Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আলে ইমৰাণ   আয়াত:
لَن تَنَالُواْ ٱلۡبِرَّ حَتَّىٰ تُنفِقُواْ مِمَّا تُحِبُّونَۚ وَمَا تُنفِقُواْ مِن شَيۡءٖ فَإِنَّ ٱللَّهَ بِهِۦ عَلِيمٞ
Monsa ntumi nka papa no da, gyesε moyi adeε a mopε paa dema (Nyankopͻn). Na deε mobeyi ama biara no Nyankopͻn ne ɛho Nimdefoɔ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ كُلُّ ٱلطَّعَامِ كَانَ حِلّٗا لِّبَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ إِلَّا مَا حَرَّمَ إِسۡرَٰٓءِيلُ عَلَىٰ نَفۡسِهِۦ مِن قَبۡلِ أَن تُنَزَّلَ ٱلتَّوۡرَىٰةُۚ قُلۡ فَأۡتُواْ بِٱلتَّوۡرَىٰةِ فَٱتۡلُوهَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Na anka Israel mma no wͻ aduane biara ho kwan (sε wͻ’die), ansa na yεrebesiane Tora no, gyesε (nnuane bi a) Israel (anaasε Ya’aquub) no ara braa ͻno ara ne ho. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Monfa Tora no mmra na monkenkan, sε moyε nokwafoͻ ampa a.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَمَنِ ٱفۡتَرَىٰ عَلَى ٱللَّهِ ٱلۡكَذِبَ مِنۢ بَعۡدِ ذَٰلِكَ فَأُوْلَٰٓئِكَ هُمُ ٱلظَّٰلِمُونَ
Enti obi a obetwa nkontompo ato Nyankopͻn so wͻ woi akyi no, saa nkorͻfoͻ no ne nnipa bͻnefoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ صَدَقَ ٱللَّهُۗ فَٱتَّبِعُواْ مِلَّةَ إِبۡرَٰهِيمَ حَنِيفٗاۖ وَمَا كَانَ مِنَ ٱلۡمُشۡرِكِينَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nyankopͻn na Ɔka nokorε. Enti moni Abraham, ͻteneneeni no kwan no so; na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ أَوَّلَ بَيۡتٖ وُضِعَ لِلنَّاسِ لَلَّذِي بِبَكَّةَ مُبَارَكٗا وَهُدٗى لِّلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε, (Nyamesom) Fie a edikan a yεde sii hͻ maa adasamma ne deε εwͻ Bakata (Maka) no; εyε nhyira ne tenenee dema amansan nyinaa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فِيهِ ءَايَٰتُۢ بَيِّنَٰتٞ مَّقَامُ إِبۡرَٰهِيمَۖ وَمَن دَخَلَهُۥ كَانَ ءَامِنٗاۗ وَلِلَّهِ عَلَى ٱلنَّاسِ حِجُّ ٱلۡبَيۡتِ مَنِ ٱسۡتَطَاعَ إِلَيۡهِ سَبِيلٗاۚ وَمَن كَفَرَ فَإِنَّ ٱللَّهَ غَنِيٌّ عَنِ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Emu na nsεnkyerεnee a εda adi pefee wͻ, (titiriw) Abraham gyinabea hͻ. obiara a ͻbewura mu no anya akomatͻyamu. Nyankopͻn ayε Efie hͻ nsrahwε no nhyε de ato adasamma so (titiriw) obi a ͻbenya (εho kwan. Na obi a ͻbεpo (Haji) no, Nyankopͻn deε Wanya Neho wͻ abͻdeε nyinaa so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ لِمَ تَكۡفُرُونَ بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَٱللَّهُ شَهِيدٌ عَلَىٰ مَا تَعۡمَلُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, adεn nti na mopo Nyankopͻn nsεm no, aberε a Nyankopͻn ne Ɔdanseni a odi dwuma a modie nyinaa ho adanseε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ يَٰٓأَهۡلَ ٱلۡكِتَٰبِ لِمَ تَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ مَنۡ ءَامَنَ تَبۡغُونَهَا عِوَجٗا وَأَنتُمۡ شُهَدَآءُۗ وَمَا ٱللَّهُ بِغَٰفِلٍ عَمَّا تَعۡمَلُونَ
Ka sε: Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, adεn nti na mosi wͻn a wͻ’agye adie no kwan firi Nyankopͻn kwan no so hwehwε sε anka (ͻkwan no) bεkyea, aberε a modi ho adanseε? Nyankopͻn deε Ɔmuu N’ani nguu dwuma a modie no so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِن تُطِيعُواْ فَرِيقٗا مِّنَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡكِتَٰبَ يَرُدُّوكُم بَعۡدَ إِيمَٰنِكُمۡ كَٰفِرِينَ
Mo a moagye adie, sε moyԑ sotie ma wͻn a y’ama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu fekuo no bi a, mogyidie akyi no wͻ’bεma mo asan aba moakyi abεyε (Kaafir) boniayεfoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আলে ইমৰাণ
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