Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ሐጅ   አንቀጽ:
أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ سَخَّرَ لَكُم مَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَٱلۡفُلۡكَ تَجۡرِي فِي ٱلۡبَحۡرِ بِأَمۡرِهِۦ وَيُمۡسِكُ ٱلسَّمَآءَ أَن تَقَعَ عَلَى ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِٱلنَّاسِ لَرَءُوفٞ رَّحِيمٞ
Wonhunuu sε, Nyankopͻn abrε deε εwͻ asaase so nyinaa ase ama mo, εne nsuom hyεn a εnam ͻpo so wͻ Na’hyεdeε mu? Ɛna Wasͻ ͻsoro mu sεdeε εnte mmεhwe asaase no soͻ, gyesε N’akwamma mu. Nokorε sε Nyankopͻn yε Mmͻborͻhunufoͻ dema adasamma, na Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَحۡيَاكُمۡ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يُحۡيِيكُمۡۗ إِنَّ ٱلۡإِنسَٰنَ لَكَفُورٞ
Ɔno na Ɔde mo baa nkwa mu, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na Wasan ama mo nkwa. Nokorε sε Onipa yε boniayεfoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
لِّكُلِّ أُمَّةٖ جَعَلۡنَا مَنسَكًا هُمۡ نَاسِكُوهُۖ فَلَا يُنَٰزِعُنَّكَ فِي ٱلۡأَمۡرِۚ وَٱدۡعُ إِلَىٰ رَبِّكَۖ إِنَّكَ لَعَلَىٰ هُدٗى مُّسۡتَقِيمٖ
Yε maa ͻman biara Nyamesom ho amaneε a na خططnam so (som), enti (abosomsomfoͻ no) nhwε na wͻ’annye wo akyinnye wͻ dwumadie no ho. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε wowͻ ͻkwan tenenee paa so.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِن جَٰدَلُوكَ فَقُلِ ٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Sε wͻgye wo akyinnye (wͻ mmoa kum no ho) a, ka sε: ”Nyankopͻn Nim dwuma a modie (nyinaa) “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
ٱللَّهُ يَحۡكُمُ بَيۡنَكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ
Nyankopͻn bebu montεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε mogye ho akyinnyeε no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
أَلَمۡ تَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّ ذَٰلِكَ فِي كِتَٰبٍۚ إِنَّ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرٞ
Enti wonnnim sε, Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase soͻ? Nokorε sε woi (nyinaa) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε εno deε εyε mmrε ma Nyankopͻn.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَمۡ يُنَزِّلۡ بِهِۦ سُلۡطَٰنٗا وَمَا لَيۡسَ لَهُم بِهِۦ عِلۡمٞۗ وَمَا لِلظَّٰلِمِينَ مِن نَّصِيرٖ
Wͻfri Nyankopͻn akyi som deε yensianee εhoo nyinasoͻ anaasε tumi biara mmaeε, na wͻ nni ho nimdeε nso. Abͻneεfoͻ no deε wͻ nni boafoͻ.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا بَيِّنَٰتٖ تَعۡرِفُ فِي وُجُوهِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱلۡمُنكَرَۖ يَكَادُونَ يَسۡطُونَ بِٱلَّذِينَ يَتۡلُونَ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتِنَاۗ قُلۡ أَفَأُنَبِّئُكُم بِشَرّٖ مِّن ذَٰلِكُمُۚ ٱلنَّارُ وَعَدَهَا ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wobehunu no wͻ wͻn a wͻ nnye nnie no anim sε wͻ mpε, aka kakraabi sε wato ahyε wͻn a wͻrekenkan Yεn Nsεm kyerε wͻn no so. (Nkͻmhyεni), kasε: “Menkyerε mo deε εyε bͻne kyεn woi?” Amanehunu gya no a Nyankopͻn ahyε ho bͻ akyerε wͻn a woyi boniayε no. (Saa bea no) yε nkyi bͻne paa.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ሐጅ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት