Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: At-Tawbah   Ayah:
ٱسۡتَغۡفِرۡ لَهُمۡ أَوۡ لَا تَسۡتَغۡفِرۡ لَهُمۡ إِن تَسۡتَغۡفِرۡ لَهُمۡ سَبۡعِينَ مَرَّةٗ فَلَن يَغۡفِرَ ٱللَّهُ لَهُمۡۚ ذَٰلِكَ بِأَنَّهُمۡ كَفَرُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦۗ وَٱللَّهُ لَا يَهۡدِي ٱلۡقَوۡمَ ٱلۡفَٰسِقِينَ
(Nkͻmhyεni), wosrε bͻnefakyε ma wᴐn o, anaasε wansrε bᴐnefakyԑ amma wͻn o, sε wosrε bͻnefakyε mperε aduͻson ma wͻn mpo a, Nyankopͻn mfa wͻn bͻne nkyε wͻn. Efirisε wͻnnye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no nni. Onyankopͻn deε Ɔnkyerε abͻneεfoͻ no kwan.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَرِحَ ٱلۡمُخَلَّفُونَ بِمَقۡعَدِهِمۡ خِلَٰفَ رَسُولِ ٱللَّهِ وَكَرِهُوٓاْ أَن يُجَٰهِدُواْ بِأَمۡوَٰلِهِمۡ وَأَنفُسِهِمۡ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ وَقَالُواْ لَا تَنفِرُواْ فِي ٱلۡحَرِّۗ قُلۡ نَارُ جَهَنَّمَ أَشَدُّ حَرّٗاۚ لَّوۡ كَانُواْ يَفۡقَهُونَ
Wͻn a wͻkaa akyire no anigye wͻ wͻn asetena a, wͻtenaa no wͻ Nyankopͻn Somafoͻ no akyire no ho; wͻmpε sε wͻde wͻn agyapadeε ne wͻn kraa bεko wͻ Nyankopͻn kwan no soͻ. Deε wͻka ne sε: “Monhwε na moampue ankͻ ͻhyew no mu“. Kasε: “Amanehunu gya no yε hye papaapa (kyεn awia a wͻmpε sε wͻkͻfa mu no), sε anka wͻte asεm ase a.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَلۡيَضۡحَكُواْ قَلِيلٗا وَلۡيَبۡكُواْ كَثِيرٗا جَزَآءَۢ بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
Enti wͻnsere kakraabi na wͻbɛsu pii (wͻ Atemmuda), na εbεyε akatua ama (dwumadi bͻne) a wͻn nsa kaeε no ho.
Arabic explanations of the Qur’an:
فَإِن رَّجَعَكَ ٱللَّهُ إِلَىٰ طَآئِفَةٖ مِّنۡهُمۡ فَٱسۡتَـٔۡذَنُوكَ لِلۡخُرُوجِ فَقُل لَّن تَخۡرُجُواْ مَعِيَ أَبَدٗا وَلَن تُقَٰتِلُواْ مَعِيَ عَدُوًّاۖ إِنَّكُمۡ رَضِيتُم بِٱلۡقُعُودِ أَوَّلَ مَرَّةٖ فَٱقۡعُدُواْ مَعَ ٱلۡخَٰلِفِينَ
Enti sε Nyankopͻn san de wo ba (nkͻnkͻnsafoͻ) no mu fekuo bi hͻ, na wͻsrε wo kwan sε (wͻne wo) bεkͻ (ͻkoo) a, kakyerε wͻn sε: “Monka meho ne me nkͻ da, na monka me ho nso ne me nko ntia atamfoͻ nso da, efirisε mopenee so tenaa (fie) deε edi kan no; enti mone wͻn a wͻkaa akyire no ntena (fie) “.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلَا تُصَلِّ عَلَىٰٓ أَحَدٖ مِّنۡهُم مَّاتَ أَبَدٗا وَلَا تَقُمۡ عَلَىٰ قَبۡرِهِۦٓۖ إِنَّهُمۡ كَفَرُواْ بِٱللَّهِ وَرَسُولِهِۦ وَمَاتُواْ وَهُمۡ فَٰسِقُونَ
(Nkͻmhyεni), hwε na wamfrε Nyame angu wͻn mu bi a ͻbɛwuo so da, hwε nso na wannyina n’adakamena ho (ammͻ mpaeε amma no). Nokorε sε wͻn apo Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, na wͻn awu wͻ εberε a wͻyε abͻneεfoͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَلَا تُعۡجِبۡكَ أَمۡوَٰلُهُمۡ وَأَوۡلَٰدُهُمۡۚ إِنَّمَا يُرِيدُ ٱللَّهُ أَن يُعَذِّبَهُم بِهَا فِي ٱلدُّنۡيَا وَتَزۡهَقَ أَنفُسُهُمۡ وَهُمۡ كَٰفِرُونَ
Na εmma wͻn agyapadeε ne wͻn mma no nyε wo nwanwa (anaa εmma no nyε wo fε). Deε Nyankopͻn repε ne sε Ɔde bεtwe wͻn aso wͻ wiase, na wͻn kraa bɛfiri wͻn mu (anaa wͻbɛwu) wͻ aberε a wͻyε (Kaafir) boniayεfoͻ.
Arabic explanations of the Qur’an:
وَإِذَآ أُنزِلَتۡ سُورَةٌ أَنۡ ءَامِنُواْ بِٱللَّهِ وَجَٰهِدُواْ مَعَ رَسُولِهِ ٱسۡتَـٔۡذَنَكَ أُوْلُواْ ٱلطَّوۡلِ مِنۡهُمۡ وَقَالُواْ ذَرۡنَا نَكُن مَّعَ ٱلۡقَٰعِدِينَ
Sε Yesane Suura bi ba sε: “Monnye Nyankopͻn ni, na monka Ne Somafoͻ no ho (ne no mmom) nko a, wͻn mu adefoͻ no srε wo kwan, deε wͻka ne sε: “Gya yεn (wͻ akyire), yεbεka wͻn a wͻte (fie) no ho”.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: At-Tawbah
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close