د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اشانتي ژباړه * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: الفتح   آیت:

Al-Fathi

إِنَّا فَتَحۡنَا لَكَ فَتۡحٗا مُّبِينٗا
Nkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo nkonimdie a εda adi pefee.
عربي تفسیرونه:
لِّيَغۡفِرَ لَكَ ٱللَّهُ مَا تَقَدَّمَ مِن ذَنۢبِكَ وَمَا تَأَخَّرَ وَيُتِمَّ نِعۡمَتَهُۥ عَلَيۡكَ وَيَهۡدِيَكَ صِرَٰطٗا مُّسۡتَقِيمٗا
Sεdeε Nyankopͻn de wo mfomsoͻ a atwa mu ne deε εda w’anim no bεkyε woͻ, na Ɔde N’adom bɛwie wo soͻ, na W’akyerε wo kwan akͻ ͻkwan tenenee soͻ,
عربي تفسیرونه:
وَيَنصُرَكَ ٱللَّهُ نَصۡرًا عَزِيزًا
Na Onyankopͻn bεboa wo mmoa a εsom bo paa.
عربي تفسیرونه:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ فِي قُلُوبِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ لِيَزۡدَادُوٓاْ إِيمَٰنٗا مَّعَ إِيمَٰنِهِمۡۗ وَلِلَّهِ جُنُودُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Ɔno na Osianee awerεkyekyerε bεhyεε agyidiefoͻ no akoma mu, sεdeε Ɔde gyidie bεka wͻn gyidie no ho. Ͻsoro ne asaase so asraafoͻ no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
عربي تفسیرونه:
لِّيُدۡخِلَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَٱلۡمُؤۡمِنَٰتِ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَا وَيُكَفِّرَ عَنۡهُمۡ سَيِّـَٔاتِهِمۡۚ وَكَانَ ذَٰلِكَ عِندَ ٱللَّهِ فَوۡزًا عَظِيمٗا
Sεdeε Ɔde agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bɛwura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na Wapepa wͻn bͻne afiri wͻn soͻ. Onyankopͻn hͻ no, εno yε nkonimdie kεseε paa.
عربي تفسیرونه:
وَيُعَذِّبَ ٱلۡمُنَٰفِقِينَ وَٱلۡمُنَٰفِقَٰتِ وَٱلۡمُشۡرِكِينَ وَٱلۡمُشۡرِكَٰتِ ٱلظَّآنِّينَ بِٱللَّهِ ظَنَّ ٱلسَّوۡءِۚ عَلَيۡهِمۡ دَآئِرَةُ ٱلسَّوۡءِۖ وَغَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِمۡ وَلَعَنَهُمۡ وَأَعَدَّ لَهُمۡ جَهَنَّمَۖ وَسَآءَتۡ مَصِيرٗا
Na Ɔbεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no, ne wͻn a wͻdwen Nyankopͻn ho adwen bͻne no aso. Wͻn so na bͻne no dane kͻ. Onyankopͻn abufuo ne Ne nomee wͻ wͻn so na Wasiesie Amane-hunu gya ama wͻn; na awieε bͻne paa ne hͻ.
عربي تفسیرونه:
وَلِلَّهِ جُنُودُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمًا
Ɔsoro ne asaase so asraafoͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
عربي تفسیرونه:
إِنَّآ أَرۡسَلۡنَٰكَ شَٰهِدٗا وَمُبَشِّرٗا وَنَذِيرٗا
Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yɛasoma wo sε ͻdanseni, ne anigyesɛm, ne kͻkͻbͻ ho bɔfoɔ,
عربي تفسیرونه:
لِّتُؤۡمِنُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَتُعَزِّرُوهُ وَتُوَقِّرُوهُۚ وَتُسَبِّحُوهُ بُكۡرَةٗ وَأَصِيلًا
Sεdeε mobεgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na moaboa (Ɔsomafoͻ) no, na moadi no nni, na mobεbͻ (Onyankopͻn) abodin atontom no anͻpa ne anwummerε.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُبَايِعُونَكَ إِنَّمَا يُبَايِعُونَ ٱللَّهَ يَدُ ٱللَّهِ فَوۡقَ أَيۡدِيهِمۡۚ فَمَن نَّكَثَ فَإِنَّمَا يَنكُثُ عَلَىٰ نَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ أَوۡفَىٰ بِمَا عَٰهَدَ عَلَيۡهُ ٱللَّهَ فَسَيُؤۡتِيهِ أَجۡرًا عَظِيمٗا
(Nkͻmhyεni), nokorε sε wͻn a wͻsuae kyerεε woͻ no, Nyankopͻn na wͻsuae kyerεε no; Nyankopͻn nsa wͻ wͻ nsa so. Enti obi a ͻbεbu (ne nsedie no) soͻ no, ɔbu so tia ͻno ara ne kraa, na obia ɔbɛdi bͻhyε a ͻne Nyankopͻn ahyε no soͻ no, Ɔbεma no akatua a εsoo paa.
عربي تفسیرونه:
سَيَقُولُ لَكَ ٱلۡمُخَلَّفُونَ مِنَ ٱلۡأَعۡرَابِ شَغَلَتۡنَآ أَمۡوَٰلُنَا وَأَهۡلُونَا فَٱسۡتَغۡفِرۡ لَنَاۚ يَقُولُونَ بِأَلۡسِنَتِهِم مَّا لَيۡسَ فِي قُلُوبِهِمۡۚ قُلۡ فَمَن يَمۡلِكُ لَكُم مِّنَ ٱللَّهِ شَيۡـًٔا إِنۡ أَرَادَ بِكُمۡ ضَرًّا أَوۡ أَرَادَ بِكُمۡ نَفۡعَۢاۚ بَلۡ كَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرَۢا
Ԑserԑ so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no bεka akyerε wo sε: “Y’agyapadeε ne y’abusua gyee y’adaagyeε, enti srε bͻnefakyε ma yεn”. Wͻde wͻn kεtrεma ka deε enni wͻn akoma mu. Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε mo bͻne anaasε Ɔpε mo yie a, hwan na ͻwͻ tumi bi de tia Onyankopͻn ma mo? Aane, Onyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐ Wura.
عربي تفسیرونه:
بَلۡ ظَنَنتُمۡ أَن لَّن يَنقَلِبَ ٱلرَّسُولُ وَٱلۡمُؤۡمِنُونَ إِلَىٰٓ أَهۡلِيهِمۡ أَبَدٗا وَزُيِّنَ ذَٰلِكَ فِي قُلُوبِكُمۡ وَظَنَنتُمۡ ظَنَّ ٱلسَّوۡءِ وَكُنتُمۡ قَوۡمَۢا بُورٗا
Aane, modwenee sε Ɔsomafoͻ no ne agyidiefoͻ no nsan mma wͻn abusuafoͻ hͻ bio, na εno yεε mo fε wͻ mo akoma mu, na modwen adwen bͻne, na (εnam so maa) moyεε nnipa a moasopa.
عربي تفسیرونه:
وَمَن لَّمۡ يُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ فَإِنَّآ أَعۡتَدۡنَا لِلۡكَٰفِرِينَ سَعِيرٗا
Obi a ͻnye Onyankopͻn ne Ne somafoͻ no nnie no, nokorε sε Yɛasiesie Ogya ato boniayεfoͻ no hͻ.
عربي تفسیرونه:
وَلِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ يَغۡفِرُ لِمَن يَشَآءُ وَيُعَذِّبُ مَن يَشَآءُۚ وَكَانَ ٱللَّهُ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Onyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna Ɔtwe obia Ɔpε nso aso. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
عربي تفسیرونه:
سَيَقُولُ ٱلۡمُخَلَّفُونَ إِذَا ٱنطَلَقۡتُمۡ إِلَىٰ مَغَانِمَ لِتَأۡخُذُوهَا ذَرُونَا نَتَّبِعۡكُمۡۖ يُرِيدُونَ أَن يُبَدِّلُواْ كَلَٰمَ ٱللَّهِۚ قُل لَّن تَتَّبِعُونَا كَذَٰلِكُمۡ قَالَ ٱللَّهُ مِن قَبۡلُۖ فَسَيَقُولُونَ بَلۡ تَحۡسُدُونَنَاۚ بَلۡ كَانُواْ لَا يَفۡقَهُونَ إِلَّا قَلِيلٗا
Wͻn a wͻkaa akyire no bεka sε: ”Sε mosim sε morekͻ pε asadeε a, moma yεn kwan ma yɛni mo akyi’’. Wͻpεsε wͻsesa Nyankopͻn asεm no. Ka sε: “Monnni yεn akyi; saa na Nyankopͻn adi kan aka’’. Wͻbεka sε: ”Aane, moreyε yεn ho ahoͻyaa”. Daabi, nanso wͻnte aseε gyesε kakraabi.
