Check out the new design

د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: یس   آیت:
۞ وَمَآ أَنزَلۡنَا عَلَىٰ قَوۡمِهِۦ مِنۢ بَعۡدِهِۦ مِن جُندٖ مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَمَا كُنَّا مُنزِلِينَ
(Habiib Najaar kum no) akyi no, Yɛansoma asraafoͻ amfiri soro amma ne nkorͻfoͻ no so, na enhia sε yεsoma mpo.
عربي تفسیرونه:
إِن كَانَتۡ إِلَّا صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ فَإِذَا هُمۡ خَٰمِدُونَ
Na mmom εyε nteamu fua pε (na Nyankopͻn maa Ɔbͻfoͻ Gabriel bεteaa mu guu wͻn soͻ), na hwε, wͻn (nyinaa) tεm dinn (a wͻn awuwuo).
عربي تفسیرونه:
يَٰحَسۡرَةً عَلَى ٱلۡعِبَادِۚ مَا يَأۡتِيهِم مِّن رَّسُولٍ إِلَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
A o, berε a Me nkoa no aberε aguo! Ɛberε biara a ͻsomafoͻ bi bεba wͻn hͻ no gyesε wͻdi ne ho fεw.
عربي تفسیرونه:
أَلَمۡ يَرَوۡاْ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ أَنَّهُمۡ إِلَيۡهِمۡ لَا يَرۡجِعُونَ
Enti wͻnhunuu awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻdii wͻn anim kan a Yɛasεe wͻn, na wͻnsan mma wͻn hͻ bio?
عربي تفسیرونه:
وَإِن كُلّٞ لَّمَّا جَمِيعٞ لَّدَيۡنَا مُحۡضَرُونَ
Nokorε nso sε wͻn mu biara, (wͻn) nyinaa Y’anim na wͻbεsan aba.
عربي تفسیرونه:
وَءَايَةٞ لَّهُمُ ٱلۡأَرۡضُ ٱلۡمَيۡتَةُ أَحۡيَيۡنَٰهَا وَأَخۡرَجۡنَا مِنۡهَا حَبّٗا فَمِنۡهُ يَأۡكُلُونَ
Asaase a awuo nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn, Yɛnyane no, na Yɛama nnͻbaeε apuepue afiri mu, na emu bi na wͻdie.
عربي تفسیرونه:
وَجَعَلۡنَا فِيهَا جَنَّٰتٖ مِّن نَّخِيلٖ وَأَعۡنَٰبٖ وَفَجَّرۡنَا فِيهَا مِنَ ٱلۡعُيُونِ
(Asaase no ara) so na Yɛayε akyiresua ne bobe fuo, emu ara nso na Yεma nsutire puepue.
عربي تفسیرونه:
لِيَأۡكُلُواْ مِن ثَمَرِهِۦ وَمَا عَمِلَتۡهُ أَيۡدِيهِمۡۚ أَفَلَا يَشۡكُرُونَ
Sεdeε wͻbɛdi ne nnuaba no; (woi nom nyinaa) εnyε wͻn nsa na wͻde yͻeε. Enti wͻn (nhwε ho) nna (Nyankopͻn) ase?
عربي تفسیرونه:
سُبۡحَٰنَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلۡأَزۡوَٰجَ كُلَّهَا مِمَّا تُنۢبِتُ ٱلۡأَرۡضُ وَمِنۡ أَنفُسِهِمۡ وَمِمَّا لَا يَعۡلَمُونَ
Kronkron Hene ne Nea Ɔbͻͻ adeε a εwͻ asaase so nyinaa mmienu-mmienu (onini ne bedeε), ne wͻn ara mu nso (saa ara na yɛabͻ wͻn onini ne ͻbedeε), ne adeε a wͻnnim nso mu.
عربي تفسیرونه:
وَءَايَةٞ لَّهُمُ ٱلَّيۡلُ نَسۡلَخُ مِنۡهُ ٱلنَّهَارَ فَإِذَا هُم مُّظۡلِمُونَ
Adesaeε a yεyi firi adekyeε mu ma esum to wͻn no nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn.
عربي تفسیرونه:
وَٱلشَّمۡسُ تَجۡرِي لِمُسۡتَقَرّٖ لَّهَاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ
Awia nam ne kwan a yɛahyehyε ama no so. Woi yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεε.
عربي تفسیرونه:
وَٱلۡقَمَرَ قَدَّرۡنَٰهُ مَنَازِلَ حَتَّىٰ عَادَ كَٱلۡعُرۡجُونِ ٱلۡقَدِيمِ
Bosome nso Yɛahyehyε soε berε ama no kͻpem sε εbεsan ayε sε akyiresua papa dadaa a awoͻ na akoa.
عربي تفسیرونه:
لَا ٱلشَّمۡسُ يَنۢبَغِي لَهَآ أَن تُدۡرِكَ ٱلۡقَمَرَ وَلَا ٱلَّيۡلُ سَابِقُ ٱلنَّهَارِۚ وَكُلّٞ فِي فَلَكٖ يَسۡبَحُونَ
Ԑmma sԑ awia bԑto bosome, anaasԑ anadwo bɛsan adekyeԑ ho. Wᴐn mu biara nam ne kwan so yᴐᴐ.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: یس
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل - د ژباړو فهرست (لړلیک)

د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول