Check out the new design

Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail * - Mealler fihristi

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Anlam tercümesi Sure: Sûretu'l-Hakkâh   Ayet:
وَلَا طَعَامٌ إِلَّا مِنۡ غِسۡلِينٖ
Onni aduane nso (a ɔbɛdie), gyesε akuro mu nsuo (ne efii),
Arapça tefsirler:
لَّا يَأۡكُلُهُۥٓ إِلَّا ٱلۡخَٰطِـُٔونَ
Obiara nni hͻ a ɔbɛdie gyesε abͻnefoͻ no.
Arapça tefsirler:
فَلَآ أُقۡسِمُ بِمَا تُبۡصِرُونَ
Mede adeε a moani hunu,
Arapça tefsirler:
وَمَا لَا تُبۡصِرُونَ
Ne adeε a moani nhunu di nse sε:
Arapça tefsirler:
إِنَّهُۥ لَقَوۡلُ رَسُولٖ كَرِيمٖ
Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔsomafoͻ Nimuonyamfoͻ (Gebriel) no asεm,
Arapça tefsirler:
وَمَا هُوَ بِقَوۡلِ شَاعِرٖۚ قَلِيلٗا مَّا تُؤۡمِنُونَ
Na εnyε ͻdwomtoni asεm. Mo gyidie a εwͻ mu no sua.
Arapça tefsirler:
وَلَا بِقَوۡلِ كَاهِنٖۚ قَلِيلٗا مَّا تَذَكَّرُونَ
Na εnyε ntafowayifoͻ nso kasaa, - εho adwen a modwen no sua.
Arapça tefsirler:
تَنزِيلٞ مِّن رَّبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
(Qur’aan) yε Adiyisεm a efiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.
Arapça tefsirler:
وَلَوۡ تَقَوَّلَ عَلَيۡنَا بَعۡضَ ٱلۡأَقَاوِيلِ
Sε anka (Nkͻmhyεni) abͻ ne trim aka atorͻsεm bi ato Yεn so a,
Arapça tefsirler:
لَأَخَذۡنَا مِنۡهُ بِٱلۡيَمِينِ
Anka Yɛasͻ ne mu wͻ ne nsa nifa,
Arapça tefsirler:
ثُمَّ لَقَطَعۡنَا مِنۡهُ ٱلۡوَتِينَ
Na Yɛatwa n’akoma nkomena mu afri ne ho,
Arapça tefsirler:
فَمَا مِنكُم مِّنۡ أَحَدٍ عَنۡهُ حَٰجِزِينَ
Na mo mu biara nnihͻ a, anka ɔbɛtumi asi Yεn ne ho kwan.
Arapça tefsirler:
وَإِنَّهُۥ لَتَذۡكِرَةٞ لِّلۡمُتَّقِينَ
Nokorε sε (Qur’aan) yε Afutusεm ma Nyame-surofoͻ no.
Arapça tefsirler:
وَإِنَّا لَنَعۡلَمُ أَنَّ مِنكُم مُّكَذِّبِينَ
Na nokorε sε, Yɛnim yie sε, mo mu binom wͻ hͻ a wͻnnye nnie.
Arapça tefsirler:
وَإِنَّهُۥ لَحَسۡرَةٌ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ
Nokorɛ sɛ (Qur’aan) yε akomasεeε ma boniayεfoͻ no.
Arapça tefsirler:
وَإِنَّهُۥ لَحَقُّ ٱلۡيَقِينِ
Ampa nso sε, εno ne Nokorε pefee no.
Arapça tefsirler:
فَسَبِّحۡ بِٱسۡمِ رَبِّكَ ٱلۡعَظِيمِ
Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin.
Arapça tefsirler:
 
Anlam tercümesi Sure: Sûretu'l-Hakkâh
Surelerin fihristi Sayfa numarası
 
Kur'an-ı Kerim meal tercümesi - Akan Tercüme - Ashanti - Harun İsmail - Mealler fihristi

Eş-Şeyh Harun İsmail Tarafından Tercüme Edilmiştir.

Kapat