Check out the new design

የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል * - የትርጉሞች ማዉጫ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አንዓም   አንቀጽ:
وَلَوۡ جَعَلۡنَٰهُ مَلَكٗا لَّجَعَلۡنَٰهُ رَجُلٗا وَلَلَبَسۡنَا عَلَيۡهِم مَّا يَلۡبِسُونَ
Sε Y’εyεε Soro abͻfoͻ maa no a, anka Yε’bεyε no onipa, na Y’ama wͻn adwen ayε wͻn basaa sεdeε wͻn adwen ayε wͻn basaa no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَلَقَدِ ٱسۡتُهۡزِئَ بِرُسُلٖ مِّن قَبۡلِكَ فَحَاقَ بِٱلَّذِينَ سَخِرُواْ مِنۡهُم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Ampa sε, wͻ’dii Asomafoͻ a wͻ’dii w’anim kan no ho fεw nanso deε aserefoͻ no de dii wͻn ho fεw no betwaa wͻn ho hyiae.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ سِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ ثُمَّ ٱنظُرُواْ كَيۡفَ كَانَ عَٰقِبَةُ ٱلۡمُكَذِّبِينَ
Ka sε: “Monante (anaasε montu kwan) wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻ’poo nokorε no awieε si wieε “.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُل لِّمَن مَّا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ قُل لِّلَّهِۚ كَتَبَ عَلَىٰ نَفۡسِهِ ٱلرَّحۡمَةَۚ لَيَجۡمَعَنَّكُمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ لَا رَيۡبَ فِيهِۚ ٱلَّذِينَ خَسِرُوٓاْ أَنفُسَهُمۡ فَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Kasε: “Hwan na nneεma a εwͻ soro ne asaase so yε ne dea?” (Nkͻmhyεni) ka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn”. W’ahyehyε Ahummͻborͻ ama Neho. Ampa sε, Ɔbεboa moano wͻ Wusͻreε Da no a akyinnyeε biara nni ho no mu, wͻn a w’abrε wͻn ho aguo no ne wͻn a wͻ’nnye nnie no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
۞ وَلَهُۥ مَا سَكَنَ فِي ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِۚ وَهُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Adeε a εte anadwo ne adekyeε mu nyinaa nso wͻ no. Ɔne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ɔne Onimdefoͻ no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ أَغَيۡرَ ٱللَّهِ أَتَّخِذُ وَلِيّٗا فَاطِرِ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَهُوَ يُطۡعِمُ وَلَا يُطۡعَمُۗ قُلۡ إِنِّيٓ أُمِرۡتُ أَنۡ أَكُونَ أَوَّلَ مَنۡ أَسۡلَمَۖ وَلَا تَكُونَنَّ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
Ka sε: “Menfri Nyankopͻn, ͻsoro ne asaase Yεfoͻ no, (Otumfoͻ a) Ɔbͻ (abͻdeε nyinaa) akͻnhoma, na obi mmͻ no akͻnhoma no akyi mfa okyitaafoͻ (foforͻ)?” Ka sε: “Medeε yahyε me sε menyε onipa a odikan a wayε Muslim aberε neho ase ama Nyankopͻn”, na hwε yie na w’ankͻka wͻn a wͻ’de biribi bata Nyankopͻn ho no ho.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
قُلۡ إِنِّيٓ أَخَافُ إِنۡ عَصَيۡتُ رَبِّي عَذَابَ يَوۡمٍ عَظِيمٖ
Kasε: “Medeε mesuro sε mεyε me Wura Nyankopͻn asεm no ho asoͻden εnam Da kεseε no asotwee no ho nti.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
مَّن يُصۡرَفۡ عَنۡهُ يَوۡمَئِذٖ فَقَدۡ رَحِمَهُۥۚ وَذَٰلِكَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡمُبِينُ
Obi a yεbeyi (saa asotwee no) afri neso wͻ saa Da no mu no, nokorε sε na yahu no mmͻbͻ. Na εno ne nkonimdie a εda adi pefee no.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَإِن يَمۡسَسۡكَ ٱللَّهُ بِضُرّٖ فَلَا كَاشِفَ لَهُۥٓ إِلَّا هُوَۖ وَإِن يَمۡسَسۡكَ بِخَيۡرٖ فَهُوَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٞ
Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to woso a, obiara nnihͻ a obetumi ayi afri hͻ, gyesε Ɔno ara, sε Ɔma papa bi nso to wo a, Ɔno ara na Ɔwͻ biribiara so tumi.
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
وَهُوَ ٱلۡقَاهِرُ فَوۡقَ عِبَادِهِۦۚ وَهُوَ ٱلۡحَكِيمُ ٱلۡخَبِيرُ
Ɔne Opumpuni a Ɔkorͻn wͻ Nenkoa soͻ, na Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne Amanebͻfoͻ no (a Ɔbεbͻ mo dwuma a modiiε nyinaa ho amaneε (wͻ Atemmuda).
የአረብኛ ቁርኣን ማብራሪያ:
 
የይዘት ትርጉም ምዕራፍ: አል-አንዓም
የምዕራፎች ማውጫ የገፅ ቁጥር
 
የቅዱስ ቁርዓን ይዘት ትርጉም - የአካንኛ ትርጉም - የአሻንቲኛ - ሀሩን ኢስማዒል - የትርጉሞች ማዉጫ

ተርጓሚ ሸይኽ ሀሩን ኢስማዒል

መዝጋት