Check out the new design

Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail * - Translations’ Index

PDF XML CSV Excel API
Please review the Terms and Policies

Translation of the meanings Surah: At-Tawbah   Ayah:
يُرِيدُونَ أَن يُطۡفِـُٔواْ نُورَ ٱللَّهِ بِأَفۡوَٰهِهِمۡ وَيَأۡبَى ٱللَّهُ إِلَّآ أَن يُتِمَّ نُورَهُۥ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡكَٰفِرُونَ
Deε (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) hwehwε ne sε, wͻde wͻn ano bɛdum Nyankopͻn Nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn mpene so da, na mmom gyesε Ɔma ne Nhyerεnee no tim anaa edi mmu, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a.
Arabic explanations of the Qur’an:
هُوَ ٱلَّذِيٓ أَرۡسَلَ رَسُولَهُۥ بِٱلۡهُدَىٰ وَدِينِ ٱلۡحَقِّ لِيُظۡهِرَهُۥ عَلَى ٱلدِّينِ كُلِّهِۦ وَلَوۡ كَرِهَ ٱلۡمُشۡرِكُونَ
Ɔno na Ɔde kwankyerε ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ (Muhammad) sεdeε ͻde bεma adi ͻsom biara soͻ, sε abosomsomfoͻ no mpε mpo a.
Arabic explanations of the Qur’an:
۞ يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِنَّ كَثِيرٗا مِّنَ ٱلۡأَحۡبَارِ وَٱلرُّهۡبَانِ لَيَأۡكُلُونَ أَمۡوَٰلَ ٱلنَّاسِ بِٱلۡبَٰطِلِ وَيَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۗ وَٱلَّذِينَ يَكۡنِزُونَ ٱلذَّهَبَ وَٱلۡفِضَّةَ وَلَا يُنفِقُونَهَا فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ فَبَشِّرۡهُم بِعَذَابٍ أَلِيمٖ
Mo a moagye adie, nokorε sε, Nyamesom ho mmrakyerεfoͻ no ne asͻfoͻ no a wͻpo wiase no mu pii nam nkontompo so sεdeε wͻbɛdi amanfoͻ sika na wͻasi (wͻn) kwan afiri Nyankopͻn kwan no soͻ. Na wͻn a wͻboaboa sika kͻkͻͻ ne dwetε ano na wͻnyi no Nyankopͻn kwan soͻ no, fa asotwee a εyε ya paa hyԑ wͻn bᴐ.
Arabic explanations of the Qur’an:
يَوۡمَ يُحۡمَىٰ عَلَيۡهَا فِي نَارِ جَهَنَّمَ فَتُكۡوَىٰ بِهَا جِبَاهُهُمۡ وَجُنُوبُهُمۡ وَظُهُورُهُمۡۖ هَٰذَا مَا كَنَزۡتُمۡ لِأَنفُسِكُمۡ فَذُوقُواْ مَا كُنتُمۡ تَكۡنِزُونَ
Ɛda a yεbεma (wͻn sika no) ayε hyehyeehye wͻ Amanehunu gya no mu no, yεde bɛtwi wͻn moma so ne wͻn nkyεn mu ne wͻn akyi (na yɛaka akyerε wͻn sε): “Wei ne deε mo boaboaa ano maa mo ho no, enti monka deε mo boaboaa ano no nhwε“.
Arabic explanations of the Qur’an:
إِنَّ عِدَّةَ ٱلشُّهُورِ عِندَ ٱللَّهِ ٱثۡنَا عَشَرَ شَهۡرٗا فِي كِتَٰبِ ٱللَّهِ يَوۡمَ خَلَقَ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ مِنۡهَآ أَرۡبَعَةٌ حُرُمٞۚ ذَٰلِكَ ٱلدِّينُ ٱلۡقَيِّمُۚ فَلَا تَظۡلِمُواْ فِيهِنَّ أَنفُسَكُمۡۚ وَقَٰتِلُواْ ٱلۡمُشۡرِكِينَ كَآفَّةٗ كَمَا يُقَٰتِلُونَكُمۡ كَآفَّةٗۚ وَٱعۡلَمُوٓاْ أَنَّ ٱللَّهَ مَعَ ٱلۡمُتَّقِينَ
Nokorε sε, abosome dodoͻ a εwͻ Nyankopͻn hͻ yε abosome dummienu wͻ Nyankopͻn nhyehyεε mu, ɛfiri εberε a Ɔbͻͻ ͻsoro ne asaase; emu nnan (Zul Qa’ada, Zul-Hija, Muharam, Rajab) yε kronkron, εno ne ͻsom a εtene no; enti monhwε na moanyε moho bͻne wͻ (saa abosome no) mu. Na monka moho mmom nko ntia abosomsomfoͻ no sεdeε wͻn aka abom reko tia mo no. Na monhunu sε nokorε, Nyankopͻn ka Nyame-surofoͻ no ho.
Arabic explanations of the Qur’an:
 
Translation of the meanings Surah: At-Tawbah
Surahs’ Index Page Number
 
Translation of the Meanings of the Noble Qur'an - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Translations’ Index

Translated by Sh. Harun Ismail

close