Check out the new design

Қуръони Карим маъноларининг таржимаси - Оканийча таржима - Ашантийча - Ҳарун Исмоил * - Таржималар мундарижаси

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Маънолар таржимаси Сура: Анъом   Оят:
ثَمَٰنِيَةَ أَزۡوَٰجٖۖ مِّنَ ٱلضَّأۡنِ ٱثۡنَيۡنِ وَمِنَ ٱلۡمَعۡزِ ٱثۡنَيۡنِۗ قُلۡ ءَآلذَّكَرَيۡنِ حَرَّمَ أَمِ ٱلۡأُنثَيَيۡنِ أَمَّا ٱشۡتَمَلَتۡ عَلَيۡهِ أَرۡحَامُ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۖ نَبِّـُٔونِي بِعِلۡمٍ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
(Nyεmmoa) nwͻtwe anini ne abedeε: Nwenini ne abedeε mmienu mmienu, εna mmirekyie anini ne abedeε mmienu mmienu. (Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’(Anini) mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε (abedeε) mmienu noa, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu (na yabra)? Monfa nimdeε nka nkyerε me, sε moyε nokwafoͻ ampa a”.
Арабча тафсирлар:
وَمِنَ ٱلۡإِبِلِ ٱثۡنَيۡنِ وَمِنَ ٱلۡبَقَرِ ٱثۡنَيۡنِۗ قُلۡ ءَآلذَّكَرَيۡنِ حَرَّمَ أَمِ ٱلۡأُنثَيَيۡنِ أَمَّا ٱشۡتَمَلَتۡ عَلَيۡهِ أَرۡحَامُ ٱلۡأُنثَيَيۡنِۖ أَمۡ كُنتُمۡ شُهَدَآءَ إِذۡ وَصَّىٰكُمُ ٱللَّهُ بِهَٰذَاۚ فَمَنۡ أَظۡلَمُ مِمَّنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ كَذِبٗا لِّيُضِلَّ ٱلنَّاسَ بِغَيۡرِ عِلۡمٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلظَّٰلِمِينَ
Ɛna yoma nso mmienu (onini ne ͻbedeε) nantwie nso mmienu (onini ne ͻbedeε). Ka sε: “Anini mmienu no na Nyankopͻn abra anaasε abedeε mmienu no, anaasε (aboa no ba) no a ͻhyε abedeε mmienu no awodeε mu no (na yabra)? Anaasε na mo wͻ hͻ wͻ εberε a Nyankopͻn hyεε saa mmra no? Enti (onipa) bͻneni bεn na ͻkyεn obi a otwa torͻ to Nyankopͻn so sεdeε ͻde bεyera nnipa wͻ aberε a nimdeε biara nni mu? Nokorε sε, Nyankopͻn deε ͻntene nnipa bͻnefoͻ no (a wɔn ayɛ wɔn adwen sɛ wɔn deɛ bɔne ara na wɔ’bɛdie no).
Арабча тафсирлар:
قُل لَّآ أَجِدُ فِي مَآ أُوحِيَ إِلَيَّ مُحَرَّمًا عَلَىٰ طَاعِمٖ يَطۡعَمُهُۥٓ إِلَّآ أَن يَكُونَ مَيۡتَةً أَوۡ دَمٗا مَّسۡفُوحًا أَوۡ لَحۡمَ خِنزِيرٖ فَإِنَّهُۥ رِجۡسٌ أَوۡ فِسۡقًا أُهِلَّ لِغَيۡرِ ٱللَّهِ بِهِۦۚ فَمَنِ ٱضۡطُرَّ غَيۡرَ بَاغٖ وَلَا عَادٖ فَإِنَّ رَبَّكَ غَفُورٞ رَّحِيمٞ
(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adiyisεm a yasiane ama me no mu deε, mennya adeε a yabra wͻ aduane a obi bedie ho, gyesε aboa funu anaa mogya a yahwie anaa prako-nam, efrisε εyε fii, anaa εnam fii a yakum ama (adeε bi) a εnyε Nyankopͻn. Nanso obi a ahokyerε nti, na εnyε anidaaho, anaa asoͻden (na εbεma no akͻdi saa nnam a yabra yi no), nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Арабча тафсирлар:
وَعَلَى ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا كُلَّ ذِي ظُفُرٖۖ وَمِنَ ٱلۡبَقَرِ وَٱلۡغَنَمِ حَرَّمۡنَا عَلَيۡهِمۡ شُحُومَهُمَآ إِلَّا مَا حَمَلَتۡ ظُهُورُهُمَآ أَوِ ٱلۡحَوَايَآ أَوۡ مَا ٱخۡتَلَطَ بِعَظۡمٖۚ ذَٰلِكَ جَزَيۡنَٰهُم بِبَغۡيِهِمۡۖ وَإِنَّا لَصَٰدِقُونَ
Wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ no, yεbraa wͻn (aboa biara a) ͻwͻ tͻte a emu mpaeε, εna nantwie ne nnwan mu nso yεbraa wͻn (saa mmoa no) mmienu sradeε, gyesε deε εwͻ wͻn mmienu akyi ne deε εwͻ wͻn nsono mu anaa deε εne nnompe no adi afra. Saa ara na Y’etuaa wͻn asoͻden no so ka. Na ampa sε, Yεn na Yε’ka nokorε.
Арабча тафсирлар:
 
Маънолар таржимаси Сура: Анъом
Суралар мундарижаси Бет рақами
 
Қуръони Карим маъноларининг таржимаси - Оканийча таржима - Ашантийча - Ҳарун Исмоил - Таржималар мундарижаси

Шайх Ҳорун Исмоил таржимаси.

Ёпиш