Check out the new design

Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail * - Index van vertaling

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Vertaling van de betekenissen Surah: Al-Qasas   Vers:
۞ وَلَقَدۡ وَصَّلۡنَا لَهُمُ ٱلۡقَوۡلَ لَعَلَّهُمۡ يَتَذَكَّرُونَ
Ampa sε, Yɛama asεm no aduru wͻn hͻ sεdeε wͻdebɛtu wͻn ho foͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
ٱلَّذِينَ ءَاتَيۡنَٰهُمُ ٱلۡكِتَٰبَ مِن قَبۡلِهِۦ هُم بِهِۦ يُؤۡمِنُونَ
Wͻn a Yεmaa wͻn Nwoma dii (Qur’aan) anim kan no (mu bi), gye (Qur’aan) di.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَإِذَا يُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ قَالُوٓاْ ءَامَنَّا بِهِۦٓ إِنَّهُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّنَآ إِنَّا كُنَّا مِن قَبۡلِهِۦ مُسۡلِمِينَ
Sε yεrekenkan kyerε wͻn a, wͻka sε: “Yεgye di; nokorε sε, εyε nokorε a efri Yɛ Wura Nyankopͻn hͻ; na yɛdii kan yεε Muslimifoͻ (brεε yεn ho ase maa Nyame) ansa na (Qur’aan reba).
Arabische uitleg van de Qur'an:
أُوْلَٰٓئِكَ يُؤۡتَوۡنَ أَجۡرَهُم مَّرَّتَيۡنِ بِمَا صَبَرُواْ وَيَدۡرَءُونَ بِٱلۡحَسَنَةِ ٱلسَّيِّئَةَ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ
Saa nkorͻfoͻ no na yεbεma wͻn akatua mprenu εnam aboterε a wͻnyaeε no ho nti, na wͻde papa si bͻne ho kwan, na deε Yεde akyε wͻn no nso wͻyi mu bi de ma.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَإِذَا سَمِعُواْ ٱللَّغۡوَ أَعۡرَضُواْ عَنۡهُ وَقَالُواْ لَنَآ أَعۡمَٰلُنَا وَلَكُمۡ أَعۡمَٰلُكُمۡ سَلَٰمٌ عَلَيۡكُمۡ لَا نَبۡتَغِي ٱلۡجَٰهِلِينَ
Sε wͻte ahuhusεm bi a wͻdane wͻn ho fri ho ka sε: “Y’adwuma wͻ yεn, εna mo nso mo adwuma wͻ mo. Salaamu Alaikum’ Asomdwoeε nka mo! Yεnhwehwε abagyimifoͻ (asεm biara)”.
Arabische uitleg van de Qur'an:
إِنَّكَ لَا تَهۡدِي مَنۡ أَحۡبَبۡتَ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يَهۡدِي مَن يَشَآءُۚ وَهُوَ أَعۡلَمُ بِٱلۡمُهۡتَدِينَ
(Nkͻmhyεni), nokorε sε wontumi ntene obia wodͻ no, na mmom Nyankopͻn na Ɔtene obia Ɔpε, na Ɔno na Onim obia watene.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَقَالُوٓاْ إِن نَّتَّبِعِ ٱلۡهُدَىٰ مَعَكَ نُتَخَطَّفۡ مِنۡ أَرۡضِنَآۚ أَوَلَمۡ نُمَكِّن لَّهُمۡ حَرَمًا ءَامِنٗا يُجۡبَىٰٓ إِلَيۡهِ ثَمَرَٰتُ كُلِّ شَيۡءٖ رِّزۡقٗا مِّن لَّدُنَّا وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَهُمۡ لَا يَعۡلَمُونَ
Deε (abososomfoͻ no) ka ne sε: ”Sε yεka wo ho ne wo fa ͻkwan tenenee no so a, yεbɛyi yεn afri yεn man no mu“. Yεnfaa wͻn ntenaa abodwoɔ Kronkron bea a Yεde nnuaba ahodoͻ biara bi (fri mea mea) ba hͻ? Ɛyε akͻnhoma a efri Yεn hͻ, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَكَمۡ أَهۡلَكۡنَا مِن قَرۡيَةِۭ بَطِرَتۡ مَعِيشَتَهَاۖ فَتِلۡكَ مَسَٰكِنُهُمۡ لَمۡ تُسۡكَن مِّنۢ بَعۡدِهِمۡ إِلَّا قَلِيلٗاۖ وَكُنَّا نَحۡنُ ٱلۡوَٰرِثِينَ
Nkuro dodoͻ sεn na εnam ahomasoͻ a wͻmaa wͻn ho so wͻ wͻn asetena pa mu nti Yɛasεe wᴐn?, Seesei wͻn akyiri no wͻn asetena no mu adane amanfoo gyesε emu kakraabi. Yεn ne Adedifoͻ no.
Arabische uitleg van de Qur'an:
وَمَا كَانَ رَبُّكَ مُهۡلِكَ ٱلۡقُرَىٰ حَتَّىٰ يَبۡعَثَ فِيٓ أُمِّهَا رَسُولٗا يَتۡلُواْ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتِنَاۚ وَمَا كُنَّا مُهۡلِكِي ٱلۡقُرَىٰٓ إِلَّا وَأَهۡلُهَا ظَٰلِمُونَ
Wo Wura Nyankopͻn nsεe aman bi, gyesε (odikan) soma ͻsomafoͻ ma no ba n’ahenkuro mu ma no bεkenkan Yεn nsεm no kyerε wͻn ansa. Na εmma sε Yεbεsεe kuro bi, gyesε emufoͻ no yε abͻneεfoͻ.
Arabische uitleg van de Qur'an:
 
Vertaling van de betekenissen Surah: Al-Qasas
Surah's Index Pagina nummer
 
Vertaling van de betekenissen Edele Qur'an - De Akan vertaling - Ashanti - Haroun Ismail - Index van vertaling

Vertaald door Sheikh Haroen Ismail.

Sluit