আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আশ্বান্তি অনুবাদ * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: ছুৰা ইয়াছীন   আয়াত:

Yasiin

يسٓ
Yaa siin.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلۡقُرۡءَانِ ٱلۡحَكِيمِ
Nyankopͻn de Qur’aan a Nyansa ne adwen ahyε mu mma no di nse sε:
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّكَ لَمِنَ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
(Nkͻmhyεni), nokorε sε woka Asomafoͻ no ho;
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
عَلَىٰ صِرَٰطٖ مُّسۡتَقِيمٖ
(Na wonam) ͻkwan tenenee no so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
تَنزِيلَ ٱلۡعَزِيزِ ٱلرَّحِيمِ
(Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Otumfoͻ, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لِتُنذِرَ قَوۡمٗا مَّآ أُنذِرَ ءَابَآؤُهُمۡ فَهُمۡ غَٰفِلُونَ
Sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ a yɛammͻ wͻn agyanom kͻkͻ no a, enti wͻn werε afri (wͻn ho) no kͻkͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَقَدۡ حَقَّ ٱلۡقَوۡلُ عَلَىٰٓ أَكۡثَرِهِمۡ فَهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Ampa sε, asεm no mu nokorε atia wͻn mu (nnipa) pii, efirisε wͻnnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّا جَعَلۡنَا فِيٓ أَعۡنَٰقِهِمۡ أَغۡلَٰلٗا فَهِيَ إِلَى ٱلۡأَذۡقَانِ فَهُم مُّقۡمَحُونَ
Nokorε sε, Yεde dadewεmfoͻ agu wͻn kͻn mu abεpem wͻn abͻdwe, enti wͻn ti apagya hwε soro (a wͻntumi nsi wͻn tri aseε).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَجَعَلۡنَا مِنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ سَدّٗا وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ سَدّٗا فَأَغۡشَيۡنَٰهُمۡ فَهُمۡ لَا يُبۡصِرُونَ
Yεde εban nso asi wͻn anim, εna εban san wͻ wͻn akyi εna Yɛakata wͻn soͻ, enti wͻn nhunu hwee.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَسَوَآءٌ عَلَيۡهِمۡ ءَأَنذَرۡتَهُمۡ أَمۡ لَمۡ تُنذِرۡهُمۡ لَا يُؤۡمِنُونَ
Sε wobͻ wͻn kͻkͻ o, anaasε wammͻ wͻn kͻkͻ o, ԑyε asεm korͻ ma wͻn sԑ wͻnnye nni.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّمَا تُنذِرُ مَنِ ٱتَّبَعَ ٱلذِّكۡرَ وَخَشِيَ ٱلرَّحۡمَٰنَ بِٱلۡغَيۡبِۖ فَبَشِّرۡهُ بِمَغۡفِرَةٖ وَأَجۡرٖ كَرِيمٍ
Nea εsεsε wobͻ no kͻkͻ ne obi a odi Afutusεm (Qur’aan) no akyi, na osuro Ahummͻborͻ Hene no wͻ kokoa mu. (Nkͻmhyεni), Fa bͻnefakyε ne Animuonyam akatua kεseε no ho bͻhyԑ ma (saa nipa) no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّا نَحۡنُ نُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَنَكۡتُبُ مَا قَدَّمُواْ وَءَاثَٰرَهُمۡۚ وَكُلَّ شَيۡءٍ أَحۡصَيۡنَٰهُ فِيٓ إِمَامٖ مُّبِينٖ
Nokorε sε, Yεn na Yɛnyane awufoͻ no, na Yεtwerε deε (adasamma ayε) de ato (wͻn) anim ne (faako a) wͻn anamͻn (anante akͻduru biara), na Yɛasese biribiara wͻ Nwoma pefee no mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱضۡرِبۡ لَهُم مَّثَلًا أَصۡحَٰبَ ٱلۡقَرۡيَةِ إِذۡ جَآءَهَا ٱلۡمُرۡسَلُونَ
Fa kuro (Antiok) sofoͻ no yε mfatoho ma wͻn, εberε a Asomafoͻ no baa wͻn hͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِذۡ أَرۡسَلۡنَآ إِلَيۡهِمُ ٱثۡنَيۡنِ فَكَذَّبُوهُمَا فَعَزَّزۡنَا بِثَالِثٖ فَقَالُوٓاْ إِنَّآ إِلَيۡكُم مُّرۡسَلُونَ
Ɛberε a Yεsomaa (Asomafoͻ) mmienu kᴐᴐ wͻn hͻ no, wͻannye wͻn anni, enti Yεde deε ͻtͻso mmiεnsa bεfoaa wͻn so; na wͻka kyerεε (kuro no mu foͻ no) sε: “Nokorε sε, yεyε mo asomafoͻ’’.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ مَآ أَنتُمۡ إِلَّا بَشَرٞ مِّثۡلُنَا وَمَآ أَنزَلَ ٱلرَّحۡمَٰنُ مِن شَيۡءٍ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا تَكۡذِبُونَ
(Antiokfoͻ no) kaa sε: ”Moyε nnipa tesε yεn ara. Ahummͻborͻ Hene no nsianee hwee (maa mo), mo saa (nkorͻfoͻ yi) mo yε nkontompofoͻ”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ رَبُّنَا يَعۡلَمُ إِنَّآ إِلَيۡكُمۡ لَمُرۡسَلُونَ
(Asomafoͻ no) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn Nim yie sε, nokorε, yεyε Asomafoͻ ma mo,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا عَلَيۡنَآ إِلَّا ٱلۡبَلَٰغُ ٱلۡمُبِينُ
Y’adwuma ara ne sε, yεbεbͻ (Asεm no ho) dawuro akyerεkyerε mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُوٓاْ إِنَّا تَطَيَّرۡنَا بِكُمۡۖ لَئِن لَّمۡ تَنتَهُواْ لَنَرۡجُمَنَّكُمۡ وَلَيَمَسَّنَّكُم مِّنَّا عَذَابٌ أَلِيمٞ
(Antiokfoͻ no) kaa sε: ‘’Yɛhunu sε mo yε mmusuo ma yεn, enti sε moanyae (mo nsεm no ka) a, yεbɛsi mo aboͻ, na yεde asotwee a εyε ya paa a efiri yεn hͻ atwe mo aso.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ طَٰٓئِرُكُم مَّعَكُمۡ أَئِن ذُكِّرۡتُمۚ بَلۡ أَنتُمۡ قَوۡمٞ مُّسۡرِفُونَ
(Asomafoͻ no) kaa sε: “Mo mmusuo no firi mo ara mo hͻ, sε anka moredwen a. Daabi, mo yε nnipa nsεmmͻnedifoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَجَآءَ مِنۡ أَقۡصَا ٱلۡمَدِينَةِ رَجُلٞ يَسۡعَىٰ قَالَ يَٰقَوۡمِ ٱتَّبِعُواْ ٱلۡمُرۡسَلِينَ
Ɔbarima bi (Habiib Najaar) de ahoͻherε fri kuro no akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Menkorͻfoͻ, moni Asomafoͻ no akyi.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱتَّبِعُواْ مَن لَّا يَسۡـَٔلُكُمۡ أَجۡرٗا وَهُم مُّهۡتَدُونَ
Moni wͻn a wͻmmisa mo (nsεmpa a wͻreka kyerε mo) no ho akatua no akyi, efrisε wͻyε ateneneefoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَالِيَ لَآ أَعۡبُدُ ٱلَّذِي فَطَرَنِي وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Ԑdeεn nti na εnsεsε mesom (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ me, na Ne hͻ na mobεsan akͻ?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ءَأَتَّخِذُ مِن دُونِهِۦٓ ءَالِهَةً إِن يُرِدۡنِ ٱلرَّحۡمَٰنُ بِضُرّٖ لَّا تُغۡنِ عَنِّي شَفَٰعَتُهُمۡ شَيۡـٔٗا وَلَا يُنقِذُونِ
Menfri N’akyi mfa anyame (foforͻ nsom wͻn wͻ aberε a) sε Ahummͻborͻ Hene Nyankopͻn pε me bͻne anaa ͻhaw bi a, (anyame no) ntwitwagyeε ho mma me mfasoͻ biara, na wͻntumi nnye me nso?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّيٓ إِذٗا لَّفِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٍ
(Sε meyε saa a), εneε na nokorε sε, mewͻ ͻyera pefee paa mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنِّيٓ ءَامَنتُ بِرَبِّكُمۡ فَٱسۡمَعُونِ
Nokorε sε magye mo Wura Nyankopͻn no adi enti montie me”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قِيلَ ٱدۡخُلِ ٱلۡجَنَّةَۖ قَالَ يَٰلَيۡتَ قَوۡمِي يَعۡلَمُونَ
Yεka kyerεε no sε: ”Wura Soro Aheman no mu. (Habiib) kaa sε: “Sε anka me nkorͻfoͻ no nim-
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
بِمَا غَفَرَ لِي رَبِّي وَجَعَلَنِي مِنَ ٱلۡمُكۡرَمِينَ
Sεdeε me Wura Nyankopͻn de me bͻne akyε me, na Ɔde me aka animuonyamfoͻ no ho a”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ وَمَآ أَنزَلۡنَا عَلَىٰ قَوۡمِهِۦ مِنۢ بَعۡدِهِۦ مِن جُندٖ مِّنَ ٱلسَّمَآءِ وَمَا كُنَّا مُنزِلِينَ
(Habiib Najaar kum no) akyi no, Yɛansoma asraafoͻ amfiri soro amma ne nkorͻfoͻ no so, na enhia sε yεsoma mpo.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِن كَانَتۡ إِلَّا صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ فَإِذَا هُمۡ خَٰمِدُونَ
Na mmom εyε nteamu fua pε (na Nyankopͻn maa Ɔbͻfoͻ Gabriel bεteaa mu guu wͻn soͻ), na hwε, wͻn (nyinaa) tεm dinn (a wͻn awuwuo).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَٰحَسۡرَةً عَلَى ٱلۡعِبَادِۚ مَا يَأۡتِيهِم مِّن رَّسُولٍ إِلَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
A o, berε a Me nkoa no aberε aguo! Ɛberε biara a ͻsomafoͻ bi bεba wͻn hͻ no gyesε wͻdi ne ho fεw.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَلَمۡ يَرَوۡاْ كَمۡ أَهۡلَكۡنَا قَبۡلَهُم مِّنَ ٱلۡقُرُونِ أَنَّهُمۡ إِلَيۡهِمۡ لَا يَرۡجِعُونَ
Enti wͻnhunuu awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻdii wͻn anim kan a Yɛasεe wͻn, na wͻnsan mma wͻn hͻ bio?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِن كُلّٞ لَّمَّا جَمِيعٞ لَّدَيۡنَا مُحۡضَرُونَ
Nokorε nso sε wͻn mu biara, (wͻn) nyinaa Y’anim na wͻbεsan aba.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَءَايَةٞ لَّهُمُ ٱلۡأَرۡضُ ٱلۡمَيۡتَةُ أَحۡيَيۡنَٰهَا وَأَخۡرَجۡنَا مِنۡهَا حَبّٗا فَمِنۡهُ يَأۡكُلُونَ
Asaase a awuo nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn, Yɛnyane no, na Yɛama nnͻbaeε apuepue afiri mu, na emu bi na wͻdie.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَجَعَلۡنَا فِيهَا جَنَّٰتٖ مِّن نَّخِيلٖ وَأَعۡنَٰبٖ وَفَجَّرۡنَا فِيهَا مِنَ ٱلۡعُيُونِ
(Asaase no ara) so na Yɛayε akyiresua ne bobe fuo, emu ara nso na Yεma nsutire puepue.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لِيَأۡكُلُواْ مِن ثَمَرِهِۦ وَمَا عَمِلَتۡهُ أَيۡدِيهِمۡۚ أَفَلَا يَشۡكُرُونَ
Sεdeε wͻbɛdi ne nnuaba no; (woi nom nyinaa) εnyε wͻn nsa na wͻde yͻeε. Enti wͻn (nhwε ho) nna (Nyankopͻn) ase?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
سُبۡحَٰنَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلۡأَزۡوَٰجَ كُلَّهَا مِمَّا تُنۢبِتُ ٱلۡأَرۡضُ وَمِنۡ أَنفُسِهِمۡ وَمِمَّا لَا يَعۡلَمُونَ
Kronkron Hene ne Nea Ɔbͻͻ adeε a εwͻ asaase so nyinaa mmienu-mmienu (onini ne bedeε), ne wͻn ara mu nso (saa ara na yɛabͻ wͻn onini ne ͻbedeε), ne adeε a wͻnnim nso mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَءَايَةٞ لَّهُمُ ٱلَّيۡلُ نَسۡلَخُ مِنۡهُ ٱلنَّهَارَ فَإِذَا هُم مُّظۡلِمُونَ
Adesaeε a yεyi firi adekyeε mu ma esum to wͻn no nso yε nsεnkyerεnee ma wͻn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلشَّمۡسُ تَجۡرِي لِمُسۡتَقَرّٖ لَّهَاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ
Awia nam ne kwan a yɛahyehyε ama no so. Woi yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱلۡقَمَرَ قَدَّرۡنَٰهُ مَنَازِلَ حَتَّىٰ عَادَ كَٱلۡعُرۡجُونِ ٱلۡقَدِيمِ
Bosome nso Yɛahyehyε soε berε ama no kͻpem sε εbεsan ayε sε akyiresua papa dadaa a awoͻ na akoa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَا ٱلشَّمۡسُ يَنۢبَغِي لَهَآ أَن تُدۡرِكَ ٱلۡقَمَرَ وَلَا ٱلَّيۡلُ سَابِقُ ٱلنَّهَارِۚ وَكُلّٞ فِي فَلَكٖ يَسۡبَحُونَ
Ԑmma sԑ awia bԑto bosome, anaasԑ anadwo bɛsan adekyeԑ ho. Wᴐn mu biara nam ne kwan so yᴐᴐ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَءَايَةٞ لَّهُمۡ أَنَّا حَمَلۡنَا ذُرِّيَّتَهُمۡ فِي ٱلۡفُلۡكِ ٱلۡمَشۡحُونِ
Wͻn asefoͻ a Yεsoaa wͻn wͻ (Noa) hyεn a ayε mma no mu no yε nsεnkyerεnee ma wͻn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَخَلَقۡنَا لَهُم مِّن مِّثۡلِهِۦ مَا يَرۡكَبُونَ
Yɛabͻ (Noa nhyεmma no) nso sεso ama wͻn a wͻforo tena mu.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِن نَّشَأۡ نُغۡرِقۡهُمۡ فَلَا صَرِيخَ لَهُمۡ وَلَا هُمۡ يُنقَذُونَ
Sε Yεpε a, anka Yεbεma wͻn amem na wͻnya obi a wͻbɛsu afrε no anaa obia ɔbεgye wͻn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِلَّا رَحۡمَةٗ مِّنَّا وَمَتَٰعًا إِلَىٰ حِينٖ
Mmom εyε ahummͻborͻ a efiri Yεn nkyεn, ne anigyedeε de kͻpem εberε ( a yɛahyε).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمُ ٱتَّقُواْ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيكُمۡ وَمَا خَلۡفَكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تُرۡحَمُونَ
Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monsuro deε εda mo anim ne deε εda mo akyi sεdeε yɛbɛhu mo mmͻbͻ a,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا تَأۡتِيهِم مِّنۡ ءَايَةٖ مِّنۡ ءَايَٰتِ رَبِّهِمۡ إِلَّا كَانُواْ عَنۡهَا مُعۡرِضِينَ
Nsεnkyerεnee mu nsεnkyerεnee biara a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, wͻdanee wͻn ho firii ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَإِذَا قِيلَ لَهُمۡ أَنفِقُواْ مِمَّا رَزَقَكُمُ ٱللَّهُ قَالَ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ لِلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ أَنُطۡعِمُ مَن لَّوۡ يَشَآءُ ٱللَّهُ أَطۡعَمَهُۥٓ إِنۡ أَنتُمۡ إِلَّا فِي ضَلَٰلٖ مُّبِينٖ
Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monyi deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ma a, wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: ”Yεmͻ wͻn a sε Nyankopͻn pε a Ɔbɛtumi abͻ wͻn akͻnhoma no akͻnhoma? (Kaafirfoͻ no ka kyerε agyidiefoͻ no sε): “Nokorε sε mowͻ ͻyera pefee paa mu “.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَيَقُولُونَ مَتَىٰ هَٰذَا ٱلۡوَعۡدُ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Wͻka nso (kyerε agyidiefoͻ no) sε: “Sε mo yε nokwafoͻ ampa a, dabεn na saa bͻhyε no (bεba)?”
