ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
12 : 41

فَقَضَىٰهُنَّ سَبۡعَ سَمَٰوَاتٖ فِي يَوۡمَيۡنِ وَأَوۡحَىٰ فِي كُلِّ سَمَآءٍ أَمۡرَهَاۚ وَزَيَّنَّا ٱلسَّمَآءَ ٱلدُّنۡيَا بِمَصَٰبِيحَ وَحِفۡظٗاۚ ذَٰلِكَ تَقۡدِيرُ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡعَلِيمِ

Ɔde nna mmienu wiee ͻsoro nson; na Oyii ͻsoro no mu biara ahyεdeε kyerεε no. Ԑna Ɔde nkanea siesiee wiase soro no, (san yεε nkanea no) ban bͻ (a yεde pam abonsamfoͻ). Wei yε Otumfoͻ Nimdefoͻ no nhyehyεeɛ. info
التفاسير: |

external-link copy
13 : 41

فَإِنۡ أَعۡرَضُواْ فَقُلۡ أَنذَرۡتُكُمۡ صَٰعِقَةٗ مِّثۡلَ صَٰعِقَةِ عَادٖ وَثَمُودَ

Sε wͻtwi fa so a, εnneε ka sε: “Merebͻ mo asotwee no ho kͻkͻ, asotwee a ԑtesε Aad ne Samuudfoͻ deε no “. info
التفاسير: |

external-link copy
14 : 41

إِذۡ جَآءَتۡهُمُ ٱلرُّسُلُ مِنۢ بَيۡنِ أَيۡدِيهِمۡ وَمِنۡ خَلۡفِهِمۡ أَلَّا تَعۡبُدُوٓاْ إِلَّا ٱللَّهَۖ قَالُواْ لَوۡ شَآءَ رَبُّنَا لَأَنزَلَ مَلَٰٓئِكَةٗ فَإِنَّا بِمَآ أُرۡسِلۡتُم بِهِۦ كَٰفِرُونَ

Ɛberε a asomafoͻ no firi wͻn anim ne wͻn akyi baa wͻn hͻ (bεkaa sε): “Monhwε na moansom obiara gyesε Nyankopͻn nko ara no“. Asεm a wͻkaeε ne sε: “Sε anka Onyankopͻn pε (sε Ɔsoma obi) a anka Ɔsanee Soro abͻfoͻ. Enti yεn deε, deε yεde asoma mo no yεnnye nni. info
التفاسير: |

external-link copy
15 : 41

فَأَمَّا عَادٞ فَٱسۡتَكۡبَرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ بِغَيۡرِ ٱلۡحَقِّ وَقَالُواْ مَنۡ أَشَدُّ مِنَّا قُوَّةًۖ أَوَلَمۡ يَرَوۡاْ أَنَّ ٱللَّهَ ٱلَّذِي خَلَقَهُمۡ هُوَ أَشَدُّ مِنۡهُمۡ قُوَّةٗۖ وَكَانُواْ بِـَٔايَٰتِنَا يَجۡحَدُونَ

Enti Aadfoͻ no yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so a wͻnni ho kwan (sε wͻyε). Deε wͻkaeε ne sε: “Hwan na neho yε den kyεn yεn? “Enti wͻnhunuu sε nokorε, Onyankopͻn no a Ɔbͻͻ wͻn no Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ a Ɔkyεn wͻn? Na wͻko tiaa Yεn nsεnkyerεnee no. info
التفاسير: |

external-link copy
16 : 41

فَأَرۡسَلۡنَا عَلَيۡهِمۡ رِيحٗا صَرۡصَرٗا فِيٓ أَيَّامٖ نَّحِسَاتٖ لِّنُذِيقَهُمۡ عَذَابَ ٱلۡخِزۡيِ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَاۖ وَلَعَذَابُ ٱلۡأٓخِرَةِ أَخۡزَىٰۖ وَهُمۡ لَا يُنصَرُونَ

Enti Yεsomaa mframa huhuu yunuyunu a ano yε den papaapa baa wͻn so wͻ nna bͻne bi mu, sεdeε Yεbεma wͻn aka animguaseε asotwee no ahwε wͻ wiase ha. Daakye asotwee no bεyε animguaseε paa, na obiara nso mmoa wͻn. info
التفاسير: |

external-link copy
17 : 41

وَأَمَّا ثَمُودُ فَهَدَيۡنَٰهُمۡ فَٱسۡتَحَبُّواْ ٱلۡعَمَىٰ عَلَى ٱلۡهُدَىٰ فَأَخَذَتۡهُمۡ صَٰعِقَةُ ٱلۡعَذَابِ ٱلۡهُونِ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ

Samuudfoͻ nso Yεkyerεε wɔn kwan no, nanso na wͻpε anifira (anaasε ͻyera) kyεn kwankyerε no. Enti ͻsεeε animguaseε asotwee no sͻͻ wͻn mu, εnam deε wͻn nsa kaeε no ho nti. info
التفاسير: |

external-link copy
18 : 41

وَنَجَّيۡنَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَكَانُواْ يَتَّقُونَ

Yεgyee wͻn a wͻgye diiε no a na wͻsuro Nyame no nkwa. info
التفاسير: |

external-link copy
19 : 41

وَيَوۡمَ يُحۡشَرُ أَعۡدَآءُ ٱللَّهِ إِلَى ٱلنَّارِ فَهُمۡ يُوزَعُونَ

Ɛda a yεbεboa Nyankopͻn atamfoͻ no ano aka wͻn so akͻ egya no mu no, wͻbεkͻ no akuo akuo. info
التفاسير: |

external-link copy
20 : 41

حَتَّىٰٓ إِذَا مَا جَآءُوهَا شَهِدَ عَلَيۡهِمۡ سَمۡعُهُمۡ وَأَبۡصَٰرُهُمۡ وَجُلُودُهُم بِمَا كَانُواْ يَعۡمَلُونَ

Kͻpem sε wͻbεba (asenni bea) hͻ, wͻn aso ne wͻn ani ne wͻn wedeε bɛdi adanseε atia wͻn wͻ dwuma a wͻdiiε no ho. info
التفاسير: |