د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اشانتي ژباړه * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: يوسف   آیت:

Yusuf

الٓرۚ تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱلۡكِتَٰبِ ٱلۡمُبِينِ
Alif - Laam - Raa. Wei yε nsεm a ɛfiri Nwoma (a ԑkyerԑkyerԑ nokorԑ mu) pefee no mu.
عربي تفسیرونه:
إِنَّآ أَنزَلۡنَٰهُ قُرۡءَٰنًا عَرَبِيّٗا لَّعَلَّكُمۡ تَعۡقِلُونَ
Nokorε sε, Yɛasane Qur’aan (wͻ) Arab (kasa mu) sεdeε mobεte aseε.
عربي تفسیرونه:
نَحۡنُ نَقُصُّ عَلَيۡكَ أَحۡسَنَ ٱلۡقَصَصِ بِمَآ أَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡكَ هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانَ وَإِن كُنتَ مِن قَبۡلِهِۦ لَمِنَ ٱلۡغَٰفِلِينَ
(Nkͻmhyεni), Yεnam saa Qur’aan yi adiyisεm a Yɛayi ama woͻ no so reka abakͻsεm pa paa akyerε wo; na kanee no na anka woka wͻn a wͻnnim ho hwee no ho.
عربي تفسیرونه:
إِذۡ قَالَ يُوسُفُ لِأَبِيهِ يَٰٓأَبَتِ إِنِّي رَأَيۡتُ أَحَدَ عَشَرَ كَوۡكَبٗا وَٱلشَّمۡسَ وَٱلۡقَمَرَ رَأَيۡتُهُمۡ لِي سَٰجِدِينَ
Kae εberε a Yosef ka kyerεε ne papa sε: “Agya, nokorε sε, mahunu nsoromma du baako, ne awia ne bosome (wͻ daeε mu); mehunuu wͻn sε wͻrebrε wͻn ho ase ama me.
عربي تفسیرونه:
قَالَ يَٰبُنَيَّ لَا تَقۡصُصۡ رُءۡيَاكَ عَلَىٰٓ إِخۡوَتِكَ فَيَكِيدُواْ لَكَ كَيۡدًاۖ إِنَّ ٱلشَّيۡطَٰنَ لِلۡإِنسَٰنِ عَدُوّٞ مُّبِينٞ
(Ne papa) kaa sε: “Me ba, hwε na wanka wo yikyerε yi ankyerε wo nuanom, efirisԑ anhwε a na wͻn apam woho apam bͻne. Nokorε sε, ͻbonsam yε ͻtamfo pefee dema ͻdasani.
عربي تفسیرونه:
وَكَذَٰلِكَ يَجۡتَبِيكَ رَبُّكَ وَيُعَلِّمُكَ مِن تَأۡوِيلِ ٱلۡأَحَادِيثِ وَيُتِمُّ نِعۡمَتَهُۥ عَلَيۡكَ وَعَلَىٰٓ ءَالِ يَعۡقُوبَ كَمَآ أَتَمَّهَا عَلَىٰٓ أَبَوَيۡكَ مِن قَبۡلُ إِبۡرَٰهِيمَ وَإِسۡحَٰقَۚ إِنَّ رَبَّكَ عَلِيمٌ حَكِيمٞ
Saa ara na wo Wura Nyankopͻn bɛyi woͻ, na Wakyerε wo daeε nkyerεaseε, na Ɔde N’adom awie wo soᴐ, ne Yakobo asefoͻ no soᴐ, sεdeε Ɔde wiee w’agyanom Abraham ne Is’haq so kanee no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Ɔnim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.
عربي تفسیرونه:
۞ لَّقَدۡ كَانَ فِي يُوسُفَ وَإِخۡوَتِهِۦٓ ءَايَٰتٞ لِّلسَّآئِلِينَ
Nokorε sε nsεnkyerεnee (ne adesua ne afutusεm) wͻ Yosef ne ne nuanom (abakᴐsεm) no mu dema wͻn a wͻbisa (ho asεm no).
عربي تفسیرونه:
إِذۡ قَالُواْ لَيُوسُفُ وَأَخُوهُ أَحَبُّ إِلَىٰٓ أَبِينَا مِنَّا وَنَحۡنُ عُصۡبَةٌ إِنَّ أَبَانَا لَفِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٍ
Ɛberε a (Yosef nuanom) kaa sε: “Ampa sε yεn papa pε Yosef ne ne nua (Benyamin) asεm kyεn yεn, aberε nso a yεne fekuo a yεn ho yε den. Nokorε sε yε papa wͻ mfomsoͻ pefee paa mu “.
عربي تفسیرونه:
ٱقۡتُلُواْ يُوسُفَ أَوِ ٱطۡرَحُوهُ أَرۡضٗا يَخۡلُ لَكُمۡ وَجۡهُ أَبِيكُمۡ وَتَكُونُواْ مِنۢ بَعۡدِهِۦ قَوۡمٗا صَٰلِحِينَ
(Yosef nuanom kaa sε): “Monkum Yosef anaasε monkͻto no ntwene asaase bi so sεdeε mo papa ani ne n’adwen bεba monko ara soͻ, na εno akyiri no (sε monya adwen sakra a) mobεyε apapafoͻ.
عربي تفسیرونه:
قَالَ قَآئِلٞ مِّنۡهُمۡ لَا تَقۡتُلُواْ يُوسُفَ وَأَلۡقُوهُ فِي غَيَٰبَتِ ٱلۡجُبِّ يَلۡتَقِطۡهُ بَعۡضُ ٱلسَّيَّارَةِ إِن كُنتُمۡ فَٰعِلِينَ
Wͻn mu kasamafoͻ no kaa sε: “Sε mobεyε a, εneε εmma monkum Yosef, na mmom momfa no nto abura amena (donkodonko) mu na akwantufoͻ a wͻretu kwan bi bεba abεfa no “.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ يَٰٓأَبَانَا مَا لَكَ لَا تَأۡمَ۬نَّا عَلَىٰ يُوسُفَ وَإِنَّا لَهُۥ لَنَٰصِحُونَ
(Ɛberε a Yosef nuanom pam ne tiri so wieeε, na wͻbaa fie no), wͻkaa sε: Yε papa, adεn na womfa Yosef nhyε yε nsa, aberε nso a yεpε no yie die?”
عربي تفسیرونه:
أَرۡسِلۡهُ مَعَنَا غَدٗا يَرۡتَعۡ وَيَلۡعَبۡ وَإِنَّا لَهُۥ لَحَٰفِظُونَ
“Ɔkyena ma no ne yεn nkͻ na ͻnkͻ gye n’ani na ɔnni agorͻ, na nokorε sε, yεbεhwε no so yie “.
عربي تفسیرونه:
قَالَ إِنِّي لَيَحۡزُنُنِيٓ أَن تَذۡهَبُواْ بِهِۦ وَأَخَافُ أَن يَأۡكُلَهُ ٱلذِّئۡبُ وَأَنتُمۡ عَنۡهُ غَٰفِلُونَ
(Ya’aquub) kaa sε: “Nokorε sε, sε mode no kͻ a mewerε bεho papaapa, na mesuro nso sε anhwε a na pataku bi akͻkye no awe wͻ εberε a moani nni nesoͻ.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ لَئِنۡ أَكَلَهُ ٱلذِّئۡبُ وَنَحۡنُ عُصۡبَةٌ إِنَّآ إِذٗا لَّخَٰسِرُونَ
Wͻkaa sε: “Aberε a yεyε nnipa kuo a yεho yεden yi (na yɛantumi ammͻ neho ban) na pataku kye no we a εneε na εyε nokorε a ɛsi pi sε yεyε berεguofoͻ.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا ذَهَبُواْ بِهِۦ وَأَجۡمَعُوٓاْ أَن يَجۡعَلُوهُ فِي غَيَٰبَتِ ٱلۡجُبِّۚ وَأَوۡحَيۡنَآ إِلَيۡهِ لَتُنَبِّئَنَّهُم بِأَمۡرِهِمۡ هَٰذَا وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
Enti εberε a wͻde no kͻeε na wͻn nyinaa gye too mu sε wͻde no bεto abura amena (donkodonko) no mu no, Yɛyi kyerεε no (Yosef) sε: “(Nyame pε a daakye bi) nokorε sε, wobεbͻ wͻn, wͻn saa asεm yi ho amaneε wͻ aberε a (saa berε no) wͻnhu (sε wone Yosef).
عربي تفسیرونه:
وَجَآءُوٓ أَبَاهُمۡ عِشَآءٗ يَبۡكُونَ
Wͻde osuu baa wͻn papa hͻ anwumerε.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ يَٰٓأَبَانَآ إِنَّا ذَهَبۡنَا نَسۡتَبِقُ وَتَرَكۡنَا يُوسُفَ عِندَ مَتَٰعِنَا فَأَكَلَهُ ٱلذِّئۡبُۖ وَمَآ أَنتَ بِمُؤۡمِنٖ لَّنَا وَلَوۡ كُنَّا صَٰدِقِينَ
Wͻkaa sε: “Yε papa, yεkͻdii akansie, na yɛgyaa Yosef (maa no tenaa) yεn nneεma ho εna pataku akye no aweε; εwom sε nokorε na yεreka no, nanso wonnye yεn nni.”
عربي تفسیرونه:
وَجَآءُو عَلَىٰ قَمِيصِهِۦ بِدَمٖ كَذِبٖۚ قَالَ بَلۡ سَوَّلَتۡ لَكُمۡ أَنفُسُكُمۡ أَمۡرٗاۖ فَصَبۡرٞ جَمِيلٞۖ وَٱللَّهُ ٱلۡمُسۡتَعَانُ عَلَىٰ مَا تَصِفُونَ
Wͻde n’ataade-soroͻ a nkontompo mogyaa wͻ mu bae. (Ya’aquub) kaa sε: “Daabi, moara moadwen na mode anwene (sε pataku akye no); nanso aboterε na εyε. Onyankopͻn mmoa na εsεsε yεhwehwε fa nkontomposεm a morekyerε no ho.”
عربي تفسیرونه:
وَجَآءَتۡ سَيَّارَةٞ فَأَرۡسَلُواْ وَارِدَهُمۡ فَأَدۡلَىٰ دَلۡوَهُۥۖ قَالَ يَٰبُشۡرَىٰ هَٰذَا غُلَٰمٞۚ وَأَسَرُّوهُ بِضَٰعَةٗۚ وَٱللَّهُ عَلِيمُۢ بِمَا يَعۡمَلُونَ
Akwantufoͻ bi bae (bɛduruu faako a Yosef wͻ no a wͻrepε nsuo), enti wͻsomaa nea ͻma wͻn nsuo, na (ͻbaa deε abura no wͻ no), ͻberεε ne dwaasεn no ase (detoo abura no mu). Ɔkaa sε: “Anigyesεm, Abͻfra bi nie!” Na wͻde Yuusuf sieɛ tesε nneεma bi. Na Onyankopͻn ne deε wͻn yͻeε no nyinaa ho Nimdefoͻ.
عربي تفسیرونه:
وَشَرَوۡهُ بِثَمَنِۭ بَخۡسٖ دَرَٰهِمَ مَعۡدُودَةٖ وَكَانُواْ فِيهِ مِنَ ٱلزَّٰهِدِينَ
Wͻtͻn Yuusuf adefodeε de no gyee Dir’ham kakraabi. Na wͻmmu no sε ͻyε hwee mpo.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ ٱلَّذِي ٱشۡتَرَىٰهُ مِن مِّصۡرَ لِٱمۡرَأَتِهِۦٓ أَكۡرِمِي مَثۡوَىٰهُ عَسَىٰٓ أَن يَنفَعَنَآ أَوۡ نَتَّخِذَهُۥ وَلَدٗاۚ وَكَذَٰلِكَ مَكَّنَّا لِيُوسُفَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلِنُعَلِّمَهُۥ مِن تَأۡوِيلِ ٱلۡأَحَادِيثِۚ وَٱللَّهُ غَالِبٌ عَلَىٰٓ أَمۡرِهِۦ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
Misrimni a ᴐtᴐᴐ no no ka kyerεε neyere sε: “Fa obuo ma no wͻ asetena mu, ebia yɛbɛnya neho mfasoͻ anaasε yεbεfa no ayε yεn ba”. Saa ara na Yεde Yosef tenaa asaase no so, sεdeε Yεbεkyerε no nsεm aseε. Onyankopͻn wͻ tumi wͻ N’ahyεdeε nyinaa so, nanso nnipa pii nnim.
عربي تفسیرونه:
وَلَمَّا بَلَغَ أَشُدَّهُۥٓ ءَاتَيۡنَٰهُ حُكۡمٗا وَعِلۡمٗاۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Ɛberε a Yosef nyini duruu ne mpanin berԑ mu no, Yεmaa no adwen ne nimdeε; na saa ara na Yɛtua wͻn a wͻyε papa no ka
عربي تفسیرونه:
وَرَٰوَدَتۡهُ ٱلَّتِي هُوَ فِي بَيۡتِهَا عَن نَّفۡسِهِۦ وَغَلَّقَتِ ٱلۡأَبۡوَٰبَ وَقَالَتۡ هَيۡتَ لَكَۚ قَالَ مَعَاذَ ٱللَّهِۖ إِنَّهُۥ رَبِّيٓ أَحۡسَنَ مَثۡوَايَۖ إِنَّهُۥ لَا يُفۡلِحُ ٱلظَّٰلِمُونَ
Ɔbaa no a Yuusuf wͻ ne fie no pεε sε ͻdaadaa no ma ͻde neho ka no; ͻtotoo apono mu kaa sε: “Yε ntεm bra bεtͻ me mu (anaasε meda hͻ ma wo)”. Yosef kaa sε: “Onyankopͻn mpa ngu. Nokorε sε, (wokunu) ne mefie wura. Wayε m’asetena mu yie ama me (enti menni no hwammͻ da). Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻnni nkonim “.
عربي تفسیرونه:
وَلَقَدۡ هَمَّتۡ بِهِۦۖ وَهَمَّ بِهَا لَوۡلَآ أَن رَّءَا بُرۡهَٰنَ رَبِّهِۦۚ كَذَٰلِكَ لِنَصۡرِفَ عَنۡهُ ٱلسُّوٓءَ وَٱلۡفَحۡشَآءَۚ إِنَّهُۥ مِنۡ عِبَادِنَا ٱلۡمُخۡلَصِينَ
Nokorε sε (ͻbaa) no twi pinii no, na anka ͻno nso de neho bεma no sε εnyε sε ohunuu nsεnkyerεnee bi wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ a. Saa ara na εteε, sεdeε Yεbɛyi no afiri bͻne ne ahohwi bra mu. Nokorε sε ͻka Yεn nkoa a Yɛatu wͻn asihͻ no ho.
عربي تفسیرونه:
وَٱسۡتَبَقَا ٱلۡبَابَ وَقَدَّتۡ قَمِيصَهُۥ مِن دُبُرٖ وَأَلۡفَيَا سَيِّدَهَا لَدَا ٱلۡبَابِۚ قَالَتۡ مَا جَزَآءُ مَنۡ أَرَادَ بِأَهۡلِكَ سُوٓءًا إِلَّآ أَن يُسۡجَنَ أَوۡ عَذَابٌ أَلِيمٞ
Wͻn mmienu tuu mmirika baa pono no ho, na ͻbaa no tee Yosef ataade-soroͻ mu wͻ n’akyi. Na wͻn mmienu hunuu ͻbaa no wura (okunu) wͻ ͻpono no ano. Ɔbaa no kaa sε: “Ɛdeεn akatua na εfata obi a ͻpεsε ͻde wo yere fa kwan bͻne soͻ? Sε afiase anaa asotwee a εyε ya paa (na εfata no)?”
عربي تفسیرونه:
قَالَ هِيَ رَٰوَدَتۡنِي عَن نَّفۡسِيۚ وَشَهِدَ شَاهِدٞ مِّنۡ أَهۡلِهَآ إِن كَانَ قَمِيصُهُۥ قُدَّ مِن قُبُلٖ فَصَدَقَتۡ وَهُوَ مِنَ ٱلۡكَٰذِبِينَ
(Yosef) kaa sε: “Ɔno mmom na ͻrehwehwε sε ͻdaadaa me sεdeε mede meho bεma no”. Ͻdanseni a ɔfiri ͻbaa no abusuafoͻ mu dii adanseε sε: “Sε Yosef atadeε no tee wͻ n’anim a, εneε na ͻbaa no asεm no yε nokorε, na Yosef yε ͻtorofo “.
عربي تفسیرونه:
وَإِن كَانَ قَمِيصُهُۥ قُدَّ مِن دُبُرٖ فَكَذَبَتۡ وَهُوَ مِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
Na sε n’atadeε no tee wͻ n’akyi a, εneε na ͻbaa no yε ͻtorofo na Yosef yε nokwafoͻ.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا رَءَا قَمِيصَهُۥ قُدَّ مِن دُبُرٖ قَالَ إِنَّهُۥ مِن كَيۡدِكُنَّۖ إِنَّ كَيۡدَكُنَّ عَظِيمٞ
Ԑberε a (Okunu no) hunuu sε Yosef atadeε no tee wͻ akyire no, ͻkaa sε: “Nokorε sε, mo mmaa no fidi sum no mu bi nie, nokorε sε mo mmaa mofidi sum mu yε den papaapa”.
عربي تفسیرونه:
يُوسُفُ أَعۡرِضۡ عَنۡ هَٰذَاۚ وَٱسۡتَغۡفِرِي لِذَنۢبِكِۖ إِنَّكِ كُنتِ مِنَ ٱلۡخَاطِـِٔينَ
(Okunu no kaa sε): Yosef, yi w’adwen firi (saa asεm) yi so; na wo (meyere), srε bͻne fakyε wͻ wo bͻne no ho, nokorε sε woka abͻneεfoͻ no ho”.
عربي تفسیرونه:
۞ وَقَالَ نِسۡوَةٞ فِي ٱلۡمَدِينَةِ ٱمۡرَأَتُ ٱلۡعَزِيزِ تُرَٰوِدُ فَتَىٰهَا عَن نَّفۡسِهِۦۖ قَدۡ شَغَفَهَا حُبًّاۖ إِنَّا لَنَرَىٰهَا فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ
Kuro no mu mmaa kaa sε: “Aziiz yere redaadaa n’abarimaa (ne dͻnkͻ) ama no akͻ neho. Nokorε sε neho dͻ akͻ ne mu ama aboro so, ampa sε yɛhu no sε wayε mfosoͻ pefee”.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا سَمِعَتۡ بِمَكۡرِهِنَّ أَرۡسَلَتۡ إِلَيۡهِنَّ وَأَعۡتَدَتۡ لَهُنَّ مُتَّكَـٔٗا وَءَاتَتۡ كُلَّ وَٰحِدَةٖ مِّنۡهُنَّ سِكِّينٗا وَقَالَتِ ٱخۡرُجۡ عَلَيۡهِنَّۖ فَلَمَّا رَأَيۡنَهُۥٓ أَكۡبَرۡنَهُۥ وَقَطَّعۡنَ أَيۡدِيَهُنَّ وَقُلۡنَ حَٰشَ لِلَّهِ مَا هَٰذَا بَشَرًا إِنۡ هَٰذَآ إِلَّا مَلَكٞ كَرِيمٞ
Enti εberε a ͻtee wͻn adwen a wͻn afa no ͻfrεε wͻn, εna osiesiee apontoͻ maa wͻn εna ͻmaa wͻn mu biara asekammaa (a wͻde bɛtwitwa nnuaba no), ԑna ͻka kyerεε (Yosef) sε: “Pue bra mmaa no anim.” Ԑberε a wͻhunuu no no, wͻbͻͻ no kukuruba (εnam n’ahoͻfε nti) na (wͻn ahodwirie mu no) wͻtwitwaa wͻn nsa, na asεm a wͻkaeε ne sε: “Kronkron Hene ne Nyankopͻn. Wei deε ͻnyε onipa. Nokorε sε wei yε Soro abͻfoͻ Nimuonyamfoͻ.
عربي تفسیرونه:
قَالَتۡ فَذَٰلِكُنَّ ٱلَّذِي لُمۡتُنَّنِي فِيهِۖ وَلَقَدۡ رَٰوَدتُّهُۥ عَن نَّفۡسِهِۦ فَٱسۡتَعۡصَمَۖ وَلَئِن لَّمۡ يَفۡعَلۡ مَآ ءَامُرُهُۥ لَيُسۡجَنَنَّ وَلَيَكُونٗا مِّنَ ٱلصَّٰغِرِينَ
(Ɔbaa no) kaa sε: “Saa (abranteε) wei ho na morenunu me no, na mahwehwε sε mεdԑfԑdԑfԑ no ama no aba me ho, nanso wagyina pintinn sε ͻmpene. Na sε wanyε deε merehyε no no a, εneε sε εteε biara yεde no bεto afiase, na wakͻka wͻn a yɛagu wͻn anim aseε no ho.
عربي تفسیرونه:
قَالَ رَبِّ ٱلسِّجۡنُ أَحَبُّ إِلَيَّ مِمَّا يَدۡعُونَنِيٓ إِلَيۡهِۖ وَإِلَّا تَصۡرِفۡ عَنِّي كَيۡدَهُنَّ أَصۡبُ إِلَيۡهِنَّ وَأَكُن مِّنَ ٱلۡجَٰهِلِينَ
Yosef kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, afiase no mepε kyεn deε wͻrefrε me akͻ no. Na gyesε Woyi wͻn adwen bͻne no firi me so (efirisε) anhwε a na makͻdane meho ama wͻn na makͻka abagyimifoͻ no ho.
عربي تفسیرونه:
فَٱسۡتَجَابَ لَهُۥ رَبُّهُۥ فَصَرَفَ عَنۡهُ كَيۡدَهُنَّۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Enti ne Wura Nyankopͻn tiee ne sufrε, na Ɔyii wͻn adwen bͻne no firii no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no.
عربي تفسیرونه:
ثُمَّ بَدَا لَهُم مِّنۢ بَعۡدِ مَا رَأَوُاْ ٱلۡأٓيَٰتِ لَيَسۡجُنُنَّهُۥ حَتَّىٰ حِينٖ
Akyire yi afei wͻhunuu nsεnkyerεnee (a εkyerε sε ɔnni fͻ wͻ asεm a ͻbaa no atwa ato no soͻ no ho) no, εyεε wͻn sε, wͻde no bεto afiase akosi εberε bi.
عربي تفسیرونه:
وَدَخَلَ مَعَهُ ٱلسِّجۡنَ فَتَيَانِۖ قَالَ أَحَدُهُمَآ إِنِّيٓ أَرَىٰنِيٓ أَعۡصِرُ خَمۡرٗاۖ وَقَالَ ٱلۡأٓخَرُ إِنِّيٓ أَرَىٰنِيٓ أَحۡمِلُ فَوۡقَ رَأۡسِي خُبۡزٗا تَأۡكُلُ ٱلطَّيۡرُ مِنۡهُۖ نَبِّئۡنَا بِتَأۡوِيلِهِۦٓۖ إِنَّا نَرَىٰكَ مِنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Afiase hͻ, ͻne mmeranteε mmienu bi na εkͻͻ hͻ. (Mmeranteε) no mu baako kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, merekyi nsa”. Ɛna ͻfoforͻ no nso kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, meso paanoo wͻ me tiri so na nnomaa redie“. Enti (Yosef) ma yεn ne nkyerεkyerεmu. Nokorε sε yɛhu wo sε woka apapafoͻ no ho”.
عربي تفسیرونه:
قَالَ لَا يَأۡتِيكُمَا طَعَامٞ تُرۡزَقَانِهِۦٓ إِلَّا نَبَّأۡتُكُمَا بِتَأۡوِيلِهِۦ قَبۡلَ أَن يَأۡتِيَكُمَاۚ ذَٰلِكُمَا مِمَّا عَلَّمَنِي رَبِّيٓۚ إِنِّي تَرَكۡتُ مِلَّةَ قَوۡمٖ لَّا يُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَهُم بِٱلۡأٓخِرَةِ هُمۡ كَٰفِرُونَ
(Yosef) kaa sε: “Mԑkyerԑ mo modaeԑ no ase ansa na yεde aduane a yεde bᴐ mo akͻnhoma no abrԑ mo. Wei ne deε me Wura Nyankopͻn akyerε me. Nokorε sε amanfoͻ no a wͻnnye Nyankopͻn nnie na wͻpo Daakye (wusͻreε da) no, medeε menka nnipa a wᴐnnye Nyankopᴐn nnie na wᴐpo Daakye no som no ho.
عربي تفسیرونه:
وَٱتَّبَعۡتُ مِلَّةَ ءَابَآءِيٓ إِبۡرَٰهِيمَ وَإِسۡحَٰقَ وَيَعۡقُوبَۚ مَا كَانَ لَنَآ أَن نُّشۡرِكَ بِٱللَّهِ مِن شَيۡءٖۚ ذَٰلِكَ مِن فَضۡلِ ٱللَّهِ عَلَيۡنَا وَعَلَى ٱلنَّاسِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَشۡكُرُونَ
Medi m’agya Abraham, ne Is’haq ne Yakobo nom som no akyi. Yɛnni ho kwan sε yεde biribiara bata Nyankopͻn ho. Wei ne Nyankopͻn adom a Ɔde adom yεn ne adasamma, nanso nnipa pii nyi (Nyankopͻn) ayε.
عربي تفسیرونه:
يَٰصَٰحِبَيِ ٱلسِّجۡنِ ءَأَرۡبَابٞ مُّتَفَرِّقُونَ خَيۡرٌ أَمِ ٱللَّهُ ٱلۡوَٰحِدُ ٱلۡقَهَّارُ
M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, anyame a emu apaepae gu sononko-sononko no na εyε anaa, anaasε Onyankopͻn baako, Opumpuni a Ɔkorͻn kata biribiara soͻ no?
عربي تفسیرونه:
مَا تَعۡبُدُونَ مِن دُونِهِۦٓ إِلَّآ أَسۡمَآءٗ سَمَّيۡتُمُوهَآ أَنتُمۡ وَءَابَآؤُكُم مَّآ أَنزَلَ ٱللَّهُ بِهَا مِن سُلۡطَٰنٍۚ إِنِ ٱلۡحُكۡمُ إِلَّا لِلَّهِ أَمَرَ أَلَّا تَعۡبُدُوٓاْ إِلَّآ إِيَّاهُۚ ذَٰلِكَ ٱلدِّينُ ٱلۡقَيِّمُ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
Mofiri Nyankopͻn akyi som (nneεma a) mone moagya nom atoto wͻn din a Nyankopͻn nsanee ho tumi anaa nyinasoͻ biara. Atemmuo no Nyankopͻn na εwͻ no. Wahyε sε, εmma monsom (obiara) gyesε Ɔno nko ara. Ɛno ne ͻsom a ɛdi mu, nanso nnipa pii nnim.
عربي تفسیرونه:
يَٰصَٰحِبَيِ ٱلسِّجۡنِ أَمَّآ أَحَدُكُمَا فَيَسۡقِي رَبَّهُۥ خَمۡرٗاۖ وَأَمَّا ٱلۡأٓخَرُ فَيُصۡلَبُ فَتَأۡكُلُ ٱلطَّيۡرُ مِن رَّأۡسِهِۦۚ قُضِيَ ٱلۡأَمۡرُ ٱلَّذِي فِيهِ تَسۡتَفۡتِيَانِ
M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, momu baako no bεkͻ akͻhwie nsa ama ne wura; na ͻbaako no deε yεbεbͻ no asennua mu, na nnomaa bɛfiri ne tiri so adi (ne nam). Asεm no a morepε ho nkyerεkyerεmu no saa na yɛahyehyε no”.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ لِلَّذِي ظَنَّ أَنَّهُۥ نَاجٖ مِّنۡهُمَا ٱذۡكُرۡنِي عِندَ رَبِّكَ فَأَنسَىٰهُ ٱلشَّيۡطَٰنُ ذِكۡرَ رَبِّهِۦ فَلَبِثَ فِي ٱلسِّجۡنِ بِضۡعَ سِنِينَ
Yosef ka kyerεε wͻn mmienu mu nea ɔnim sε ͻbɛnya nkwa no sε: ”Ɛyε a kae me kyerε wo wura no”. Nanso ͻbonsam maa no werε firii sε ͻbεkae no akyerε ne wura no. Enti ͻtenaa hͻ mfeɛ kakra.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ ٱلۡمَلِكُ إِنِّيٓ أَرَىٰ سَبۡعَ بَقَرَٰتٖ سِمَانٖ يَأۡكُلُهُنَّ سَبۡعٌ عِجَافٞ وَسَبۡعَ سُنۢبُلَٰتٍ خُضۡرٖ وَأُخَرَ يَابِسَٰتٖۖ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡمَلَأُ أَفۡتُونِي فِي رُءۡيَٰيَ إِن كُنتُمۡ لِلرُّءۡيَا تَعۡبُرُونَ
(Misrim) hene no kaa sε: “Nokorε sε, (mesoo daeε) hunuu anantwie akεseε nson a, anantwie nson a wͻn afonfͻn rewe wͻn, εna (mehunuu) aburoo mmono mmεtem nson, εna (nson) foforͻ bi nso a adwan. Nhemfo, sε motumi kyerε daeε ase a, εneε monkyerε me medaeε yi ase”
عربي تفسیرونه:
قَالُوٓاْ أَضۡغَٰثُ أَحۡلَٰمٖۖ وَمَا نَحۡنُ بِتَأۡوِيلِ ٱلۡأَحۡلَٰمِ بِعَٰلِمِينَ
(Nhemfo) no kaa sε: “(Wei yε) daeε a εkyere adwen anaasɛ adi afra; na yɛnni daeε nkyeraseε ho nimdeε”.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ ٱلَّذِي نَجَا مِنۡهُمَا وَٱدَّكَرَ بَعۡدَ أُمَّةٍ أَنَا۠ أُنَبِّئُكُم بِتَأۡوِيلِهِۦ فَأَرۡسِلُونِ
(Afiasefoͻ) mmienu no mu baako a yԑgyee no nkwa no, na mmerε tenten bi akyi ansa na ͻrekae (Yosef) no kaa sε: “Mεka (daeε no) asekyerε akyerε mo, enti monsoma me.”
عربي تفسیرونه:
يُوسُفُ أَيُّهَا ٱلصِّدِّيقُ أَفۡتِنَا فِي سَبۡعِ بَقَرَٰتٖ سِمَانٖ يَأۡكُلُهُنَّ سَبۡعٌ عِجَافٞ وَسَبۡعِ سُنۢبُلَٰتٍ خُضۡرٖ وَأُخَرَ يَابِسَٰتٖ لَّعَلِّيٓ أَرۡجِعُ إِلَى ٱلنَّاسِ لَعَلَّهُمۡ يَعۡلَمُونَ
(Wͻsomaa no kͻͻ afiase hͻ), Ɔkaa sε: “Yosef Nokwafoͻ, kyerε yεn anantwie akεseε nson a anantwie nson a wͻn afonfͻn rewe wͻn, ne aburoo mono mmεtem nson, ne (nson) foforͻ nso a adwan nkyerεaseε, sεdeε mεsan akͻ amanfoͻ no hͻ (akͻbͻ wͻn amaneε) sεdeε wͻbɛhu (wo gyinaberε ne daeε no ase)”.
عربي تفسیرونه:
قَالَ تَزۡرَعُونَ سَبۡعَ سِنِينَ دَأَبٗا فَمَا حَصَدتُّمۡ فَذَرُوهُ فِي سُنۢبُلِهِۦٓ إِلَّا قَلِيلٗا مِّمَّا تَأۡكُلُونَ
(Yosef) kaa sε: “Monnua (mfudeε) mfeɛ nson, na (mfudeε) a mobɛtwa no mobɛgya no wͻ n’aburoo dua no ho, gyesε kakraa bi a mobɛdie.
عربي تفسیرونه:
ثُمَّ يَأۡتِي مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ سَبۡعٞ شِدَادٞ يَأۡكُلۡنَ مَا قَدَّمۡتُمۡ لَهُنَّ إِلَّا قَلِيلٗا مِّمَّا تُحۡصِنُونَ
Afei saa (berε no) akyi, (mfeɛ) nson bi a emu yεden bεba abɛdi deε mo adikan de asie ama (saa berε) no, gyesε kakraa bi a morebͻ ho ban (de agu aburoo pata soͻ anaasɛ putuo mu).
عربي تفسیرونه:
ثُمَّ يَأۡتِي مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ عَامٞ فِيهِ يُغَاثُ ٱلنَّاسُ وَفِيهِ يَعۡصِرُونَ
Afei εno akyiri no, afe a nsuo bεtͻ ama abu nnipa no soͻ nso bεba, na emu na wͻbɛkyi (nsa ne nnwo)”.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ ٱلۡمَلِكُ ٱئۡتُونِي بِهِۦۖ فَلَمَّا جَآءَهُ ٱلرَّسُولُ قَالَ ٱرۡجِعۡ إِلَىٰ رَبِّكَ فَسۡـَٔلۡهُ مَا بَالُ ٱلنِّسۡوَةِ ٱلَّٰتِي قَطَّعۡنَ أَيۡدِيَهُنَّۚ إِنَّ رَبِّي بِكَيۡدِهِنَّ عَلِيمٞ
Ɔhene no kaa sε: “Momfa no mmerε me”. Nanso εberε a ͻsomafoͻ no baa Yosef hͻ no, ͻka kyerεε (ͻsomafoͻ) no sε: “San kͻ wo wura no hͻ na bisa no sε, εmmaa no a wͻtwitwaa wͻn nsa no ho asεm te sεn? Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn Nim wͻn tiri mu pͻ no (ho asεm)”
عربي تفسیرونه:
قَالَ مَا خَطۡبُكُنَّ إِذۡ رَٰوَدتُّنَّ يُوسُفَ عَن نَّفۡسِهِۦۚ قُلۡنَ حَٰشَ لِلَّهِ مَا عَلِمۡنَا عَلَيۡهِ مِن سُوٓءٖۚ قَالَتِ ٱمۡرَأَتُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡـَٰٔنَ حَصۡحَصَ ٱلۡحَقُّ أَنَا۠ رَٰوَدتُّهُۥ عَن نَّفۡسِهِۦ وَإِنَّهُۥ لَمِنَ ٱلصَّٰدِقِينَ
(Ɔhene no) ka kyerεε (mmaa no) sε: ”Mo asεm ne sεn wͻ εberε a mopεε sε modaadaa Yuusuf no? “(Ɛmmaa) no kaa sε: “Kronkron hene ne Nyankopͻn, yɛnnim ne ho bͻne biara“. Aziz yere no kaa sε: “Afei deε nokorε no ada adi. Me ara na mepεε sε me daadaa no sεdeε anka ͻde neho bεma me; na nokorε sε, ͻka nokwafoͻ no ho”.
عربي تفسیرونه:
ذَٰلِكَ لِيَعۡلَمَ أَنِّي لَمۡ أَخُنۡهُ بِٱلۡغَيۡبِ وَأَنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي كَيۡدَ ٱلۡخَآئِنِينَ
(Yosef kaa sε: “Meyεε wei ho nhwehwε mu) sεdeε (Aziiz) bɛhunu sε mennii no hwammͻ wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Onyankopͻn mmoa obi a ɔdi hwammͻ tirimu pͻ (a wabͻ) so.
عربي تفسیرونه:
۞ وَمَآ أُبَرِّئُ نَفۡسِيٓۚ إِنَّ ٱلنَّفۡسَ لَأَمَّارَةُۢ بِٱلسُّوٓءِ إِلَّا مَا رَحِمَ رَبِّيٓۚ إِنَّ رَبِّي غَفُورٞ رَّحِيمٞ
Menyi me ho (sε me ho nni mfomsoͻ). Nokorε sε, onipa kraa no de ne ho ma bͻne, gyesε obi a me Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene”.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ ٱلۡمَلِكُ ٱئۡتُونِي بِهِۦٓ أَسۡتَخۡلِصۡهُ لِنَفۡسِيۖ فَلَمَّا كَلَّمَهُۥ قَالَ إِنَّكَ ٱلۡيَوۡمَ لَدَيۡنَا مَكِينٌ أَمِينٞ
Ɔhene no kaa sε: “Momfa no mmerε me na memfa no mmata me ara meho”. Ԑberε a ͻne no kasaeε no, (ͻhene) no kaa sε: ”Nokorε sε εnnε da yi woka yεn ho wͻ gyinaberε a εsoo paa mu na yɛagye wo atum”
عربي تفسیرونه:
قَالَ ٱجۡعَلۡنِي عَلَىٰ خَزَآئِنِ ٱلۡأَرۡضِۖ إِنِّي حَفِيظٌ عَلِيمٞ
(Yosef) kaa sε: “Fa asaase no so akoradeε hyε me nsa, na mede nimdeε bεhwε so abͻ ho ban.
عربي تفسیرونه:
وَكَذَٰلِكَ مَكَّنَّا لِيُوسُفَ فِي ٱلۡأَرۡضِ يَتَبَوَّأُ مِنۡهَا حَيۡثُ يَشَآءُۚ نُصِيبُ بِرَحۡمَتِنَا مَن نَّشَآءُۖ وَلَا نُضِيعُ أَجۡرَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Saa ara na Yεmaa Yosef gyinaberε wͻ asase no so maa no nyaa mu tumi wͻ berε biara anaa baabiara ͻpε. Yεde Y’ahummͻborͻ no dom obi a Yεpε, na Yεmma apapafoͻ no akatua nyε kwa.
عربي تفسیرونه:
وَلَأَجۡرُ ٱلۡأٓخِرَةِ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ
Na ampa sε, Daakye akatua no na εyε dema wͻn a wͻagye adie na wͻsuro Nyankopͻn.
عربي تفسیرونه:
وَجَآءَ إِخۡوَةُ يُوسُفَ فَدَخَلُواْ عَلَيۡهِ فَعَرَفَهُمۡ وَهُمۡ لَهُۥ مُنكِرُونَ
Yosef nuanom baa (Misrim) na wͻwuraa mu kͻͻ nehͻ, ͻhunuu wͻn, na wͻn deε na wͻnkae no.
عربي تفسیرونه:
وَلَمَّا جَهَّزَهُم بِجَهَازِهِمۡ قَالَ ٱئۡتُونِي بِأَخٖ لَّكُم مِّنۡ أَبِيكُمۡۚ أَلَا تَرَوۡنَ أَنِّيٓ أُوفِي ٱلۡكَيۡلَ وَأَنَا۠ خَيۡرُ ٱلۡمُنزِلِينَ
Ԑberε a ͻhyehyεε wͻn nneεma no wieeε no, ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛyε a momfa monua a ͻwͻ mopapa hͻ no mmrε me. Monhunuu sε mahyε (mo nneεma) no ama ayε mma, na meyε obi a menim ahͻhosom paa?”
عربي تفسیرونه:
فَإِن لَّمۡ تَأۡتُونِي بِهِۦ فَلَا كَيۡلَ لَكُمۡ عِندِي وَلَا تَقۡرَبُونِ
Nasε moamfa no amma a εneε yεnhyε (aduane biara) mma mo wͻ menkyεn, na mommεn me nso.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ سَنُرَٰوِدُ عَنۡهُ أَبَاهُ وَإِنَّا لَفَٰعِلُونَ
Wͻkaa sε: Yεbεbͻ mmͻden sε yεbɛnya ho kwan (ama no) wͻ ne papa hͻ, na yεn deε yεbεyɛ.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ لِفِتۡيَٰنِهِ ٱجۡعَلُواْ بِضَٰعَتَهُمۡ فِي رِحَالِهِمۡ لَعَلَّهُمۡ يَعۡرِفُونَهَآ إِذَا ٱنقَلَبُوٓاْ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِمۡ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
(Yosef) ka kyerεε n’asomfoͻ no sε: “Momfa wͻn sika (a wͻde atua wͻn nneεma no ka) no nhyε wͻn nneεma no mu sεdeε wͻkͻ wͻn abusuafoͻ no hͻ a wͻbɛhunu na wasan aba bio.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا رَجَعُوٓاْ إِلَىٰٓ أَبِيهِمۡ قَالُواْ يَٰٓأَبَانَا مُنِعَ مِنَّا ٱلۡكَيۡلُ فَأَرۡسِلۡ مَعَنَآ أَخَانَا نَكۡتَلۡ وَإِنَّا لَهُۥ لَحَٰفِظُونَ
Enti εberε a wͻsan kͻͻ wͻn papa hͻ no, wͻka kyerεε no sε: “Papa, (sε yεne yɛnua Benyamin ankͻ Misrim a) yεnhyε aburoo mma yεn. Enti ma yεne yɛnua no nkͻ na yεbεhyε ama yεn na nokorε nso sε yεbεhwε no so yie.
عربي تفسیرونه:
قَالَ هَلۡ ءَامَنُكُمۡ عَلَيۡهِ إِلَّا كَمَآ أَمِنتُكُمۡ عَلَىٰٓ أَخِيهِ مِن قَبۡلُ فَٱللَّهُ خَيۡرٌ حَٰفِظٗاۖ وَهُوَ أَرۡحَمُ ٱلرَّٰحِمِينَ
(Ya’aquub) kaa sε: “Memfa no nhyε mo nsa, εneε na mede no rehyε mo nsa (ama moayε no) sεdeε mede nenua dii kan hyεε mo nsa no ara. Onyankopͻn ne Ɔbanbͻfoͻ papa, Ɔne ahummͻborͻ mu Ahumͻborͻ Hene no”.
عربي تفسیرونه:
وَلَمَّا فَتَحُواْ مَتَٰعَهُمۡ وَجَدُواْ بِضَٰعَتَهُمۡ رُدَّتۡ إِلَيۡهِمۡۖ قَالُواْ يَٰٓأَبَانَا مَا نَبۡغِيۖ هَٰذِهِۦ بِضَٰعَتُنَا رُدَّتۡ إِلَيۡنَاۖ وَنَمِيرُ أَهۡلَنَا وَنَحۡفَظُ أَخَانَا وَنَزۡدَادُ كَيۡلَ بَعِيرٖۖ ذَٰلِكَ كَيۡلٞ يَسِيرٞ
Ԑberε a wͻbuee wͻn nneεma soͻ no, wͻhunuu sε yasan de wͻn sika no ama wͻn. Wͻkaa sε: “Papa, εdeεn na yεrehwehwε bio? Yɛsika no nie, yasan de ama yεn, na yεbɛnya aduane pii ama y’abusuafoͻ na yɛabͻ yɛnua no nso ho ban, na yɛanya yoma adesoa nsusueε baako bio aka ho. Wei yε adesoa a εyε mmrε (sε ͻhene no de bεma yεn)”.
عربي تفسیرونه:
قَالَ لَنۡ أُرۡسِلَهُۥ مَعَكُمۡ حَتَّىٰ تُؤۡتُونِ مَوۡثِقٗا مِّنَ ٱللَّهِ لَتَأۡتُنَّنِي بِهِۦٓ إِلَّآ أَن يُحَاطَ بِكُمۡۖ فَلَمَّآ ءَاتَوۡهُ مَوۡثِقَهُمۡ قَالَ ٱللَّهُ عَلَىٰ مَا نَقُولُ وَكِيلٞ
(Ya’aquub) kaa sε: “Memma mo ne no nkͻ, gyesε mode Nyankopͻn di nse kyerε me sε, mode no bεsan aberε me; gyesε (atanfoͻ) twa monyinaa ho hyia”. Ԑberε a wͻdii nse no, ͻkaa sε: “Onyankopͻn ne asεm a yεreka yi ho Kyitaafoͻ”.
عربي تفسیرونه:
وَقَالَ يَٰبَنِيَّ لَا تَدۡخُلُواْ مِنۢ بَابٖ وَٰحِدٖ وَٱدۡخُلُواْ مِنۡ أَبۡوَٰبٖ مُّتَفَرِّقَةٖۖ وَمَآ أُغۡنِي عَنكُم مِّنَ ٱللَّهِ مِن شَيۡءٍۖ إِنِ ٱلۡحُكۡمُ إِلَّا لِلَّهِۖ عَلَيۡهِ تَوَكَّلۡتُۖ وَعَلَيۡهِ فَلۡيَتَوَكَّلِ ٱلۡمُتَوَكِّلُونَ
Ͻkaa sε: “Memma, (sε moduru Misrim a), monhwε na (mo nyinaa) moanwura ͻpono baako mu, na mmom momfa apono sononko-sononko mu na enwura mu. Na meho mma mfasoͻ biara mma mo wͻ (adeε a) Nyankopͻn (ahyehyε ama mo) ho. Nokorε sε, atemmuo no deε Onyankopͻn na εwͻ no, na Neso na mede meho toͻ,na Ne mu na wͻn a wͻwͻ awerεhyemu no mfa wͻn werε nhyε”.
