Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ሐጅ   አንቀጽ:
ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡحَقُّ وَأَنَّهُۥ يُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَأَنَّهُۥ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ne Nokorε no, na Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, nokorԑ nso sԑ Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَأَنَّ ٱلسَّاعَةَ ءَاتِيَةٞ لَّا رَيۡبَ فِيهَا وَأَنَّ ٱللَّهَ يَبۡعَثُ مَن فِي ٱلۡقُبُورِ
Nokorε nso sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε (biara) nni ho; nokorε nso sε Nyankopͻn benyane wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يُجَٰدِلُ فِي ٱللَّهِ بِغَيۡرِ عِلۡمٖ وَلَا هُدٗى وَلَا كِتَٰبٖ مُّنِيرٖ
Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻgye Nyankopͻn ho akyinyeε a nimdeε anaa tenenee anaa Nwoma a εhyerεn biara nni ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ثَانِيَ عِطۡفِهِۦ لِيُضِلَّ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۖ لَهُۥ فِي ٱلدُّنۡيَا خِزۡيٞۖ وَنُذِيقُهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عَذَابَ ٱلۡحَرِيقِ
Ɔdane neho (fri nokorε no ho) wͻ ahomasoͻ mu sεdeε ͻbεyera (amanfoͻ) afri Nyame kwan no soͻ, (saa nipa no) wͻ animguaseε wͻ wiase yi mu, na Yεbεma no aka ͻhyeε asotwee no ahwε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ذَٰلِكَ بِمَا قَدَّمَتۡ يَدَاكَ وَأَنَّ ٱللَّهَ لَيۡسَ بِظَلَّٰمٖ لِّلۡعَبِيدِ
Saa, efri deε wonsa adi ato w’anim no ho nti, na Nyankopͻn deε Onsisi N’akoa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَعۡبُدُ ٱللَّهَ عَلَىٰ حَرۡفٖۖ فَإِنۡ أَصَابَهُۥ خَيۡرٌ ٱطۡمَأَنَّ بِهِۦۖ وَإِنۡ أَصَابَتۡهُ فِتۡنَةٌ ٱنقَلَبَ عَلَىٰ وَجۡهِهِۦ خَسِرَ ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةَۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡخُسۡرَانُ ٱلۡمُبِينُ
Nnipa no bi nso wͻ hͻ a wͻ’gyina εhyeε so na wͻ’som Nyame (anaasε wͻ’som Nyame nanso wͻn adwen nnsi pi), enti sε papa to no a na n’akoma atͻ ne yεm wͻ ho, sε nsͻhwε bi nso to no a na w’adane n’akyi ama. W’ahwere wiase ne Daakye no. Ԑno ne berεguo pefee no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَدۡعُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَضُرُّهُۥ وَمَا لَا يَنفَعُهُۥۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلضَّلَٰلُ ٱلۡبَعِيدُ
Ofri Nyankopͻn akyi su frε adeε a entumi mfa ͻhaw biara mma no na entumi mma no mfasoͻ biara nso. Ɛno ne ͻyera a εkͻ akyirikyiri paa no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
يَدۡعُواْ لَمَن ضَرُّهُۥٓ أَقۡرَبُ مِن نَّفۡعِهِۦۚ لَبِئۡسَ ٱلۡمَوۡلَىٰ وَلَبِئۡسَ ٱلۡعَشِيرُ
Osu frε deε ne haw bεn kyεn ne mfasoͻ. Nokorε sε okyitaafoͻ bͻne ne ͻyͻnko bͻne paa ne no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جَنَّٰتٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَفۡعَلُ مَا يُرِيدُ
Nokorε sε Nyankopͻn de wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَن كَانَ يَظُنُّ أَن لَّن يَنصُرَهُ ٱللَّهُ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ فَلۡيَمۡدُدۡ بِسَبَبٍ إِلَى ٱلسَّمَآءِ ثُمَّ لۡيَقۡطَعۡ فَلۡيَنظُرۡ هَلۡ يُذۡهِبَنَّ كَيۡدُهُۥ مَا يَغِيظُ
Obi a ͻdwen sε Nyankopͻn mmoa (Nkͻmhyεni Muhammad) wͻ wiase ne Daakye no, ͻnfa kwan bi so ntenten nkͻpem soro, na ontwa (mmoa no) mu, afei ͻnhwε sε nepͻ a ͻbͻeε no betumi ayi deε nebo fuu ho no afri hͻ anaa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ሐጅ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት