Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: An-Nisā’   Ayah:
فَبِمَا نَقۡضِهِم مِّيثَٰقَهُمۡ وَكُفۡرِهِم بِـَٔايَٰتِ ٱللَّهِ وَقَتۡلِهِمُ ٱلۡأَنۢبِيَآءَ بِغَيۡرِ حَقّٖ وَقَوۡلِهِمۡ قُلُوبُنَا غُلۡفُۢۚ بَلۡ طَبَعَ ٱللَّهُ عَلَيۡهَا بِكُفۡرِهِمۡ فَلَا يُؤۡمِنُونَ إِلَّا قَلِيلٗا
Ԑnam sε wͻ’buu wͻn Apam no soͻ, na wͻ’poo Nyankopͻn nsεm no, na wͻ’kunkum Nkͻmhyεfoͻ no wͻ aberε a εnyε nekwan soͻ, ne wͻn kasaa bi a wͻ’ka no sε: “Yakata y’akoma ho no nti“, Nyankopͻn asi (wͻn akoma) ano εnam wͻn boniayε ho nti, na (asεm) no mu, anaa wͻn mu nnipa kakraabi na wͻ’gye die;
Arabic explanations of the Qur’an:
وَبِكُفۡرِهِمۡ وَقَوۡلِهِمۡ عَلَىٰ مَرۡيَمَ بُهۡتَٰنًا عَظِيمٗا
Ԑnam wͻn boniayε ho nti, ne wͻn abususεm akεseε a wͻ’ka deto Mar’yam soͻ no;
Arabic explanations of the Qur’an:
وَقَوۡلِهِمۡ إِنَّا قَتَلۡنَا ٱلۡمَسِيحَ عِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ رَسُولَ ٱللَّهِ وَمَا قَتَلُوهُ وَمَا صَلَبُوهُ وَلَٰكِن شُبِّهَ لَهُمۡۚ وَإِنَّ ٱلَّذِينَ ٱخۡتَلَفُواْ فِيهِ لَفِي شَكّٖ مِّنۡهُۚ مَا لَهُم بِهِۦ مِنۡ عِلۡمٍ إِلَّا ٱتِّبَاعَ ٱلظَّنِّۚ وَمَا قَتَلُوهُ يَقِينَۢا
Ɛne wͻn nsεm keka bi sε: “Nokorε sε y’akum Yesu Kristo, Mar’yam ba, Nyankopͻn Somafoͻ no. Wͻn anku no, na wͻn ammͻ no asennua mu nso, na mmom asε saa ama wͻn. Nokorε sε, wͻn a wͻ’regye ho akyinnyeε no nyinaa adwen nnsi wͻn pi (wͻ ho); na wͻ’nni ho nimdeε na mmom deε wͻn adwen yε wͻn no na wͻ’di akyire. Nokorε paa deε y’anku no.
Arabic explanations of the Qur’an:
بَل رَّفَعَهُ ٱللَّهُ إِلَيۡهِۚ وَكَانَ ٱللَّهُ عَزِيزًا حَكِيمٗا
Daabi, Nyankopͻn pagyaa no kͻͻ Nenkyεn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَإِن مِّنۡ أَهۡلِ ٱلۡكِتَٰبِ إِلَّا لَيُؤۡمِنَنَّ بِهِۦ قَبۡلَ مَوۡتِهِۦۖ وَيَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ يَكُونُ عَلَيۡهِمۡ شَهِيدٗا
Wͻn a y’ama wͻn Nyame som ho Nwoma no mu biara bεgye (nsԑm a Qur’aan aka fa Yesu ho) no adi ansa na w’awu; Na wusͻreε da no (Yesu) bεyε ͻdanseni atia wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَبِظُلۡمٖ مِّنَ ٱلَّذِينَ هَادُواْ حَرَّمۡنَا عَلَيۡهِمۡ طَيِّبَٰتٍ أُحِلَّتۡ لَهُمۡ وَبِصَدِّهِمۡ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ كَثِيرٗا
Ɛnam wͻn (Yudafoͻ no) bͻne, na wͻ’sii nnipa pii kwan firii Nyankopͻn kwan no soͻ nti, Yε’braa wͻn nnepa a na y’ama wͻn ho kwan no:-
Arabic explanations of the Qur’an:
وَأَخۡذِهِمُ ٱلرِّبَوٰاْ وَقَدۡ نُهُواْ عَنۡهُ وَأَكۡلِهِمۡ أَمۡوَٰلَ ٱلنَّاسِ بِٱلۡبَٰطِلِۚ وَأَعۡتَدۡنَا لِلۡكَٰفِرِينَ مِنۡهُمۡ عَذَابًا أَلِيمٗا
(Wͻn bͻne no bi ne sε), na wͻ’gye bosea nsihoo wͻ aberε nso a y’abra wͻn, na wͻ’di amanfoͻ sika wͻ kwan bͻne so. Y’asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn mu (Kaafirfoᴐ) boniayεfoͻ no hͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
لَّٰكِنِ ٱلرَّٰسِخُونَ فِي ٱلۡعِلۡمِ مِنۡهُمۡ وَٱلۡمُؤۡمِنُونَ يُؤۡمِنُونَ بِمَآ أُنزِلَ إِلَيۡكَ وَمَآ أُنزِلَ مِن قَبۡلِكَۚ وَٱلۡمُقِيمِينَ ٱلصَّلَوٰةَۚ وَٱلۡمُؤۡتُونَ ٱلزَّكَوٰةَ وَٱلۡمُؤۡمِنُونَ بِٱللَّهِ وَٱلۡيَوۡمِ ٱلۡأٓخِرِ أُوْلَٰٓئِكَ سَنُؤۡتِيهِمۡ أَجۡرًا عَظِيمًا
Mmom wͻn a w’aben wͻ nimdeε mu wͻ wͻn mu no, ne agyidiefoͻ no gye deε y’asiane ama woͻ no di, san gye deε yesiane dii w’anim kan no di. Na wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ nebrε mu na wͻ’yi zaka, na wͻ’gye Nyankopͻn ne Da a etwa toͻ no die no, saa nkorͻfoͻ no Yε’bεma wͻn akatua a εsoo paa
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: An-Nisā’
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close