ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
30 : 41

إِنَّ ٱلَّذِينَ قَالُواْ رَبُّنَا ٱللَّهُ ثُمَّ ٱسۡتَقَٰمُواْ تَتَنَزَّلُ عَلَيۡهِمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ أَلَّا تَخَافُواْ وَلَا تَحۡزَنُواْ وَأَبۡشِرُواْ بِٱلۡجَنَّةِ ٱلَّتِي كُنتُمۡ تُوعَدُونَ

Nokorε sε, wͻn a wͻka sε: ”Yɛn Awurade ne Nyankopͻn na afei wͻagyina pintinn no, Soro abͻfoͻ sane ba wͻn so (wͻ εberε a wͻrewuo, bεka kyerε wͻn sε): Ɛmma monsuro, na momma mo werε nso nho, na momma moani nnye wͻ Soro aheman no a yɛahyε mo ho bͻ no ho. info
التفاسير: |

external-link copy
31 : 41

نَحۡنُ أَوۡلِيَآؤُكُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِۖ وَلَكُمۡ فِيهَا مَا تَشۡتَهِيٓ أَنفُسُكُمۡ وَلَكُمۡ فِيهَا مَا تَدَّعُونَ

Yε ne mo kyitaafoͻ wͻ wiase asetena no mu ne Daakye no nso; na mo wͻ deε mokraa kͻn dͻ biara wͻ (deε morekͻ) hͻ, na deε mobɛbisa biara nso monsa bεka. info
التفاسير: |

external-link copy
32 : 41

نُزُلٗا مِّنۡ غَفُورٖ رَّحِيمٖ

(Wei yε akyεdeε) a ɛfiri Bͻnefakyε Wura, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ a yεde som hͻhoͻ, info
التفاسير: |

external-link copy
33 : 41

وَمَنۡ أَحۡسَنُ قَوۡلٗا مِّمَّن دَعَآ إِلَى ٱللَّهِ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا وَقَالَ إِنَّنِي مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ

Hwan na ͻwͻ kasa pa kyεn obia ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ na (saa nipa) no di dwuma pa, na waka sε: “Nokorε meka Muslimifoͻ no ho? “ info
التفاسير: |

external-link copy
34 : 41

وَلَا تَسۡتَوِي ٱلۡحَسَنَةُ وَلَا ٱلسَّيِّئَةُۚ ٱدۡفَعۡ بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُ فَإِذَا ٱلَّذِي بَيۡنَكَ وَبَيۡنَهُۥ عَدَٰوَةٞ كَأَنَّهُۥ وَلِيٌّ حَمِيمٞ

Papa ne bͻne nsε. Fa papa si (bͻne) kwan, na deε na nka ͻtan da wo ne no ntam no, ͻbεyε sε yͻnkoͻ a mobͻ kosua tafereε. info
التفاسير: |

external-link copy
35 : 41

وَمَا يُلَقَّىٰهَآ إِلَّا ٱلَّذِينَ صَبَرُواْ وَمَا يُلَقَّىٰهَآ إِلَّا ذُو حَظٍّ عَظِيمٖ

Ɛnyε obiara na ɔbɛnya (saa adom yi), gyesε wͻn a wͻsi aboterε, na εnyε obiara na ɔbɛnya, gyesε obia ͻwͻ kyεfa a εsom bo paa. info
التفاسير: |

external-link copy
36 : 41

وَإِمَّا يَنزَغَنَّكَ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ نَزۡغٞ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ

Sε naadaasԑm bi firi ͻbonsam hͻ bԑdaadaa wo a, hwehwε ntwitwagyeε firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no. info
التفاسير: |

external-link copy
37 : 41

وَمِنۡ ءَايَٰتِهِ ٱلَّيۡلُ وَٱلنَّهَارُ وَٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُۚ لَا تَسۡجُدُواْ لِلشَّمۡسِ وَلَا لِلۡقَمَرِ وَٱسۡجُدُواْۤ لِلَّهِۤ ٱلَّذِي خَلَقَهُنَّ إِن كُنتُمۡ إِيَّاهُ تَعۡبُدُونَ

Nensεnkyerεnee no mu bi ne: Adesaeε ne adekyeε, ne awia ne bosome. Monhwε na moankoto amma awia anaa bosome, na mmom monkoto mma Nea Ɔbͻͻ wͻn no, sε (εyε nokorε sε) Ɔno nko ara na moresom no ampa a. info
التفاسير: |

external-link copy
38 : 41

فَإِنِ ٱسۡتَكۡبَرُواْ فَٱلَّذِينَ عِندَ رَبِّكَ يُسَبِّحُونَ لَهُۥ بِٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَهُمۡ لَا يَسۡـَٔمُونَ۩

Sε wͻyε ahomasoͻ a, εneε wͻn a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no (a wͻne Soro abͻfoͻ no) bͻ no abodin anadwo ne adekyeε na wͻmmerε (ho). info
التفاسير: |