Check out the new design

Tradução dos significados do Nobre Qur’an. - Tradução Akan - Ashanti - Harun Ismail * - Índice de tradução

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Tradução dos significados Surah: Al-Ahqaf   Versículo:
وَإِذۡ صَرَفۡنَآ إِلَيۡكَ نَفَرٗا مِّنَ ٱلۡجِنِّ يَسۡتَمِعُونَ ٱلۡقُرۡءَانَ فَلَمَّا حَضَرُوهُ قَالُوٓاْ أَنصِتُواْۖ فَلَمَّا قُضِيَ وَلَّوۡاْ إِلَىٰ قَوۡمِهِم مُّنذِرِينَ
(Nkͻmhyεni), kae εberε a Yεdanee Jinn kuo bi ani kyerεε wo hͻ, na wͻtiee Qur’aan (akenkan), εberε a wͻbaa hɔ no, wͻka kyerεε (wͻn ho) sε: ”Monyε komm! Ԑberε a (akenkan no) siiε no, wͻdanee wͻn ho kͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ kͻbɔɔ (wͻn) kɔkɔ.
Os Tafssir em língua árabe:
قَالُواْ يَٰقَوۡمَنَآ إِنَّا سَمِعۡنَا كِتَٰبًا أُنزِلَ مِنۢ بَعۡدِ مُوسَىٰ مُصَدِّقٗا لِّمَا بَيۡنَ يَدَيۡهِ يَهۡدِيٓ إِلَى ٱلۡحَقِّ وَإِلَىٰ طَرِيقٖ مُّسۡتَقِيمٖ
Wͻkaa sε: “Yεn nkorͻfoͻ, nokorε sε yɛate Nwoma bi a yɛasane aba Mose akyi no mu nsεm, na εhyε (Nwoma) a edi n’anim kan no mma, εkyerε kwan kɔ nokorε ne ͻkwan tenenee no so”.
Os Tafssir em língua árabe:
يَٰقَوۡمَنَآ أَجِيبُواْ دَاعِيَ ٱللَّهِ وَءَامِنُواْ بِهِۦ يَغۡفِرۡ لَكُم مِّن ذُنُوبِكُمۡ وَيُجِرۡكُم مِّنۡ عَذَابٍ أَلِيمٖ
Yεn nkorͻfoͻ, monnye Nyankopͻn frε no so na monnye no nni, na Ɔde mo bͻne no bi bεkyε mo, na Wabͻ mo ho ban afiri asotwee yaaya no ho.
Os Tafssir em língua árabe:
وَمَن لَّا يُجِبۡ دَاعِيَ ٱللَّهِ فَلَيۡسَ بِمُعۡجِزٖ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَلَيۡسَ لَهُۥ مِن دُونِهِۦٓ أَوۡلِيَآءُۚ أُوْلَٰٓئِكَ فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٍ
Na obia wannye Nyankopͻn frε no soͻ no, ɔnni dwanekͻbea (biara) wͻ asaase yi so, na ɔnni okyitaafoͻ biara wͻ Nyankopͻn akyi. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee paa mu no’’
Os Tafssir em língua árabe:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ وَلَمۡ يَعۡيَ بِخَلۡقِهِنَّ بِقَٰدِرٍ عَلَىٰٓ أَن يُحۡـِۧيَ ٱلۡمَوۡتَىٰۚ بَلَىٰٓۚ إِنَّهُۥ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Enti wͻnhunuu sε Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ soro ne asaase, na Wammerε wͻ ne mmͻeε no ho no wͻ tumi sε Ɔnyane awufoͻ? Aane! Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so.
Os Tafssir em língua árabe:
وَيَوۡمَ يُعۡرَضُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ عَلَى ٱلنَّارِ أَلَيۡسَ هَٰذَا بِٱلۡحَقِّۖ قَالُواْ بَلَىٰ وَرَبِّنَاۚ قَالَ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ
Ɛda a Yεde wͻn a wͻannye annie no bεba egya no anim no, (yεbɛbisa wͻn sε): “Wei nyε nokorε anaa?” Wͻbεka sε: “Aane! Yεde yɛn Wura Nyankopͻn di nse”. (Onyankopͻn) bεka sε: ”Monsɔ (asotwee no) nhwε εnam sε mopoo (nokorε) no nti.”
Os Tafssir em língua árabe:
فَٱصۡبِرۡ كَمَا صَبَرَ أُوْلُواْ ٱلۡعَزۡمِ مِنَ ٱلرُّسُلِ وَلَا تَسۡتَعۡجِل لَّهُمۡۚ كَأَنَّهُمۡ يَوۡمَ يَرَوۡنَ مَا يُوعَدُونَ لَمۡ يَلۡبَثُوٓاْ إِلَّا سَاعَةٗ مِّن نَّهَارِۭۚ بَلَٰغٞۚ فَهَلۡ يُهۡلَكُ إِلَّا ٱلۡقَوۡمُ ٱلۡفَٰسِقُونَ
Enti (Nkͻmhyεni), wodeε si aboterε sεdeε Asomafoͻ no mu atitiriw no sii aboterε no, na εmpere (asotwee no) ho mma wͻn. Ɛda a wͻbɛhunu deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no, εbεyε wͻn sε, wͻantena (wiase) gyesɛ bεyε adekyeε mu dͻnhwere baako bi pε. (Qur’aan yi yε) amanebͻ. Enti εnyε asoɔdenfoͻ no na (asotwee no ba a) wͻbεsεeε?
Os Tafssir em língua árabe:
 
Tradução dos significados Surah: Al-Ahqaf
Índice de capítulos Número de página
 
Tradução dos significados do Nobre Qur’an. - Tradução Akan - Ashanti - Harun Ismail - Índice de tradução

Traduziu o Sheikh Harun Ismail.

Fechar