Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - الترجمة الأكانية - الأشانتية * - Përmbajtja e përkthimeve

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Përkthimi i kuptimeve Surja: Suretu El Kehf   Ajeti:

Al-Kahf

ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِيٓ أَنزَلَ عَلَىٰ عَبۡدِهِ ٱلۡكِتَٰبَ وَلَمۡ يَجۡعَل لَّهُۥ عِوَجَاۜ
Aseda wͻ Nyankopͻn no a Wasiane Nwoma no ama N’akoa (Muhammad), na Wamma asεm a εntenee biara amma mu;
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَيِّمٗا لِّيُنذِرَ بَأۡسٗا شَدِيدٗا مِّن لَّدُنۡهُ وَيُبَشِّرَ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ ٱلَّذِينَ يَعۡمَلُونَ ٱلصَّٰلِحَٰتِ أَنَّ لَهُمۡ أَجۡرًا حَسَنٗا
(Na mmom Ɔmaa no yεε Nwoma a emu nsεm no) tene pεpεεpε, sεdeε ͻde asotwe denden a efri Ne hͻ no bεbͻ (nnipa) kͻkͻ, na ͻbεhyԑ agyidiefoͻ no a wͻredi dwumapa no nso bᴐ sε, wͻn wͻ akatuapa a,
Tefsiret në gjuhën arabe:
مَّٰكِثِينَ فِيهِ أَبَدٗا
Wͻbεtena mu afe bͻͻ;
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيُنذِرَ ٱلَّذِينَ قَالُواْ ٱتَّخَذَ ٱللَّهُ وَلَدٗا
Na (ͻbεsan) abͻ wͻn a wͻka sε Nyankopͻn awo ba no nso kͻkͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
مَّا لَهُم بِهِۦ مِنۡ عِلۡمٖ وَلَا لِأٓبَآئِهِمۡۚ كَبُرَتۡ كَلِمَةٗ تَخۡرُجُ مِنۡ أَفۡوَٰهِهِمۡۚ إِن يَقُولُونَ إِلَّا كَذِبٗا
(Saa nkorͻfoͻ no) nni (nsεm a wͻka no) ho nimdeε; wͻn agya nom nso (a wͻresuasua wͻn no nso) saa ara. Asεm kεseε paa na epue firi wͻn ano no. Nkontomposεm ne deԑ wᴐkeka no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَلَعَلَّكَ بَٰخِعٞ نَّفۡسَكَ عَلَىٰٓ ءَاثَٰرِهِمۡ إِن لَّمۡ يُؤۡمِنُواْ بِهَٰذَا ٱلۡحَدِيثِ أَسَفًا
(Nkᴐmhyԑni), anhwԑ a wobԑha wo ho adi wᴐn ho awerεhoͻ awu, sε wͻnnye saa asεm yi nnie nti.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِنَّا جَعَلۡنَا مَا عَلَى ٱلۡأَرۡضِ زِينَةٗ لَّهَا لِنَبۡلُوَهُمۡ أَيُّهُمۡ أَحۡسَنُ عَمَلٗا
Nokorε sε, Yɛayε deε εwͻ asaase soͻ no afεɛfεdeε ama (asaase) no, sεdeε Yεde bεyε nnipa nsͻhwε, (agyina so ahwε) wͻn mu obi a odi dwuma pa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِنَّا لَجَٰعِلُونَ مَا عَلَيۡهَا صَعِيدٗا جُرُزًا
Nokorε sε, Yεbεyε deε εwͻ (asaase no) soͻ no (nyinaa) mfuturo, a wira anaa dua (biara) nnka wᴐ soͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَمۡ حَسِبۡتَ أَنَّ أَصۡحَٰبَ ٱلۡكَهۡفِ وَٱلرَّقِيمِ كَانُواْ مِنۡ ءَايَٰتِنَا عَجَبًا
Anaa w’adwen yε wo sε Ɔbodan no mu foͻ no, ne Adwini a yɛadi (anaasε ntwerε a yɛatwerε fa wͻn ho) no ka Yԑn nsԑnkyerԑnee a ԑyԑ nwanwa no ho anaa?
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِذۡ أَوَى ٱلۡفِتۡيَةُ إِلَى ٱلۡكَهۡفِ فَقَالُواْ رَبَّنَآ ءَاتِنَا مِن لَّدُنكَ رَحۡمَةٗ وَهَيِّئۡ لَنَا مِنۡ أَمۡرِنَا رَشَدٗا
Ɛberε a mmranteε no kͻbͻͻ wͻn ho adwaa wͻ ͻbodan no mu no, (wͻbͻͻ mpaeε) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, ma yεn ahummͻborͻ a efri Wo nkyεn, na kyerε yεn kwan wͻ yεn dwumadie yi ho”.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَضَرَبۡنَا عَلَىٰٓ ءَاذَانِهِمۡ فِي ٱلۡكَهۡفِ سِنِينَ عَدَدٗا
Yɛsii wͻn aso (maa wͻdaa nna tenten) wͻ ͻbodan no mu mfeɛ pii.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ثُمَّ بَعَثۡنَٰهُمۡ لِنَعۡلَمَ أَيُّ ٱلۡحِزۡبَيۡنِ أَحۡصَىٰ لِمَا لَبِثُوٓاْ أَمَدٗا
Afei Yɛnyanee wͻn sεdeε Yɛbɛhunu akuo mmienu no mu deε onim akontabuo a (ͻbetumi) asese mmerε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu).
Tefsiret në gjuhën arabe:
نَّحۡنُ نَقُصُّ عَلَيۡكَ نَبَأَهُم بِٱلۡحَقِّۚ إِنَّهُمۡ فِتۡيَةٌ ءَامَنُواْ بِرَبِّهِمۡ وَزِدۡنَٰهُمۡ هُدٗى
(Nkͻmhyεni), Yεde wͻn asεm no mu nokorε na εrebͻ wo amaneε. Nokorε sε, wͻyε mmranteε a wͻgyee wͻn Wura Nyankopͻn diiε, na Yεde tenenee kaa wͻn ho.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَرَبَطۡنَا عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ إِذۡ قَامُواْ فَقَالُواْ رَبُّنَا رَبُّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَن نَّدۡعُوَاْ مِن دُونِهِۦٓ إِلَٰهٗاۖ لَّقَدۡ قُلۡنَآ إِذٗا شَطَطًا
Yεhyεε wͻn akoma den (maa wͻgyinaa pintinn), εberε a wͻsͻre gyina kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn no ne ͻsoro ne asaase Wura no, yεmfri N’akyi mfrε nyame foforͻ biara; (sε yɛfri N'akyi frε nyame foforͻ bi a), εneε nokorε sε na yɛaka abususεm.“
Tefsiret në gjuhën arabe:
هَٰٓؤُلَآءِ قَوۡمُنَا ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِهِۦٓ ءَالِهَةٗۖ لَّوۡلَا يَأۡتُونَ عَلَيۡهِم بِسُلۡطَٰنِۭ بَيِّنٖۖ فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا
Yεn nkorͻfoͻ woi nom afri Nyankopͻn akyi afa anyame foforͻ. Adεn na wͻmfa tumi anaa nyinasoͻ pefee bi mmrε wͻn? Nipa bͻneni bεn na ͻkyεn obia ͻbͻ ne trim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ?
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِذِ ٱعۡتَزَلۡتُمُوهُمۡ وَمَا يَعۡبُدُونَ إِلَّا ٱللَّهَ فَأۡوُۥٓاْ إِلَى ٱلۡكَهۡفِ يَنشُرۡ لَكُمۡ رَبُّكُم مِّن رَّحۡمَتِهِۦ وَيُهَيِّئۡ لَكُم مِّنۡ أَمۡرِكُم مِّرۡفَقٗا
(Mmranteε no ka kyerεε wͻn ho wͻn ho sε): “Sε motwe mo ho fri wͻn ho, ne deε wͻsom a εnyε Nyankopͻn no ho a, momͻ mo ho adwaa wͻ ͻbodan no mu. Mo Wura Nyankopͻn de N’ahummͻborͻ bεkata mo so, na Wama modwumadie no ayε bͻkͻͻ ama mo“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ وَتَرَى ٱلشَّمۡسَ إِذَا طَلَعَت تَّزَٰوَرُ عَن كَهۡفِهِمۡ ذَاتَ ٱلۡيَمِينِ وَإِذَا غَرَبَت تَّقۡرِضُهُمۡ ذَاتَ ٱلشِّمَالِ وَهُمۡ فِي فَجۡوَةٖ مِّنۡهُۚ ذَٰلِكَ مِنۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِۗ مَن يَهۡدِ ٱللَّهُ فَهُوَ ٱلۡمُهۡتَدِۖ وَمَن يُضۡلِلۡ فَلَن تَجِدَ لَهُۥ وَلِيّٗا مُّرۡشِدٗا
Sε awia no pue a wobɛhu sε efri wͻn bodan no so rekͻ nifa soͻ, na sε εrekͻtͻ a etwam san wͻn ho kͻ benkum so, aberε a wͻn wͻ (ͻbodan no) mu wͻ baabi a εhͻ baeε. Woi yε Nyankopͻn nsεnkyerεnee. Obia Nyankopͻn atene no no ͻne obi a wanya kwankyerε, na obi a Ɔbεyera no no, onnya okyitaafoͻ a ͻbεkyerε no kwan.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَتَحۡسَبُهُمۡ أَيۡقَاظٗا وَهُمۡ رُقُودٞۚ وَنُقَلِّبُهُمۡ ذَاتَ ٱلۡيَمِينِ وَذَاتَ ٱلشِّمَالِۖ وَكَلۡبُهُم بَٰسِطٞ ذِرَاعَيۡهِ بِٱلۡوَصِيدِۚ لَوِ ٱطَّلَعۡتَ عَلَيۡهِمۡ لَوَلَّيۡتَ مِنۡهُمۡ فِرَارٗا وَلَمُلِئۡتَ مِنۡهُمۡ رُعۡبٗا
Ԑberε a wͻn ada no, (sε wohu wͻn a) wobεdwen sε wͻn anyane, na Yεdane dane wͻn kͻ nifa so ne benkum so; na wͻn kraman a watwe ne nan mmienu a edi animu no mu wͻ aboboa no ano. Sε wopue wͻn so a, anka wobεdane w’akyi adwane wͻn, na anka wͻn ho hu bεhyε wo mu ma.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَكَذَٰلِكَ بَعَثۡنَٰهُمۡ لِيَتَسَآءَلُواْ بَيۡنَهُمۡۚ قَالَ قَآئِلٞ مِّنۡهُمۡ كَمۡ لَبِثۡتُمۡۖ قَالُواْ لَبِثۡنَا يَوۡمًا أَوۡ بَعۡضَ يَوۡمٖۚ قَالُواْ رَبُّكُمۡ أَعۡلَمُ بِمَا لَبِثۡتُمۡ فَٱبۡعَثُوٓاْ أَحَدَكُم بِوَرِقِكُمۡ هَٰذِهِۦٓ إِلَى ٱلۡمَدِينَةِ فَلۡيَنظُرۡ أَيُّهَآ أَزۡكَىٰ طَعَامٗا فَلۡيَأۡتِكُم بِرِزۡقٖ مِّنۡهُ وَلۡيَتَلَطَّفۡ وَلَا يُشۡعِرَنَّ بِكُمۡ أَحَدًا
Saa na Yɛnyanee wͻn sεdeε wͻbɛbisa wͻn ho-wͻn-ho. Wͻn mu kasamafoͻ no kaa sε: “Moatena mmerε tenten sεn?” Wͻkaa sε: Yɛatena dakoro anaa dakoro mu kyԑfa bi. (Afei) wͻkaa sε: “Mo Wura Nyankopͻn na Onim mmerε tenten a mode atena (ha); enti monsoma mo mu baako na ͻnfa mo dwetε (sika) yi nkͻ kuro no mu; ͻnhwε aduane a εyε konkron na ͻnfa akͻnhoma wͻ mu merε mo. Na oni ne ho ni, na ͻnhwε yie na wanna mo asεm adi ankyerε obiara.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِنَّهُمۡ إِن يَظۡهَرُواْ عَلَيۡكُمۡ يَرۡجُمُوكُمۡ أَوۡ يُعِيدُوكُمۡ فِي مِلَّتِهِمۡ وَلَن تُفۡلِحُوٓاْ إِذًا أَبَدٗا
“Efrisε, sε wͻbɛpue mo so (anaasε sε wͻnsa ka mo) a, wͻbɛsi mo aboͻ (aku mo), anaasε wͻbεma mo asan akͻ wͻn som no mu, (na sε εba saa a), εneε monni nkonim“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَكَذَٰلِكَ أَعۡثَرۡنَا عَلَيۡهِمۡ لِيَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقّٞ وَأَنَّ ٱلسَّاعَةَ لَا رَيۡبَ فِيهَآ إِذۡ يَتَنَٰزَعُونَ بَيۡنَهُمۡ أَمۡرَهُمۡۖ فَقَالُواْ ٱبۡنُواْ عَلَيۡهِم بُنۡيَٰنٗاۖ رَّبُّهُمۡ أَعۡلَمُ بِهِمۡۚ قَالَ ٱلَّذِينَ غَلَبُواْ عَلَىٰٓ أَمۡرِهِمۡ لَنَتَّخِذَنَّ عَلَيۡهِم مَّسۡجِدٗا
Saa na Yεmaa (amanfoͻ) hunuu wͻn, sεdeε wͻbɛhunu sε, Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho. Kae εberε a (kuro no mu foͻ no) gyee akyinye wͻ wͻn nsεm no ho, wͻkaa sε: “Monsi dan nsi wͻn so“. Wͻn Wura Nyankopͻn Nim wͻn yie. (Enti) wͻn a wͻdii nkonim wͻ wͻn asεm no mu no kaa sε: “Yɛbɛsi (Masjid) Nyamedan asi wͻn so”.