عربي تفسیرونه:
قُل لِّلۡمُخَلَّفِينَ مِنَ ٱلۡأَعۡرَابِ سَتُدۡعَوۡنَ إِلَىٰ قَوۡمٍ أُوْلِي بَأۡسٖ شَدِيدٖ تُقَٰتِلُونَهُمۡ أَوۡ يُسۡلِمُونَۖ فَإِن تُطِيعُواْ يُؤۡتِكُمُ ٱللَّهُ أَجۡرًا حَسَنٗاۖ وَإِن تَتَوَلَّوۡاْ كَمَا تَوَلَّيۡتُم مِّن قَبۡلُ يُعَذِّبۡكُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا
Kakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no sε: “Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻbεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane mo akyi de ma, sεdeε modii kan danee mo akyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe mo aso “.
عربي تفسیرونه:
لَّيۡسَ عَلَى ٱلۡأَعۡمَىٰ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡأَعۡرَجِ حَرَجٞ وَلَا عَلَى ٱلۡمَرِيضِ حَرَجٞۗ وَمَن يُطِعِ ٱللَّهَ وَرَسُولَهُۥ يُدۡخِلۡهُ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَمَن يَتَوَلَّ يُعَذِّبۡهُ عَذَابًا أَلِيمٗا
Bᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n’aso.
عربي تفسیرونه:
۞ لَّقَدۡ رَضِيَ ٱللَّهُ عَنِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ إِذۡ يُبَايِعُونَكَ تَحۡتَ ٱلشَّجَرَةِ فَعَلِمَ مَا فِي قُلُوبِهِمۡ فَأَنزَلَ ٱلسَّكِينَةَ عَلَيۡهِمۡ وَأَثَٰبَهُمۡ فَتۡحٗا قَرِيبٗا
Nokorε sε Nyankopͻn agye agyidiefoͻ no atom wͻ εberε a wͻsuae kyerεε wo wͻ dua no aseε no; na Ɔnim deε εwͻ wͻn akoma mu, enti Ɔsianee awerεkyekyerε baa wͻn so, εna Ɔde nkonim a εbεn no tuaa wͻn ka-,
عربي تفسیرونه:
وَمَغَانِمَ كَثِيرَةٗ يَأۡخُذُونَهَاۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمٗا
Ne asadeε bebrebe a wͻbɛnya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
عربي تفسیرونه:
وَعَدَكُمُ ٱللَّهُ مَغَانِمَ كَثِيرَةٗ تَأۡخُذُونَهَا فَعَجَّلَ لَكُمۡ هَٰذِهِۦ وَكَفَّ أَيۡدِيَ ٱلنَّاسِ عَنكُمۡ وَلِتَكُونَ ءَايَةٗ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ وَيَهۡدِيَكُمۡ صِرَٰطٗا مُّسۡتَقِيمٗا
Onyankopͻn hyεε mo asadeε pii a mobɛnya no ho bͻ, na Ɔyεε woi ntεm maa mo, na Oyii nnipa nsa firii mo so, sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama agyidiefoͻ no, na Wakyerε mo kwan afa ͻkwan tenene soͻ.
عربي تفسیرونه:
وَأُخۡرَىٰ لَمۡ تَقۡدِرُواْ عَلَيۡهَا قَدۡ أَحَاطَ ٱللَّهُ بِهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٗا
Deε aka a monsa nnya nnkaeε no Onyankopͻn atwa ho nyinaa ahyia (anaasε Onim). Onyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.
عربي تفسیرونه:
وَلَوۡ قَٰتَلَكُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لَوَلَّوُاْ ٱلۡأَدۡبَٰرَ ثُمَّ لَا يَجِدُونَ وَلِيّٗا وَلَا نَصِيرٗا
Sε wͻn a wᴐpo nokorԑ no ne mo ko mpo a, nokorε sε wͻbεdane wͻn akyi ama, na wͻnnya okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).
عربي تفسیرونه:
سُنَّةَ ٱللَّهِ ٱلَّتِي قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلُۖ وَلَن تَجِدَ لِسُنَّةِ ٱللَّهِ تَبۡدِيلٗا
Saa ara na Onyankopͻn kwan a Ɔtwa too hͻ de maa wͻn a wͻatwa mu kͻ no teε, na wonhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa.
عربي تفسیرونه:
وَهُوَ ٱلَّذِي كَفَّ أَيۡدِيَهُمۡ عَنكُمۡ وَأَيۡدِيَكُمۡ عَنۡهُم بِبَطۡنِ مَكَّةَ مِنۢ بَعۡدِ أَنۡ أَظۡفَرَكُمۡ عَلَيۡهِمۡۚ وَكَانَ ٱللَّهُ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرًا
Ɔno na Oyii (atamfoͻ no) nsa firii mo soͻ, εna oyii monso monsa firii wͻn soͻ wͻ Maka (kuro no) mu wͻ akyire yi a Ɔmaa mo dii nkonim wͻ wͻn soͻ no. Na Onyankopᴐn deε Ohunu dwuma a modie (nyinaa).
عربي تفسیرونه:
هُمُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَصَدُّوكُمۡ عَنِ ٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ وَٱلۡهَدۡيَ مَعۡكُوفًا أَن يَبۡلُغَ مَحِلَّهُۥۚ وَلَوۡلَا رِجَالٞ مُّؤۡمِنُونَ وَنِسَآءٞ مُّؤۡمِنَٰتٞ لَّمۡ تَعۡلَمُوهُمۡ أَن تَطَـُٔوهُمۡ فَتُصِيبَكُم مِّنۡهُم مَّعَرَّةُۢ بِغَيۡرِ عِلۡمٖۖ لِّيُدۡخِلَ ٱللَّهُ فِي رَحۡمَتِهِۦ مَن يَشَآءُۚ لَوۡ تَزَيَّلُواْ لَعَذَّبۡنَا ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ مِنۡهُمۡ عَذَابًا أَلِيمًا
Wͻn ne wͻn a wᴐpo nokorԑ, na wͻsii mo Nyamedan kronkron no ho kwan, na afͻrebͻ no annuru n’agyinaeε hͻ. Sε na εnyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa a monni wͻn, na anhwε a na moatiatia wͻn so (aku wͻn) wͻ aberε a monnim ho hwee ama asεm bͻne bi ato mo a, (anka Ɔmaa mo wuraa Maka). Sεdeε Onyankopͻn de obi a Ɔpε bɛwura N’ahummͻborͻ no mu. Sε anka (agyidiefoͻ a εwͻ Maka a wͻde wͻn gyidie asuma no ne Kaafirfoͻ no) ho da nso a, anka Yεde asotwee a emu yε den paa twee wͻn mu boniayεfoͻ no aso.
عربي تفسیرونه:
إِذۡ جَعَلَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فِي قُلُوبِهِمُ ٱلۡحَمِيَّةَ حَمِيَّةَ ٱلۡجَٰهِلِيَّةِ فَأَنزَلَ ٱللَّهُ سَكِينَتَهُۥ عَلَىٰ رَسُولِهِۦ وَعَلَى ٱلۡمُؤۡمِنِينَ وَأَلۡزَمَهُمۡ كَلِمَةَ ٱلتَّقۡوَىٰ وَكَانُوٓاْ أَحَقَّ بِهَا وَأَهۡلَهَاۚ وَكَانَ ٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمٗا
Ɛberε a wͻn a wͻnnye nnie no de akεsesεm ne ahomasoͻ, abagyimi berε ahomasoͻ hyεε wͻn akoma mu no, Nyankopͻn sianee N’awerεkyekyerε maa Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no, na Ɔmaa wͻsͻͻ Nyame suro kasa (Laa ilaaha illal-Laah) no mu pintinn, na na (agyidiefoͻ no) wͻ ho kwan, na εfata wͻn nso. Na Nyankopͻn deε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
عربي تفسیرونه:
لَّقَدۡ صَدَقَ ٱللَّهُ رَسُولَهُ ٱلرُّءۡيَا بِٱلۡحَقِّۖ لَتَدۡخُلُنَّ ٱلۡمَسۡجِدَ ٱلۡحَرَامَ إِن شَآءَ ٱللَّهُ ءَامِنِينَ مُحَلِّقِينَ رُءُوسَكُمۡ وَمُقَصِّرِينَ لَا تَخَافُونَۖ فَعَلِمَ مَا لَمۡ تَعۡلَمُواْ فَجَعَلَ مِن دُونِ ذَٰلِكَ فَتۡحٗا قَرِيبًا
Ampa sε Nyankopͻn hyεε N’akoa no yikyerε no mma wͻ nokorε mu sε: “Sε Onyankopͻn pε a wode abodwoɔ bɛwura Nyamedan kronkron no mu a, (mo mu bi) awεre wͻn tri ho, na (mo mu bi nso) abubu wͻn tri soͻ a suro biara nni mu. Na Onim deε monnnim; na εno akyiri no Ɔmaa (mo) nkonim die a εbεn.
عربي تفسیرونه:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ رَسُولَهُۥ بِٱلۡهُدَىٰ وَدِينِ ٱلۡحَقِّ لِيُظۡهِرَهُۥ عَلَى ٱلدِّينِ كُلِّهِۦۚ وَكَفَىٰ بِٱللَّهِ شَهِيدٗا
Ɔno na Ɔde tenenee no ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ no, sεdeε Ɔbεma no akata ͻsom biara soͻ. Onyankopͻn som bo sε Ɔdansefoͻ.
عربي تفسیرونه:
مُّحَمَّدٞ رَّسُولُ ٱللَّهِۚ وَٱلَّذِينَ مَعَهُۥٓ أَشِدَّآءُ عَلَى ٱلۡكُفَّارِ رُحَمَآءُ بَيۡنَهُمۡۖ تَرَىٰهُمۡ رُكَّعٗا سُجَّدٗا يَبۡتَغُونَ فَضۡلٗا مِّنَ ٱللَّهِ وَرِضۡوَٰنٗاۖ سِيمَاهُمۡ فِي وُجُوهِهِم مِّنۡ أَثَرِ ٱلسُّجُودِۚ ذَٰلِكَ مَثَلُهُمۡ فِي ٱلتَّوۡرَىٰةِۚ وَمَثَلُهُمۡ فِي ٱلۡإِنجِيلِ كَزَرۡعٍ أَخۡرَجَ شَطۡـَٔهُۥ فَـَٔازَرَهُۥ فَٱسۡتَغۡلَظَ فَٱسۡتَوَىٰ عَلَىٰ سُوقِهِۦ يُعۡجِبُ ٱلزُّرَّاعَ لِيَغِيظَ بِهِمُ ٱلۡكُفَّارَۗ وَعَدَ ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ مِنۡهُم مَّغۡفِرَةٗ وَأَجۡرًا عَظِيمَۢا
Muhammad yε Onyankopͻn Somafoͻ, wͻn a wͻka ne ho no yε den wͻ boniayεfoͻ no so papaapa, na wͻhu wͻn ho wͻn ho mmͻbͻ. Wobɛhu wͻn sε wͻrebͻ wͻn mu ase de wͻn anim butu fͻm hwehwε Onyankopͻn adom ne Ne nyetomu. Wͻn nsohyεdeε wͻ wͻn anim, εnam (wͻn) anim a wͻde butu fam no nti. Woi ne wͻn mfatoho wͻ Tora mu; na wͻn mfatoho wͻ Injiil mu no nso, wͻtesε: Aduaba a (yɛadua na) afifire na ayε den na asipi na agyina pintinn wͻ ne dua no soͻ, na okuafoͻ no ani agye ho; sεdeε Ɔbεhyε boniayεfoͻ no abufuo. Onyankopͻn de bͻnefakyε ne akatua a εsoo paa ho bͻ ahyε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa wͻ wͻn mu no.
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: الفتح
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اشانتي ژباړه - د ژباړو فهرست (لړلیک)

په اشنتي ژبه کې د قرآن کریم د معناګانو ژباړه، د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول