Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - Ashanti Vertaling * - Index van vertaling

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Vertaling van de betekenissen Surah: Soerat ar-Rad (De donder)   Vers:

Ar-Ra’d

الٓمٓرۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِۗ وَٱلَّذِيٓ أُنزِلَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَ ٱلۡحَقُّ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يُؤۡمِنُونَ
Alif-Laam-Miim-Raa. Woi ne Nwoma no mu nsεm no; deε yasiane afri wo Wura Onyankopͻn hͻ aberε woͻ no ne nokorε no, nanso nnipa pii na wͻ’nnye nie.
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي رَفَعَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ بِغَيۡرِ عَمَدٖ تَرَوۡنَهَاۖ ثُمَّ ٱسۡتَوَىٰ عَلَى ٱلۡعَرۡشِۖ وَسَخَّرَ ٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَۖ كُلّٞ يَجۡرِي لِأَجَلٖ مُّسَمّٗىۚ يُدَبِّرُ ٱلۡأَمۡرَ يُفَصِّلُ ٱلۡأٓيَٰتِ لَعَلَّكُم بِلِقَآءِ رَبِّكُمۡ تُوقِنُونَ
Onyankopͻn na Wapagya soro a adum biara nnihͻ (a ekuta mu) a mohunu, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ, εna W’ama awia ne bosome aberε wͻn ho ase (ama mo). Emu biara nam (ne kwan so) wͻ berε a yahyehyε (ama no mu). Ɔno na Ɔtoto ntotoeε nyinaa, Ɔkyerεkyerε nsεm no mu sεdeε mobεgye mo Wura Nyankopͻn nhyiamu no adie.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَهُوَ ٱلَّذِي مَدَّ ٱلۡأَرۡضَ وَجَعَلَ فِيهَا رَوَٰسِيَ وَأَنۡهَٰرٗاۖ وَمِن كُلِّ ٱلثَّمَرَٰتِ جَعَلَ فِيهَا زَوۡجَيۡنِ ٱثۡنَيۡنِۖ يُغۡشِي ٱلَّيۡلَ ٱلنَّهَارَۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَتَفَكَّرُونَ
Ɔno na Watrε asaase mu, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn asan ayε nsubͻnten, εna nnuaba biara nso Wayε no mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε) wͻ (asaase no) so. Ɔma adesaeε kata adekyeε so. Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu dema nnipa a wͻdwen.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَفِي ٱلۡأَرۡضِ قِطَعٞ مُّتَجَٰوِرَٰتٞ وَجَنَّٰتٞ مِّنۡ أَعۡنَٰبٖ وَزَرۡعٞ وَنَخِيلٞ صِنۡوَانٞ وَغَيۡرُ صِنۡوَانٖ يُسۡقَىٰ بِمَآءٖ وَٰحِدٖ وَنُفَضِّلُ بَعۡضَهَا عَلَىٰ بَعۡضٖ فِي ٱلۡأُكُلِۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتٖ لِّقَوۡمٖ يَعۡقِلُونَ
Asaase no mu nso wͻ (nsaase) asin-asin a εbͻ ahyeε; εne bobe turo, ne aburoo (fuo), ne akyeresua (afuo). Ebi fifiri mmienu anaasε deε εbro saa, ebi nso (fifiri) baako; yεde nsu korͻ na egugu soͻ, nanso nedie mu no Yεma ebi yεdε kyεn bi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom (nyinaa) mu dema amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε anaasε wͻdwen .
Arabische uitleg van de Qur'an:
۞ وَإِن تَعۡجَبۡ فَعَجَبٞ قَوۡلُهُمۡ أَءِذَا كُنَّا تُرَٰبًا أَءِنَّا لَفِي خَلۡقٖ جَدِيدٍۗ أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِرَبِّهِمۡۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ ٱلۡأَغۡلَٰلُ فِيٓ أَعۡنَاقِهِمۡۖ وَأُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلنَّارِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Sε εyε wo nwanwa a, εneε (boniayεfoͻ no) asεm a wͻse “Enti sε (yewu na) yεyε nεteε a yεbεsan (anyane) wͻ abͻdeε foforͻ mu no”, εno na ma εnyε wo nwanwa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no, na wͻn na (yεde) dadewεnfoͻ begu wͻn kͻn mu no, na wͻ ne Ogya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَيَسۡتَعۡجِلُونَكَ بِٱلسَّيِّئَةِ قَبۡلَ ٱلۡحَسَنَةِ وَقَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِهِمُ ٱلۡمَثُلَٰتُۗ وَإِنَّ رَبَّكَ لَذُو مَغۡفِرَةٖ لِّلنَّاسِ عَلَىٰ ظُلۡمِهِمۡۖ وَإِنَّ رَبَّكَ لَشَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
(Nkͻmhyεni, boniayεfoͻ no) repε ntεm sε ma bͻne no (anaa asotwee no) ni papa no anim kan; aberε nso a asotwee no sεso adi wͻn anim kan asi pεn. Nokorε sε wͻn bͻne (nyinaa akyiri no) wo Wura Nyankopͻn wͻ Bͻnefakyε dema adasamma. Nokorε nso sε wo Wura Nyankopͻn asotwee ano yε den papaapa.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَةٞ مِّن رَّبِّهِۦٓۗ إِنَّمَآ أَنتَ مُنذِرٞۖ وَلِكُلِّ قَوۡمٍ هَادٍ
Deε wͻn a wͻ nnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmrε no? (Nkͻmhyεni), wodeε ne sε woyε kͻkͻbͻni; na ͻman biara nso wͻ ͻkwankyerεfoͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱللَّهُ يَعۡلَمُ مَا تَحۡمِلُ كُلُّ أُنثَىٰ وَمَا تَغِيضُ ٱلۡأَرۡحَامُ وَمَا تَزۡدَادُۚ وَكُلُّ شَيۡءٍ عِندَهُۥ بِمِقۡدَارٍ
Onyankopͻn Nim (yafunudeε a) εso ͻbaa biara, εne deε εpͻn fri awodeε no mu, ne (abosome dodoͻ a) εbεka (nyinsεn no) ho. Deε εwͻ Nehͻ biara wͻ nhyehyεε.
Arabische uitleg van de Qur'an:
عَٰلِمُ ٱلۡغَيۡبِ وَٱلشَّهَٰدَةِ ٱلۡكَبِيرُ ٱلۡمُتَعَالِ
(Ɔne) deε εwͻ Kokoamu ne deε εwͻ Badwamu nyinaa ho Nimdefoͻ no. Ɔno ara ne Ɔkεseε no, na Ɔno ara nso ne Okokroko a Ɔkorͻn no.
Arabische uitleg van de Qur'an:
سَوَآءٞ مِّنكُم مَّنۡ أَسَرَّ ٱلۡقَوۡلَ وَمَن جَهَرَ بِهِۦ وَمَنۡ هُوَ مُسۡتَخۡفِۭ بِٱلَّيۡلِ وَسَارِبُۢ بِٱلنَّهَارِ
Sε momu bi de n’asεm suma o, anaasε ͻda no adi o, anaasε osie anadwo o, anaa opie awia o, εyε asεm korͻ (ma Nyankopͻn sε Onim biribiara).
Arabische uitleg van de Qur'an:
لَهُۥ مُعَقِّبَٰتٞ مِّنۢ بَيۡنِ يَدَيۡهِ وَمِنۡ خَلۡفِهِۦ يَحۡفَظُونَهُۥ مِنۡ أَمۡرِ ٱللَّهِۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُغَيِّرُ مَا بِقَوۡمٍ حَتَّىٰ يُغَيِّرُواْ مَا بِأَنفُسِهِمۡۗ وَإِذَآ أَرَادَ ٱللَّهُ بِقَوۡمٖ سُوٓءٗا فَلَا مَرَدَّ لَهُۥۚ وَمَا لَهُم مِّن دُونِهِۦ مِن وَالٍ
Onipa wͻ awεnfoͻ (a wodi neso akͻneaba) a wͻdi n’anim ne n’akyi. Wͻ’wεn no wͻ Onyankopͻn ahyεdeε so. Nokorε sε, Onyankopͻn nsesa (tebea bi) a amanfoͻ bi wͻ mu, gyesε wͻn ara sesa (tebea) no. Sε Onyankopͻn pε amanfoͻ bi bͻne a, obiara nnihͻ a ͻbetumi adane ani, na N’akyiri no wͻ’nnya okyitaafoͻ biara.
Arabische uitleg van de Qur'an:
هُوَ ٱلَّذِي يُرِيكُمُ ٱلۡبَرۡقَ خَوۡفٗا وَطَمَعٗا وَيُنشِئُ ٱلسَّحَابَ ٱلثِّقَالَ
Ɔno na Ɔde ayerεmo kyerε mo debͻ (mo) hu, san (dema mo nya) akomatͻyεmu (sε nsuo rebεtͻ). Ɔno na Ɔbͻ mununkum a emu yε duro.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَيُسَبِّحُ ٱلرَّعۡدُ بِحَمۡدِهِۦ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ مِنۡ خِيفَتِهِۦ وَيُرۡسِلُ ٱلصَّوَٰعِقَ فَيُصِيبُ بِهَا مَن يَشَآءُ وَهُمۡ يُجَٰدِلُونَ فِي ٱللَّهِ وَهُوَ شَدِيدُ ٱلۡمِحَالِ
Agradaa nso bͻ no abodin kamfo no, na Soro abͻfoͻ bͻ hu wͻ Neho. Ɔsoma agradaa mmobͻmuu no kͻbͻ obia Ɔpε, nanso wͻgye Nyankopͻn ho akynnye. Ɔne Ɔhodenfoͻ paa a N’asotwee ano yε den paa.
Arabische uitleg van de Qur'an:
لَهُۥ دَعۡوَةُ ٱلۡحَقِّۚ وَٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ لَا يَسۡتَجِيبُونَ لَهُم بِشَيۡءٍ إِلَّا كَبَٰسِطِ كَفَّيۡهِ إِلَى ٱلۡمَآءِ لِيَبۡلُغَ فَاهُ وَمَا هُوَ بِبَٰلِغِهِۦۚ وَمَا دُعَآءُ ٱلۡكَٰفِرِينَ إِلَّا فِي ضَلَٰلٖ
Ɔno na Ɔfata sε yesu frε no wͻ nokorε mu; na wͻn a wͻfri N’akyi sufrε wͻn no ntumi nye wͻn so wͻ hwee ho; na mmom (wͻn mfatoho) tesε (obi a) watene nensa akyerε nsuo sεdeε εbeduru n’ano, nanso ennuru hͻ. (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no sufrε deε, εyε kwa.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَلِلَّهِۤ يَسۡجُدُۤ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ طَوۡعٗا وَكَرۡهٗا وَظِلَٰلُهُم بِٱلۡغُدُوِّ وَٱلۡأٓصَالِ۩
Onyankopͻn na deε εwͻ soro ne asaase so ne wͻn sunsum (nyinaa) berε wͻn ho ase ma no wͻ anͻpa ne anyumerε, sε wͻpε, anaasε wͻmmpε.
Arabische uitleg van de Qur'an:
قُلۡ مَن رَّبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ قُلِ ٱللَّهُۚ قُلۡ أَفَٱتَّخَذۡتُم مِّن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءَ لَا يَمۡلِكُونَ لِأَنفُسِهِمۡ نَفۡعٗا وَلَا ضَرّٗاۚ قُلۡ هَلۡ يَسۡتَوِي ٱلۡأَعۡمَىٰ وَٱلۡبَصِيرُ أَمۡ هَلۡ تَسۡتَوِي ٱلظُّلُمَٰتُ وَٱلنُّورُۗ أَمۡ جَعَلُواْ لِلَّهِ شُرَكَآءَ خَلَقُواْ كَخَلۡقِهِۦ فَتَشَٰبَهَ ٱلۡخَلۡقُ عَلَيۡهِمۡۚ قُلِ ٱللَّهُ خَٰلِقُ كُلِّ شَيۡءٖ وَهُوَ ٱلۡوَٰحِدُ ٱلۡقَهَّٰرُ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan ne ͻsoro ne asaase Wura?” Kasε: “Onyankopͻn”. Kasε: “Enti mofri N’akyi fa akyitaafoͻ a wͻntumi mfa mfasoͻ anaasε ͻhaw biara mma wͻn ho?” Kasε: “Enti onifirani ne obia ohunu adeε yεpε? Anaasε enti esum ne εhyεn yε pε? Anaasε wͻde mmatahoo a wabͻ (biribi) sεdeε Nyankopͻn abͻ no na abata Nyankopͻn ho a εnam saa nti ama abͻdeε no asε ama wͻn anaa?” Kasε: ”Onyankopͻn na Ɔyԑ biribiara Bᴐfo, na Ɔne Opumpuni Baako no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no “
Arabische uitleg van de Qur'an:
أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءٗ فَسَالَتۡ أَوۡدِيَةُۢ بِقَدَرِهَا فَٱحۡتَمَلَ ٱلسَّيۡلُ زَبَدٗا رَّابِيٗاۖ وَمِمَّا يُوقِدُونَ عَلَيۡهِ فِي ٱلنَّارِ ٱبۡتِغَآءَ حِلۡيَةٍ أَوۡ مَتَٰعٖ زَبَدٞ مِّثۡلُهُۥۚ كَذَٰلِكَ يَضۡرِبُ ٱللَّهُ ٱلۡحَقَّ وَٱلۡبَٰطِلَۚ فَأَمَّا ٱلزَّبَدُ فَيَذۡهَبُ جُفَآءٗۖ وَأَمَّا مَا يَنفَعُ ٱلنَّاسَ فَيَمۡكُثُ فِي ٱلۡأَرۡضِۚ كَذَٰلِكَ يَضۡرِبُ ٱللَّهُ ٱلۡأَمۡثَالَ
Ɔno na Osiane nsuo fri soro dema nsuo tene wͻ nsuka mu sεdeε emu biara betumi, na nsuyire no de ahuro a εwͻ ani no kͻ. Na deε wͻ nane no wͻ egya mu deyε agudeε anaa nkyεnsee no nso yi ahuro tesε nesεso. Saa ara na Nyankopͻn de nokorε ne nkontompo yε mfatoho. Na ahuro no deε etwa mu kͻ tesε naakyee bi a εho nni mfasoͻ; na deε εho wͻ mfasoͻ dema nnipa no deε εka asaase no mu. Saa ara na Nyankopͻn yε mfatoho.
Arabische uitleg van de Qur'an:
لِلَّذِينَ ٱسۡتَجَابُواْ لِرَبِّهِمُ ٱلۡحُسۡنَىٰۚ وَٱلَّذِينَ لَمۡ يَسۡتَجِيبُواْ لَهُۥ لَوۡ أَنَّ لَهُم مَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعٗا وَمِثۡلَهُۥ مَعَهُۥ لَٱفۡتَدَوۡاْ بِهِۦٓۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ سُوٓءُ ٱلۡحِسَابِ وَمَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمِهَادُ
Wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn (frε no) soͻ no wͻ (akatua) pa. Wͻn nso a wannye no soͻ no deε, sε wͻn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo a anka (saa Da no wͻbεpε sε) wͻde bεyε mpata. Saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akontabuo bͻne paa. Na wͻn asetena mu ne bonsam gyem, εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.
Arabische uitleg van de Qur'an:
۞ أَفَمَن يَعۡلَمُ أَنَّمَآ أُنزِلَ إِلَيۡكَ مِن رَّبِّكَ ٱلۡحَقُّ كَمَنۡ هُوَ أَعۡمَىٰٓۚ إِنَّمَا يَتَذَكَّرُ أُوْلُواْ ٱلۡأَلۡبَٰبِ
Enti obia onim yie sε, deε yasiane ama woͻ no yε nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, ͻtesε obi a n’ani afira? Wͻn a wͻ’dwen ho (anaa wͻde tu wͻn ho foͻ, anaa wͻkaeε) ne mmadwemmafoͻ no –
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱلَّذِينَ يُوفُونَ بِعَهۡدِ ٱللَّهِ وَلَا يَنقُضُونَ ٱلۡمِيثَٰقَ
Wͻn a wͻdi Nyankopͻn bͻhyε soͻ, na wͻ mmu apam no soͻ,
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَٱلَّذِينَ يَصِلُونَ مَآ أَمَرَ ٱللَّهُ بِهِۦٓ أَن يُوصَلَ وَيَخۡشَوۡنَ رَبَّهُمۡ وَيَخَافُونَ سُوٓءَ ٱلۡحِسَابِ
Ne wͻn a deε Nyankopͻn ahyε sε wͻma εntoa mu no wͻde toa mu, na wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻsuro akontabuo bͻne no.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَٱلَّذِينَ صَبَرُواْ ٱبۡتِغَآءَ وَجۡهِ رَبِّهِمۡ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَأَنفَقُواْ مِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ سِرّٗا وَعَلَانِيَةٗ وَيَدۡرَءُونَ بِٱلۡحَسَنَةِ ٱلسَّيِّئَةَ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عُقۡبَى ٱلدَّارِ
Ne wͻn a wͻsi aboterε hwehwε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ animuonyam, na wͻfrε Nyame wͻ nebrε mu, na deε Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema wͻ kokoa mu ne badwa mu, na wͻde papayε si bͻne ano kwan; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ awieε pa no –
Arabische uitleg van de Qur'an:
جَنَّٰتُ عَدۡنٖ يَدۡخُلُونَهَا وَمَن صَلَحَ مِنۡ ءَابَآئِهِمۡ وَأَزۡوَٰجِهِمۡ وَذُرِّيَّٰتِهِمۡۖ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ يَدۡخُلُونَ عَلَيۡهِم مِّن كُلِّ بَابٖ
Aheman a εwͻ hͻ afe bͻͻ no, emu na wͻne wͻn agyanom ne wͻn yerenom ne wͻn asefoͻ a wͻdii papa no bεkͻ; na Soro abͻfoͻ befri apono ahodoͻ mu aba wͻn hͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
سَلَٰمٌ عَلَيۡكُم بِمَا صَبَرۡتُمۡۚ فَنِعۡمَ عُقۡبَى ٱلدَّارِ
(Soro abͻfoͻ no bεkyea wͻn sε): “Asomdwiε nka mo wͻ mo aboterε a monyaeε no ho.” Awie pa paa fie ni.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَٱلَّذِينَ يَنقُضُونَ عَهۡدَ ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مِيثَٰقِهِۦ وَيَقۡطَعُونَ مَآ أَمَرَ ٱللَّهُ بِهِۦٓ أَن يُوصَلَ وَيُفۡسِدُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمُ ٱللَّعۡنَةُ وَلَهُمۡ سُوٓءُ ٱلدَّارِ
Wͻn a wͻbu Nyankopͻn apam no so wͻ akyire yi a atim, na wͻtete adeε a Nyankopͻn ahyε sε wͻntoa soͻ no ntεm, na wͻdi nsεmmͻnee wͻ asaase soͻ no, saa nnipa no na nomee wͻ wͻn soͻ, na wͻn wͻ efie bͻne paa (Daakye).
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱللَّهُ يَبۡسُطُ ٱلرِّزۡقَ لِمَن يَشَآءُ وَيَقۡدِرُۚ وَفَرِحُواْ بِٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَمَا ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا فِي ٱلۡأٓخِرَةِ إِلَّا مَتَٰعٞ
Onyankopͻn trε akͻnhoma no mu dema obia Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε). Wͻn anigye wiase asetena yi ho, aberε nso a sε wode wiase asetena yi toto Daakye no ho a, na (wiase asetena no yε) anigyesεm bi a εretwa mu akͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوۡلَآ أُنزِلَ عَلَيۡهِ ءَايَةٞ مِّن رَّبِّهِۦۚ قُلۡ إِنَّ ٱللَّهَ يُضِلُّ مَن يَشَآءُ وَيَهۡدِيٓ إِلَيۡهِ مَنۡ أَنَابَ
Deε wͻn a wͻnnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε, Onyankopͻn yera obia a Ɔpε, εna obia ͻdane neho ba Nehͻ no nso, Ɔkyerε no kwan.
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَتَطۡمَئِنُّ قُلُوبُهُم بِذِكۡرِ ٱللَّهِۗ أَلَا بِذِكۡرِ ٱللَّهِ تَطۡمَئِنُّ ٱلۡقُلُوبُ
Wͻn a wͻagye adie na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ Nyankopͻn nkaekaeε ho no, nokorε sε, Onyankopͻn nkaekaeε ho na akoma nya abotͻyεmu.
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ طُوبَىٰ لَهُمۡ وَحُسۡنُ مَـَٔابٖ
Wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, nhyira ne wͻn, na (nhyira ne) bea pa a wͻ’bεsan akͻ no.
Arabische uitleg van de Qur'an:
كَذَٰلِكَ أَرۡسَلۡنَٰكَ فِيٓ أُمَّةٖ قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِهَآ أُمَمٞ لِّتَتۡلُوَاْ عَلَيۡهِمُ ٱلَّذِيٓ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ وَهُمۡ يَكۡفُرُونَ بِٱلرَّحۡمَٰنِۚ قُلۡ هُوَ رَبِّي لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ عَلَيۡهِ تَوَكَّلۡتُ وَإِلَيۡهِ مَتَابِ
(Nkͻmhyεni), saa ara na Yasoma wo wͻ ͻman a amanfoͻ bi adi wͻn anim kan atwam kͻ no soᴐ, sεdeε wobεkenkan deε Yayi ama woͻ no akyerε wͻn. Nanso wͻpo Ahummͻborͻ Hene no. Ka sε: “Ɔne me Wura; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na mede meho to no soͻ, na Nehͻ na mesakra m’adwen kͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَلَوۡ أَنَّ قُرۡءَانٗا سُيِّرَتۡ بِهِ ٱلۡجِبَالُ أَوۡ قُطِّعَتۡ بِهِ ٱلۡأَرۡضُ أَوۡ كُلِّمَ بِهِ ٱلۡمَوۡتَىٰۗ بَل لِّلَّهِ ٱلۡأَمۡرُ جَمِيعًاۗ أَفَلَمۡ يَاْيۡـَٔسِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَن لَّوۡ يَشَآءُ ٱللَّهُ لَهَدَى ٱلنَّاسَ جَمِيعٗاۗ وَلَا يَزَالُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ تُصِيبُهُم بِمَا صَنَعُواْ قَارِعَةٌ أَوۡ تَحُلُّ قَرِيبٗا مِّن دَارِهِمۡ حَتَّىٰ يَأۡتِيَ وَعۡدُ ٱللَّهِۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُخۡلِفُ ٱلۡمِيعَادَ
Sε anka Qur’aan bi wͻ hͻ a εma mmepͻ tutu (fri deε esisie), anaasε εma asaase paepaeε, anaasε εma awufoͻ kasa a (anka εyε saa Qur’aan yi). Aane, tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻagye adie no nhunuu sε, sε εyε Onyankopͻn pε a anka Ɔbεtene nnipa nyinaa? Wͻn a wͻ nnye nnie no nso deε mmusuo bεkͻso ato wͻn εnam wͻn nyuma (bͻne) a wͻdie no ho nti, anaasε (mmusuo no) besi abεn wͻn atenaeε akͻsi sε Onyankopͻn bͻhyε no bεba. Nokorε sε, Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε no so.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَلَقَدِ ٱسۡتُهۡزِئَ بِرُسُلٖ مِّن قَبۡلِكَ فَأَمۡلَيۡتُ لِلَّذِينَ كَفَرُواْ ثُمَّ أَخَذۡتُهُمۡۖ فَكَيۡفَ كَانَ عِقَابِ
(Nkͻmhyεni), nokorε sε, wͻdii Asomafoͻ no a wͻdii w’anim (baa) kane no ho fεw, nanso Memaa wͻn a na wͻpo M’asԑm no berε, afei Metwee wͻn aso. Na sεdeε Masotwe (huu) siteε.
Arabische uitleg van de Qur'an:
أَفَمَنۡ هُوَ قَآئِمٌ عَلَىٰ كُلِّ نَفۡسِۭ بِمَا كَسَبَتۡۗ وَجَعَلُواْ لِلَّهِ شُرَكَآءَ قُلۡ سَمُّوهُمۡۚ أَمۡ تُنَبِّـُٔونَهُۥ بِمَا لَا يَعۡلَمُ فِي ٱلۡأَرۡضِ أَم بِظَٰهِرٖ مِّنَ ٱلۡقَوۡلِۗ بَلۡ زُيِّنَ لِلَّذِينَ كَفَرُواْ مَكۡرُهُمۡ وَصُدُّواْ عَنِ ٱلسَّبِيلِۗ وَمَن يُضۡلِلِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِنۡ هَادٖ
Enti Nea Ogyina hͻ hwε ᴐkra biara soͻ, na (Onim} deε (ͻkra biara) nya no, (Ɔtesε anyame a wͻnnim hwee no)? Nanso wͻde biribi bata Nyankopͻn ho. Kasε: “Momobͻ wͻn din”. Anaasε asεm a Nyankopͻn nnim wͻ asaase so na morebͻ no εho amaneε, anaasε εyε asεm (hunu) bi a mode kyerε? Daabi, (ͻbonsam) ama wͻn a wͻnnye nnie no adwen (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, εna wasi wͻn kwan (pa) no ho kwan. Obia Nyankopͻn ayera no no deε, onnya ͻkwan kyerεfoͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
لَّهُمۡ عَذَابٞ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَشَقُّۖ وَمَا لَهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِن وَاقٖ
Wͻn wͻ asotwee wͻ wiase asetena yi mu, na nokorε sε Daakye asotwe no deε emu yε den papaapa. Na wͻ nnya ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Nyankopn (ama wͻn).
Arabische uitleg van de Qur'an:
۞ مَّثَلُ ٱلۡجَنَّةِ ٱلَّتِي وُعِدَ ٱلۡمُتَّقُونَۖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ أُكُلُهَا دَآئِمٞ وَظِلُّهَاۚ تِلۡكَ عُقۡبَى ٱلَّذِينَ ٱتَّقَواْۚ وَّعُقۡبَى ٱلۡكَٰفِرِينَ ٱلنَّارُ
Ɔsoro aheman no a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no mfatoho ne sε: ”Nsubͻnten nenam aseε, na emu nnuaba ne emu nyunu wͻhͻ daa”; woi ne awieε pa dema wͻn a wͻ suro Nyame na wͻyε ahwεyie no, na boniayεfoͻ no awieε ne gyem.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ يَفۡرَحُونَ بِمَآ أُنزِلَ إِلَيۡكَۖ وَمِنَ ٱلۡأَحۡزَابِ مَن يُنكِرُ بَعۡضَهُۥۚ قُلۡ إِنَّمَآ أُمِرۡتُ أَنۡ أَعۡبُدَ ٱللَّهَ وَلَآ أُشۡرِكَ بِهِۦٓۚ إِلَيۡهِ أَدۡعُواْ وَإِلَيۡهِ مَـَٔابِ
Wͻn a Yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no, ani gye deε yasiane ama woͻ no ho, nanso akuo no bi nso wͻhͻ a wͻ po (Qur’aan no) fa baabi. Ka sε: “Medeε yahyε me sε, mensom Nyankopͻn na menhwε na manfa biribi ammata Neho. Ɔno na mesu frε no, na Nehͻ na medane meho kͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَكَذَٰلِكَ أَنزَلۡنَٰهُ حُكۡمًا عَرَبِيّٗاۚ وَلَئِنِ ٱتَّبَعۡتَ أَهۡوَآءَهُم بَعۡدَ مَا جَآءَكَ مِنَ ٱلۡعِلۡمِ مَا لَكَ مِنَ ٱللَّهِ مِن وَلِيّٖ وَلَا وَاقٖ
Saa ara na Yasiane (Qur’aan) yi sε atemmuo (Nwoma wͻ) Arab (kasa mu). Sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a nimdeε aba wo hͻ yi a, wonnya okyitaafoͻ anaasε ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Onyankopͻn (ama woͻ).
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَلَقَدۡ أَرۡسَلۡنَا رُسُلٗا مِّن قَبۡلِكَ وَجَعَلۡنَا لَهُمۡ أَزۡوَٰجٗا وَذُرِّيَّةٗۚ وَمَا كَانَ لِرَسُولٍ أَن يَأۡتِيَ بِـَٔايَةٍ إِلَّا بِإِذۡنِ ٱللَّهِۗ لِكُلِّ أَجَلٖ كِتَابٞ
Ampa nso sε, Yԑdii kan somaa Asomafoͻ dii w’anim, Yεmaa wͻn yerenom ne mma. Ԑkwan nnihͻ sε ͻsomafoͻ bi de nsεnkyerεnee bi bεba gyesε Nyankopͻn ma kwan ansa. Ɛberε biara mu wͻ deε yahyehyε ama.
Arabische uitleg van de Qur'an:
يَمۡحُواْ ٱللَّهُ مَا يَشَآءُ وَيُثۡبِتُۖ وَعِندَهُۥٓ أُمُّ ٱلۡكِتَٰبِ
Onyankopͻn pepa deε Ɔpε san de deε Ɔpε si hͻ, na Nehͻ na Nwoma no ti no wͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَإِن مَّا نُرِيَنَّكَ بَعۡضَ ٱلَّذِي نَعِدُهُمۡ أَوۡ نَتَوَفَّيَنَّكَ فَإِنَّمَا عَلَيۡكَ ٱلۡبَلَٰغُ وَعَلَيۡنَا ٱلۡحِسَابُ
(Nkͻmhyεni), sε Yεde deε Yahyε wͻn ho bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yεbεma wo awuo, nokorε w’asεdeε nesε wobεbͻ (asεm no ho) dawuro, na Yεnso Yε hͻ na akontabuo no wͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا نَأۡتِي ٱلۡأَرۡضَ نَنقُصُهَا مِنۡ أَطۡرَافِهَاۚ وَٱللَّهُ يَحۡكُمُ لَا مُعَقِّبَ لِحُكۡمِهِۦۚ وَهُوَ سَرِيعُ ٱلۡحِسَابِ
Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yεde no nkakrankakra afri ahyeε so rete nsaase no soͻ? Onyankopͻn na obu atεn, na obiara nnihͻ a obetumi adane N’atemmuo no ani. Na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَقَدۡ مَكَرَ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡ فَلِلَّهِ ٱلۡمَكۡرُ جَمِيعٗاۖ يَعۡلَمُ مَا تَكۡسِبُ كُلُّ نَفۡسٖۗ وَسَيَعۡلَمُ ٱلۡكُفَّٰرُ لِمَنۡ عُقۡبَى ٱلدَّارِ
Ampa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no bͻͻ pͻ bͻne, nanso Nyankopͻn na pͻbͻ nyinaa wͻ no. Onim deε ͻkra biara nsa ka; na boniayεfoͻ no behunu obi a ͻwͻ awieε pa.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَيَقُولُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَسۡتَ مُرۡسَلٗاۚ قُلۡ كَفَىٰ بِٱللَّهِ شَهِيدَۢا بَيۡنِي وَبَيۡنَكُمۡ وَمَنۡ عِندَهُۥ عِلۡمُ ٱلۡكِتَٰبِ
Deε wͻn a wͻyi boniayε no keka ne sε: “Wonyε Ɔsomafoͻ biara”. Ka sε: “Onyankopͻn ne wͻn a wͻn wͻ Nwoma no ho nimdeε no som bo ma me ne montεm adansedie.
Arabische uitleg van de Qur'an:
 
Vertaling van de betekenissen Surah: Soerat ar-Rad (De donder)
Surah's Index Pagina nummer
 
Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - Ashanti Vertaling - Index van vertaling

Vertaling van de betekenissen van de Heilige Koran naar het Ashanti, vertaald door Sheikh Haroun Ismaïl.

Sluit