Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: Al-A‘rāf   Ayah:
قَالَ ٱدۡخُلُواْ فِيٓ أُمَمٖ قَدۡ خَلَتۡ مِن قَبۡلِكُم مِّنَ ٱلۡجِنِّ وَٱلۡإِنسِ فِي ٱلنَّارِۖ كُلَّمَا دَخَلَتۡ أُمَّةٞ لَّعَنَتۡ أُخۡتَهَاۖ حَتَّىٰٓ إِذَا ٱدَّارَكُواْ فِيهَا جَمِيعٗا قَالَتۡ أُخۡرَىٰهُمۡ لِأُولَىٰهُمۡ رَبَّنَا هَٰٓؤُلَآءِ أَضَلُّونَا فَـَٔاتِهِمۡ عَذَابٗا ضِعۡفٗا مِّنَ ٱلنَّارِۖ قَالَ لِكُلّٖ ضِعۡفٞ وَلَٰكِن لَّا تَعۡلَمُونَ
Nyankopͻn bεka sε: “Monkͻka Jinni ne nnipa kuo no a wͻadi moanim kan atwa mu no ho, na mo ne wͻn nkͻ egya no mu. Ɛberε biara a nnipa kuo bi bɛwura mu no, ͻbͻ ne nua no dua kosi sε wͻn nyinaa bɛdidi so akͻ mu. Wͻn mu wͻn a wͻtwa toͻ no bεka afa akandifoͻ no ho sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, wei nom na wͻyeraa yεn, enti ma wͻn ogya asotwee no mmͻhoo. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Obiara wͻ (asotwee no) mmͻhoo nanso monnim”.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَقَالَتۡ أُولَىٰهُمۡ لِأُخۡرَىٰهُمۡ فَمَا كَانَ لَكُمۡ عَلَيۡنَا مِن فَضۡلٖ فَذُوقُواْ ٱلۡعَذَابَ بِمَا كُنتُمۡ تَكۡسِبُونَ
Wͻn mu adikanfoͻ no nso bεka akyerε wͻn mu wͻn a wͻtwatoͻ no sε: “Monkyεn yεn, enti monka asotwee no nhwε εnam deε monyaeε ho nti”.
Arabic explanations of the Qur’an:
إِنَّ ٱلَّذِينَ كَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا وَٱسۡتَكۡبَرُواْ عَنۡهَا لَا تُفَتَّحُ لَهُمۡ أَبۡوَٰبُ ٱلسَّمَآءِ وَلَا يَدۡخُلُونَ ٱلۡجَنَّةَ حَتَّىٰ يَلِجَ ٱلۡجَمَلُ فِي سَمِّ ٱلۡخِيَاطِۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلۡمُجۡرِمِينَ
Nokorε sε, wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no atorͻsεm, na wͻyε ho ahomasoͻ no, yɛmmue ͻsoro apono mma wͻn, na wͻnnya kwan nwura ͻsoro Aheman no mu kͻpem sε yoma bɛwura paneε tokuro mu. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.
Arabic explanations of the Qur’an:
لَهُم مِّن جَهَنَّمَ مِهَادٞ وَمِن فَوۡقِهِمۡ غَوَاشٖۚ وَكَذَٰلِكَ نَجۡزِي ٱلظَّٰلِمِينَ
Wͻn wͻ ogya mpa (a wͻbεda soͻ) ne (Ogya) akatasoͻ (a wͻde bεkata) wͻn ho soͻ. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَا نُكَلِّفُ نَفۡسًا إِلَّا وُسۡعَهَآ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَنَّةِۖ هُمۡ فِيهَا خَٰلِدُونَ
Wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no nso –Yεmfa adesoa nsoa ͻkra bi gyesε deε n’ahoͻden bɛtumi –saa nkorͻfoͻ no ne Aheman no mu foͻ no. Emu na wͻbεtena afebɔɔ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَنَزَعۡنَا مَا فِي صُدُورِهِم مِّنۡ غِلّٖ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهِمُ ٱلۡأَنۡهَٰرُۖ وَقَالُواْ ٱلۡحَمۡدُ لِلَّهِ ٱلَّذِي هَدَىٰنَا لِهَٰذَا وَمَا كُنَّا لِنَهۡتَدِيَ لَوۡلَآ أَنۡ هَدَىٰنَا ٱللَّهُۖ لَقَدۡ جَآءَتۡ رُسُلُ رَبِّنَا بِٱلۡحَقِّۖ وَنُودُوٓاْ أَن تِلۡكُمُ ٱلۡجَنَّةُ أُورِثۡتُمُوهَا بِمَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Yεbɛyi yawdie a εwͻ wͻn akoma mu biara afiri hͻ; nsubͻnten nenam wͻn ase. Wͻbεka sε: “Ayeyie ne aseda wͻ Nyankopͻn a Wakyerε yεn kwan akͻ wei mu. Sε Wankyerε yεn kwan a, anka yɛnnya kwan kyerε. Ampa sε, yɛ’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de Nokorε no baeɛ”. (Soro abͻfoͻ) bεfrε sε: “Wei ne Aheman no a morebɛdi adeε wᴐ mu no, εnam dwuma (pa) a modiiε no ho nti”.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: Al-A‘rāf
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close