Check out the new design

আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল * - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আন-নিছা   আয়াত:
۞ لَّا خَيۡرَ فِي كَثِيرٖ مِّن نَّجۡوَىٰهُمۡ إِلَّا مَنۡ أَمَرَ بِصَدَقَةٍ أَوۡ مَعۡرُوفٍ أَوۡ إِصۡلَٰحِۭ بَيۡنَ ٱلنَّاسِۚ وَمَن يَفۡعَلۡ ذَٰلِكَ ٱبۡتِغَآءَ مَرۡضَاتِ ٱللَّهِ فَسَوۡفَ نُؤۡتِيهِ أَجۡرًا عَظِيمٗا
Papa biara nni wͻn agyinatuo bebrebe no mu, mmom (agyinatuo a papa wͻ mu ne) obi a ͻrehyε (amamfoͻ) ama w’ayε adͻeε anaa wayε papa, anaa (wͻ’rehyε amanfoͻ) ama wasiesie nnipa ntεm. Na obi a ͻbεyε woi nom de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam no, Yε’bεma no akatua a εsom bo paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَمَن يُشَاقِقِ ٱلرَّسُولَ مِنۢ بَعۡدِ مَا تَبَيَّنَ لَهُ ٱلۡهُدَىٰ وَيَتَّبِعۡ غَيۡرَ سَبِيلِ ٱلۡمُؤۡمِنِينَ نُوَلِّهِۦ مَا تَوَلَّىٰ وَنُصۡلِهِۦ جَهَنَّمَۖ وَسَآءَتۡ مَصِيرًا
Obi a ͻbεko atia Ɔsomafoͻ no wͻ akyire yi a tenenee no ada adi pefee ama no, na ͻnam ͻkwan a εnyε agyidiefoͻ no kwan no soͻ no, Yε’begyae no ama ͻkwan a ͻno ara apε ama neho no, na Yε’de no akͻ Amanehunu gyem, na εhͻ yε nkyi bͻne paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِنَّ ٱللَّهَ لَا يَغۡفِرُ أَن يُشۡرَكَ بِهِۦ وَيَغۡفِرُ مَا دُونَ ذَٰلِكَ لِمَن يَشَآءُۚ وَمَن يُشۡرِكۡ بِٱللَّهِ فَقَدۡ ضَلَّ ضَلَٰلَۢا بَعِيدًا
Nokorε sε, Nyankopͻn mmfa (obi a) ͻde biribi bεbata Neho bͻne nnkyε no, na mmom εno akyiri no Ɔde bͻne biara a Ɔpε kyε. Obi a ͻde biribi bεbata Onyankopͻn ho no, nokorε sε wayera (afiri ͻkwan tenenee no so) kͻ akyirikyiri paa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
إِن يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦٓ إِلَّآ إِنَٰثٗا وَإِن يَدۡعُونَ إِلَّا شَيۡطَٰنٗا مَّرِيدٗا
Sε (Quraishfoͻ abosomsomfoͻ no) firi Nyankopͻn akyi sufrε biribi mpo a εyε abosom mmaa; na nea wͻ’frε no no ne ͻbonsam otuateɛni no.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
لَّعَنَهُ ٱللَّهُۘ وَقَالَ لَأَتَّخِذَنَّ مِنۡ عِبَادِكَ نَصِيبٗا مَّفۡرُوضٗا
Nyankopͻn abͻ no dua. Asεm a ͻbonsam kaeε ne sε: “(Awurade), mεfa Wo nkoa no mu kyεfa bi a yatwa ato hͻ no-,
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
وَلَأُضِلَّنَّهُمۡ وَلَأُمَنِّيَنَّهُمۡ وَلَأٓمُرَنَّهُمۡ فَلَيُبَتِّكُنَّ ءَاذَانَ ٱلۡأَنۡعَٰمِ وَلَأٓمُرَنَّهُمۡ فَلَيُغَيِّرُنَّ خَلۡقَ ٱللَّهِۚ وَمَن يَتَّخِذِ ٱلشَّيۡطَٰنَ وَلِيّٗا مِّن دُونِ ٱللَّهِ فَقَدۡ خَسِرَ خُسۡرَانٗا مُّبِينٗا
Na mayera wͻn, na mama nsεm hunu a εho nni mfasoͻ ayε wͻn apεdeε, na mama wͻn apaepae nyεmmoa aso (ayε no nsohyεdeε a εkyerε sε, saa aboa no wͻ wͻn abosom), na wͻn asesa Onyankopͻn abͻdeε. Obia ͻbefiri Nyankopͻn akyi afa ͻbonsam ayε kyitaafoͻ no, nokorε sε wabrԑ berԑguo a εda adi pefee.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
يَعِدُهُمۡ وَيُمَنِّيهِمۡۖ وَمَا يَعِدُهُمُ ٱلشَّيۡطَٰنُ إِلَّا غُرُورًا
(Ɔbonsam) hyε wͻn bͻ, na ͻma nsεm hunu yε wͻn apεdeε, na deε ͻbonsam hyε wͻn ho bͻ biara no yε nnaadaa.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
أُوْلَٰٓئِكَ مَأۡوَىٰهُمۡ جَهَنَّمُ وَلَا يَجِدُونَ عَنۡهَا مَحِيصٗا
Saa nkorͻfoͻ no asetena ne Amane hunu gyem, na wͻ’nnya kwan biara a wͻ’de bedwane afiri hͻ.
আৰবী তাফছীৰসমূহ:
 
অৰ্থানুবাদ ছুৰা: আন-নিছা
ছুৰাৰ তালিকা পৃষ্ঠা নং
 
আল-কোৰআনুল কাৰীমৰ অৰ্থানুবাদ - আকান অনুবাদ- আশ্বান্তি- হাৰুন ইছমাঈল - অনুবাদসমূহৰ সূচীপত্ৰ

অনুবাদ কৰিছে শ্বাইখ হাৰুন ইছমাঈল চাহাবে।

বন্ধ