻ mu wͻ ͻdͻ mu, εna n’adom mu no mobεyεε anuanom; na anka mowͻ Amanehunu gya amena no ano, εna Oyii mo firii ho. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Nensεm no mu de kyerε mo sεdeε mobenya kwan kyerε.
Tafsyrai arabų kalba:
وَلۡتَكُن مِّنكُمۡ أُمَّةٞ يَدۡعُونَ إِلَى ٱلۡخَيۡرِ وَيَأۡمُرُونَ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَيَنۡهَوۡنَ عَنِ ٱلۡمُنكَرِۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلۡمُفۡلِحُونَ
Ԑsεsε yenya fekuo bi firi momu a, wͻ'bεfrε (amanfoͻ) akͻ papa no mu na w’ahyε (wͻn) ama wͻn ayε deε εyε, na wͻ’abra (amanfoͻ) ama wͻ’atwe wͻn ho afri amumuyε ho. Saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
Tafsyrai arabų kalba:
وَلَا تَكُونُواْ كَٱلَّذِينَ تَفَرَّقُواْ وَٱخۡتَلَفُواْ مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُۚ وَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٞ
Monhwε na moankͻ yε sε wͻn a akyire yi a wͻ’nsa kaa nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee no na wͻn ntεm paepaeε na nkyinnyeԑ baa wͻntԑm no; saa nkorͻfoͻ no wͻ asotwee kεseɛ paa.
Tafsyrai arabų kalba:
يَوۡمَ تَبۡيَضُّ وُجُوهٞ وَتَسۡوَدُّ وُجُوهٞۚ فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ٱسۡوَدَّتۡ وُجُوهُهُمۡ أَكَفَرۡتُم بَعۡدَ إِيمَٰنِكُمۡ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ
Ɛda no a (ebinom) anim bεyε fitaa na (ebinom) nso anim bεyε tumm no; (yεbεka akyerε) wͻn a wͻn anim tumm no sε: “Mogyidie akyi no mopoo nokorε no. Enti monka asotwee no nhwε, εnam nokorε a mopoeε no ho nti.”
Tafsyrai arabų kalba:
وَأَمَّا ٱلَّذِينَ ٱبۡيَضَّتۡ وُجُوهُهُمۡ فَفِي رَحۡمَةِ ٱللَّهِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn nso a wͻn anim (ahyerεn) fitaa no deɛ, wɔ’bεkͻ Nyankopͻn Ahummͻborͻ no mu. Na emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.
Tafsyrai arabų kalba:
تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱللَّهِ نَتۡلُوهَا عَلَيۡكَ بِٱلۡحَقِّۗ وَمَا ٱللَّهُ يُرِيدُ ظُلۡمٗا لِّلۡعَٰلَمِينَ
Woi yε Nyankopͻn Nsεm a Yεde nokorɛ no na ɛrekenkan kyerε woͻ. Nyankopͻn deε Ɔmpε bͻne mma abͻdeε no.
Tafsyrai arabų kalba:
 
Reikšmių vertimas Sūra: Al-’Imran
Sūrų turinys Puslapio numeris
 
Kilniojo Korano reikšmių vertimas - Vertimas į akanų k. - ašančių k. - Harūn Ismail - Vertimų turinys

Išvertė šeichas Harūn Ismail

Uždaryti