ការបកប្រែអត្ថន័យនៃគម្ពីរគួរអាន - ការបកប្រែជាភាសាអាកានី - អាស្ហាន់តី - ហើរ៉ូន អុីស្មាអែល

លេខ​ទំព័រ:close

external-link copy
39 : 41

وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦٓ أَنَّكَ تَرَى ٱلۡأَرۡضَ خَٰشِعَةٗ فَإِذَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡهَا ٱلۡمَآءَ ٱهۡتَزَّتۡ وَرَبَتۡۚ إِنَّ ٱلَّذِيٓ أَحۡيَاهَا لَمُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰٓۚ إِنَّهُۥ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ

Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε: Wohunu sε asaase awoͻ (anaa ͻpε asi soͻ a mfudeε biara nni soͻ); sε Yɛsane nsuo gu so a, na akanyan no na mfudeε afifi. Nea Ɔnyane (asaase a awuo no) ampa sε Ɔno ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so. info
التفاسير: |

external-link copy
40 : 41

إِنَّ ٱلَّذِينَ يُلۡحِدُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا لَا يَخۡفَوۡنَ عَلَيۡنَآۗ أَفَمَن يُلۡقَىٰ فِي ٱلنَّارِ خَيۡرٌ أَم مَّن يَأۡتِيٓ ءَامِنٗا يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ ٱعۡمَلُواْ مَا شِئۡتُمۡ إِنَّهُۥ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٌ

Nokorε sε wͻn a wͻsesa Yεn nsεm no, wͻnsumaa Yεn. Obi a Wusͻreε da no mu yεbεto no atwene egya no mu no na ͻyε, anaasε obi a ͻbεba asomdweε mu noa? Modeε monyε deε mopε. Nokorε sε N’ani tua deε moyε (nyinaa). info
التفاسير: |

external-link copy
41 : 41

إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِٱلذِّكۡرِ لَمَّا جَآءَهُمۡۖ وَإِنَّهُۥ لَكِتَٰبٌ عَزِيزٞ

Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Afutusεm no nnie wͻ εberε a abɛduru wͻn hͻ no (bɛnya asotwee). Nokorε sε (Qur’aan} yε Nwoma a εsom bo na edi mu paa. info
التفاسير: |

external-link copy
42 : 41

لَّا يَأۡتِيهِ ٱلۡبَٰطِلُ مِنۢ بَيۡنِ يَدَيۡهِ وَلَا مِنۡ خَلۡفِهِۦۖ تَنزِيلٞ مِّنۡ حَكِيمٍ حَمِيدٖ

Nkontompo ntumi mfiri animu anaa akyire mma mu da. (Ɛyε) Adiyisεm a ɛfiri Onyansafoͻ, Ayɛyie Wura Nyankopͻn no hͻ. info
التفاسير: |

external-link copy
43 : 41

مَّا يُقَالُ لَكَ إِلَّا مَا قَدۡ قِيلَ لِلرُّسُلِ مِن قَبۡلِكَۚ إِنَّ رَبَّكَ لَذُو مَغۡفِرَةٖ وَذُو عِقَابٍ أَلِيمٖ

(Nkͻmhyεni), asεm a wͻn aka akyerε woͻ biara no, wͻka kyerεε asomafoͻ no a wͻdii w’anim kan no. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Otumfoͻ a ͻwͻ awerεtͻ a ano yε den paa. info
التفاسير: |

external-link copy
44 : 41

وَلَوۡ جَعَلۡنَٰهُ قُرۡءَانًا أَعۡجَمِيّٗا لَّقَالُواْ لَوۡلَا فُصِّلَتۡ ءَايَٰتُهُۥٓۖ ءَا۬عۡجَمِيّٞ وَعَرَبِيّٞۗ قُلۡ هُوَ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ هُدٗى وَشِفَآءٞۚ وَٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ فِيٓ ءَاذَانِهِمۡ وَقۡرٞ وَهُوَ عَلَيۡهِمۡ عَمًىۚ أُوْلَٰٓئِكَ يُنَادَوۡنَ مِن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ

Sε Yεyεε Qur’aan no wͻ potͻ kasa bi (mu) a, anka (Makafoͻ no) bεka sε: “Adεn na yɛannyε emu nsεm no pefee (wͻ yεn kasaa mu)? Ɛdeεn (Nwoma na εwͻ) potͻ-kasa (mu) ne (Ɔsomafoͻ a ͻyε) Arabni?” (Nkͻmhyεni), ka sε: (Saa Nwoma yi) yε kwankyerε ne ayaresa (Nwoma) ma wͻn a wͻgye die no. Wͻn a wͻnnye nnie no deε akraa wͻ wͻn asom na wͻn ani afira (wͻ Qur’aan yi ho). Wͻnom ne amanfoͻ no a yεrefrε wͻn firi akyirikyiri no. info
التفاسير: |

external-link copy
45 : 41

وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ فَٱخۡتُلِفَ فِيهِۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَقُضِيَ بَيۡنَهُمۡۚ وَإِنَّهُمۡ لَفِي شَكّٖ مِّنۡهُ مُرِيبٖ

Nokorε sε Yεde Nwoma no maa Mose, nanso nkyinyeε baa mu. Sε εnyε asεm no na adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a, anka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε wͻn adwen nsi pi wͻ (Qur’aan yi) ho. info
التفاسير: |

external-link copy
46 : 41

مَّنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ أَسَآءَ فَعَلَيۡهَاۗ وَمَا رَبُّكَ بِظَلَّٰمٖ لِّلۡعَبِيدِ

Obi a ͻyε papa no, ͻyε ma ne ho, na nea ͻyε bͻne no nso etia ͻno ara. Wo Wura Nyankopͻn deε Ɔnni Nenkoa amim. info
التفاسير: |