عربي تفسیرونه:
وَلَمَّا دَخَلُواْ مِنۡ حَيۡثُ أَمَرَهُمۡ أَبُوهُم مَّا كَانَ يُغۡنِي عَنۡهُم مِّنَ ٱللَّهِ مِن شَيۡءٍ إِلَّا حَاجَةٗ فِي نَفۡسِ يَعۡقُوبَ قَضَىٰهَاۚ وَإِنَّهُۥ لَذُو عِلۡمٖ لِّمَا عَلَّمۡنَٰهُ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
Ԑberε a wͻwuraa (kuro no) mu sεdeε wͻn papa hyεε wͻn no, εso amma mfasoͻ biara amma wͻn antia deε Onyankopͻn (ahyehyε); mmom Ya’aquub no ara ahiasεm na ͻhyehyε (maa ne mma no). Nokorε sε, ͻwͻ nimdeε a emu dͻ a Yɛakyerε no, nanso nnipa pii nnim.
عربي تفسیرونه:
وَلَمَّا دَخَلُواْ عَلَىٰ يُوسُفَ ءَاوَىٰٓ إِلَيۡهِ أَخَاهُۖ قَالَ إِنِّيٓ أَنَا۠ أَخُوكَ فَلَا تَبۡتَئِسۡ بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Ɛberε a wͻwuraa mu kͻͻ Yuusuf hͻ no, ͻfaa nenua no baa ne nkyεn ka kyerεε no sε: “Nokorε, mene wo nua (Yuusuf), na εmma wo werε nho wͻ deε (yɛnuanom) yͻeε no ho”.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا جَهَّزَهُم بِجَهَازِهِمۡ جَعَلَ ٱلسِّقَايَةَ فِي رَحۡلِ أَخِيهِ ثُمَّ أَذَّنَ مُؤَذِّنٌ أَيَّتُهَا ٱلۡعِيرُ إِنَّكُمۡ لَسَٰرِقُونَ
Ԑberε a ͻsiesiee wͻn nneεma no wieeε no, ͻmaa wͻde kuruwa hyεε nenua no nneεma mu. Afei dawubͻni teaa mu sε: “Akwantufoͻ, nokorε sε moyε akorͻmfoͻ.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ وَأَقۡبَلُواْ عَلَيۡهِم مَّاذَا تَفۡقِدُونَ
(Yosef nuanom) danee wͻn ani kyerεε (Misrimfoͻ) no kaa sε: “Mo deεn na ayera?”
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ نَفۡقِدُ صُوَاعَ ٱلۡمَلِكِ وَلِمَن جَآءَ بِهِۦ حِمۡلُ بَعِيرٖ وَأَنَا۠ بِهِۦ زَعِيمٞ
Wͻkaa sε: “Yɛayera ͻhene kuruwa, na obi a ͻde bεba no bɛnya (aburoo) yoma adesoa; na mena εyε m’asεde (sε mehyε dema saa nipa no).
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ تَٱللَّهِ لَقَدۡ عَلِمۡتُم مَّا جِئۡنَا لِنُفۡسِدَ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا كُنَّا سَٰرِقِينَ
(Yosef nuanom) kaa sε: “Yεde Nyame di nse! Monim yie sε, yɛamma ha ammɛdi nsεmmͻnee wͻ asaase yi so, na yεnyε akorͻmfoͻ nso”.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ فَمَا جَزَٰٓؤُهُۥٓ إِن كُنتُمۡ كَٰذِبِينَ
(Yosef asomfoͻ) no kaa sε: “Ɛneε (obi a yεbɛhunu kuruwa no wͻ ne hͻ no) asotwee bεn na εsεsε yεde ma no (sε εda adi) sε moyε nkontompofoͻ a?”
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ جَزَٰٓؤُهُۥ مَن وُجِدَ فِي رَحۡلِهِۦ فَهُوَ جَزَٰٓؤُهُۥۚ كَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلظَّٰلِمِينَ
(Yosef nuanom) kaa sε: “Ɛho asotwee no ne obi a yεbɛhunu (kuruwa no) wͻ ne nneεma mu, ͻno ara na εsεsε yεtwe n’aso. Saa ara na yɛtua ͻbͻneεfoͻ no so ka”
عربي تفسیرونه:
فَبَدَأَ بِأَوۡعِيَتِهِمۡ قَبۡلَ وِعَآءِ أَخِيهِ ثُمَّ ٱسۡتَخۡرَجَهَا مِن وِعَآءِ أَخِيهِۚ كَذَٰلِكَ كِدۡنَا لِيُوسُفَۖ مَا كَانَ لِيَأۡخُذَ أَخَاهُ فِي دِينِ ٱلۡمَلِكِ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُۚ نَرۡفَعُ دَرَجَٰتٖ مَّن نَّشَآءُۗ وَفَوۡقَ كُلِّ ذِي عِلۡمٍ عَلِيمٞ
Enti ᴐhyεε aseε (hwehwεε) wͻn nneεma no mu ansa na (ͻreba) ne nua no nneεma mu. Afei ɔyii (kuruwa) no firii ne nua no nneεma no mu. Saa pͻ yi na Yεbͻ demaa Yuusuf. Ɛnyε (n’adwen) ne sε ͻde ne nua no bεkͻ akͻto (Misrim) hene no amaneε mu, na mmom sεdeε Nyankopͻn pε (na Yosef yͻeε no). Yεma obi a Yεpε so de no gyina gyinaberε a εkorͻn. Nea Ɔboro nimdifoͻ nyinaa soͻ no ne Biribiara ho Nimdefoͻ (Nyankopͻn) no.
عربي تفسیرونه:
۞ قَالُوٓاْ إِن يَسۡرِقۡ فَقَدۡ سَرَقَ أَخٞ لَّهُۥ مِن قَبۡلُۚ فَأَسَرَّهَا يُوسُفُ فِي نَفۡسِهِۦ وَلَمۡ يُبۡدِهَا لَهُمۡۚ قَالَ أَنتُمۡ شَرّٞ مَّكَانٗاۖ وَٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا تَصِفُونَ
(Yosef nuanom) Kaa sε: “Sε wabͻ korͻno a, ampa sε ne nua bi dii kan bͻͻ korͻno”. Yuusuf desiee n’akoma mu, na wanyi no adi ankyerε wͻn. Ɔkaa sε: “Mowͻ gyinaberε bͻne paa mu, na Onyankopͻn na Ɔnim deε morekyerε no”.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡعَزِيزُ إِنَّ لَهُۥٓ أَبٗا شَيۡخٗا كَبِيرٗا فَخُذۡ أَحَدَنَا مَكَانَهُۥٓۖ إِنَّا نَرَىٰكَ مِنَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Wͻkaa sε: “Owura nimuonyamfoͻ, nokorε sε, (Benyamin) wͻ papa akͻkora posoposo (a ͻbɛdi neho awerεhoͻ) enti fa yεn mu baako hyε n’anan. Nokorε sε yɛhu wo sε woka (nnipa) papafoͻ no ho
عربي تفسیرونه:
قَالَ مَعَاذَ ٱللَّهِ أَن نَّأۡخُذَ إِلَّا مَن وَجَدۡنَا مَتَٰعَنَا عِندَهُۥٓ إِنَّآ إِذٗا لَّظَٰلِمُونَ
(Yosef) kaa sε: “Onyame mpa ngu sε yεbεfa obi foforͻ a εnyε nea yɛhunuu y’adeε no wͻ ne hͻ. (Sε yεyε saa a) nokorε sε na yɛayε abͻnefoͻ.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا ٱسۡتَيۡـَٔسُواْ مِنۡهُ خَلَصُواْ نَجِيّٗاۖ قَالَ كَبِيرُهُمۡ أَلَمۡ تَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ أَبَاكُمۡ قَدۡ أَخَذَ عَلَيۡكُم مَّوۡثِقٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَمِن قَبۡلُ مَا فَرَّطتُمۡ فِي يُوسُفَۖ فَلَنۡ أَبۡرَحَ ٱلۡأَرۡضَ حَتَّىٰ يَأۡذَنَ لِيٓ أَبِيٓ أَوۡ يَحۡكُمَ ٱللَّهُ لِيۖ وَهُوَ خَيۡرُ ٱلۡحَٰكِمِينَ
Ԑberε a wͻn abamu buu wͻ neho no, wͻkͻtuu agyina wͻ kokoam. Wͻn mu panin no kaa sε: “Monim sε mode Nyankopͻn din mu adi nse akyerε mo papa, εna modii kan buu moani guu deε na εsεsε moyε ma Yosef soͻ? Enti memfiri asaase yi so kͻpem sε m’agya bεma me ho kwan ansa, anaasε Onyankopͻn bɛdi (m’asεm) ama me, na Ɔne atemmufoͻ no nyinaa mu Otemmufoᴐ papa paa no.
عربي تفسیرونه:
ٱرۡجِعُوٓاْ إِلَىٰٓ أَبِيكُمۡ فَقُولُواْ يَٰٓأَبَانَآ إِنَّ ٱبۡنَكَ سَرَقَ وَمَا شَهِدۡنَآ إِلَّا بِمَا عَلِمۡنَا وَمَا كُنَّا لِلۡغَيۡبِ حَٰفِظِينَ
(Enti) monsan nkͻ moagya hͻ na monkͻka nkyerε no sε: “Y’agya, nokorε sε woba (Benyamin) abͻ korͻno, na deε yɛnim na yɛdii ho adanseε; na deε asuma no deε yɛantumi ammͻ ho ban “.
عربي تفسیرونه:
وَسۡـَٔلِ ٱلۡقَرۡيَةَ ٱلَّتِي كُنَّا فِيهَا وَٱلۡعِيرَ ٱلَّتِيٓ أَقۡبَلۡنَا فِيهَاۖ وَإِنَّا لَصَٰدِقُونَ
Bisa kuro (Misrim) a na yεwͻ mu no ne akwantufoͻ a yεne wͻn baeε no (na hunu sε), ampa sε nokorε na yεreka no“
عربي تفسیرونه:
قَالَ بَلۡ سَوَّلَتۡ لَكُمۡ أَنفُسُكُمۡ أَمۡرٗاۖ فَصَبۡرٞ جَمِيلٌۖ عَسَى ٱللَّهُ أَن يَأۡتِيَنِي بِهِمۡ جَمِيعًاۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡعَلِيمُ ٱلۡحَكِيمُ
(Ya’quub) kaa sε: “Daabi, mo ara moadwen na mode ayε kanana, nanso aboterε na εyε. Ebia Nyankopͻn de wͻn nyinaa (Yuusuf, Benyamin ne Rubel) bεbrε me. Nokorε sε, Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no.
عربي تفسیرونه:
وَتَوَلَّىٰ عَنۡهُمۡ وَقَالَ يَٰٓأَسَفَىٰ عَلَىٰ يُوسُفَ وَٱبۡيَضَّتۡ عَيۡنَاهُ مِنَ ٱلۡحُزۡنِ فَهُوَ كَظِيمٞ
(Ya’aquub) danee neho firii wͻn ho kaa sε: “Ao, mewerεho a aho wͻ Yosef ho, na awerεhoͻ maa (nisuo taataa no) maa n’ani yεε fitaa, εnam awerεhoͻ nhyεsoͻ nti.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ تَٱللَّهِ تَفۡتَؤُاْ تَذۡكُرُ يُوسُفَ حَتَّىٰ تَكُونَ حَرَضًا أَوۡ تَكُونَ مِنَ ٱلۡهَٰلِكِينَ
(Ne mma no) kaa sε: “Onyankopͻn! enti (agya), wonnyae Yosef ho adwendwen kosi sε εbεbͻ wo yadeε, anaa kͻpem sε wobɛwuo?”.
عربي تفسیرونه:
قَالَ إِنَّمَآ أَشۡكُواْ بَثِّي وَحُزۡنِيٓ إِلَى ٱللَّهِ وَأَعۡلَمُ مِنَ ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Ɔkaa sε: ”Onyankopͻn na mede m’akosεm ne m’awerεhoͻ to N’anim, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ.”
عربي تفسیرونه:
يَٰبَنِيَّ ٱذۡهَبُواْ فَتَحَسَّسُواْ مِن يُوسُفَ وَأَخِيهِ وَلَا تَاْيۡـَٔسُواْ مِن رَّوۡحِ ٱللَّهِۖ إِنَّهُۥ لَا يَاْيۡـَٔسُ مِن رَّوۡحِ ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡقَوۡمُ ٱلۡكَٰفِرُونَ
(Ɔka kyerεε wͻn sε): ‘’Memma, monkͻ (Misrim) na monkͻbisa Yuusuf ne ne nua no ho asεm, na monhwε na moampa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho, nokorε sε obi mpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho gyesԑ nnipa (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا دَخَلُواْ عَلَيۡهِ قَالُواْ يَٰٓأَيُّهَا ٱلۡعَزِيزُ مَسَّنَا وَأَهۡلَنَا ٱلضُّرُّ وَجِئۡنَا بِبِضَٰعَةٖ مُّزۡجَىٰةٖ فَأَوۡفِ لَنَا ٱلۡكَيۡلَ وَتَصَدَّقۡ عَلَيۡنَآۖ إِنَّ ٱللَّهَ يَجۡزِي ٱلۡمُتَصَدِّقِينَ
Ԑberε a wͻkͻͻ (Yosef) hͻ no, wͻkaa sε: “Owura Nimuomyamfoͻ, ͻhaw paa ato yεn ne y’abusuafoͻ, na yεde sika kakraabi na aba, enti hyε (aburoo) ma yεn, na yε yεn adͻeε. Nokorε sε Onyankopͻn ma wͻn a wͻyε adͻeε no akatua”.
عربي تفسیرونه:
قَالَ هَلۡ عَلِمۡتُم مَّا فَعَلۡتُم بِيُوسُفَ وَأَخِيهِ إِذۡ أَنتُمۡ جَٰهِلُونَ
(Yosef) ka kyerεε wͻn sε: ‘’Mokae deε mode yεε Yuusuf ne ne nua no wͻ aberε a na monnim (deε moreyε)?”
عربي تفسیرونه:
قَالُوٓاْ أَءِنَّكَ لَأَنتَ يُوسُفُۖ قَالَ أَنَا۠ يُوسُفُ وَهَٰذَآ أَخِيۖ قَدۡ مَنَّ ٱللَّهُ عَلَيۡنَآۖ إِنَّهُۥ مَن يَتَّقِ وَيَصۡبِرۡ فَإِنَّ ٱللَّهَ لَا يُضِيعُ أَجۡرَ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Wͻkaa sε: ‘’Wone Yosef ampa anaa? Ɔkaa sε: ‘’Mene Yosef na wei nso ne me nua (Benyamin), nokorε sε Onyankopͻn ahu yεn mmͻbͻ. Nokorε sε obi a ɔbɛsuro Nyankopͻn na ͻbɛsi aboterε no, nokorε sε Onyankopͻn mma apapafoͻ no akatua nyε kwa.
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ تَٱللَّهِ لَقَدۡ ءَاثَرَكَ ٱللَّهُ عَلَيۡنَا وَإِن كُنَّا لَخَٰطِـِٔينَ
Wͻkaa sε: ‘’Awurade Nyankopͻn! Nokorε sε, Nyankopͻn ayi wo, ama woso (wͻ animuoyam mu) akyεn yεn, na nokorε sε yεyε abͻneεfoͻ “.
عربي تفسیرونه:
قَالَ لَا تَثۡرِيبَ عَلَيۡكُمُ ٱلۡيَوۡمَۖ يَغۡفِرُ ٱللَّهُ لَكُمۡۖ وَهُوَ أَرۡحَمُ ٱلرَّٰحِمِينَ
(Yosef) kaa sε: ‘’Kasa tia biara nni hͻ dema mo nnεda yi, Onyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo. Ɔne ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no.
عربي تفسیرونه:
ٱذۡهَبُواْ بِقَمِيصِي هَٰذَا فَأَلۡقُوهُ عَلَىٰ وَجۡهِ أَبِي يَأۡتِ بَصِيرٗا وَأۡتُونِي بِأَهۡلِكُمۡ أَجۡمَعِينَ
“Momfa m’atade-soroͻ yi na monkͻto ngu me papa anim εbɛma no ahunu (pefee). Na momfa mo abusuafoͻ no (nyinaa) mmrε me wͻ ha “.
عربي تفسیرونه:
وَلَمَّا فَصَلَتِ ٱلۡعِيرُ قَالَ أَبُوهُمۡ إِنِّي لَأَجِدُ رِيحَ يُوسُفَۖ لَوۡلَآ أَن تُفَنِّدُونِ
Ԑberε a wͻn teaseεnam adwadi kuo no sii mu no, wͻn papa (Ya’aquub) kaa sε: “Mate Yosef ho pampan, sε mommu me sε nkͻkoraa-sεm (bi na meredie) a”
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ تَٱللَّهِ إِنَّكَ لَفِي ضَلَٰلِكَ ٱلۡقَدِيمِ
(Ne fie hͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε sε wowͻ wo tete mfomsoͻ no ara mu”.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّآ أَن جَآءَ ٱلۡبَشِيرُ أَلۡقَىٰهُ عَلَىٰ وَجۡهِهِۦ فَٱرۡتَدَّ بَصِيرٗاۖ قَالَ أَلَمۡ أَقُل لَّكُمۡ إِنِّيٓ أَعۡلَمُ مِنَ ٱللَّهِ مَا لَا تَعۡلَمُونَ
Ɛberε a amanebͻfoᴐ no baeε no, ͻtoo (Yosef atadeε no) guu (Ya’quub) anim, na ohunui pefee. Ɔkaa sε: “Manka ankyerε mo sε, nokorε menim deε monnim wͻ Nyankopͻn hͻ?”
عربي تفسیرونه:
قَالُواْ يَٰٓأَبَانَا ٱسۡتَغۡفِرۡ لَنَا ذُنُوبَنَآ إِنَّا كُنَّا خَٰطِـِٔينَ
(Ne mma no) kaa sε: “Y’agya, srε yεn bͻne ho bͻnefakyε (wͻ Nyankopͻn hͻ) ma yεn, na nokorε sε yεyε abͻneεfoͻ.
عربي تفسیرونه:
قَالَ سَوۡفَ أَسۡتَغۡفِرُ لَكُمۡ رَبِّيٓۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
(Ya’quub) kaa sε: ‘’Mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama mo. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.