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
مَا يَنظُرُونَ إِلَّا صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ تَأۡخُذُهُمۡ وَهُمۡ يَخِصِّمُونَ
Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ara ne Nteamu fua pε no?. Ɛbεsͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻregye akyinnyeε!
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَا يَسۡتَطِيعُونَ تَوۡصِيَةٗ وَلَآ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِمۡ يَرۡجِعُونَ
(Saa Da no) wͻntumi nyε nsamanseε, na wͻntumi nso nsan nkͻ wͻn abusuafoͻ hͻ bio.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَنُفِخَ فِي ٱلصُّورِ فَإِذَا هُم مِّنَ ٱلۡأَجۡدَاثِ إِلَىٰ رَبِّهِمۡ يَنسِلُونَ
Sε yεbͻ totorobεnto no mu (deε etwa toͻ no) a, wobɛhunu sε wͻde ahoͻhare firi adaka-mena mu rekͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قَالُواْ يَٰوَيۡلَنَا مَنۢ بَعَثَنَا مِن مَّرۡقَدِنَاۜۗ هَٰذَا مَا وَعَدَ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَصَدَقَ ٱلۡمُرۡسَلُونَ
(Saa Da no boniayεfoͻ no) bεka sε: ”Adi ayε yεn! Hwan na wanyane yεn afiri faako a yεda yi? (Soro abͻfoͻ anaasε agyidiefoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Woi na Ahummͻborͻ Hene no hyεε ho bͻ no. Asomafoͻ no asεm no ayε nokorε”.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِن كَانَتۡ إِلَّا صَيۡحَةٗ وَٰحِدَةٗ فَإِذَا هُمۡ جَمِيعٞ لَّدَيۡنَا مُحۡضَرُونَ
(Wusͻreε no deε) εyε nteamu fua pε, na wobɛhunu sε yεde wͻn nyinaa aba Y’anim.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَٱلۡيَوۡمَ لَا تُظۡلَمُ نَفۡسٞ شَيۡـٔٗا وَلَا تُجۡزَوۡنَ إِلَّا مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Saa Da no yɛnsisi ͻkra bi wͻ biribiara ho, na mmom dwuma a modiiε no na yɛbɛtua mo ho ka.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ أَصۡحَٰبَ ٱلۡجَنَّةِ ٱلۡيَوۡمَ فِي شُغُلٖ فَٰكِهُونَ
Nokorε sε saa Da no, Soro Aheman no mu foͻ no bεgye wͻn ani papaapa (anaasε anigyeε bεgye wͻn adaagyeε).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هُمۡ وَأَزۡوَٰجُهُمۡ فِي ظِلَٰلٍ عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِ مُتَّكِـُٔونَ
Wͻn ne wͻn ayerenom wͻ nwunu mu, tete ahennwa so.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَهُمۡ فِيهَا فَٰكِهَةٞ وَلَهُم مَّا يَدَّعُونَ
Nnuaba (ahodoͻ nyinaa bi) wͻ hͻ ma wͻn, na wͻnsa bεka deε wͻbɛbisa biara.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
سَلَٰمٞ قَوۡلٗا مِّن رَّبّٖ رَّحِيمٖ
‘Salaam!’ Asomdwoeε ne kasa a efiri Mmͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱمۡتَٰزُواْ ٱلۡيَوۡمَ أَيُّهَا ٱلۡمُجۡرِمُونَ
Abͻneεfoͻ, εnnε Da yi montwe mo ho (mfri agyidiefoͻ no ho).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
۞ أَلَمۡ أَعۡهَدۡ إِلَيۡكُمۡ يَٰبَنِيٓ ءَادَمَ أَن لَّا تَعۡبُدُواْ ٱلشَّيۡطَٰنَۖ إِنَّهُۥ لَكُمۡ عَدُوّٞ مُّبِينٞ
(Nyankopͻn bεka sε): “Adasamma Mantu mofo sε, monhwε yie na moansom ͻbonsam, efirisε ͻyε mo tamfo pefee?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَأَنِ ٱعۡبُدُونِيۚ هَٰذَا صِرَٰطٞ مُّسۡتَقِيمٞ
Na mmom monsom Me, na εno ne ͻkwan tenenee no?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَقَدۡ أَضَلَّ مِنكُمۡ جِبِلّٗا كَثِيرًاۖ أَفَلَمۡ تَكُونُواْ تَعۡقِلُونَ
Nokorε sε (ͻbonsam) ayera mo mu nnipa dͻm pii, enti monfa adwen?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
هَٰذِهِۦ جَهَنَّمُ ٱلَّتِي كُنتُمۡ تُوعَدُونَ
Woi ne Amanehunugya no a yεhyεε mo ho bͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱصۡلَوۡهَا ٱلۡيَوۡمَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡفُرُونَ
Monwura mu nnε Da yi εnam sε moannye annie nti.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلۡيَوۡمَ نَخۡتِمُ عَلَىٰٓ أَفۡوَٰهِهِمۡ وَتُكَلِّمُنَآ أَيۡدِيهِمۡ وَتَشۡهَدُ أَرۡجُلُهُم بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Saa Da no Yɛbɛsi wͻn ano ho kwan, na wͻnsa bεkasa akyerε Yεn, na wͻn nnan nso bɛdi adanseε wͻ deε wɔnyɛeε no ho.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَوۡ نَشَآءُ لَطَمَسۡنَا عَلَىٰٓ أَعۡيُنِهِمۡ فَٱسۡتَبَقُواْ ٱلصِّرَٰطَ فَأَنَّىٰ يُبۡصِرُونَ
Sε Yεpε a, anka yεbεma wͻn ani afira na wͻakeka apε kwan no, na sεn na anka wͻbɛsi ahunu (kwan)?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَوۡ نَشَآءُ لَمَسَخۡنَٰهُمۡ عَلَىٰ مَكَانَتِهِمۡ فَمَا ٱسۡتَطَٰعُواْ مُضِيّٗا وَلَا يَرۡجِعُونَ
Sε Yεpε nso a anka Yεbεsesa wͻn wͻ wͻn tebea mu (ama wͻn adane tesε mmoa anaasε biribi) a wͻntumi nkeka wͻn ho na (wͻn nkͻ nso) wͻmma.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَن نُّعَمِّرۡهُ نُنَكِّسۡهُ فِي ٱلۡخَلۡقِۚ أَفَلَا يَعۡقِلُونَ
Obia Yεma no nkwa tenten no Yεsan no ba akyire wͻ mmͻeε no mu (ma n’ahoͻden akyi no ͻbεyε mmrε). Enti wͻnni nteasε?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَا عَلَّمۡنَٰهُ ٱلشِّعۡرَ وَمَا يَنۢبَغِي لَهُۥٓۚ إِنۡ هُوَ إِلَّا ذِكۡرٞ وَقُرۡءَانٞ مُّبِينٞ
Yɛankyerε (Muhammad) awensεm, na εmfata mma no, na mmom εyε afutusεm, εyε Qu’raan (a emu nsεm da adi) pefee,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لِّيُنذِرَ مَن كَانَ حَيّٗا وَيَحِقَّ ٱلۡقَوۡلُ عَلَى ٱلۡكَٰفِرِينَ
Sεdeε ͻde bεbͻ obi a ͻte aseε kͻkͻ, na asεm no ayε nyinasoᴐ atia boniayεfoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّا خَلَقۡنَا لَهُم مِّمَّا عَمِلَتۡ أَيۡدِينَآ أَنۡعَٰمٗا فَهُمۡ لَهَا مَٰلِكُونَ
Enti wͻnhunuu sε Yεn na Yεbͻͻ nneεma a Yε nsa ayε a emu bi ne nyεmmoa a wͻdi wͻn so (tumi) no maa wͻn?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَذَلَّلۡنَٰهَا لَهُمۡ فَمِنۡهَا رَكُوبُهُمۡ وَمِنۡهَا يَأۡكُلُونَ
Ɛna Yɛabrε wͻn ase ama wͻn a, emu bi wͻforo tena wͻn so, εna emu bi nso wͻwe (wͻn nam).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَهُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ وَمَشَارِبُۚ أَفَلَا يَشۡكُرُونَ
Ɛna wͻnya mfasoͻ (pii) wͻ wͻn ho, ne anomdeε (tesε nufusuo). Enti wͻn (nhwε ho) nyi (Nyankopͻn) ayε?
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ ءَالِهَةٗ لَّعَلَّهُمۡ يُنصَرُونَ
Wͻafiri Nyankopͻn akyi afa anyame (foforͻ) sε wͻbεboa wͻn.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَا يَسۡتَطِيعُونَ نَصۡرَهُمۡ وَهُمۡ لَهُمۡ جُندٞ مُّحۡضَرُونَ
Wͻntumi mmoa wͻn, na mmom yεde wͻn bεba sε εdͻm (ama wako atia wͻn a wͻsom wͻn no wͻ atemmuda).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَلَا يَحۡزُنكَ قَوۡلُهُمۡۘ إِنَّا نَعۡلَمُ مَا يُسِرُّونَ وَمَا يُعۡلِنُونَ
Enti (Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεmkeka no nnyε wo awerεho, nokorε sε Yɛnim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa).
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوَلَمۡ يَرَ ٱلۡإِنسَٰنُ أَنَّا خَلَقۡنَٰهُ مِن نُّطۡفَةٖ فَإِذَا هُوَ خَصِيمٞ مُّبِينٞ
Anaasε onipa nhunuu sε Yεn na Yεbͻͻ no firi ahobaeε mu? Na hwε sε ͻno mmom ne ͻkotiafoͻ pefee no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَضَرَبَ لَنَا مَثَلٗا وَنَسِيَ خَلۡقَهُۥۖ قَالَ مَن يُحۡيِ ٱلۡعِظَٰمَ وَهِيَ رَمِيمٞ
Ɔde Yεn yε mfatoho ma ne werε firi ne mmͻeε (ahyԑase). Ɔka sε: “Hwan na ɔbɛnyane nnompe a ahunu?’’.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
قُلۡ يُحۡيِيهَا ٱلَّذِيٓ أَنشَأَهَآ أَوَّلَ مَرَّةٖۖ وَهُوَ بِكُلِّ خَلۡقٍ عَلِيمٌ
(Nkͻmhyεni) Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ no wͻ εberε a edi kan no, (saa Tumfoͻ no) ara na Ɔbɛnyane no, na Ɔne abͻdeε biara ho Nimdefoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
ٱلَّذِي جَعَلَ لَكُم مِّنَ ٱلشَّجَرِ ٱلۡأَخۡضَرِ نَارٗا فَإِذَآ أَنتُم مِّنۡهُ تُوقِدُونَ
Ɔno na Ɔma mo egya firi dua mono mu a εno na mosͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أَوَلَيۡسَ ٱلَّذِي خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِقَٰدِرٍ عَلَىٰٓ أَن يَخۡلُقَ مِثۡلَهُمۚ بَلَىٰ وَهُوَ ٱلۡخَلَّٰقُ ٱلۡعَلِيمُ
Enti Nea Ɔbͻͻ soro ne asaase no, Onni tumi sε Ɔtumi bͻ ne sε so? Aane; Ɔne Ɔbͻͻ Adeε, Nimdefoͻ no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّمَآ أَمۡرُهُۥٓ إِذَآ أَرَادَ شَيۡـًٔا أَن يَقُولَ لَهُۥ كُن فَيَكُونُ
Nokorε, sε Ɔpεsε Ɔyε biribi a, N’ahyεdeε ara ne sε Ɔbεka sε: “ Yε!” Na ayε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
فَسُبۡحَٰنَ ٱلَّذِي بِيَدِهِۦ مَلَكُوتُ كُلِّ شَيۡءٖ وَإِلَيۡهِ تُرۡجَعُونَ
Enti Kronkron Hene ne Nea biribiara ho tumi wͻ Ne nsa mu no, na Ne hͻ na mo mobεsan akͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: ছুৰা ইয়াছীন
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আশ্বান্তি অনুবাদ - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

আশ্বান্তি ভাষাত কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ- অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল

বন্ধ