قرآن کریم کے معانی کا ترجمہ - اشانتی ترجمہ۔ * - ترجمے کی لسٹ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

معانی کا ترجمہ سورت: سورۂ طلاق   آیت:

At-Taoalaaq

يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّبِيُّ إِذَا طَلَّقۡتُمُ ٱلنِّسَآءَ فَطَلِّقُوهُنَّ لِعِدَّتِهِنَّ وَأَحۡصُواْ ٱلۡعِدَّةَۖ وَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ رَبَّكُمۡۖ لَا تُخۡرِجُوهُنَّ مِنۢ بُيُوتِهِنَّ وَلَا يَخۡرُجۡنَ إِلَّآ أَن يَأۡتِينَ بِفَٰحِشَةٖ مُّبَيِّنَةٖۚ وَتِلۡكَ حُدُودُ ٱللَّهِۚ وَمَن يَتَعَدَّ حُدُودَ ٱللَّهِ فَقَدۡ ظَلَمَ نَفۡسَهُۥۚ لَا تَدۡرِي لَعَلَّ ٱللَّهَ يُحۡدِثُ بَعۡدَ ذَٰلِكَ أَمۡرٗا
Nkͻmhyεni, sε mogyae mmaa no a, monnyae wͻn wͻ wͻn berε (a yɛahyehyε) no mu; monsese εberε no na monsuro Nyankopͻn, mo Wura no. Monhwε na moantu wͻn amfri wͻn afie mu, na εmma wͻn ara nso ntu; gyesε ebia wͻbɔ akohwi bra bi a εda adie. Woi ne Nyankopͻn mmra. Obia ɔbɛbu Nyankopͻn mmra soͻ no, nokorε sε wadi ne kraa amim. Wonnim sε ebia εno akyi no Nyankopͻn bεma asεm foforͻ bi aba.
عربی تفاسیر:
فَإِذَا بَلَغۡنَ أَجَلَهُنَّ فَأَمۡسِكُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٍ أَوۡ فَارِقُوهُنَّ بِمَعۡرُوفٖ وَأَشۡهِدُواْ ذَوَيۡ عَدۡلٖ مِّنكُمۡ وَأَقِيمُواْ ٱلشَّهَٰدَةَ لِلَّهِۚ ذَٰلِكُمۡ يُوعَظُ بِهِۦ مَن كَانَ يُؤۡمِنُ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّهُۥ مَخۡرَجٗا
Enti sε wͻn (Idda) berε (bosome mmiεnsa) no so a, momfa ayεmyε nsͻ wͻn mu, anaasε mo ne wͻn ni mpaepaemu wͻ kwan pa so; na momma mo mu nnipa mmienu a wͻdi nokorε ni ho adanseε, na moni adanseε no mma Nyankopͻn. Woi na yεde tu obia osuro Nyame ne Da a etwa toͻ no foͻ. Obia ɔbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbɛbue kwan ama no-
عربی تفاسیر:
وَيَرۡزُقۡهُ مِنۡ حَيۡثُ لَا يَحۡتَسِبُۚ وَمَن يَتَوَكَّلۡ عَلَى ٱللَّهِ فَهُوَ حَسۡبُهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ بَٰلِغُ أَمۡرِهِۦۚ قَدۡ جَعَلَ ٱللَّهُ لِكُلِّ شَيۡءٖ قَدۡرٗا
Na Wabᴐ no akᴐnhoma afri faako a onni ho anidaasoͻ koraa. Obia ͻde ne ho bεto Nyankopͻn soͻ no, Ɔsombo ma no. Nokorε sε Nyankopͻn deε N’ahyεdeε (biara) yε hͻ. Ampa sε Nyankopͻn de nhyehyεε ato biribiara ho.
عربی تفاسیر:
وَٱلَّٰٓـِٔي يَئِسۡنَ مِنَ ٱلۡمَحِيضِ مِن نِّسَآئِكُمۡ إِنِ ٱرۡتَبۡتُمۡ فَعِدَّتُهُنَّ ثَلَٰثَةُ أَشۡهُرٖ وَٱلَّٰٓـِٔي لَمۡ يَحِضۡنَۚ وَأُوْلَٰتُ ٱلۡأَحۡمَالِ أَجَلُهُنَّ أَن يَضَعۡنَ حَمۡلَهُنَّۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يَجۡعَل لَّهُۥ مِنۡ أَمۡرِهِۦ يُسۡرٗا
Mo mmaa no mu bi nso a wͻn atwa bra no, sε mo adwen nnsi mo pi wͻ wͻn ho a, wͻn (Idda) berε no yε bosome mmiεnsa; na wͻn nso a wͻnyεε bra da no nso (bosome mmiεnsa saa ara). Apemfoͻ no nso wͻn berε ne εberε a wͻbεsoε wͻn adesoa no (anaasε εberε a wͻbεwoͻ). Obi a ͻbɛsuro Nyankopͻn no, Ɔbεma n’asεm ayε bͻkͻͻ ama no.
عربی تفاسیر:
ذَٰلِكَ أَمۡرُ ٱللَّهِ أَنزَلَهُۥٓ إِلَيۡكُمۡۚ وَمَن يَتَّقِ ٱللَّهَ يُكَفِّرۡ عَنۡهُ سَيِّـَٔاتِهِۦ وَيُعۡظِمۡ لَهُۥٓ أَجۡرًا
Woi ne Nyankopͻn ahyεdeε a Wasiane ama mo. Na obia ͻbɛsuro Nyankopͻn no Ɔbεpepa ne bͻne afiri ne so, na Wama n’akatua ayε kεse ama no.
عربی تفاسیر:
أَسۡكِنُوهُنَّ مِنۡ حَيۡثُ سَكَنتُم مِّن وُجۡدِكُمۡ وَلَا تُضَآرُّوهُنَّ لِتُضَيِّقُواْ عَلَيۡهِنَّۚ وَإِن كُنَّ أُوْلَٰتِ حَمۡلٖ فَأَنفِقُواْ عَلَيۡهِنَّ حَتَّىٰ يَضَعۡنَ حَمۡلَهُنَّۚ فَإِنۡ أَرۡضَعۡنَ لَكُمۡ فَـَٔاتُوهُنَّ أُجُورَهُنَّ وَأۡتَمِرُواْ بَيۡنَكُم بِمَعۡرُوفٖۖ وَإِن تَعَاسَرۡتُمۡ فَسَتُرۡضِعُ لَهُۥٓ أُخۡرَىٰ
Moma (mmaa) no ntena faako a moteε sεdeε moahoͻden siteε, na monhwε na moanha wͻn amma wͻn ho ankyere wͻn. Sε wͻyε apemfoͻ a momͻ wͻn akͻnhoma nkosi sε wͻde wͻn adesoa no bεto hͻ. Na sε wͻma (mmͻfra no) nufuoͻ ma mo a, monfa wͻn akatua ma wͻn; na monfa ͻkwan pa so ntoto biribiara wͻ montεm pεpεεpε; na sε moma no yε den ma mo ho a (anaasε agya ne εnna no monnte moho ase a), εneε obi foforͻ mma (abͻfra no) nufoͻ mma (agya) no.
عربی تفاسیر:
لِيُنفِقۡ ذُو سَعَةٖ مِّن سَعَتِهِۦۖ وَمَن قُدِرَ عَلَيۡهِ رِزۡقُهُۥ فَلۡيُنفِقۡ مِمَّآ ءَاتَىٰهُ ٱللَّهُۚ لَا يُكَلِّفُ ٱللَّهُ نَفۡسًا إِلَّا مَآ ءَاتَىٰهَاۚ سَيَجۡعَلُ ٱللَّهُ بَعۡدَ عُسۡرٖ يُسۡرٗا
Obia ne nsam wͻ bie no, ɔnyi no sεdeε ne nsam wͻ bie, na nea ne nsam nni bie no nso ɔnyi no sεdeε Nyankopͻn de ama no. Nyankopͻn mfa adesoa nsoa ͻkra bi, gyesε deε n’ahoͻden bɛtumi. Ahokyerε akyi no Nyankopͻn bεma no ayε mmrε.
عربی تفاسیر:
وَكَأَيِّن مِّن قَرۡيَةٍ عَتَتۡ عَنۡ أَمۡرِ رَبِّهَا وَرُسُلِهِۦ فَحَاسَبۡنَٰهَا حِسَابٗا شَدِيدٗا وَعَذَّبۡنَٰهَا عَذَابٗا نُّكۡرٗا
Nkuro dodoᴐ sԑn na wͻtee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε ne N’asomafoͻ no so atua? Yεmaa no buu akonta a ano yε den paa, na Yεde asotwee a emu yε den twee n’aso.
عربی تفاسیر:
فَذَاقَتۡ وَبَالَ أَمۡرِهَا وَكَانَ عَٰقِبَةُ أَمۡرِهَا خُسۡرًا
Enti ͻkaa ne dwumadie no so aba hwεe, na n’asεm no awieε yε berεguo.
عربی تفاسیر:
أَعَدَّ ٱللَّهُ لَهُمۡ عَذَابٗا شَدِيدٗاۖ فَٱتَّقُواْ ٱللَّهَ يَٰٓأُوْلِي ٱلۡأَلۡبَٰبِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْۚ قَدۡ أَنزَلَ ٱللَّهُ إِلَيۡكُمۡ ذِكۡرٗا
Nyankopͻn asiesie asotwee a ano yε den ama wͻn, enti mmadwemmafoͻ a moagye adie, monsuro Nyankopͻn. Ampa sε Nyankopͻn asiane Afutusεm de abrε mo.
عربی تفاسیر:
رَّسُولٗا يَتۡلُواْ عَلَيۡكُمۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ مُبَيِّنَٰتٖ لِّيُخۡرِجَ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ مِنَ ٱلظُّلُمَٰتِ إِلَى ٱلنُّورِۚ وَمَن يُؤۡمِنۢ بِٱللَّهِ وَيَعۡمَلۡ صَٰلِحٗا يُدۡخِلۡهُ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ خَٰلِدِينَ فِيهَآ أَبَدٗاۖ قَدۡ أَحۡسَنَ ٱللَّهُ لَهُۥ رِزۡقًا
(Wasan nso asoma) Ɔsomafoͻ a ͻrekenkan Nyankopͻn nsεm pefee no (kyerε mo) sεdeε ͻde bɛyi wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no afiri esum no mu de wͻn akͻ εhyεn no mu. Obia ͻbεgye Nyankopͻn adi na ͻbɛdi dwuma pa no, Ɔde no bεwura Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu ama no atena hͻ afe bͻͻ. Ampa sε Nyankopͻn akyε no akyεdeε papa paa.
عربی تفاسیر:
ٱللَّهُ ٱلَّذِي خَلَقَ سَبۡعَ سَمَٰوَٰتٖ وَمِنَ ٱلۡأَرۡضِ مِثۡلَهُنَّۖ يَتَنَزَّلُ ٱلۡأَمۡرُ بَيۡنَهُنَّ لِتَعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ وَأَنَّ ٱللَّهَ قَدۡ أَحَاطَ بِكُلِّ شَيۡءٍ عِلۡمَۢا
Nyankopͻn na Ͻbͻͻ soro nson εna asaase nso (dodoͻ) te saa ara. Ahyεdeε no siane ba ne mmienu ntԑm sεdeε mobɛhunu sε nokorε, Onyankopͻn wͻ tumi wͻ biribiara so, na Onyankopͻn Nimdeε nso atwa biribiara ho ahyia.
عربی تفاسیر:
 
معانی کا ترجمہ سورت: سورۂ طلاق
سورتوں کی لسٹ صفحہ نمبر
 
قرآن کریم کے معانی کا ترجمہ - اشانتی ترجمہ۔ - ترجمے کی لسٹ

قرآن کریم کے معانی کا اشانتی ترجمہ شیخ ہارون اسماعیل نے کیا ہے۔

بند کریں