Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Fussilat   Ayah:
فَقَضَىٰهُنَّ سَبۡعَ سَمَٰوَاتٖ فِي يَوۡمَيۡنِ وَأَوۡحَىٰ فِي كُلِّ سَمَآءٍ أَمۡرَهَاۚ وَزَيَّنَّا ٱلسَّمَآءَ ٱلدُّنۡيَا بِمَصَٰبِيحَ وَحِفۡظٗاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ
Ɔde nna mmienu wiee ͻsoro nson; na Oyii ͻsoro no mu biara ahyεdeε kyerεε no. Ԑna Ɔde nkanea siesiee wiase soro no, (san yεε nkanea no) ban bͻ (a yεde pam abonsamfoͻ). Wei yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεeɛ.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَإِنۡ أَعۡرَضُواْ فَقُلۡ أَنذَرۡتُكُمۡ صَٰعِقَةٗ مِّثۡلَ صَٰعِقَةِ عَادٖ وَثَمُودَ
Sε wͻtwi fa so a, εnneε ka sε: “Merebͻ mo asotwee no ho kͻkͻ, asotwee a ԑtesε Aad ne Samuudfoͻ deε no “.
Arabic explanations of the Qur’an:
إِذۡ جَآءَتۡهُمُ ٱلرُّسُلُ مِنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ أَلَّا تَعۡبُدُوٓاْ إِلَّا ٱللَّهَۖ قَالُواْ لَوۡ شَآءَ رَبُّنَا لَأَنزَلَ مَلَٰٓئِكَةٗ فَإِنَّا بِمَآ أُرۡسِلۡتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ
Ɛberε a asomafoͻ no firi wͻn anim ne wͻn akyi baa wͻn hͻ (bεkaa sε): “Monhwε na moansom obiara gyesε Nyankopͻn nko ara no“. Asεm a wͻkaeε ne sε: “Sε anka Onyankopͻn pε (sε Ɔsoma obi) a anka Ɔsanee Soro abͻfoͻ. Enti yεn deε, deε yεde asoma mo no yεnnye nni.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَأَمَّا عَادٞ فَٱسۡتَكۡبَرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَقَالُواْ مَنۡ أَشَدُّ مِنَّا قُوَّةًۖ أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ ٱلَّذِي خَلَقَهُمۡ هُوَ أَشَدُّ مِنۡهُمۡ قُوَّةٗۖ وَكَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَجۡحَدُونَ
Enti Aadfoͻ no yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so a wͻnni ho kwan (sε wͻyε). Deε wͻkaeε ne sε: “Hwan na neho yε den kyεn yεn? “Enti wͻnhunuu sε nokorε, Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ wͻn no Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ a Ɔkyεn wͻn? Na wͻko tiaa Yεn nsεnkyerεnee no.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ رِيحٗا صَرۡصَرٗا فِيٓ أَيَّامٖ نَّحِسَاتٖ لِّنُذِيقَهُمۡ عَذَابَ ٱلۡخِزۡيِ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَخۡزَىٰۖ وَهُمۡ لَا يُنصَرُونَ
Enti Yεsomaa mframa huhuu yunuyunu a ano yε den papaapa baa wͻn so wͻ nna bͻne bi mu, sεdeε Yεbεma wͻn aka animguaseε asotwee no ahwε wͻ wiase ha. Daakye asotwee no bεyε animguaseε paa, na obiara nso mmoa wͻn.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَأَمَّا ثَمُودُ فَهَدَيۡنَٰهُمۡ فَٱسۡتَحَبُّواْ ٱلۡعَمَىٰ عَلَى ٱلۡهُدَىٰ فَأَخَذَتۡهُمۡ صَٰعِقَةُ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡهُونِ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Samuudfoͻ nso Yεkyerεε wɔn kwan no, nanso na wͻpε anifira (anaasε ͻyera) kyεn kwankyerε no. Enti ͻsεeε animguaseε asotwee no sͻͻ wͻn mu, εnam deε wͻn nsa kaeε no ho nti.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَنَجَّيۡنَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ
Yεgyee wͻn a wͻgye diiε no a na wͻsuro Nyame no nkwa.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَيَوۡمَ يُحۡشَرُ أَعۡدَآءُ ٱللَّهِ إِلَى ٱلنَّارِ فَهُمۡ يُوزَعُونَ
Ɛda a yεbεboa Nyankopͻn atamfoͻ no ano aka wͻn so akͻ egya no mu no, wͻbεkͻ no akuo akuo.
Arabic explanations of the Qur’an:
حَتَّىٰٓ إِذَا مَا جَآءُوهَا شَهِدَ عَلَيۡهِمۡ سَمۡعُهُمۡ وَأَبۡصَٰرُهُمۡ وَجُلُودُهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ
Kͻpem sε wͻbεba (asenni bea) hͻ, wͻn aso ne wͻn ani ne wͻn wedeε bɛdi adanseε atia wͻn wͻ dwuma a wͻdiiε no ho.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Fussilat
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close