Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: An-Nisā’   Ayah:
وَٱسۡتَغۡفِرِ ٱللَّهَۖ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Na srε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلَا تُجَٰدِلۡ عَنِ ٱلَّذِينَ يَخۡتَانُونَ أَنفُسَهُمۡۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ مَن كَانَ خَوَّانًا أَثِيمٗا
Enti hwε na woanko amma wͻn a wͻ’di wͻn ara wͻn kraa hwammͻ no. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obia odi hwammͻ, yε (nipa) bͻneni no asεm.
Arabic explanations of the Qur’an:
يَسۡتَخۡفُونَ مِنَ ٱلنَّاسِ وَلَا يَسۡتَخۡفُونَ مِنَ ٱللَّهِ وَهُوَ مَعَهُمۡ إِذۡ يُبَيِّتُونَ مَا لَا يَرۡضَىٰ مِنَ ٱلۡقَوۡلِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ بِمَا يَعۡمَلُونَ مُحِيطًا
(Wͻ’yε) desuma nnipa na (wͻ’nnyε) mfa nsuma Nyankopͻn, efrisε anadwo berε no a na wͻ’rebͻ pͻ wͻ asεm a Nyankopͻn ani nnye ho no ho no, na Ɔne wͻn na εwͻ hͻ. Onyankopͻn deε Watwa dwuma a wͻ’redie no nyinaa ho ahyia.
Arabic explanations of the Qur’an:
هَٰٓأَنتُمۡ هَٰٓؤُلَآءِ جَٰدَلۡتُمۡ عَنۡهُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا فَمَن يُجَٰدِلُ ٱللَّهَ عَنۡهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ أَم مَّن يَكُونُ عَلَيۡهِمۡ وَكِيلٗا
Hwε, woi nom ne nnipa a moreko ama wͻn wͻ wiase asetena yi mu; na Wusͻreε da no nso hwan na ͻbεko ama wͻn wͻ Nyankopͻn anim, anaasε hwan na ͻbεyε wͻn kyitaafoͻ?
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَن يَعۡمَلۡ سُوٓءًا أَوۡ يَظۡلِمۡ نَفۡسَهُۥ ثُمَّ يَسۡتَغۡفِرِ ٱللَّهَ يَجِدِ ٱللَّهَ غَفُورٗا رَّحِيمٗا
Obi a ͻbεyε bͻne, anaasε ͻbedi ne kraa amim na ͻbεsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε no, obenya Nyankopͻn sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَن يَكۡسِبۡ إِثۡمٗا فَإِنَّمَا يَكۡسِبُهُۥ عَلَىٰ نَفۡسِهِۦۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَلِيمًا حَكِيمٗا
Obi a ͻbεyε bͻne no, ͻyε detia ne kraa. Onyankopͻn deε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَمَن يَكۡسِبۡ خَطِيٓـَٔةً أَوۡ إِثۡمٗا ثُمَّ يَرۡمِ بِهِۦ بَرِيٓـٔٗا فَقَدِ ٱحۡتَمَلَ بُهۡتَٰنٗا وَإِثۡمٗا مُّبِينٗا
Obi a ͻbεyε mfomsoͻ anaasε bͻne bi na ͻde bεhyε obi a onnim ho hwee no, nokorε sε (saa nipa no) asoa adanse kurumuu ne bͻne a εso paa (ho asotwee).
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلَوۡلَا فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكَ وَرَحۡمَتُهُۥ لَهَمَّت طَّآئِفَةٞ مِّنۡهُمۡ أَن يُضِلُّوكَ وَمَا يُضِلُّونَ إِلَّآ أَنفُسَهُمۡۖ وَمَا يَضُرُّونَكَ مِن شَيۡءٖۚ وَأَنزَلَ ٱللَّهُ عَلَيۡكَ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحِكۡمَةَ وَعَلَّمَكَ مَا لَمۡ تَكُن تَعۡلَمُۚ وَكَانَ فَضۡلُ ٱللَّهِ عَلَيۡكَ عَظِيمٗا
Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻbͻrͻ na εwͻ wo soͻ a, anka (Yudafoͻ no) mu fekuo bi ayε wͻn adwen sε wͻ’bεma wo ayera (afiri kwan tenenee no so), nanso wͻ’ntumi nyera obiara, na mmom (wͻ’yera) wͻn ara wͻn ho. Wͻ’ntumi nyε wo bͻne nso wͻ ͻkwan biara so. Efrisε Nyankopͻn asiane Nwoma no ne Nyansa no ama wo, εna W’akyerε wo adeε a na anka wonnim. Onyankopͻn adom a εwͻ wo soͻ no so paa.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: An-Nisā’
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close