Tefsiret në gjuhën arabe:
سَيَقُولُونَ ثَلَٰثَةٞ رَّابِعُهُمۡ كَلۡبُهُمۡ وَيَقُولُونَ خَمۡسَةٞ سَادِسُهُمۡ كَلۡبُهُمۡ رَجۡمَۢا بِٱلۡغَيۡبِۖ وَيَقُولُونَ سَبۡعَةٞ وَثَامِنُهُمۡ كَلۡبُهُمۡۚ قُل رَّبِّيٓ أَعۡلَمُ بِعِدَّتِهِم مَّا يَعۡلَمُهُمۡ إِلَّا قَلِيلٞۗ فَلَا تُمَارِ فِيهِمۡ إِلَّا مِرَآءٗ ظَٰهِرٗا وَلَا تَسۡتَفۡتِ فِيهِم مِّنۡهُمۡ أَحَدٗا
(Ebi nom) se wͻyε mmiεnsa, wͻn kraman na εka wͻn ho nnan; εna (ebi nom nso) se: wͻyε nnum, na wͻn kraman na εka ho nsia; wͻtwa nkontompo kyerε wͻn adwen wͻ ahuntasεm ho; (ebi nom nso) se, (wͻyε) nson, wͻn kraman na εka wͻn ho nwͻtwe. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn na Onim wͻn dodoͻ, na obiara nnim gyesε (nnipa) kakraabi. Enti εnnye wͻn ho akyinnye, na mmom gyina nsεm a εda adie (a Yɛayi ama woͻ no so). Na hwε na woammisa wͻn ho asεm wͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu biara hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَا تَقُولَنَّ لِشَاْيۡءٍ إِنِّي فَاعِلٞ ذَٰلِكَ غَدًا
Na hwε na woanka amfa biribi ho sε: “Mεyε saa adeε no ͻkyena;
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُۚ وَٱذۡكُر رَّبَّكَ إِذَا نَسِيتَ وَقُلۡ عَسَىٰٓ أَن يَهۡدِيَنِ رَبِّي لِأَقۡرَبَ مِنۡ هَٰذَا رَشَدٗا
Na mmom (dikan ka sε): “Sε Onyankopͻn pε a”. Sε wowerε fi a, kae wo Wura Nyankopͻn, na kasε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ kwan tenenee a εbεn kyεn woi so “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَبِثُواْ فِي كَهۡفِهِمۡ ثَلَٰثَ مِاْئَةٖ سِنِينَ وَٱزۡدَادُواْ تِسۡعٗا
(Saa nkorͻfoͻ no) tenaa wͻn bodan no mu mfeɛ ahaasa na wͻde (mfie) nkron kaa ho.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلِ ٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا لَبِثُواْۖ لَهُۥ غَيۡبُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ أَبۡصِرۡ بِهِۦ وَأَسۡمِعۡۚ مَا لَهُم مِّن دُونِهِۦ مِن وَلِيّٖ وَلَا يُشۡرِكُ فِي حُكۡمِهِۦٓ أَحَدٗا
(Ɔkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn Nim berε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu). Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ no. Sεdeε Osi hunu adeε (pefee) ne sεdeε Osi te asεm (biara); wͻnni okyitaafoͻ biara ka Ne ho, na Onni ͻhokafoͻ biara nso wͻ N’atemmuo mu“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱتۡلُ مَآ أُوحِيَ إِلَيۡكَ مِن كِتَابِ رَبِّكَۖ لَا مُبَدِّلَ لِكَلِمَٰتِهِۦ وَلَن تَجِدَ مِن دُونِهِۦ مُلۡتَحَدٗا
Kenkan Adiyisεm a yɛayi ama woͻ a εfiri wo Wura Nyankopͻn Nwoma no mu no. Obiara ntumi nsesa N’asεm, na wonnya dwane kͻbea biara wͻ N’akyi.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱصۡبِرۡ نَفۡسَكَ مَعَ ٱلَّذِينَ يَدۡعُونَ رَبَّهُم بِٱلۡغَدَوٰةِ وَٱلۡعَشِيِّ يُرِيدُونَ وَجۡهَهُۥۖ وَلَا تَعۡدُ عَيۡنَاكَ عَنۡهُمۡ تُرِيدُ زِينَةَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَا تُطِعۡ مَنۡ أَغۡفَلۡنَا قَلۡبَهُۥ عَن ذِكۡرِنَا وَٱتَّبَعَ هَوَىٰهُ وَكَانَ أَمۡرُهُۥ فُرُطٗا
Na nya wo ho aboterε ma wͻn a wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn anͻpa ne anwummerε de hwehwε N’anim animuonyam no; na enyi w’ani mfri wͻn so nhwehwε wiase afεεfεdeε. Na enni obi a Yɛama n’akoma werε afri Yεn nkaekaeε, na odi n’apεdeε akyi, na n’asεm (anaa nedwumadi bͻne) aborosoͻ no akyi.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَقُلِ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكُمۡۖ فَمَن شَآءَ فَلۡيُؤۡمِن وَمَن شَآءَ فَلۡيَكۡفُرۡۚ إِنَّآ أَعۡتَدۡنَا لِلظَّٰلِمِينَ نَارًا أَحَاطَ بِهِمۡ سُرَادِقُهَاۚ وَإِن يَسۡتَغِيثُواْ يُغَاثُواْ بِمَآءٖ كَٱلۡمُهۡلِ يَشۡوِي ٱلۡوُجُوهَۚ بِئۡسَ ٱلشَّرَابُ وَسَآءَتۡ مُرۡتَفَقًا
Ka sε: “Nokorε no fri mo Wura Nyankopͻn hͻ; enti obi a ͻpε no ͻnye ni, na obi a ͻpε no nso ͻmpo. Nokorε sε Yɛasiesie Amanehunu gya a ne wisie betwa wͻn ho ahyia (tesε fasuo) ato hͻ ama abͻneεfoͻ no. Sε wͻsu pε nsuo a, yεbεma wͻn nsuo a εtesε yaawa a yɛanane, ama aworͻ wͻn anim. Nsu bͻne paa ne no; na ahomegye bea bͻne paa nso ne hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ إِنَّا لَا نُضِيعُ أَجۡرَ مَنۡ أَحۡسَنَ عَمَلًا
Nokorε sε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, nokorε sε, Yεmma wͻn a wͻdi dwuma pa no akatua nnyε kwa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ جَنَّٰتُ عَدۡنٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهِمُ ٱلۡأَنۡهَٰرُ يُحَلَّوۡنَ فِيهَا مِنۡ أَسَاوِرَ مِن ذَهَبٖ وَيَلۡبَسُونَ ثِيَابًا خُضۡرٗا مِّن سُندُسٖ وَإِسۡتَبۡرَقٖ مُّتَّكِـِٔينَ فِيهَا عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِۚ نِعۡمَ ٱلثَّوَابُ وَحَسُنَتۡ مُرۡتَفَقٗا
Saa nkorͻfoͻ no na Aheman a εwͻ hͻ daa a, nsubͻnten nenam aseε no wͻ wͻn; Yεde sika kͻkͻͻ nkapo bεhyehyε wͻn, na wͻbɛfira kyeme (anaa serekye) ntoma papa monomono, ne kente pa paa a yɛadi mu adwini; na wͻbεgyegye adamu wͻ ahennwa so. Akatua pa paa ne no; na Ahomegye bea pa nso ni.
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ وَٱضۡرِبۡ لَهُم مَّثَلٗا رَّجُلَيۡنِ جَعَلۡنَا لِأَحَدِهِمَا جَنَّتَيۡنِ مِنۡ أَعۡنَٰبٖ وَحَفَفۡنَٰهُمَا بِنَخۡلٖ وَجَعَلۡنَا بَيۡنَهُمَا زَرۡعٗا
Yε nnipa mmienu bi ho mfatoho bi kyerε wͻn. Wͻn mu baako Yεmaa no bobe turo mmienu, εna Yεde akyiresua nnua twaa ho hyiaeε, εna ne mmienu ntεm no Yεyεε afuo wͻ hͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
كِلۡتَا ٱلۡجَنَّتَيۡنِ ءَاتَتۡ أُكُلَهَا وَلَمۡ تَظۡلِم مِّنۡهُ شَيۡـٔٗاۚ وَفَجَّرۡنَا خِلَٰلَهُمَا نَهَرٗا
Saa Turo mmienu no mu biara soo ne nnuaba a (ne berε) ampa ho koraa, na Yεmaa nsuo puepue wͻ ne mmienu ntεm.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَكَانَ لَهُۥ ثَمَرٞ فَقَالَ لِصَٰحِبِهِۦ وَهُوَ يُحَاوِرُهُۥٓ أَنَا۠ أَكۡثَرُ مِنكَ مَالٗا وَأَعَزُّ نَفَرٗا
Na onyaa nnaba. Enti ͻka kyerεε ne yͻnko no, εberε a ͻne no rekasa sε: “Mewͻ sika ne nnipa dͻm kεse kyεn wo”.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَدَخَلَ جَنَّتَهُۥ وَهُوَ ظَالِمٞ لِّنَفۡسِهِۦ قَالَ مَآ أَظُنُّ أَن تَبِيدَ هَٰذِهِۦٓ أَبَدٗا
(Ɔde ahomasoͻ) kͻͻ ne turo no mu aberε a wadi bͻne atia ne kraa. Ɔkaa sε: “Menkae sε woi bεsεe da “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَآ أَظُنُّ ٱلسَّاعَةَ قَآئِمَةٗ وَلَئِن رُّدِدتُّ إِلَىٰ رَبِّي لَأَجِدَنَّ خَيۡرٗا مِّنۡهَا مُنقَلَبٗا
“Na Menkae nso sε Dͻnhwere no bεba; na sε (εba mpo na) mesan kͻ me Wura hͻ a, menya sankͻ-bea a εkyεn woi“
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ لَهُۥ صَاحِبُهُۥ وَهُوَ يُحَاوِرُهُۥٓ أَكَفَرۡتَ بِٱلَّذِي خَلَقَكَ مِن تُرَابٖ ثُمَّ مِن نُّطۡفَةٖ ثُمَّ سَوَّىٰكَ رَجُلٗا
Ne yͻnko no ka kyerεε no wͻ εberε a ͻne no rekasa sε: “Enti Wapo Nea Ɔbͻͻ wo fri mfuturo mu, na afei (Ɔbͻͻ wo) fri ahobaeε mu, na afei Ɔnyonoo wo pεpεεpε maa woyεε nipa?”
Tefsiret në gjuhën arabe:
لَّٰكِنَّا۠ هُوَ ٱللَّهُ رَبِّي وَلَآ أُشۡرِكُ بِرَبِّيٓ أَحَدٗا
“Mmom medeε, Onyankopͻn ne me Wura; na memfa biribiara mmata me Wura Nyankopͻn ho .“
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَوۡلَآ إِذۡ دَخَلۡتَ جَنَّتَكَ قُلۡتَ مَا شَآءَ ٱللَّهُ لَا قُوَّةَ إِلَّا بِٱللَّهِۚ إِن تَرَنِ أَنَا۠ أَقَلَّ مِنكَ مَالٗا وَوَلَدٗا
“Na εyε ma wo sε wo wuraa wo turo no mu no anka wokaa sε: “Deε Onyankopͻn pε (na εnyε hͻ); Tumi biara nnihͻ gyesε Nyankopͻn hͻ. Sε wohwε me sε sika ne mma a mewͻ sua sene deε wowͻ a-,
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَعَسَىٰ رَبِّيٓ أَن يُؤۡتِيَنِ خَيۡرٗا مِّن جَنَّتِكَ وَيُرۡسِلَ عَلَيۡهَا حُسۡبَانٗا مِّنَ ٱلسَّمَآءِ فَتُصۡبِحَ صَعِيدٗا زَلَقًا
Ebia me Wura Nyankopͻn bεma me deε εyε kyεn wo turo no, na Wͻasiane agradaa mmobͻmuu fri soro (abεsεe no) ama no ayε sε asaase a aduaba biara nni soͻ,
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَوۡ يُصۡبِحَ مَآؤُهَا غَوۡرٗا فَلَن تَسۡتَطِيعَ لَهُۥ طَلَبٗا
Anaasε (Ɔbεma) ne nsuo no awe korakora a wontumi nnhu akyire kwan bio.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَأُحِيطَ بِثَمَرِهِۦ فَأَصۡبَحَ يُقَلِّبُ كَفَّيۡهِ عَلَىٰ مَآ أَنفَقَ فِيهَا وَهِيَ خَاوِيَةٌ عَلَىٰ عُرُوشِهَا وَيَقُولُ يَٰلَيۡتَنِي لَمۡ أُشۡرِكۡ بِرَبِّيٓ أَحَدٗا
Na (ͻsεeε) betwaa ne nnuaba no ho hyiae; enti ofitii aseε (de awerεhoͻ) kyinkyim nensa wͻ deε wasεe no wͻ (afuo) no ho no ho, aberε a εda hͻ a hwee nni mu a adane abutuo; ͻkaa sε: “Adi ayε me, mehunui a anka mamfa biribi ammata me Wura (Nyankopͻn) ho.“
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَمۡ تَكُن لَّهُۥ فِئَةٞ يَنصُرُونَهُۥ مِن دُونِ ٱللَّهِ وَمَا كَانَ مُنتَصِرًا
Na wannya (nnipa) kuo bi wͻ Nyankopͻn akyi a wͻbεboa no, na wantumi ammoa ne ho nso.
Tefsiret në gjuhën arabe:
هُنَالِكَ ٱلۡوَلَٰيَةُ لِلَّهِ ٱلۡحَقِّۚ هُوَ خَيۡرٞ ثَوَابٗا وَخَيۡرٌ عُقۡبٗا
Saa berε no, ntwitwagyeε anaasε tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn Nokwafoͻ no. Ɔno na otua akatua pa, na Ne hͻ ne awieε pa no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَٱضۡرِبۡ لَهُم مَّثَلَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا كَمَآءٍ أَنزَلۡنَٰهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ فَٱخۡتَلَطَ بِهِۦ نَبَاتُ ٱلۡأَرۡضِ فَأَصۡبَحَ هَشِيمٗا تَذۡرُوهُ ٱلرِّيَٰحُۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ مُّقۡتَدِرًا
Yε wiase asetena nso ho mfatoho bi ma wͻn: Ɛtesε nsuo a, Yɛsiane fri soro, na asaase so nnuaba no dedi afra na εyε frͻmfrͻmfrͻm fεfεεfε, afei na awo na abubu asin-asin na mframa abͻ no na atu apete. Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلۡمَالُ وَٱلۡبَنُونَ زِينَةُ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَٱلۡبَٰقِيَٰتُ ٱلصَّٰلِحَٰتُ خَيۡرٌ عِندَ رَبِّكَ ثَوَابٗا وَخَيۡرٌ أَمَلٗا
Sika anaa ahonyadeε ne mma yε wiase yi mu afεεfεdeε; na deε εwͻ hͻ daa ne dwumadi pa; εno na εyε wͻ wo Wura (Nyankopͻn) hͻ, na εno nso na εwͻ akatua pa ne anidaasoͻ pa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَوۡمَ نُسَيِّرُ ٱلۡجِبَالَ وَتَرَى ٱلۡأَرۡضَ بَارِزَةٗ وَحَشَرۡنَٰهُمۡ فَلَمۡ نُغَادِرۡ مِنۡهُمۡ أَحَدٗا
Ɛda a Yεbεma mmepͻ atutu afri hͻ no, wobɛhunu sε asaase bεda so frεtεtεtεtε, na Yεbεboa wͻn nyinaa ano na Yɛnnya wͻn mu biara wͻ akyire.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَعُرِضُواْ عَلَىٰ رَبِّكَ صَفّٗا لَّقَدۡ جِئۡتُمُونَا كَمَا خَلَقۡنَٰكُمۡ أَوَّلَ مَرَّةِۭۚ بَلۡ زَعَمۡتُمۡ أَلَّن نَّجۡعَلَ لَكُم مَّوۡعِدٗا
Yεde wͻn bεba wͻ wo Wura Nyankopͻn anim a wͻn ato santen. (Nyankopͻn bεka sε): “Nokorε sε moaba Yεn hͻ sεdeε Yɛdii kan bͻͻ mo no ara. Daabi, na modwen sε, Yεnhyεε εberε biara mmaa mo.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَوُضِعَ ٱلۡكِتَٰبُ فَتَرَى ٱلۡمُجۡرِمِينَ مُشۡفِقِينَ مِمَّا فِيهِ وَيَقُولُونَ يَٰوَيۡلَتَنَا مَالِ هَٰذَا ٱلۡكِتَٰبِ لَا يُغَادِرُ صَغِيرَةٗ وَلَا كَبِيرَةً إِلَّآ أَحۡصَىٰهَاۚ وَوَجَدُواْ مَا عَمِلُواْ حَاضِرٗاۗ وَلَا يَظۡلِمُ رَبُّكَ أَحَدٗا
Yεde (mo dwumadie ho) Nwoma no bεto (mo anim) na wobehunu sε, abͻnefoͻ no bεbͻ hu wͻ deε εwͻ mu no ho, na wͻbεka sε: “Adi ayε yεn! Nwoma bεn na ennya (asεm) ketewa anaa kεseε (biara) na mmom gyesε εsese (ne nyinaa yi)? Wͻbɛhunu deε wͻyͻeε nyinaa sε abεda wͻn anim. Wo Wura Nyankopͻn deε Onni obiara amim.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِذۡ قُلۡنَا لِلۡمَلَٰٓئِكَةِ ٱسۡجُدُواْ لِأٓدَمَ فَسَجَدُوٓاْ إِلَّآ إِبۡلِيسَ كَانَ مِنَ ٱلۡجِنِّ فَفَسَقَ عَنۡ أَمۡرِ رَبِّهِۦٓۗ أَفَتَتَّخِذُونَهُۥ وَذُرِّيَّتَهُۥٓ أَوۡلِيَآءَ مِن دُونِي وَهُمۡ لَكُمۡ عَدُوُّۢۚ بِئۡسَ لِلظَّٰلِمِينَ بَدَلٗا
Kae εberε a Yɛka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Momfa mo anim mmutu fͻm mmerε mo ho ase ma Adam“. wͻn (nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm (maa no), gyesε Iblis nko ara. Na ͻka Jinnifoͻ no ho; na ͻyεε ne Wura (Nyankopͻn) ahyεdeε ho asoͻden. Enti morebɛfri M’akyi afa ͻno ne n’asefoͻ no ayͻnkoͻ aberε a wͻyε mo atanfoͻ? Ɛyε nsesaeε bͻne paa ma abͻneεfoͻ no (sε wͻasesa Nyankopͻn som resom ͻbonsam).
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ مَّآ أَشۡهَدتُّهُمۡ خَلۡقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَلَا خَلۡقَ أَنفُسِهِمۡ وَمَا كُنتُ مُتَّخِذَ ٱلۡمُضِلِّينَ عَضُدٗا
Mamma (Jinnfoͻ no) anhunu ͻsoro ne asaase mmͻeε, anaasε wͻn ara wͻn mmͻeε, anaasε Mεfa wͻn a wͻyera (nnipa no) aboafoͻ.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَوۡمَ يَقُولُ نَادُواْ شُرَكَآءِيَ ٱلَّذِينَ زَعَمۡتُمۡ فَدَعَوۡهُمۡ فَلَمۡ يَسۡتَجِيبُواْ لَهُمۡ وَجَعَلۡنَا بَيۡنَهُم مَّوۡبِقٗا
Kae Ɛda a (Nyankopͻn) bεka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε wͻka Me ho no. Wͻbεfrε wͻn deε, nanso wͻnnye wͻn so, na Yεde εhyeε anaa ekuu bi bεto wͻn ntεm.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَرَءَا ٱلۡمُجۡرِمُونَ ٱلنَّارَ فَظَنُّوٓاْ أَنَّهُم مُّوَاقِعُوهَا وَلَمۡ يَجِدُواْ عَنۡهَا مَصۡرِفٗا
Abͻneεfoͻ no behunu Ogya no, na wͻbɛhunu sε wͻrete ahwe mu, na wͻnnya εho kwati kwan biara (nnwane).
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَلَقَدۡ صَرَّفۡنَا فِي هَٰذَا ٱلۡقُرۡءَانِ لِلنَّاسِ مِن كُلِّ مَثَلٖۚ وَكَانَ ٱلۡإِنسَٰنُ أَكۡثَرَ شَيۡءٖ جَدَلٗا
Ampa sε Yԑnam mfatoho ne abɛbuo ahodoᴐ so akyerεkyerε biribara mu wͻ saa Qur’aan yi mu ama nnipa, nanso onipa yε okyinyefo kyεn biribiara.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَا مَنَعَ ٱلنَّاسَ أَن يُؤۡمِنُوٓاْ إِذۡ جَآءَهُمُ ٱلۡهُدَىٰ وَيَسۡتَغۡفِرُواْ رَبَّهُمۡ إِلَّآ أَن تَأۡتِيَهُمۡ سُنَّةُ ٱلۡأَوَّلِينَ أَوۡ يَأۡتِيَهُمُ ٱلۡعَذَابُ قُبُلٗا
Ɛnyε hwee na esi nnipa kwan sε εmma wͻnnye nnie wͻ εberε a kwan kyerε no bεba wͻn hͻ, anaasε wͻbεsrε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na mmom (deε wͻretwεn ne sε) tetefoͻ no kwan no bi bεba wͻn soͻ, anaasε asotwee no behyia wͻn mpu-ne-mpu..
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَا نُرۡسِلُ ٱلۡمُرۡسَلِينَ إِلَّا مُبَشِّرِينَ وَمُنذِرِينَۚ وَيُجَٰدِلُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِٱلۡبَٰطِلِ لِيُدۡحِضُواْ بِهِ ٱلۡحَقَّۖ وَٱتَّخَذُوٓاْ ءَايَٰتِي وَمَآ أُنذِرُواْ هُزُوٗا
Ԑnyε hwee ho nti na Yεsoma asomafoͻ no, na mmom sεdeε (wͻde Aheman no mu) anigyesεm no bεbͻ (amanfoͻ) anohoba, na (wͻde Amanehunu gya no nso ho asεm) bεbͻ kͻkͻ. Nanso wͻn a wͻyi boniayε no de nkontompo gye akyinye sεdeε wͻde bɛtu Nokorε no aguo, na wͻfa Me nsεm no ne deε yεde bͻ wͻn kͻkͻ no agorͻ ne fεw die.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّن ذُكِّرَ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِۦ فَأَعۡرَضَ عَنۡهَا وَنَسِيَ مَا قَدَّمَتۡ يَدَاهُۚ إِنَّا جَعَلۡنَا عَلَىٰ قُلُوبِهِمۡ أَكِنَّةً أَن يَفۡقَهُوهُ وَفِيٓ ءَاذَانِهِمۡ وَقۡرٗاۖ وَإِن تَدۡعُهُمۡ إِلَى ٱلۡهُدَىٰ فَلَن يَهۡتَدُوٓاْ إِذًا أَبَدٗا
Hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obia yεkae no ne Wura Nyankopͻn Nsεm no a ͻtwe ne ho fri ho, na ne werε firi dwuma a ne nsa adi ato n’anim? Nokorε sε Yεde mmuasoͻ abua wͻn akoma so sεdeε wͻnnte (asεm no) ase, na akraa wͻ wͻn asom. Sε wofrε wͻn kͻ tenenee no mu mpo a, wͻntene da.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَرَبُّكَ ٱلۡغَفُورُ ذُو ٱلرَّحۡمَةِۖ لَوۡ يُؤَاخِذُهُم بِمَا كَسَبُواْ لَعَجَّلَ لَهُمُ ٱلۡعَذَابَۚ بَل لَّهُم مَّوۡعِدٞ لَّن يَجِدُواْ مِن دُونِهِۦ مَوۡئِلٗا
Wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunu ahyε no mma. Sε Ɔretwe wͻn aso wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka Ɔbεma asotwee no aba wͻn so ntεm. Nanso wͻn wͻ εberε a yɛahyε a wͻnnya ho dwanekͻbea.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَتِلۡكَ ٱلۡقُرَىٰٓ أَهۡلَكۡنَٰهُمۡ لَمَّا ظَلَمُواْ وَجَعَلۡنَا لِمَهۡلِكِهِم مَّوۡعِدٗا
Saa nkuro a Yεsεee no wͻ εberε a wͻyεε bͻne no, Yεhyεε εberε maa wͻn sεeε no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَإِذۡ قَالَ مُوسَىٰ لِفَتَىٰهُ لَآ أَبۡرَحُ حَتَّىٰٓ أَبۡلُغَ مَجۡمَعَ ٱلۡبَحۡرَيۡنِ أَوۡ أَمۡضِيَ حُقُبٗا
Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abͻfra (Yusha’u anaasε Yosua) sε: “Mennyae (nanteε anaasε mennye m’ahome) kͻpem sε meduru ͻpo mmienu no abͻeε anaasε mεkͻ so ara mfeɛ mu “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَلَمَّا بَلَغَا مَجۡمَعَ بَيۡنِهِمَا نَسِيَا حُوتَهُمَا فَٱتَّخَذَ سَبِيلَهُۥ فِي ٱلۡبَحۡرِ سَرَبٗا
Ɛberε a wɔduruu ne mmienu abͻeε ntεm hɔ no, wͻn werε frii wͻn adwene no, na ͻfaa ne kwan wͻ tokuro bi mu kͻͻ ͻpo no mu maa n’akyi kwan yerae.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَلَمَّا جَاوَزَا قَالَ لِفَتَىٰهُ ءَاتِنَا غَدَآءَنَا لَقَدۡ لَقِينَا مِن سَفَرِنَا هَٰذَا نَصَبٗا
Ɛberε a wͻtwaa kwan no kͻͻ kakra no, ͻka kyerεε n’abͻfra no sε: “Fa yεn anͻpa duane no bra, ampa sε yɛabrε wͻ yεn akwantuo yi mu paa“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ أَرَءَيۡتَ إِذۡ أَوَيۡنَآ إِلَى ٱلصَّخۡرَةِ فَإِنِّي نَسِيتُ ٱلۡحُوتَ وَمَآ أَنسَىٰنِيهُ إِلَّا ٱلشَّيۡطَٰنُ أَنۡ أَذۡكُرَهُۥۚ وَٱتَّخَذَ سَبِيلَهُۥ فِي ٱلۡبَحۡرِ عَجَبٗا
Yusha’u kaa sε: “Wahunu, εberε a yεsoεε wͻ ͻboͻ no soͻ no, me werε frii adwene no, na εnyε obiara na ͻmaa me werε friε na mmom ͻbonsam (na ͻmaa me werε firii) sε mεka akyerε (woͻ), na (adwene) no faa ne kwan kͻͻ ͻpo no mu awanwa kwan bi so.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ ذَٰلِكَ مَا كُنَّا نَبۡغِۚ فَٱرۡتَدَّا عَلَىٰٓ ءَاثَارِهِمَا قَصَصٗا
(Mose) kaa sε: “Woi na yεrehwehwε no. Enti wɔsan wͻn akyi bεfaa wͻn anamͻn no so.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَوَجَدَا عَبۡدٗا مِّنۡ عِبَادِنَآ ءَاتَيۡنَٰهُ رَحۡمَةٗ مِّنۡ عِندِنَا وَعَلَّمۡنَٰهُ مِن لَّدُنَّا عِلۡمٗا
Wͻbehunu akoa bi a wͻyε Yεn nkoa no mu baako a Yɛama no ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ, na Yεde nimdeε a efiri Yεn hͻ akyerε no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ لَهُۥ مُوسَىٰ هَلۡ أَتَّبِعُكَ عَلَىٰٓ أَن تُعَلِّمَنِ مِمَّا عُلِّمۡتَ رُشۡدٗا
Mose ka kyerε no sε: “Meni w’akyi ma wonkyerε me nimdeε a yɛakyerε woͻ no bi?“
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ إِنَّكَ لَن تَسۡتَطِيعَ مَعِيَ صَبۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Nokorε sε wontumi nnya me ho aboterε“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَكَيۡفَ تَصۡبِرُ عَلَىٰ مَا لَمۡ تُحِطۡ بِهِۦ خُبۡرٗا
“Ɛbεyε dεn na wanya aboterε wͻ adeε a wonte aseε anaasε wonni ho nimdeε ho? “
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ سَتَجِدُنِيٓ إِن شَآءَ ٱللَّهُ صَابِرٗا وَلَآ أَعۡصِي لَكَ أَمۡرٗا
(Mose) kaa sε: ”Sε Nyankopͻn pε a, wobɛhunu sε me wͻ aboterε na menyε w’ahyεdeε nso ho asoͻden “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ فَإِنِ ٱتَّبَعۡتَنِي فَلَا تَسۡـَٔلۡنِي عَن شَيۡءٍ حَتَّىٰٓ أُحۡدِثَ لَكَ مِنۡهُ ذِكۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Sε wobedi m’akyi a εneε hwε na woammisa me biribi ho asεm kͻpem sε, me ara mεka ho asεm akyerε woͻ“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَٱنطَلَقَا حَتَّىٰٓ إِذَا رَكِبَا فِي ٱلسَّفِينَةِ خَرَقَهَاۖ قَالَ أَخَرَقۡتَهَا لِتُغۡرِقَ أَهۡلَهَا لَقَدۡ جِئۡتَ شَيۡـًٔا إِمۡرٗا
Enti wͻsii mu kͻe kosii εberε a wͻforoo nhyεma bi, (Hadir) tuu mu tokuro. Mose kaa sε: “Watu mu tokuro sεdeε emufoͻ no bεmem? Nokorε sε wadi dwuma bͻne paa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ أَلَمۡ أَقُلۡ إِنَّكَ لَن تَسۡتَطِيعَ مَعِيَ صَبۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Manka ankyerε wo sε wontumi nya me ho aboterε?”
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ لَا تُؤَاخِذۡنِي بِمَا نَسِيتُ وَلَا تُرۡهِقۡنِي مِنۡ أَمۡرِي عُسۡرٗا
(Mose) kaa sε: “Ɛntwe m’aso wͻ deε me werε afri no ho, na εnyε dendeenden wͻ me so wͻ deε meyͻeε yi ho“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَٱنطَلَقَا حَتَّىٰٓ إِذَا لَقِيَا غُلَٰمٗا فَقَتَلَهُۥ قَالَ أَقَتَلۡتَ نَفۡسٗا زَكِيَّةَۢ بِغَيۡرِ نَفۡسٖ لَّقَدۡ جِئۡتَ شَيۡـٔٗا نُّكۡرٗا
Enti wͻsii mu kͻe, kosii εberε a wɔhyiaa abarimaa bi, εna (Hadir) kum no. (Mose) kaa sε: “Wakum onipa a onni nipa kum bͻne ho fͻ? Ampa sε wayε amumuyε kεse.”
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ قَالَ أَلَمۡ أَقُل لَّكَ إِنَّكَ لَن تَسۡتَطِيعَ مَعِيَ صَبۡرٗا
(Hadir) kaa sε: “Manka ankyerε wo sε, wontumi nnya me ho aboterε?”
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ إِن سَأَلۡتُكَ عَن شَيۡءِۭ بَعۡدَهَا فَلَا تُصَٰحِبۡنِيۖ قَدۡ بَلَغۡتَ مِن لَّدُنِّي عُذۡرٗا
(Mose) kaa sε: “Sε mebisa wo biribi ho asεm bio wͻ woi akyi a, εneε εne me nnante bio. Na wanya nyinasoͻ wͻ me ho.”
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَٱنطَلَقَا حَتَّىٰٓ إِذَآ أَتَيَآ أَهۡلَ قَرۡيَةٍ ٱسۡتَطۡعَمَآ أَهۡلَهَا فَأَبَوۡاْ أَن يُضَيِّفُوهُمَا فَوَجَدَا فِيهَا جِدَارٗا يُرِيدُ أَن يَنقَضَّ فَأَقَامَهُۥۖ قَالَ لَوۡ شِئۡتَ لَتَّخَذۡتَ عَلَيۡهِ أَجۡرٗا
Enti wͻsii mu kͻe, kosii sε wͻkͻtoo kuro bi so foͻ, wͻbisaa wͻn hͻ aduane, nanso wͻn ampene sε wͻgye wͻn ahͻhoͻ. Na wͻhunuu (εdan bi) fasuo wͻ kuro no mu a εreyε abuo, enti (Hadir) maa (εdan no fasuo no) so desii hͻ. (Mose) kaa sε: “Sε wobεpene so a, anka εsε sε wogye ho akatua “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ هَٰذَا فِرَاقُ بَيۡنِي وَبَيۡنِكَۚ سَأُنَبِّئُكَ بِتَأۡوِيلِ مَا لَمۡ تَسۡتَطِع عَّلَيۡهِ صَبۡرًا
(Hadir) kaa sε: “Woi yε me ne wo ntεm nkradie. Afei na mεkyerε wo deε woanya ho aboterε no aseε “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَمَّا ٱلسَّفِينَةُ فَكَانَتۡ لِمَسَٰكِينَ يَعۡمَلُونَ فِي ٱلۡبَحۡرِ فَأَرَدتُّ أَنۡ أَعِيبَهَا وَكَانَ وَرَآءَهُم مَّلِكٞ يَأۡخُذُ كُلَّ سَفِينَةٍ غَصۡبٗا
Nhyεma no, εwͻ ahiafoͻ bi a wͻyε adwuma wͻ ͻpo no so, na mepεε sε mema εkam ba ho, efrisε ͻhene bi di wͻn akyi a ͻde aniεden gye nhyεma biara (a εkam nni ho).
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَأَمَّا ٱلۡغُلَٰمُ فَكَانَ أَبَوَاهُ مُؤۡمِنَيۡنِ فَخَشِينَآ أَن يُرۡهِقَهُمَا طُغۡيَٰنٗا وَكُفۡرٗا
Abarimaa no nso, n’awofoͻ yε agyidiefoͻ, na yɛsuro sε anhwε a ͻde asoͻden ne boniayε abεfͻre wͻn.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَأَرَدۡنَآ أَن يُبۡدِلَهُمَا رَبُّهُمَا خَيۡرٗا مِّنۡهُ زَكَوٰةٗ وَأَقۡرَبَ رُحۡمٗا
Enti yεpεε sε wͻn Wura Nyankopͻn de deε ͻyε kyεn no wͻ kronkron yε mu na ͻbεn ahummͻborͻ bεsesa no ama wͻn.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَأَمَّا ٱلۡجِدَارُ فَكَانَ لِغُلَٰمَيۡنِ يَتِيمَيۡنِ فِي ٱلۡمَدِينَةِ وَكَانَ تَحۡتَهُۥ كَنزٞ لَّهُمَا وَكَانَ أَبُوهُمَا صَٰلِحٗا فَأَرَادَ رَبُّكَ أَن يَبۡلُغَآ أَشُدَّهُمَا وَيَسۡتَخۡرِجَا كَنزَهُمَا رَحۡمَةٗ مِّن رَّبِّكَۚ وَمَا فَعَلۡتُهُۥ عَنۡ أَمۡرِيۚ ذَٰلِكَ تَأۡوِيلُ مَا لَمۡ تَسۡطِع عَّلَيۡهِ صَبۡرٗا
(Ɛdan) fasuo no nso, na εwͻ mmarimaa nyanka mmienu bi wͻ kuro no mu; na wͻn mmienu sika wͻ aseε. Na wͻn agya yε onipa papa. Enti wo Wura Nyankopͻn pεsε wͻyin duru wͻn mpanim berε mu na wͻbɛyi wͻn sika no, (dwuma a mediiε no) yε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Na εnyε me ara mepε mu na meyͻeε. Woi ne adeε a woannya ho aboterε no nkyerεaseε.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَيَسۡـَٔلُونَكَ عَن ذِي ٱلۡقَرۡنَيۡنِۖ قُلۡ سَأَتۡلُواْ عَلَيۡكُم مِّنۡهُ ذِكۡرًا
(Nkͻmhyεni, Yudafoͻ no) rebisa wo Zul-Qar’nain ho asεm. Kasε: “Mεka ne ho asεm akyerε mo:
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِنَّا مَكَّنَّا لَهُۥ فِي ٱلۡأَرۡضِ وَءَاتَيۡنَٰهُ مِن كُلِّ شَيۡءٖ سَبَبٗا
“Nokorε sε, Yεmaa no tumi wͻ asaase no so na Yɛmaa no biribiara nso ho kwan.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَأَتۡبَعَ سَبَبًا
Na ͻfaa kwan so,
Tefsiret në gjuhën arabe:
حَتَّىٰٓ إِذَا بَلَغَ مَغۡرِبَ ٱلشَّمۡسِ وَجَدَهَا تَغۡرُبُ فِي عَيۡنٍ حَمِئَةٖ وَوَجَدَ عِندَهَا قَوۡمٗاۖ قُلۡنَا يَٰذَا ٱلۡقَرۡنَيۡنِ إِمَّآ أَن تُعَذِّبَ وَإِمَّآ أَن تَتَّخِذَ فِيهِمۡ حُسۡنٗا
Kosii εberε a oduruu awia tͻbrε, na ohunuu sε εkͻtͻ wͻ atεkyε tuntum nsuo aniwa bi mu, na ohunuu nnipa bi wͻ ho. Yεka kyerεε no sε: “Zul-Qar’nain (wo wͻ tumi) sε wotwe wͻn aso anaasε woyε wͻn yie“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ أَمَّا مَن ظَلَمَ فَسَوۡفَ نُعَذِّبُهُۥ ثُمَّ يُرَدُّ إِلَىٰ رَبِّهِۦ فَيُعَذِّبُهُۥ عَذَابٗا نُّكۡرٗا
(Zul-Qar’nain) kaa sε: “Obi a ͻbεyε bͻne no deε yεbεtwe n’aso ansa na (saa nipa no) asan akͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ ama Ͻde asotwee a εyε hu atwe n’aso (bio).
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَأَمَّا مَنۡ ءَامَنَ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا فَلَهُۥ جَزَآءً ٱلۡحُسۡنَىٰۖ وَسَنَقُولُ لَهُۥ مِنۡ أَمۡرِنَا يُسۡرٗا
Obi a ͻbεgye adie na wadi dwuma pa no obenya akatua pa no, na Yεbεka Yɛahyεdeε a εyε bͻkͻͻ akyerε no“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ثُمَّ أَتۡبَعَ سَبَبًا
Afei ͻfaa kwan so-
Tefsiret në gjuhën arabe:
حَتَّىٰٓ إِذَا بَلَغَ مَطۡلِعَ ٱلشَّمۡسِ وَجَدَهَا تَطۡلُعُ عَلَىٰ قَوۡمٖ لَّمۡ نَجۡعَل لَّهُم مِّن دُونِهَا سِتۡرٗا
Kosii εberε a oduruu awia pue berε, na ohunuu sε epue wͻ nnipa bi so a Yεmmaa wͻn awia no ho akatasoͻ biara a wͻde kata wͻn ho so (fri awia no hyeԑ no ho).
Tefsiret në gjuhën arabe:
كَذَٰلِكَۖ وَقَدۡ أَحَطۡنَا بِمَا لَدَيۡهِ خُبۡرٗا
Saa ara na εteε. Nokorε sε, Yɛnim deε εda (Zul-Qar’nain) anim no ho asεm nyinaa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ثُمَّ أَتۡبَعَ سَبَبًا
Na ͻfaa kwan so,
Tefsiret në gjuhën arabe:
حَتَّىٰٓ إِذَا بَلَغَ بَيۡنَ ٱلسَّدَّيۡنِ وَجَدَ مِن دُونِهِمَا قَوۡمٗا لَّا يَكَادُونَ يَفۡقَهُونَ قَوۡلٗا
Kosii sε oduruu mmepͻ mmienu no ntεm, na ohunuu nnipa bi wͻ ho a wͻnte kasa ase koraa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالُواْ يَٰذَا ٱلۡقَرۡنَيۡنِ إِنَّ يَأۡجُوجَ وَمَأۡجُوجَ مُفۡسِدُونَ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَهَلۡ نَجۡعَلُ لَكَ خَرۡجًا عَلَىٰٓ أَن تَجۡعَلَ بَيۡنَنَا وَبَيۡنَهُمۡ سَدّٗا
Wͻkaa sε: “Zul-Qarnain, Gog ne Magog yε nsεmͻnedifoͻ wͻ asaase yi so, enti yɛntua biribi ma wo na wonsi ban wͻ yεn ne wͻn ntεm?”
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ مَا مَكَّنِّي فِيهِ رَبِّي خَيۡرٞ فَأَعِينُونِي بِقُوَّةٍ أَجۡعَلۡ بَيۡنَكُمۡ وَبَيۡنَهُمۡ رَدۡمًا
(Zul-Qar’nain) kaa sε: “Deε Nyankopͻn de me agyina soͻ no yε; enti modeε monfa ahoͻden mmoa me; mεyε εban ato mo ne wͻn ntεm “.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ءَاتُونِي زُبَرَ ٱلۡحَدِيدِۖ حَتَّىٰٓ إِذَا سَاوَىٰ بَيۡنَ ٱلصَّدَفَيۡنِ قَالَ ٱنفُخُواْۖ حَتَّىٰٓ إِذَا جَعَلَهُۥ نَارٗا قَالَ ءَاتُونِيٓ أُفۡرِغۡ عَلَيۡهِ قِطۡرٗا
“Monfa dadeε ntayaa mmrε me“. Afei ͻhyεε bea a εda bepͻ no mmienu no ntεm no mma pεpεεpε no, ᴐka kyerεε wͻn sε: “(Monfa afa) nhu mu, na εberε a (εyεε kͻͻ sε) ogya no, ͻkaa sε: “Momrε me yaawa a yɛanane nhwie ngu so“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
فَمَا ٱسۡطَٰعُوٓاْ أَن يَظۡهَرُوهُ وَمَا ٱسۡتَطَٰعُواْ لَهُۥ نَقۡبٗا
Enti amma (Gog ne Magog) antumi amfro na wͻantumi ammͻ emu tokuro nso.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قَالَ هَٰذَا رَحۡمَةٞ مِّن رَّبِّيۖ فَإِذَا جَآءَ وَعۡدُ رَبِّي جَعَلَهُۥ دَكَّآءَۖ وَكَانَ وَعۡدُ رَبِّي حَقّٗا
(Zul-Qar’nain) kaa sε: ”Woi yε ahummͻborͻ a efri me Wura Nyankopͻn hͻ; na sε me Wura Nyankopͻn bͻhyε no ba a, Ɔbεyε no gᴐsͻgͻsͻ, na me Wura Nyankopͻn bͻhyε deε εyε nokorε“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
۞ وَتَرَكۡنَا بَعۡضَهُمۡ يَوۡمَئِذٖ يَمُوجُ فِي بَعۡضٖۖ وَنُفِخَ فِي ٱلصُّورِ فَجَمَعۡنَٰهُمۡ جَمۡعٗا
Saa da no Yεbegyae ama ebi atwi afa ebi so (sεdeε asorͻkye bͻ fa ebi soͻ no), na yεbͻ totorobεnto no mu a Yεbεboa wͻn nyinaa ano abom.
Tefsiret në gjuhën arabe:
وَعَرَضۡنَا جَهَنَّمَ يَوۡمَئِذٖ لِّلۡكَٰفِرِينَ عَرۡضًا
Saa Da no Yεbεda Amanehunu gya no adi pefee akyerε boniayεfoͻ no—
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلَّذِينَ كَانَتۡ أَعۡيُنُهُمۡ فِي غِطَآءٍ عَن ذِكۡرِي وَكَانُواْ لَا يَسۡتَطِيعُونَ سَمۡعًا
Wͻn a na biribi akata wͻn ani wͻ M'afutusεm no ho no a na wͻntumi ntie no
Tefsiret në gjuhën arabe:
أَفَحَسِبَ ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَن يَتَّخِذُواْ عِبَادِي مِن دُونِيٓ أَوۡلِيَآءَۚ إِنَّآ أَعۡتَدۡنَا جَهَنَّمَ لِلۡكَٰفِرِينَ نُزُلٗا
Enti wͻn a wͻyi boniayε no dwen sε wͻbetumi afri M’akyi afa me nkoa no (tesε Soro abͻfoͻ, Yesu ne wͻn a ԑkeka ho no sε wͻn) akyitaafoͻ? Nokorε sε Yɛasiesie Amanehunu gya no sε anigyedeε anaa soεbrε ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلۡ هَلۡ نُنَبِّئُكُم بِٱلۡأَخۡسَرِينَ أَعۡمَٰلًا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti yԑnkyerε mo wͻn a wᴐn nnwuma ayԑ brԑguo paa?
Tefsiret në gjuhën arabe:
ٱلَّذِينَ ضَلَّ سَعۡيُهُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَهُمۡ يَحۡسَبُونَ أَنَّهُمۡ يُحۡسِنُونَ صُنۡعًا
(Wͻne) wͻn a wͻn mmͻdenmmͻ no ayε kwa wͻ wiase asetena yi mu, na wͻn adwen yε wͻn sε wͻredi dwuma pa bi.
Tefsiret në gjuhën arabe:
أُوْلَٰٓئِكَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِمۡ وَلِقَآئِهِۦ فَحَبِطَتۡ أَعۡمَٰلُهُمۡ فَلَا نُقِيمُ لَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ وَزۡنٗا
Saa nkorͻfoͻ no ne wͻn a wͻpo wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm ne Ne nhyiamu (da) no, enti wͻn nnwuma ayε kwa. Enti wͻnni kyεfa pa biara a Yεbɛsusu ama wͻn wͻ Wusͻreε da no.
Tefsiret në gjuhën arabe:
ذَٰلِكَ جَزَآؤُهُمۡ جَهَنَّمُ بِمَا كَفَرُواْ وَٱتَّخَذُوٓاْ ءَايَٰتِي وَرُسُلِي هُزُوًا
Amanehunu gya no na εbεyε wͻn akatua, εnam po a wͻpoo Nokorԑ no, na wͻdii Me nsεm ne M’asomafoͻ no ho fεw nti.
Tefsiret në gjuhën arabe:
إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ كَانَتۡ لَهُمۡ جَنَّٰتُ ٱلۡفِرۡدَوۡسِ نُزُلًا
Nokorε sε, wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, Soro Aheman Fir’daws bεyε soԑ brԑ ama wͻn.
Tefsiret në gjuhën arabe:
خَٰلِدِينَ فِيهَا لَا يَبۡغُونَ عَنۡهَا حِوَلٗا
Wͻbεtena mu, na wͻnhwehwε sε wͻbɛfri hͻ da.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُل لَّوۡ كَانَ ٱلۡبَحۡرُ مِدَادٗا لِّكَلِمَٰتِ رَبِّي لَنَفِدَ ٱلۡبَحۡرُ قَبۡلَ أَن تَنفَدَ كَلِمَٰتُ رَبِّي وَلَوۡ جِئۡنَا بِمِثۡلِهِۦ مَدَدٗا
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε ͻpo yε tworͻ nsuo de ma me Wura Nyankopͻn Nsεm, εna yεde ͻpo (dodoͻ) no sεso reka ho mpo a, anka εbεsa ansa na me Wura Nyankopͻn Nsεm no asa.
Tefsiret në gjuhën arabe:
قُلۡ إِنَّمَآ أَنَا۠ بَشَرٞ مِّثۡلُكُمۡ يُوحَىٰٓ إِلَيَّ أَنَّمَآ إِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهٞ وَٰحِدٞۖ فَمَن كَانَ يَرۡجُواْ لِقَآءَ رَبِّهِۦ فَلۡيَعۡمَلۡ عَمَلٗا صَٰلِحٗا وَلَا يُشۡرِكۡ بِعِبَادَةِ رَبِّهِۦٓ أَحَدَۢا
Ka sε: “Meyε onipa tesε mo ara, deԑ yɛayi akyerε me ne sε, mo Wura Nyankopͻn no yε Awurade baako, enti obi a ͻwͻ anidaasoͻ sε obehyia ne Wura Nyankopͻn no, εneε oni dwuma pa, na ͻnhwε yie na wͻamfa obiara ammata ne Wura Nyankopͻn som ho“.
Tefsiret në gjuhën arabe:
 
Përkthimi i kuptimeve Surja: Suretu El Kehf
Përmbajtja e sureve Numri i faqes
 
Përkthimi i kuptimeve të Kuranit Fisnik - الترجمة الأكانية - الأشانتية - Përmbajtja e përkthimeve

ترجمة معاني القرآن الكريم الى اللغة الأشانتية، ترجمها الشيخ هارون إسماعيل.

Mbyll