عربي تفسیرونه:
فَلَمَّا دَخَلُواْ عَلَىٰ يُوسُفَ ءَاوَىٰٓ إِلَيۡهِ أَبَوَيۡهِ وَقَالَ ٱدۡخُلُواْ مِصۡرَ إِن شَآءَ ٱللَّهُ ءَامِنِينَ
Ԑberε a (abusuafoͻ no nyinaa) baa Yosef hͻ no, ͻfaa n’awofoͻ baa ne ho εna ͻkaa sε: “Momfa abodwoɔ nwura Misrim, sε Onyankopͻn pε a “.
عربي تفسیرونه:
وَرَفَعَ أَبَوَيۡهِ عَلَى ٱلۡعَرۡشِ وَخَرُّواْ لَهُۥ سُجَّدٗاۖ وَقَالَ يَٰٓأَبَتِ هَٰذَا تَأۡوِيلُ رُءۡيَٰيَ مِن قَبۡلُ قَدۡ جَعَلَهَا رَبِّي حَقّٗاۖ وَقَدۡ أَحۡسَنَ بِيٓ إِذۡ أَخۡرَجَنِي مِنَ ٱلسِّجۡنِ وَجَآءَ بِكُم مِّنَ ٱلۡبَدۡوِ مِنۢ بَعۡدِ أَن نَّزَغَ ٱلشَّيۡطَٰنُ بَيۡنِي وَبَيۡنَ إِخۡوَتِيٓۚ إِنَّ رَبِّي لَطِيفٞ لِّمَا يَشَآءُۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡعَلِيمُ ٱلۡحَكِيمُ
Ͻpagyaa n’awofoͻ no wͻ akonwa no so, na wͻkͻͻ fͻm brεε wͻn ho ase maa no. (Yosef) kaa sε: ‘’M’agya, wei ne me dabi daeε no nkyerεaseε. Me Wura Nyankopͻn ama no ayε nokorε. Nokorε sε Ɔne me adi no yie wͻ εberε a Ɔyii me firi afiase, na Ɔde mo nyinaa firi εserε so de mo aba ha, wͻ akyire yi a ͻbonsam duaa ͻtan wͻ me ne me nuanom ntam. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema obi a Ɔpε, nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no.
عربي تفسیرونه:
۞ رَبِّ قَدۡ ءَاتَيۡتَنِي مِنَ ٱلۡمُلۡكِ وَعَلَّمۡتَنِي مِن تَأۡوِيلِ ٱلۡأَحَادِيثِۚ فَاطِرَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ أَنتَ وَلِيِّۦ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِۖ تَوَفَّنِي مُسۡلِمٗا وَأَلۡحِقۡنِي بِٱلصَّٰلِحِينَ
(Yosef tontom Nyankopͻn bͻͻ mpaeε sε): “Me Wura Nyankopͻn, ampa sε Wama me ahennie, εna Wakyerε me daeε nkyerεaseε. Ɔsoro ne asaase Bͻfo, Wone me Kyitaafoͻ wͻ wiase ne Daakye no. Ma menwu sε Muslimini na fa me ka apapafoͻ no ho “.
عربي تفسیرونه:
ذَٰلِكَ مِنۡ أَنۢبَآءِ ٱلۡغَيۡبِ نُوحِيهِ إِلَيۡكَۖ وَمَا كُنتَ لَدَيۡهِمۡ إِذۡ أَجۡمَعُوٓاْ أَمۡرَهُمۡ وَهُمۡ يَمۡكُرُونَ
(Nkͻmhyεni), wei yε ahuntasεm na Yεreyi ama woͻ. Na na wonka wͻn ho wͻ berε a (Yosef nuanom) nyaa wͻn ho nteaseε na wͻbͻͻ wͻn pͻ bͻne no.
عربي تفسیرونه:
وَمَآ أَكۡثَرُ ٱلنَّاسِ وَلَوۡ حَرَصۡتَ بِمُؤۡمِنِينَ
Nnipa pii nso nnye nni, sε wobͻ ho mmͻden sεn ara mpo a.
عربي تفسیرونه:
وَمَا تَسۡـَٔلُهُمۡ عَلَيۡهِ مِنۡ أَجۡرٍۚ إِنۡ هُوَ إِلَّا ذِكۡرٞ لِّلۡعَٰلَمِينَ
Na wommisa wͻn ho akatua nso; (Qur’aan) yε Nkaekaeε ne Afutusεm dema amansan nyinaa.
عربي تفسیرونه:
وَكَأَيِّن مِّنۡ ءَايَةٖ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ يَمُرُّونَ عَلَيۡهَا وَهُمۡ عَنۡهَا مُعۡرِضُونَ
Nsεnkyerεnee dodoͻ sεn na εwͻ soro ne asaase so a wͻtwa mu wͻ ho? Nanso wͻtwi fa so.
عربي تفسیرونه:
وَمَا يُؤۡمِنُ أَكۡثَرُهُم بِٱللَّهِ إِلَّا وَهُم مُّشۡرِكُونَ
Wͻn mu dodoͻ no ara na wͻnnye Nyankopͻn nnie, na mmom wͻyε (Nyame ho) mmatahoo.
عربي تفسیرونه:
أَفَأَمِنُوٓاْ أَن تَأۡتِيَهُمۡ غَٰشِيَةٞ مِّنۡ عَذَابِ ٱللَّهِ أَوۡ تَأۡتِيَهُمُ ٱلسَّاعَةُ بَغۡتَةٗ وَهُمۡ لَا يَشۡعُرُونَ
Enti wͻn akoma atᴐ wᴐn yεm wᴐ Nyankopͻn asotwee a εmene (nnipa) a εreba wͻn soͻ no ho, anaa Dͻnhwere a εreba wͻn so mpofire mu nanso wͻnnim no ho?
عربي تفسیرونه:
قُلۡ هَٰذِهِۦ سَبِيلِيٓ أَدۡعُوٓاْ إِلَى ٱللَّهِۚ عَلَىٰ بَصِيرَةٍ أَنَا۠ وَمَنِ ٱتَّبَعَنِيۖ وَسُبۡحَٰنَ ٱللَّهِ وَمَآ أَنَا۠ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
(Nkͻmhyεni), kasε: “Wei ne me kwan. Mene wͻn a wͻka me ho no de nimdeε pefee refrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ. Kronkron ne Animuonyam hene ne Nyankopͻn. Medeε menka abosomsomfoͻ no ho.
عربي تفسیرونه:
وَمَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ إِلَّا رِجَالٗا نُّوحِيٓ إِلَيۡهِم مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡقُرَىٰٓۗ أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَيَنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلَّذِينَ مِن قَبۡلِهِمۡۗ وَلَدَارُ ٱلۡأٓخِرَةِ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ ٱتَّقَوۡاْۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a yεsomaa wͻn dii wanim kan no na wͻyε nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn, na wͻfiri amanfoͻ a wͻ firi nkuro mu no mu. Enti wͻnnante asaase no so nhwε sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no awieeε si wieeε? Daakye fie no yε ma wͻn a wͻsuro Nyankopͻn. Enti wͻnte asεm ase anaa?
عربي تفسیرونه:
حَتَّىٰٓ إِذَا ٱسۡتَيۡـَٔسَ ٱلرُّسُلُ وَظَنُّوٓاْ أَنَّهُمۡ قَدۡ كُذِبُواْ جَآءَهُمۡ نَصۡرُنَا فَنُجِّيَ مَن نَّشَآءُۖ وَلَا يُرَدُّ بَأۡسُنَا عَنِ ٱلۡقَوۡمِ ٱلۡمُجۡرِمِينَ
(Wͻkͻͻ so tee atua) kosii sε asomafoͻ no paa aba maa wͻn adwen yεε wͻn sε, wͻn (amanfoͻ no) annye wͻn anni, afei na na Yεmmoa no aba wͻn hͻ, na Yɛagye obi a Yεpε nkwa. Na Y’asotwe no nsan n’akyi wͻ nnipa bͻnefoͻ no so.
عربي تفسیرونه:
لَقَدۡ كَانَ فِي قَصَصِهِمۡ عِبۡرَةٞ لِّأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِۗ مَا كَانَ حَدِيثٗا يُفۡتَرَىٰ وَلَٰكِن تَصۡدِيقَ ٱلَّذِي بَيۡنَ يَدَيۡهِ وَتَفۡصِيلَ كُلِّ شَيۡءٖ وَهُدٗى وَرَحۡمَةٗ لِّقَوۡمٖ يُؤۡمِنُونَ
Ampa sε, adesua wͻ (Yosef ne ne nuanom) abakͻsεm no mu dema mmadwemmafoᴐ no. (Qur’aan) nyε asεm a yɛabͻ yɛn tirim (na atwerε), na mmom εyε (Nwoma a) εrehyε (Nwoma a) edii n’anim kan no mma, na εkyerεkyerε (biribiara) mu pefee, san yε kwankyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻgye die no.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: يوسف
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اشانتي ژباړه - د ژباړو فهرست (لړلیک)

په اشنتي ژبه کې د قرآن کریم د معناګانو ژباړه، د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول