Check out the new design

Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail * - Index van vertaling

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Vertaling van de betekenissen Surah: Albaqarah   Vers:
سَلۡ بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ كَمۡ ءَاتَيۡنَٰهُم مِّنۡ ءَايَةِۭ بَيِّنَةٖۗ وَمَن يُبَدِّلۡ نِعۡمَةَ ٱللَّهِ مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَتۡهُ فَإِنَّ ٱللَّهَ شَدِيدُ ٱلۡعِقَابِ
Bisa Israel mma no sε, nsεnkyerεnee pefee dodoɔ sεn na Yε’de maa wɔn? Obiara a ɔbεsesa Nyankopɔn adom wɔ akyire yi a abeduru ne hɔ no, nokorε sε Nyankopɔn asotwee ano yε den paa.
Arabische uitleg van de Qur'an:
زُيِّنَ لِلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَا وَيَسۡخَرُونَ مِنَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۘ وَٱلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْ فَوۡقَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۗ وَٱللَّهُ يَرۡزُقُ مَن يَشَآءُ بِغَيۡرِ حِسَابٖ
Wiase asetena yi ayε wɔn a wɔ'po nokorε no fε, ma wɔ’di wɔn a w’agye adie no ho fεw. Nanso wɔn a wɔ’suro Nyame no bεkyεn wɔn wɔ Wusɔreε da no. Onyankopɔn na Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano, anaa akontabuo biara nni ho.
Arabische uitleg van de Qur'an:
كَانَ ٱلنَّاسُ أُمَّةٗ وَٰحِدَةٗ فَبَعَثَ ٱللَّهُ ٱلنَّبِيِّـۧنَ مُبَشِّرِينَ وَمُنذِرِينَ وَأَنزَلَ مَعَهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ بِٱلۡحَقِّ لِيَحۡكُمَ بَيۡنَ ٱلنَّاسِ فِيمَا ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِۚ وَمَا ٱخۡتَلَفَ فِيهِ إِلَّا ٱلَّذِينَ أُوتُوهُ مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُ بَغۡيَۢا بَيۡنَهُمۡۖ فَهَدَى ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ لِمَا ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِ مِنَ ٱلۡحَقِّ بِإِذۡنِهِۦۗ وَٱللَّهُ يَهۡدِي مَن يَشَآءُ إِلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٍ
Na anka nnipa nyinaa yε ɔman baako, na Nyankopɔn somaa asomafoɔ a wɔ’kuta anigyesεm ne kɔkɔbɔ ho dawubɔ (baa wɔn nkyεn), san sianee Nwoma no kaa wɔn ho wɔ nokorε mu, sεdeε wɔ’de bebu nnipa ntεm atεn wɔ deε wɔ’nnte wɔn ho ase wɔ ho no ho. Wɔn a yεde Nyamesom ho Nwoma maa wɔn no, εnyε sε wɔ’nnte wɔn ho ase wɔ ho wɔ akyire yi a wɔ’nyaa nkyerεkyerεmu no, na mmom ahoɔyaa a εda wɔn ntεm nti. Enti nokorε no a wɔ’gye akyinnye wɔ ho no, Nyankopɔn akyerε wɔn a wɔ’gye die no wɔ Nepε mu. Onyankopɔn deε Ɔkyerε obi a Ɔpε kwan kɔ kwan tenenee no so.
Arabische uitleg van de Qur'an:
أَمۡ حَسِبۡتُمۡ أَن تَدۡخُلُواْ ٱلۡجَنَّةَ وَلَمَّا يَأۡتِكُم مَّثَلُ ٱلَّذِينَ خَلَوۡاْ مِن قَبۡلِكُمۖ مَّسَّتۡهُمُ ٱلۡبَأۡسَآءُ وَٱلضَّرَّآءُ وَزُلۡزِلُواْ حَتَّىٰ يَقُولَ ٱلرَّسُولُ وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ مَعَهُۥ مَتَىٰ نَصۡرُ ٱللَّهِۗ أَلَآ إِنَّ نَصۡرَ ٱللَّهِ قَرِيبٞ
Anaasε moadwen yε mosε mobεkɔ soro Aheman no mu wͻ aberε a (nsɔhwε) tesε deε εtoo wɔn a wɔ’dii moanim kan no sεso ntoo mo? Ɔhaw ne ahokyerε too wɔn; wɔn ho wosoo papaapa kosii sε Ɔsomafoכ no ne wɔn a w’agye adi aka ne ho no kaa sε: ‘’Na εberε bεn na Nyankopɔn mmoa no bεba?” Aane, nokorε sε Nyankopɔn mmoa no abεn.
Arabische uitleg van de Qur'an:
يَسۡـَٔلُونَكَ مَاذَا يُنفِقُونَۖ قُلۡ مَآ أَنفَقۡتُم مِّنۡ خَيۡرٖ فَلِلۡوَٰلِدَيۡنِ وَٱلۡأَقۡرَبِينَ وَٱلۡيَتَٰمَىٰ وَٱلۡمَسَٰكِينِ وَٱبۡنِ ٱلسَّبِيلِۗ وَمَا تَفۡعَلُواْ مِنۡ خَيۡرٖ فَإِنَّ ٱللَّهَ بِهِۦ عَلِيمٞ
(Nkͻmhyεni), wͻ’rebisa wo sε: “Ɛdeεn na wͻnyi mfa ma?” Ka sε: “Adepa a mobeyie no wͻ awofoͻ ne abusua ne nyanka ne ahiafoͻ ne akwantufoͻ. Papa a mobεyε biara no nso nokorε sε, Nyankopͻn Nim ho asεm”.
Arabische uitleg van de Qur'an:
 
Vertaling van de betekenissen Surah: Albaqarah
Surah's Index Pagina nummer
 
Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail - Index van vertaling

Vertaald door Sheikh Haroen Ismail.

Sluit