Check out the new design

د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل * - د ژباړو فهرست (لړلیک)

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

د معناګانو ژباړه سورت: نازعات   آیت:
ٱذۡهَبۡ إِلَىٰ فِرۡعَوۡنَ إِنَّهُۥ طَغَىٰ
Ɔka kyerεε no sε: “Kͻ Farao hͻ, na nokorε sε wate atua, ayε bͻne atra so “.
عربي تفسیرونه:
فَقُلۡ هَل لَّكَ إِلَىٰٓ أَن تَزَكَّىٰ
Na ka kyerε no sε: “Wopε sε woyε kronkron?
عربي تفسیرونه:
وَأَهۡدِيَكَ إِلَىٰ رَبِّكَ فَتَخۡشَىٰ
Na menkyerε wo kwan nkͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ na nya Ne ho suro?”
عربي تفسیرونه:
فَأَرَىٰهُ ٱلۡأٓيَةَ ٱلۡكُبۡرَىٰ
Ɔde Nsεnkyerεnee akεseε no kyerεε no.
عربي تفسیرونه:
فَكَذَّبَ وَعَصَىٰ
Nanso ᴐfaa no atorᴐsԑm, yεε asoͻden nso.
عربي تفسیرونه:
ثُمَّ أَدۡبَرَ يَسۡعَىٰ
Afei ͻdanee n’akyi maae, bͻͻ mmͻden (sε ͻbεko atia Mose ne ne Nyankopͻn).
عربي تفسیرونه:
فَحَشَرَ فَنَادَىٰ
Ɔboaboaa ne nkorͻfoͻ ano paee mu (de too wͻn anim),
عربي تفسیرونه:
فَقَالَ أَنَا۠ رَبُّكُمُ ٱلۡأَعۡلَىٰ
Ɔkaa sε: “Me ne mo wura kokuroko no “.
عربي تفسیرونه:
فَأَخَذَهُ ٱللَّهُ نَكَالَ ٱلۡأٓخِرَةِ وَٱلۡأُولَىٰٓ
Enti Nyankopͻn de daakye ne seseei (wiase) asotwee no twee n’aso.
عربي تفسیرونه:
إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَعِبۡرَةٗ لِّمَن يَخۡشَىٰٓ
Nokorε sε, adesua wͻ woi mu de ma obi a osuro Nyankopͻn.
عربي تفسیرونه:
ءَأَنتُمۡ أَشَدُّ خَلۡقًا أَمِ ٱلسَّمَآءُۚ بَنَىٰهَا
Enti (nnipa), mo mmͻeε na εyε den anaasε ͻsoro? Ɔno na Ɔbͻeε,
عربي تفسیرونه:
رَفَعَ سَمۡكَهَا فَسَوَّىٰهَا
Pagyaa ne soro kͻ, siesieε, totoo no pεpεεpε,
عربي تفسیرونه:
وَأَغۡطَشَ لَيۡلَهَا وَأَخۡرَجَ ضُحَىٰهَا
Ɛna n’anadwo no nso Wayε no esum, εna Wama n’adekyeε nso nhyerεnee,
عربي تفسیرونه:
وَٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ ذَٰلِكَ دَحَىٰهَآ
Ɛna εno akyiri no, Ɔde asaase sii hͻ sε kosua trεε mu,
عربي تفسیرونه:
أَخۡرَجَ مِنۡهَا مَآءَهَا وَمَرۡعَىٰهَا
Maa emu nsuo ne emu nwira puepueeε.
عربي تفسیرونه:
وَٱلۡجِبَالَ أَرۡسَىٰهَا
Ɛna Ɔde mmepͻ nso atintim so pintinn,
عربي تفسیرونه:
مَتَٰعٗا لَّكُمۡ وَلِأَنۡعَٰمِكُمۡ
(Woi nom) yε akͻnhoma ma mo ne mo ayεmmoa.
عربي تفسیرونه:
فَإِذَا جَآءَتِ ٱلطَّآمَّةُ ٱلۡكُبۡرَىٰ
Sε Mmusuo Da kεseε no ba a,
عربي تفسیرونه:
يَوۡمَ يَتَذَكَّرُ ٱلۡإِنسَٰنُ مَا سَعَىٰ
Saa Da no na onipa bεkae ne mmͻden a ͻbͻeε.
عربي تفسیرونه:
وَبُرِّزَتِ ٱلۡجَحِيمُ لِمَن يَرَىٰ
Amanehunu gya bεda adi pefee ama obi a ohunu.
عربي تفسیرونه:
فَأَمَّا مَن طَغَىٰ
Na obi a ͻtee atua dii bͻne,
عربي تفسیرونه:
وَءَاثَرَ ٱلۡحَيَوٰةَ ٱلدُّنۡيَا
Na (ᴐhwԑԑ mu) yii wiase asetena yi no,
عربي تفسیرونه:
فَإِنَّ ٱلۡجَحِيمَ هِيَ ٱلۡمَأۡوَىٰ
Nokorε sε, Amanehunu gya no mu ne ne fie.
عربي تفسیرونه:
وَأَمَّا مَنۡ خَافَ مَقَامَ رَبِّهِۦ وَنَهَى ٱلنَّفۡسَ عَنِ ٱلۡهَوَىٰ
Na obi a ͻno deε osuroo sε ͻbɛgyina ne Wura Nyankopͻn anim, na osii ne kraa ho kwan frii honam apεdeε anaa honam akͻnͻdeε ho no,
عربي تفسیرونه:
فَإِنَّ ٱلۡجَنَّةَ هِيَ ٱلۡمَأۡوَىٰ
(Saa nipa no) fie ne ͻsoro aheman no mu.
عربي تفسیرونه:
يَسۡـَٔلُونَكَ عَنِ ٱلسَّاعَةِ أَيَّانَ مُرۡسَىٰهَا
Wͻrebisa wo εberε no ho asεm sε, εberε bεn na ebesie?
عربي تفسیرونه:
فِيمَ أَنتَ مِن ذِكۡرَىٰهَآ
(Ɛberε a εbesie no deε) deεn na wo (bɛtumi) aka fa ho?
عربي تفسیرونه:
إِلَىٰ رَبِّكَ مُنتَهَىٰهَآ
Ne brε a εbesie no deε εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ.
عربي تفسیرونه:
إِنَّمَآ أَنتَ مُنذِرُ مَن يَخۡشَىٰهَا
Na wo (Nkͻmhyεni) deε woyε kͻkͻbͻni ma obi a ɔsuro (saa Da no).
عربي تفسیرونه:
كَأَنَّهُمۡ يَوۡمَ يَرَوۡنَهَا لَمۡ يَلۡبَثُوٓاْ إِلَّا عَشِيَّةً أَوۡ ضُحَىٰهَا
Ɛda a (wͻn a wͻnnye nnie no) bɛhunu (saa Da) no no, εbεyε wͻn sε anyumerε mu anaa anͻpa mu berε tiaa bi na wͻde tenaa (wiaseε).
عربي تفسیرونه:
 
د معناګانو ژباړه سورت: نازعات
د سورتونو فهرست (لړلیک) د مخ نمبر
 
د قرآن کریم د معناګانو ژباړه - اکاني ژباړه - اشانتي - هارون اسماعیل - د ژباړو فهرست (لړلیک)

د شیخ هارون اسماعیل لخوا ژباړل شوی.

بندول