Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ቀሰስ   አንቀጽ:
وَلَمَّا بَلَغَ أَشُدَّهُۥ وَٱسۡتَوَىٰٓ ءَاتَيۡنَٰهُ حُكۡمٗا وَعِلۡمٗاۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Ɛberε a (Mose) duruu ne mpanin berε mu, na odii mmu no, Yεmaa no adwen, nyansa ne nimdeε. Saa ara na Yɛtua apapafoͻ no ka.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَدَخَلَ ٱلۡمَدِينَةَ عَلَىٰ حِينِ غَفۡلَةٖ مِّنۡ أَهۡلِهَا فَوَجَدَ فِيهَا رَجُلَيۡنِ يَقۡتَتِلَانِ هَٰذَا مِن شِيعَتِهِۦ وَهَٰذَا مِنۡ عَدُوِّهِۦۖ فَٱسۡتَغَٰثَهُ ٱلَّذِي مِن شِيعَتِهِۦ عَلَى ٱلَّذِي مِنۡ عَدُوِّهِۦ فَوَكَزَهُۥ مُوسَىٰ فَقَضَىٰ عَلَيۡهِۖ قَالَ هَٰذَا مِنۡ عَمَلِ ٱلشَّيۡطَٰنِۖ إِنَّهُۥ عَدُوّٞ مُّضِلّٞ مُّبِينٞ
(Da koro bi, Mose) kͻͻ kuro no mu wͻ ɛberε a na emu foͻ no ani nni wͻn ho soͻ; emu na ͻkͻhunuu mmarima mmienu bi a wͻreko, ͻbaako wͻ ne fekuo no mu (Israelni) εna ͻbaako no nso fri n’atamfoͻ no mu (Misrimni). Deε ͻfri ne fekuo no mu no hwehwεε ne hͻ mmoa de tiaa deε ͻyε ne tamfoͻ no. Mose pomaa twεdeε de bͻͻ no, na ͻkum no. Ͻkaa sε: “Woi ka ͻbonsam adwuma ho. Nokorε sε, ͻyε ͻtamfo ne obia ͻyera (nnipa) pefee “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ رَبِّ إِنِّي ظَلَمۡتُ نَفۡسِي فَٱغۡفِرۡ لِي فَغَفَرَ لَهُۥٓۚ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلۡغَفُورُ ٱلرَّحِيمُ
Mose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mayε bͻne atia me kraa enti fa kyε me“. Enti Nyankopͻn de kyεε no. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Ahummͻborͻ Hene no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قَالَ رَبِّ بِمَآ أَنۡعَمۡتَ عَلَيَّ فَلَنۡ أَكُونَ ظَهِيرٗا لِّلۡمُجۡرِمِينَ
Mose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, εnam adom a Wode adom me yi nti, memmoa abͻneεfoͻ no bio “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَأَصۡبَحَ فِي ٱلۡمَدِينَةِ خَآئِفٗا يَتَرَقَّبُ فَإِذَا ٱلَّذِي ٱسۡتَنصَرَهُۥ بِٱلۡأَمۡسِ يَسۡتَصۡرِخُهُۥۚ قَالَ لَهُۥ مُوسَىٰٓ إِنَّكَ لَغَوِيّٞ مُّبِينٞ
Afei ͻbͻͻ hu wͻ kuro no mu a na ͻretetε (retwεn deε εbεba), na hwε, obi a ͻhwehwεε ne mmoa nnora no retea mu frε no ahwehwε ne mmoa (bio). Mose ka kyerεε no sε: “Nokorε sε, woyε obia woyera (onipa) pefee“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَلَمَّآ أَنۡ أَرَادَ أَن يَبۡطِشَ بِٱلَّذِي هُوَ عَدُوّٞ لَّهُمَا قَالَ يَٰمُوسَىٰٓ أَتُرِيدُ أَن تَقۡتُلَنِي كَمَا قَتَلۡتَ نَفۡسَۢا بِٱلۡأَمۡسِۖ إِن تُرِيدُ إِلَّآ أَن تَكُونَ جَبَّارٗا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَمَا تُرِيدُ أَن تَكُونَ مِنَ ٱلۡمُصۡلِحِينَ
Ɛberε a ͻpεε sε anka ͻpari sͻ (Misrimni) no a ͻyε wͻn mmienu no tamfoͻ no mu no, (Israelni no de huu) kaa sε: “Mose, wopε sε woku me sεdeε wokum onipa bi εnora no? Wopε sε wodi atumisεm wͻ asaase no so, na wompε sε woka wͻn a wͻtoto ntotoeε pa no ho“.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَجَآءَ رَجُلٞ مِّنۡ أَقۡصَا ٱلۡمَدِينَةِ يَسۡعَىٰ قَالَ يَٰمُوسَىٰٓ إِنَّ ٱلۡمَلَأَ يَأۡتَمِرُونَ بِكَ لِيَقۡتُلُوكَ فَٱخۡرُجۡ إِنِّي لَكَ مِنَ ٱلنَّٰصِحِينَ
Ɔbarima bi de mmirika fri kuro no mu akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Mose, ahemfo no rebͻ wo ho pͻ sε wͻbɛku wo, enti (yε ntεm) fri (kuro yi mu) kͻ. Nokorε sε, meka wͻn a wͻpε wo yie die no ho “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
فَخَرَجَ مِنۡهَا خَآئِفٗا يَتَرَقَّبُۖ قَالَ رَبِّ نَجِّنِي مِنَ ٱلۡقَوۡمِ ٱلظَّٰلِمِينَ
Mose de huu ne atetε-atetε fri (kuro no) mu. Ɔkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, gye me fri nnipa bͻnefoͻ no nsam.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል ቀሰስ
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት