Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Al-A‘rāf   Ayah:
وَإِذۡ قَالَتۡ أُمَّةٞ مِّنۡهُمۡ لِمَ تَعِظُونَ قَوۡمًا ٱللَّهُ مُهۡلِكُهُمۡ أَوۡ مُعَذِّبُهُمۡ عَذَابٗا شَدِيدٗاۖ قَالُواْ مَعۡذِرَةً إِلَىٰ رَبِّكُمۡ وَلَعَلَّهُمۡ يَتَّقُونَ
Ɛberε a wͻn mu fekuo bi kaa sε: ‘’Adεn na moretu amanfoͻ a Nyankopͻn bεsεe wͻn anaa Ɔde asotwe kεseε bεtwe wͻn aso no foͻ?” Wͻkaa sε: “Sεdeε εbεyε nyinasoͻ wͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ nti, na afei ebia wͻbεsuro Nyame na wͻayε ahwεyie”.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَلَمَّا نَسُواْ مَا ذُكِّرُواْ بِهِۦٓ أَنجَيۡنَا ٱلَّذِينَ يَنۡهَوۡنَ عَنِ ٱلسُّوٓءِ وَأَخَذۡنَا ٱلَّذِينَ ظَلَمُواْ بِعَذَابِۭ بَـِٔيسِۭ بِمَا كَانُواْ يَفۡسُقُونَ
Enti εberε a wͻn werε firii adeε a yɛtuu wͻn fo wͻ ho no, Yεgyee wͻn a wͻtwe wͻn ho firi bͻne ho no nkwa, εna Yεde asotwe bͻne twee wͻn a wͻdi bͻne no aso εfa wͻn bͻne no ho nti.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَلَمَّا عَتَوۡاْ عَن مَّا نُهُواْ عَنۡهُ قُلۡنَا لَهُمۡ كُونُواْ قِرَدَةً خَٰسِـِٔينَ
Enti εberε a wͻtee atua wͻ deε yɛabra wͻn no ho no, Yεka kyerε wͻn sε: “Monyε nnoe (anaasε nsoroboa) wͻ animguaseε mu”.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَإِذۡ تَأَذَّنَ رَبُّكَ لَيَبۡعَثَنَّ عَلَيۡهِمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ مَن يَسُومُهُمۡ سُوٓءَ ٱلۡعَذَابِۗ إِنَّ رَبَّكَ لَسَرِيعُ ٱلۡعِقَابِ وَإِنَّهُۥ لَغَفُورٞ رَّحِيمٞ
Kae εberε nso a wo Wura Nyankopͻn de too dwa sε, Ɔbεsoma wͻn a wͻde asotwe bͻne bεtwe wͻn (Israelfoͻ no) aso akosi Wusͻreε Da no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ho yε hare wͻ awerεtͻ mu; na nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَقَطَّعۡنَٰهُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ أُمَمٗاۖ مِّنۡهُمُ ٱلصَّٰلِحُونَ وَمِنۡهُمۡ دُونَ ذَٰلِكَۖ وَبَلَوۡنَٰهُم بِٱلۡحَسَنَٰتِ وَٱلسَّيِّـَٔاتِ لَعَلَّهُمۡ يَرۡجِعُونَ
Yεkyekyεε wͻn mu akuo-akuo, wͻ asaase no so; wͻn mu bi yε apapafoͻ na wͻn mu bi nso nte saa. Na Yεde papa ne bͻne sͻͻ wͻn hwεe sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri bͻneyε mu).
Arabic explanations of the Qur’an:
فَخَلَفَ مِنۢ بَعۡدِهِمۡ خَلۡفٞ وَرِثُواْ ٱلۡكِتَٰبَ يَأۡخُذُونَ عَرَضَ هَٰذَا ٱلۡأَدۡنَىٰ وَيَقُولُونَ سَيُغۡفَرُ لَنَا وَإِن يَأۡتِهِمۡ عَرَضٞ مِّثۡلُهُۥ يَأۡخُذُوهُۚ أَلَمۡ يُؤۡخَذۡ عَلَيۡهِم مِّيثَٰقُ ٱلۡكِتَٰبِ أَن لَّا يَقُولُواْ عَلَى ٱللَّهِ إِلَّا ٱلۡحَقَّ وَدَرَسُواْ مَا فِيهِۗ وَٱلدَّارُ ٱلۡأٓخِرَةُ خَيۡرٞ لِّلَّذِينَ يَتَّقُونَۚ أَفَلَا تَعۡقِلُونَ
Wͻn akyi no, awoͻ ntoatoasoͻ (bͻne) a yεde Nwoma no hyεε wͻn nsa bεhyεε wͻn anan mu, wͻfaa wiase yi mu ahuhudeε no, na deε wͻkaeε ne sε: “Yεde yεn bͻne bεkyε yεn.“ Sε ahuhudeε a εte saa sεso mpo baa wͻn hͻ a (anka wͻbεsan) agye (aka ho). Enti yεnnyee apam wͻ wͻn hͻ wͻ Nwoma no mu sε: “Wͻnhwε na wͻn anka biribi anto Nyankopͻn so gyesε nokorε nko ara?” Aberε nso a wͻasua deε εwͻ (Nwoma no) mu no. Daakye asetena no yε ma wͻn a wͻsuro Nyame na wͻyε ahwεyie. Enti monnwen anaa?
Arabic explanations of the Qur’an:
وَٱلَّذِينَ يُمَسِّكُونَ بِٱلۡكِتَٰبِ وَأَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ إِنَّا لَا نُضِيعُ أَجۡرَ ٱلۡمُصۡلِحِينَ
Wͻn nso a wͻsͻ Nwoma no mu (pintinn) na wͻfrε Nyame wͻ ne brε mu no, nokorε sε Yεmma apapafoͻ no akatua nyε kwa.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Al-A‘rāf
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close