Check out the new design

Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail * - Indise ng mga Salin

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Salin ng mga Kahulugan Surah: Fussilat   Ayah:
وَمِنۡ ءَايَٰتِهِۦٓ أَنَّكَ تَرَى ٱلۡأَرۡضَ خَٰشِعَةٗ فَإِذَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡهَا ٱلۡمَآءَ ٱهۡتَزَّتۡ وَرَبَتۡۚ إِنَّ ٱلَّذِيٓ أَحۡيَاهَا لَمُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰٓۚ إِنَّهُۥ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءٖ قَدِيرٌ
Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε: Wohunu sε asaase awoͻ (anaa ͻpε asi soͻ a mfudeε biara nni soͻ); sε Yɛsane nsuo gu so a, na akanyan no na mfudeε afifi. Nea Ɔnyane (asaase a awuo no) ampa sε Ɔno ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so.
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّ ٱلَّذِينَ يُلۡحِدُونَ فِيٓ ءَايَٰتِنَا لَا يَخۡفَوۡنَ عَلَيۡنَآۗ أَفَمَن يُلۡقَىٰ فِي ٱلنَّارِ خَيۡرٌ أَم مَّن يَأۡتِيٓ ءَامِنٗا يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ ٱعۡمَلُواْ مَا شِئۡتُمۡ إِنَّهُۥ بِمَا تَعۡمَلُونَ بَصِيرٌ
Nokorε sε wͻn a wͻsesa Yεn nsεm no, wͻnsumaa Yεn. Obi a Wusͻreε da no mu yεbεto no atwene egya no mu no na ͻyε, anaasε obi a ͻbεba asomdweε mu noa? Modeε monyε deε mopε. Nokorε sε N’ani tua deε moyε (nyinaa).
Ang mga Tafsir na Arabe:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِٱلذِّكۡرِ لَمَّا جَآءَهُمۡۖ وَإِنَّهُۥ لَكِتَٰبٌ عَزِيزٞ
Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Afutusεm no nnie wͻ εberε a abɛduru wͻn hͻ no (bɛnya asotwee). Nokorε sε (Qur’aan} yε Nwoma a εsom bo na edi mu paa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
لَّا يَأۡتِيهِ ٱلۡبَٰطِلُ مِنۢ بَيۡنِ يَدَيۡهِ وَلَا مِنۡ خَلۡفِهِۦۖ تَنزِيلٞ مِّنۡ حَكِيمٍ حَمِيدٖ
Nkontompo ntumi mfiri animu anaa akyire mma mu da. (Ɛyε) Adiyisεm a ɛfiri Onyansafoͻ, Ayɛyie Wura Nyankopͻn no hͻ.
Ang mga Tafsir na Arabe:
مَّا يُقَالُ لَكَ إِلَّا مَا قَدۡ قِيلَ لِلرُّسُلِ مِن قَبۡلِكَۚ إِنَّ رَبَّكَ لَذُو مَغۡفِرَةٖ وَذُو عِقَابٍ أَلِيمٖ
(Nkͻmhyεni), asεm a wͻn aka akyerε woͻ biara no, wͻka kyerεε asomafoͻ no a wͻdii w’anim kan no. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Otumfoͻ a ͻwͻ awerεtͻ a ano yε den paa.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَوۡ جَعَلۡنَٰهُ قُرۡءَانًا أَعۡجَمِيّٗا لَّقَالُواْ لَوۡلَا فُصِّلَتۡ ءَايَٰتُهُۥٓۖ ءَا۬عۡجَمِيّٞ وَعَرَبِيّٞۗ قُلۡ هُوَ لِلَّذِينَ ءَامَنُواْ هُدٗى وَشِفَآءٞۚ وَٱلَّذِينَ لَا يُؤۡمِنُونَ فِيٓ ءَاذَانِهِمۡ وَقۡرٞ وَهُوَ عَلَيۡهِمۡ عَمًىۚ أُوْلَٰٓئِكَ يُنَادَوۡنَ مِن مَّكَانِۭ بَعِيدٖ
Sε Yεyεε Qur’aan no wͻ potͻ kasa bi (mu) a, anka (Makafoͻ no) bεka sε: “Adεn na yɛannyε emu nsεm no pefee (wͻ yεn kasaa mu)? Ɛdeεn (Nwoma na εwͻ) potͻ-kasa (mu) ne (Ɔsomafoͻ a ͻyε) Arabni?” (Nkͻmhyεni), ka sε: (Saa Nwoma yi) yε kwankyerε ne ayaresa (Nwoma) ma wͻn a wͻgye die no. Wͻn a wͻnnye nnie no deε akraa wͻ wͻn asom na wͻn ani afira (wͻ Qur’aan yi ho). Wͻnom ne amanfoͻ no a yεrefrε wͻn firi akyirikyiri no.
Ang mga Tafsir na Arabe:
وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا مُوسَى ٱلۡكِتَٰبَ فَٱخۡتُلِفَ فِيهِۚ وَلَوۡلَا كَلِمَةٞ سَبَقَتۡ مِن رَّبِّكَ لَقُضِيَ بَيۡنَهُمۡۚ وَإِنَّهُمۡ لَفِي شَكّٖ مِّنۡهُ مُرِيبٖ
Nokorε sε Yεde Nwoma no maa Mose, nanso nkyinyeε baa mu. Sε εnyε asεm no na adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a, anka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε wͻn adwen nsi pi wͻ (Qur’aan yi) ho.
Ang mga Tafsir na Arabe:
مَّنۡ عَمِلَ صَٰلِحٗا فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ أَسَآءَ فَعَلَيۡهَاۗ وَمَا رَبُّكَ بِظَلَّٰمٖ لِّلۡعَبِيدِ
Obi a ͻyε papa no, ͻyε ma ne ho, na nea ͻyε bͻne no nso etia ͻno ara. Wo Wura Nyankopͻn deε Ɔnni Nenkoa amim.
Ang mga Tafsir na Arabe:
 
Salin ng mga Kahulugan Surah: Fussilat
Indise ng mga Surah Numero ng Pahina
 
Salin ng mga Kahulugan ng Marangal na Qur'an - Salin sa Wikang Akan - Ashanti ni Harun Ismail - Indise ng mga Salin

Isinalin ito ni Shaykh Harun Ismail.

Isara