Tradução dos significados do Nobre Qur’an. - Tradução Ashanti * - Índice de tradução

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Tradução dos significados Versículo: (176) Surah: Suratu An-Nisaa
يَسۡتَفۡتُونَكَ قُلِ ٱللَّهُ يُفۡتِيكُمۡ فِي ٱلۡكَلَٰلَةِۚ إِنِ ٱمۡرُؤٌاْ هَلَكَ لَيۡسَ لَهُۥ وَلَدٞ وَلَهُۥٓ أُخۡتٞ فَلَهَا نِصۡفُ مَا تَرَكَۚ وَهُوَ يَرِثُهَآ إِن لَّمۡ يَكُن لَّهَا وَلَدٞۚ فَإِن كَانَتَا ٱثۡنَتَيۡنِ فَلَهُمَا ٱلثُّلُثَانِ مِمَّا تَرَكَۚ وَإِن كَانُوٓاْ إِخۡوَةٗ رِّجَالٗا وَنِسَآءٗ فَلِلذَّكَرِ مِثۡلُ حَظِّ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۗ يُبَيِّنُ ٱللَّهُ لَكُمۡ أَن تَضِلُّواْۗ وَٱللَّهُ بِكُلِّ شَيۡءٍ عَلِيمُۢ
Wɔ’rebisa wo nsεm bi ho atemmuo. Ka sε: “Onyankopɔn rekyerε mo fa onipa a onni awofoͻ anaa εmma. Sε obi wu na onni ba na ͻwͻ nua baa a, onua baa no kyεfa yε deε (owufoͻ no) wugyaeε no mu fa; na sε onua baa no nso nni ba (na owu na ne nua barima te ase a), ͻno na obedi (ne nua baa no) adeε. Na sε (nnua mmaa) mmienu na εwͻ hͻ a, wɔn mmienu bεfa nkyemu mmiεnsa mu mmienu. Nasε wɔ’kɔyε anuanom a mmarima ne mmaa wɔ mu a, εneε ͻbarima (baako) kyεfa tesε mmaa mmienu kyεfa”. Onyankopɔn rekyerεkyerε (mmra no) mu akyerε mo sεdeε εmma monkɔyera. Onyankopɔn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Os Tafssir em língua árabe:
 
Tradução dos significados Versículo: (176) Surah: Suratu An-Nisaa
Índice de capítulos Número de página
 
Tradução dos significados do Nobre Qur’an. - Tradução Ashanti - Índice de tradução

Tradução dos significados do Nobre Qur'an para a língua Ashanti, traduzido pelo Sheikh Harun Issmail

Fechar