Check out the new design

કુરઆન મજીદના શબ્દોનું ભાષાંતર - અકાન ભાષામાં અનુવાદ - અશાંતિ - હારુન ઇસ્માઈલ * - ભાષાંતરોની અનુક્રમણિકા

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

શબ્દોનું ભાષાંતર સૂરહ: ફુસ્સિલત   આયત:
إِنَّ ٱلَّذِينَ قَالُواْ رَبُّنَا ٱللَّهُ ثُمَّ ٱسۡتَقَٰمُواْ تَتَنَزَّلُ عَلَيۡهِمُ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ أَلَّا تَخَافُواْ وَلَا تَحۡزَنُواْ وَأَبۡشِرُواْ بِٱلۡجَنَّةِ ٱلَّتِي كُنتُمۡ تُوعَدُونَ
Nokorε sε, wͻn a wͻka sε: ”Yɛn Awurade ne Nyankopͻn na afei wͻagyina pintinn no, Soro abͻfoͻ sane ba wͻn so (wͻ εberε a wͻrewuo, bεka kyerε wͻn sε): Ɛmma monsuro, na momma mo werε nso nho, na momma moani nnye wͻ Soro aheman no a yɛahyε mo ho bͻ no ho.
અરબી તફસીરો:
نَحۡنُ أَوۡلِيَآؤُكُمۡ فِي ٱلۡحَيَوٰةِ ٱلدُّنۡيَا وَفِي ٱلۡأٓخِرَةِۖ وَلَكُمۡ فِيهَا مَا تَشۡتَهِيٓ أَنفُسُكُمۡ وَلَكُمۡ فِيهَا مَا تَدَّعُونَ
Yε ne mo kyitaafoͻ wͻ wiase asetena no mu ne Daakye no nso; na mo wͻ deε mokraa kͻn dͻ biara wͻ (deε morekͻ) hͻ, na deε mobɛbisa biara nso monsa bεka.
અરબી તફસીરો:
نُزُلٗا مِّنۡ غَفُورٖ رَّحِيمٖ
(Wei yε akyεdeε) a ɛfiri Bͻnefakyε Wura, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ a yεde som hͻhoͻ,
અરબી તફસીરો:
وَمَنۡ أَحۡسَنُ قَوۡلٗا مِّمَّن دَعَآ إِلَى ٱللَّهِ وَعَمِلَ صَٰلِحٗا وَقَالَ إِنَّنِي مِنَ ٱلۡمُسۡلِمِينَ
Hwan na ͻwͻ kasa pa kyεn obia ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ na (saa nipa) no di dwuma pa, na waka sε: “Nokorε meka Muslimifoͻ no ho? “
અરબી તફસીરો:
وَلَا تَسۡتَوِي ٱلۡحَسَنَةُ وَلَا ٱلسَّيِّئَةُۚ ٱدۡفَعۡ بِٱلَّتِي هِيَ أَحۡسَنُ فَإِذَا ٱلَّذِي بَيۡنَكَ وَبَيۡنَهُۥ عَدَٰوَةٞ كَأَنَّهُۥ وَلِيٌّ حَمِيمٞ
Papa ne bͻne nsε. Fa papa si (bͻne) kwan, na deε na nka ͻtan da wo ne no ntam no, ͻbεyε sε yͻnkoͻ a mobͻ kosua tafereε.
અરબી તફસીરો:
وَمَا يُلَقَّىٰهَآ إِلَّا ٱلَّذِينَ صَبَرُواْ وَمَا يُلَقَّىٰهَآ إِلَّا ذُو حَظٍّ عَظِيمٖ
Ɛnyε obiara na ɔbɛnya (saa adom yi), gyesε wͻn a wͻsi aboterε, na εnyε obiara na ɔbɛnya, gyesε obia ͻwͻ kyεfa a εsom bo paa.
અરબી તફસીરો:
وَإِمَّا يَنزَغَنَّكَ مِنَ ٱلشَّيۡطَٰنِ نَزۡغٞ فَٱسۡتَعِذۡ بِٱللَّهِۖ إِنَّهُۥ هُوَ ٱلسَّمِيعُ ٱلۡعَلِيمُ
Sε naadaasԑm bi firi ͻbonsam hͻ bԑdaadaa wo a, hwehwε ntwitwagyeε firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no.
અરબી તફસીરો:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِ ٱلَّيۡلُ وَٱلنَّهَارُ وَٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُۚ لَا تَسۡجُدُواْ لِلشَّمۡسِ وَلَا لِلۡقَمَرِ وَٱسۡجُدُواْۤ لِلَّهِۤ ٱلَّذِي خَلَقَهُنَّ إِن كُنتُمۡ إِيَّاهُ تَعۡبُدُونَ
Nensεnkyerεnee no mu bi ne: Adesaeε ne adekyeε, ne awia ne bosome. Monhwε na moankoto amma awia anaa bosome, na mmom monkoto mma Nea Ɔbͻͻ wͻn no, sε (εyε nokorε sε) Ɔno nko ara na moresom no ampa a.
અરબી તફસીરો:
فَإِنِ ٱسۡتَكۡبَرُواْ فَٱلَّذِينَ عِندَ رَبِّكَ يُسَبِّحُونَ لَهُۥ بِٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَهُمۡ لَا يَسۡـَٔمُونَ۩
Sε wͻyε ahomasoͻ a, εneε wͻn a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no (a wͻne Soro abͻfoͻ no) bͻ no abodin anadwo ne adekyeε na wͻmmerε (ho).
અરબી તફસીરો:
 
શબ્દોનું ભાષાંતર સૂરહ: ફુસ્સિલત
સૂરહ માટે અનુક્રમણિકા પેજ નંબર
 
કુરઆન મજીદના શબ્દોનું ભાષાંતર - અકાન ભાષામાં અનુવાદ - અશાંતિ - હારુન ઇસ્માઈલ - ભાષાંતરોની અનુક્રમણિકા

તેનું અનુવાદ શૈખ હારુન ઇસ્માઈલ સાહેબ દ્વારા કરવામાં આવ્યું.

બંધ કરો