Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আন-নিছা   আয়াত:
وَمَا كَانَ لِمُؤۡمِنٍ أَن يَقۡتُلَ مُؤۡمِنًا إِلَّا خَطَـٔٗاۚ وَمَن قَتَلَ مُؤۡمِنًا خَطَـٔٗا فَتَحۡرِيرُ رَقَبَةٖ مُّؤۡمِنَةٖ وَدِيَةٞ مُّسَلَّمَةٌ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِۦٓ إِلَّآ أَن يَصَّدَّقُواْۚ فَإِن كَانَ مِن قَوۡمٍ عَدُوّٖ لَّكُمۡ وَهُوَ مُؤۡمِنٞ فَتَحۡرِيرُ رَقَبَةٖ مُّؤۡمِنَةٖۖ وَإِن كَانَ مِن قَوۡمِۭ بَيۡنَكُمۡ وَبَيۡنَهُم مِّيثَٰقٞ فَدِيَةٞ مُّسَلَّمَةٌ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِۦ وَتَحۡرِيرُ رَقَبَةٖ مُّؤۡمِنَةٖۖ فَمَن لَّمۡ يَجِدۡ فَصِيَامُ شَهۡرَيۡنِ مُتَتَابِعَيۡنِ تَوۡبَةٗ مِّنَ ٱللَّهِۗ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Mmra mma ho kwan sε gyidieni bekum gyidieni, gyesε mfomsoͻ (na εmaa no baa saa). Obia εnam mfomsoͻ so bεma no akum gyidieni no ͻnfa ͻdͻnkͻ a ͻyε gyidieni ho nkyε no, na ontua mogya hwieguo ho mpata ma owufoͻ no abusuafoͻ, gyesε (abusuafoͻ no) dekyε. Sε owufoͻ no firi nnipa bi a mo ne wͻn wͻ ͻkoo mu, εna na ͻyε gyidieni a, εneε ͻdͻnkͻ gyidieni na mode neho bɛkyε no. Sε owufoͻ no fri nnipa bi a mone wͻn wͻ apam da montεm εna ͻyε gyidieni a, montua mogya hwieguo ho mpata ma na’busuafoͻ na monfa ͻdͻnkͻ a ͻyε gyidieni ho nkyε no. Na obi a onnya no, ͻnyɛ akyiriwia bosome mmienu a εtoatoa soͻ (a εkyerε) adwen sakra a efiri Nyankopͻn hͻ. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne Onyansafoͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَن يَقۡتُلۡ مُؤۡمِنٗا مُّتَعَمِّدٗا فَجَزَآؤُهُۥ جَهَنَّمُ خَٰلِدٗا فِيهَا وَغَضِبَ ٱللَّهُ عَلَيۡهِ وَلَعَنَهُۥ وَأَعَدَّ لَهُۥ عَذَابًا عَظِيمٗا
Obi a ͻde anidaaho bekum gyidieni deε, n’akatua ne Amanehunu gyem, emu na ͻbεtena, na Nyankopͻn abufuo ne Nenomee wͻ no so, na yasiesie asotwee kεse ato hͻ ama no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِذَا ضَرَبۡتُمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَتَبَيَّنُواْ وَلَا تَقُولُواْ لِمَنۡ أَلۡقَىٰٓ إِلَيۡكُمُ ٱلسَّلَٰمَ لَسۡتَ مُؤۡمِنٗا تَبۡتَغُونَ عَرَضَ ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا فَعِندَ ٱللَّهِ مَغَانِمُ كَثِيرَةٞۚ كَذَٰلِكَ كُنتُم مِّن قَبۡلُ فَمَنَّ ٱللَّهُ عَلَيۡكُمۡ فَتَبَيَّنُوٓاْۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ بِمَا تَعۡمَلُونَ خَبِيرٗا
Mo a moagye adie, sε motu kwan (kͻ ͻkoo) wͻ Nyankopͻn kwan so a, (monya ntoboaseε) nyε nhwehwεmuu, na monhwε na moanka ankyerε obi a ͻde asomdweε (nkyea) no behyia mo no sε: “Wonyε gyidieni”. Moreyε de ahwehwε wiase asetena mu agyapadeε a enni hͻ daa no, εneε Nyankopͻn hͻ na asadeε pii wͻ. Saa ara na kanee no na moteε, εna Nyankopͻn de N’adom no dom mo (maa mobεyεε agyidiefoͻ), enti εyε a monyε nhwehwεmuu (na moankͻkum monua gyidieni). Nokorε sε, Nyankopͻn na dwuma a modie biara no Ɔbεbͻ (mo) ho amaneε.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আন-নিছা
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